Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 1/1 kr. 12-22
  • Yehowa Fie Anuonyam A Ɛkyɛn So No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Fie Anuonyam A Ɛkyɛn So No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Aduan” Pii
  • Wiase Nyinaa Otwa Adwuma
  • Kɔ a Yɛbɛkɔ Yɛn Anim Tẽẽ
  • Hagai Nsɛm a Etwa To
  • Momma Yɛn Nyinaa Nhyɛ Yehowa Anuonyam!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • “Midi Mo Akyi”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Monhyehyɛ Mo Nsa Mu Den
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • “Mɛwosow Aman Nyinaa”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 1/1 kr. 12-22

Yehowa Fie Anuonyam A Ɛkyɛn So No

“Mede anuonyam mɛhyɛ ofi yi ma, asafo Awurade [Yehowa, “NW”] na ose.”—HAGAI 2:7.

1. Ɔkwan bɛn so na wɔde honhom kronkron no bata gyidi ne nnwuma ho?

BERE a Yehowa Adansefo no mu biako reka asɛm wɔ afie afie no, ohyiaa Pentekostni bea bi a ɔkae sɛ, ‘Yɛn na yɛwɔ honhom kronkron no, nanso mo na moreyɛ adwuma no.’ Onuawa yi de anifere kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ no sɛ sɛ obi wɔ honhom kronkron a, ɛyɛ ade a ɛda hɔ sɛ ɛbɛkanyan no ma wayɛ Onyankopɔn adwuma. Yakobo 2:17 ka sɛ: ‘Sɛ gyidi nni nnwuma a, na awu wɔ ne nko fam.’ Ɛdenam Yehowa honhom no mmoa so no, N’adansefo anya gyidi a emu yɛ den, na ɔnam nnwuma pa a ɔde ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔnyɛ—titiriw, ‘Ahenni no ho asɛmpa yi a wɔka wɔ wiase nyinaa de di amanaman nyinaa adanse’—no so de ‘anuonyam ahyɛ ne fie ma.’ Sɛ wɔyɛ adwuma yi sɛnea Yehowa pɛ a, “ɛno ansa na awiei no bɛba.”—Mateo 24:14.

2. (a) Dɛn nhyira na yɛn ho a yɛde bɛhyɛ Yehowa adwuma mu denneennen de bɛba? (b) Sɛ bere yɛ sɛ nea ‘ɛretwentwɛn ase’ a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛn ani gye?

2 Yehu fi Yesu nsɛm yi mu sɛ ɛsɛ sɛ adwuma a yɛyɛ no nnɛ no gyina ka a yɛbɛka “ahotɔ Nyankopɔn anuonyam asɛmpa” no a wɔde ahyɛ yɛn nsa no akyerɛ afoforo so. (1 Timoteo 1:11) Dodow a yefi anigye mu de yɛn ho hyɛ Yehowa adwuma mu denneennen no, dodow no ara na awiei no bɛba ntɛm wɔ yɛn ani so. Wɔ Habakuk 2:2, 3 no, yɛkenkan Yehowa nsɛm sɛ: “Kyerɛw adehu no, na kyerɛkyerɛ mu gu abopon so, na wɔanya no akanye ahoɔhare so. Na adehu no da so kyerɛ bere a wɔahyɛ, na ɛpere repɛ awiei, na ɛrenni atoro; sɛ ɛtwentwɛn ase nso a, twɛn no ara, na ɔba de, ɛbɛba, ɛrenka akyiri.” Yiw, “adehu no” bɛbam, ‘sɛ ɛtwentwɛn ase mpo a.’ Wɔ Yesu Ahenni nniso afe a ɛto so 83 yi mu no, ebia ebinom bɛte nka sɛ yɛwɔ bere a nneɛma retwentwɛn ase mu mprempren. Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛn ani gye sɛ awiei no nnya mmae? Wɔ 1990 mfe yi mu no, wɔayi anohyeto ahorow a wɔde baa asɛmpa no ka so wɔ Europa Apuei fam, Afrika mmeae bi, ne nsase foforo so ma ayɛ sɛ anwonwade. Kyɛ a ɛte sɛ nea ‘akyɛ’ no rema wɔanya bere de aboaboa “nguan” pii ano wɔ saa nsasesin a ɛho kwan abue nnansa yi no so.—Yohane 10:16.

3. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ “awo ntoatoaso yi” ho adwene a yɛate ase yiye no kanyan yɛn ma yɛde ntɛmpɛ yɛ Onyankopɔn adwuma no?

3 Odiyifo no ka sɛ “ɛrenka akyiri.” Yesu kae sɛ mprempren awo ntoatoaso abɔnefo yi rentwam, gye sɛ “eyinom nyinaa aba mu ansa.” (Mateo 24:34) So ne nsɛm no a yɛate ase yiye no kyerɛ sɛ yɛn asɛnka adwuma no nnye ntɛmpɛ ahe biara?a Nokwasɛm no da no adi sɛ ɛnte saa koraa! Yɛn bere so awo ntoatoaso yi rehyɛn amumɔyɛ ne ɔporɔw tebea a yentumi mfa bere biara ntoto ho wɔ abakɔsɛm a atwam nyinaa mu mu. (Fa toto Asomafo no Nnwuma 2:40 ho.) Ɛsɛ sɛ yɛde ntɛmpɛ yɛ yɛn adwuma no. (2 Timoteo 4:2) Nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa bere a ahohiahia kɛse no benya mmamu ho no nyinaa da no adi sɛ ɛbɛba mpofirim, prɛkopɛ, ɛremmɔ nkae—te sɛ owifo. (1 Tesalonikafo 5:1-4; Adiyisɛm 3:3; 16:15) “Eyi nti munsiesie mo ho nsie, efisɛ dɔn a munsusuw no mu na onipa ba no reba.” (Mateo 24:44) Bere a adesamma awo ntoatoaso abɔnefo yi rebɛn ɔsɛe no, akyinnye biara nni ho sɛ ɛnsɛ sɛ yɛtow yɛn daa nkwa ho anidaso a ɛsom bo no kyene denam wiase nneɛma a egye asabawmu ‘dontori a yɛbɛsan akɔyantam mu’ no so!—2 Petro 2:22; 3:10; Luka 21:32-36.

4. Tebea bɛn na ahwehwɛ sɛ wɔtrɛw ‘aduan a wɔde ma bere a ɛsɛ mu’ no mu, na ɔkwan bɛn so na wɔadi ahiade yi ho dwuma?

4 Wɔ 1914 mu no, “awoko yaw mfiase” bi bae bere a adesamma hyɛnee ‘nneɛma nhyehyɛe yi awiei’ mu no maa Yesu nkɔmhyɛ no baa mu. Awerɛhow, amanehunu, ne nsɛmmɔnedi anya nkɔanim de abesi nnɛ. (Mateo 24:3-8, 12) Bere koro no ara no, Yehowa ama akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no ahyɛde sɛ wɔmma wɔn Wura, Kristo, no fiefo honhom fam “aduan ɛbere a ɛsɛ mu.” (Mateo 24:45-47) Saa Mesia Hene yi fi n’ahengua so wɔ soro rekyerɛ honhom fam aduanma nhyehyɛe nwonwaso bi kwan seesei wɔ asase nyinaa so.

“Aduan” Pii

5. Dɛn na wɔreyɛ wɔ “aduan” titiriw no ho?

5 Susuw sɛnea wosiesie “aduan” no ho. (Luka 12:42) Kristofo aduan titiriw ne Onyankopɔn Asɛm, Bible. Nea ɛbɛyɛ na wɔakyerɛkyerɛ Bible no mu yiye no, ade titiriw a ɛho hia ne nkyerɛase a edi mũ a ne kenkan yɛ mmerɛw. Wɔadi saa ahiade yi ho dwuma nkakrankakra wɔ mfe a abɛsen kɔ no mu, na efii ase titiriw wɔ 1950 mu bere a woyii New World Translation of the Christian Greek Scriptures no adi wɔ Engiresi mu no. Eduu 1961 no, na wɔanya New World Translation Bible mũ no nyinaa, na ankyɛ na wotintim bi kɔɔ kasa atitiriw foforo mu. Po ahorow 3 a woyii no adi wɔ 1996 ɔsom afe no mu no ama dodow a wɔatintim no akɔ soro akodu 27, na emu 14 yɛ Bible mũ no nyinaa. Nea ɛbɛyɛ na wɔakɔ so ayɛ Bible, ne afei nea ɛboa Bible no sua ho adwuma yi no, Kristofo a wɔahyira wɔn ho so bɛyɛ 1,174 de wɔn bere nyinaa kyerɛ nsɛm ase wɔ aman 77 mu.

6. Ɔkwan bɛn so na Asafo ti no adi Bible nhoma ahorow a wohia no ho dwuma?

6 Nea ɛbɛyɛ na nsɛm asekyerɛfo dɔm yi adwuma akɔ so no, Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea 24 a etintim nhoma no retintim nhoma pii sen bere biara. Esiane eyi nti, wɔkɔ so tintim mfiri a etintim nhoma ntɛm wɔ baa dwumadibea atitiriw mu. Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma a wotintim no kɔ soro ɔsram biara, na sɛ wɔde ne nyinaa bom a, wotintim mfuamfua 943,892,500, nkɔanim ɔha biara mu 13.4 wɔ afe no mu. Bible ne nhoma a akyi yɛ den dodow a wotintim wɔ United States, Brazil, Finland, Germany, Italy, Japan, Korea, ne Mexico nkutoo nyaa 1995 de no mu nkɔanim bɛyɛ ɔha biara mu 40 koduu mfuamfua 76,760,098 wɔ 1996 mu. Baa dwumadibea afoforo nso aboa kɛse wɔ nhoma a wotintim nyinaa a anya nkɔanim no mu.

7. Ɔkwan bɛn so na Yesaia 54:2 gye ntɛmpɛ kɛse nnɛ?

7 Nkɔanim no fã kɛse no ara ho abehia wɔ 1990 mfe yi mu, bere a wɔayi anohyeto a na ɛwɔ Yehowa Adansefo so wɔ Europa Apuei ne Afrika no. Honhom mu kɔm no sõ wɔ saa mmeae yi. Enti ɔfrɛ a egye ntɛmpɛ kɛse nnɛ ne sɛ: “Ma wo ntamadan mu ntrɛw, na wɔntwe wo trabea mmɔhɔɔ no mu, nkyɛe biara so. Ma wo ntampehama nware, na ma wo mmofunnua ntintim.”—Yesaia 54:2.

8. Adeyɛ a efi ayamye mu bɛn na ɛreboa ma wɔanya sika fam mmoa?

8 Enti, ɛho abehia sɛ wɔtrɛw adan a ɛwɔ Asafo ti no baa dwumadibea 104 no mu. Esiane sikasɛm mu ahokyere a ɛwɔ nsasesin foforo a wɔabuebue yi mu dodow no ara mu nti, wɔde ntoboa a woyi wɔ nsase a wodi yiye kɛse mu ma wiase nyinaa adwuma no na etua ntrɛwmu yi ho ka kɛse no ara. Anigyesɛm ne sɛ, asafo ahorow ne ankorankoro fi koma nyinaa mu reboa ma ɛne su a wɔda no adi wɔ Exodus 35:21 yi hyia: ‘Wɔbae, obiara a ne koma kanyan no, ne obiara a ne honhom kaa no, na wɔde Yehowa ntoboa ma adwuma no bae.’ Yɛde saa hokwan yi da wɔn a wonya adema a efi ayamye mu yi mu kyɛfa no nyinaa ase.—2 Korintofo 9:11.

9. Ɔkwan bɛn so na Romafo 10:13, 18 renya mmamu nnɛ?

9 Nokwarem no, wɔ 1996 mu no, Ɔwɛn Aban Asafo nhoma ahorow no ahyɛ Yehowa din ne n’atirimpɔw ahorow anuonyam akɔpem asase ano nohoa. Ɛte sɛ nea ɔsomafo Paulo ka siei no ara pɛ. Bere a ɔrefa Yoel nkɔmhyɛ ne Dwom a ɛto so 19 aka asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Obiara a ɔbɛbɔ Awurade [Yehowa, NW] din no benya nkwa. Na mise: So wɔante koraa? Ampa ara [wɔate], wɔn nne fi kɔɔ asase nyinaa so, na wɔn nsɛm duu wiase ano.” (Romafo 10:13, 18) Ɛdenam Onyankopɔn din a ɛsom bo, Yehowa, a woyi no ayɛ wɔ saa kwan yi so no, ne nkurɔfo adi dwuma titiriw wɔ anuonyam a wɔde hyɛ n’asɔrefie no mu. Nanso, ɔkwan bɛn so na saa dawurubɔ yi nyaa nkɔso wɔ 1996 mu titiriw? Yɛsrɛ wo hwɛ akontaabu pon a ɛwɔ kratafa 18 kosi 21 no.

Wiase Nyinaa Otwa Adwuma

10. Nneɛma titiriw bɛn na wuhu wɔ Yehowa nkurɔfo dwumadi mu, sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ akontaabu pon a ɛwɔ kratafa 18 kosi 21 no?

10 Yesu nsɛm a ɛwɔ Luka 10:2 no nnyaa tumi kɛse saa da: “Otwa adwuma no so, na adwumayɛfo no de, wosua; enti monsrɛ otwa no wura no, na ontu adwumayɛfo mmra ne twa no mu.” Woregye saa ɔfrɛ no so? Nnipa ɔpepem pii reyɛ saa wɔ asase nyinaa so. Nea edi eyi ho adanse ne Ahenni adawurubɔfo a wɔsen biara dodow 5,413,769 a wɔde asɛnka adwuma ho amanneɛbɔ bae 1996 mu no. Bio nso, anuanom mmarima ne mmea foforo 366,579 na wɔbɔɔ wɔn asu. Hwɛ sɛnea yɛn ani sɔ “amanaman nyinaa ade a wɔpɛ” a wɔrenya ‘anuonyam a wɔde rehyɛ Yehowa asɔrefie’ mu kyɛfa yi!—Hagai 2:7.

11. Dɛn nti na yɛn nyinaa wɔ nea enti a ɛsɛ sɛ yedi ahurusi mmoroso?

11 Nkɔso a wɔanya wɔ nsase a wɔabue no foforo mu no da nsow. So yɛn a yɛaka no ani bere wɔn a seesei wɔrenya nkɔanim a ɛte saa no? Nea ɛne no bɔ abira no, yɛne wɔn bom di ahurusi. Aman nyinaa fii ase ketewa bi. Hagai bere so diyifo Sakaria kyerɛwee sɛ: “Hena na obu nneɛma nketewa da no animtiaa?” (Sakaria 4:10) Yɛn ani gye mmoroso sɛ, wɔ nsase a adanse adwuma no atim yiye so no, Ahenni adawurubɔfo ɔpepem pii na wɔwɔ hɔ mprempren, na wɔtaa yɛ nsasesin mu adwuma dapɛn biara mpo wɔ nkurow akɛse pii mu. So yɛwɔ ntease a enti ɛsɛ sɛ yɛgow yɛn nsam bere a seesei Yehowa de nkwagye hokwan no kɔ mmeae a kan no na wɔwɔ anohyeto mu no? Dabida! Yesu kae sɛ: “Afuw no ne wiase.” (Mateo 13:38) Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so di adanse fefeefe, sɛnea tete asuafo no dii adanse fefeefe wɔ Yudafo nneɛma nhyehyɛe no awiei no.—Asomafo no Nnwuma 2:40; 10:42; 20:24; 28:23.

Kɔ a Yɛbɛkɔ Yɛn Anim Tẽẽ

12. Nkuranhyɛ bɛn na yɛwɔ a ɛbɛma yɛakɔ ‘yɛn anim tẽẽ’? (Hwɛ adaka, “Otwa Adwuma no a Wɔyɛ ‘Fi Asase Ano’” no nso.)

12 Yiw, ɛsɛ sɛ yɛne Yehowa soro abɔfo teaseɛnam no bɔ anan, na ‘yɛkɔ yɛn anim tẽẽ.’ (Hesekiel 1:12) Petro nsɛm yi wɔ yɛn adwene mu: “Awurade [Yehowa, NW] nkyɛ ne bɔhyɛ ho, sɛnea ebinom bu sɛ ɛkyɛ, na mmom ɔma ne bo dwo kyɛ ma mo, ɔmpɛ sɛ nnipa bi bɛyera, na mmom ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa ba adwensakra mu.” (2 Petro 3:9) Momma nsi ho nhwɛso a yɛn nuanom a wɔwɔ nsase a wodi hia so da no adi no nkanyan yɛn. Harmagedon a ɛte sɛ nea akyɛ no rema wɔaboaboa nnipa ɔpehaha pii a wɔwɔ saa nsase yi so, ne afei pii a wɔwɔ nsasesin a wɔtaa yɛ mu adwuma mu no, ano. Nni mfomso: “Awurade [Yehowa, NW] da kɛse no abɛn, abɛn na ɛreba ntɛm sɛ.” (Sefania 1:14) Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛka yɛn ho di adanse a etwa to fefeefe!

13, 14. (a) Dɛn na yebetumi aka wɔ nhoma kyekyɛ a ɛkɔɔ so wɔ 1996 mu no ho? (b) Nhyehyɛe soronko bɛn na asafo ahorow betumi ayɛ afe biara, na ɔkwan bɛn so na woreyɛ nhyehyɛe anya mu kyɛfa?

13 Ɛwom sɛ ɛho asɛm mpue wɔ ɔsom amanneɛbɔ pon no so de, nanso nkɔanim a ɛda nsow bae wɔ Bible, nhoma ahorow, ne nsɛmma nhoma kyekyɛ mu wɔ afe a etwaam no mu. Sɛ nhwɛso no, nsɛmma nhoma a wɔkyekyɛe wɔ wiase nyinaa no nyaa nkɔanim ɔha biara mu 19, a ɛyɛ mfuamfua 543,667,923 a wɔmae. Yɛn nsɛmma nhoma no ankasa ma yetumi dannan yɛn asɛm a yɛka—wɔ mmɔnten so, agodibea ahorow, bɔs gyinabea ahorow, ne mmeae a nnwuma wɔ. Amanneɛbɔ ahorow kyerɛ sɛ wɔ nsasesin bi a wɔtaa ka Ahenni ho asɛmpa no wom mu no, sɛnea yɛn nsɛmma nhoma no te no akanyan abenfo bi ma wɔregye Bible adesua atom.

14 Afe biara wɔ April ɔsram mu no, asafo ahorow taa yɛ nsɛmma nhoma dwumadi ho nhyehyɛe titiriw bi, na wɔde da mũ nyinaa si hɔ de yɛ afie afie ne mmɔnten so ɔsatu. So mo asafo no benya eyi mu kyɛfa wɔ April 1997 mu? Wɔasiesie Ɔwɛn-Aban ne Nyan! soronko bi ama April, na akyinnye biara nni ho sɛ, ɛsɛ sɛ ma a wɔde bɛma bere koro mu wɔ wiase nyinaa no kanyan nkurɔfo! Wɔ Cyprus supɔw so no, asafo ahorow no de asɛm, “fa Ahenni asɛm no du obiara a wubetumi hɔ” ayɛ wɔn fene, na wɔyɛɛ nhyehyɛe a ɛte saa mpo maa nsɛmma nhoma dwumadi no ɔsram biara, ma enti wɔkyekyɛɛ dodow a ɛsen biara 275,359 wɔ afe no mu, nkɔanim ɔha biara mu 54.

Hagai Nsɛm a Etwa To

15. (a) Dɛn nti na Yehowa nam Hagai so de nsɛm foforo mae? (b) Asuade bɛn na ɛsɛ sɛ Hagai asɛm a etia abiɛsa no de ma yɛn?

15 Bere a Hagai de n’asɛm a ɛto so abien mae akyi nnafua 63 no, Yehowa de asɛm a ɛto so abiɛsa a ɛnnɛ yebetumi de ato yɛn koma so yiye somaa no. Hagai kasae te sɛ nea na afei na Yudafo no reto asɔrefie no nhyɛase, ade a na wɔayɛ ankasa wɔ mfe 17 a na atwam no. Bio nso, Yehowa huu fata a ɛfata sɛ ɔyɛ afisiesie bi. Ná asɔfo ne nkurɔfo no nsam agow, ma enti na wɔn ho ntew wɔ Yehowa ani so. So ebetumi aba sɛ Yehowa nkurɔfo bi nsam agow nnɛ, ma mpo wɔde wɔn ho ahyɛ nneɛma a wiase no ma ho kwan ne honam fam ade dodowpɛ mu? Ɛho hia sɛ, “efi nnɛ rekɔ yi,” yɛn nyinaa de yɛn koma si Yehowa din a yɛbɛhyɛ no anuonyam so, a yɛwɔ ahotoso wɔ ne bɔhyɛ a ese: “Ɛda yi na mefi mahyira wo,” no mu.—Hagai 2:10-19; Hebrifo 6:11, 12.

16. ‘Ɔwosow’ bɛn na abɛn, na dɛn na ebefi mu aba?

16 Saa da no ara, “asafo Awurade [Yehowa, NW]” asɛm baa Hagai nkyɛn ne mpɛn anan so ne nea etwa to. Ɔdaa nea ‘ɔsoro ne asase a Ɔbɛwosow no’ no kyerɛ adi, na ɔkae sɛ: “Mebutuw ahenni nhengua, na masɛe amanaman ahenni ahoɔden, na mebutuw nteaseɛnam ne emutrafo, na apɔnkɔ ne wɔn sotrafo ahwehwe ase, na obi atɔ ne nua afoa ano.” (Hagai 2:6, 21, 22) Enti ‘ɔwosow’ no bedu ne mpɔmpɔn so bere a Yehowa pra asase so koraa wɔ Harmagedon no. Ebedu saa bere no, na “amanaman nyinaa ade a wɔpɛ” no aba mu, na wobefi nnipa abusua ase wɔ wiase foforo no mu. Hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ ɛma yedi ahurusi na yeyi Yehowa ayɛ!—Hagai 2:7; Adiyisɛm 19:6, 7; 21:1-4.

17. Ɔkwan bɛn so na wɔde Yesu ayɛ “nsɔanode”?

17 Bere a Hagai de ne nkɔmhyɛ reba awiei no, ɔkyerɛw sɛ: “Ɛda no, asafo Awurade [Yehowa, NW] asɛm ni, mɛfa wo, Serubabel . . . na mede wo mayɛ sɛ nsɔanode; na wo na mafa wo mayɛ me de, asafo Awurade [Yehowa, NW] asɛm ni.” (Hagai 2:23) Seesei Kristo Yesu ne Yehowa Mesia Hene ne Ɔsɔfopanyin a wɔyɛɛ ne ho mfonini no, na waka adwuma a Amrado Serubabel ne Ɔsɔfopanyin Yosua mu biara yɛe wɔ asase so Yerusalem no abom reyɛ wɔ soro. Te sɛ ɔpanyin nsɔanode a ɛhyɛ Yehowa nsa nifa no, Yesu ne obi a wabɛyɛ “Yiw” no, Yehowa adwinnade a wɔnam ne so de ‘Onyankopɔn bɔhyɛ’ pii no ba. (2 Korintofo 1:20; Efesofo 3:10, 11; Adiyisɛm 19:10) Bible mu nkɔmhyɛsɛm no nyinaa twe adwene si Kristo a Yehowa de no ama sɛ Ɔhene ne ɔsɔfo Agyenkwa no so.—Yohane 18:37; 1 Petro 1:18, 19.

18. Ɔkwan bɛn so na ‘asafo Yehowa asɛm’ a ɔde wiei no benya mmamu a ɛyɛ anigye?

18 Nokwarem no, yebehu anuonyam a ɛkyɛn so wɔ Yehowa honhom fam asɔrefie a ɛhyerɛn no mu wɔ yɛn nna yi mu! Na ɛrenkyɛ, bere a Yehowa apra Satan nneɛma nhyehyɛe no nyinaa awie no, Hagai 2:9 benya mmamu a ɛyɛ anigye sɛ: “Ɛha na mɛma asomdwoe, asafo Awurade [Yehowa, NW] asɛm ni.” Asomdwoe benya aba!—amansan nyinaa asomdwoe a ɛtra hɔ daa, a nea odi ho adanse ne Yehowa “nsɔanode,” Kristo Yesu, “Asomdwoe-hene,” a wɔkyerɛw ne ho sɛ: ‘N’ahenni mu bɛtrɛw, na asomdwoe a enni awiei aba. Asafo Yehowa mmɔdenbɔ na ɛbɛyɛ eyi’ no. (Yesaia 9:6, 7) Yehowa asɔrefie anuonyam no bɛda adi wɔ n’amansan tumidibea a asomdwoe wɔ no nyinaa mu daa. Ɛmmra sɛ yɛbɛtra saa fie no mu daa!—Dwom 27:4; 65:4; 84:10.

[Ase hɔ asɛm]

a  Hwɛ asɛm “Wɔagye Wɔn Afi ‘Awo Ntoatoaso Abɔnefo’ Mu” ne “Bere a Ɛsɛ Sɛ Yɛwɛn” a ɛwɔ November 1, 1995, Ɔwɛn-Aban mu no.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

◻ Ɔkwan bɛn so na wɔde ‘anuonyam rehyɛ’ Yehowa fie “ma” nnɛ?

◻ Dɛn nti na ɛho nhiae sɛ wɔka asɛmpa no kɛse sɛɛ da?

◻ Nkuranhyɛ a ɛbɛma yɛde ntɛmpɛ aka asɛm no bɛn na 1996 Ɔsom Afe Amanneɛbɔ no de ma?

◻ Ɔkwan bɛn so na Yesu resom sɛ Yehowa “nsɔanode?”

[Kratafa 15 adaka]

Otwa Adwuma no a Wɔyɛ “Fi Asase Ano”

WƆ Yesaia 43:6 no, yɛkenkan Yehowa ahyɛde sɛ: “Nkora so! Fa me mmabanin fi akyirikyiri bra, ne me mmabea fi asase ano.” Saa kyerɛwsɛm yi renya mmamu soronko nnɛ wɔ Europa Apuei fam. Fa kan Komunis man Moldova sɛ nhwɛso. Nkuraase bi wɔ hɔ a emu nnipa no fã yɛ Adansefo seesei. Ɛsɛ sɛ wotu kwan tenten kɔhwehwɛ asasesin a wɔbɛka mu asɛm, nanso wɔrebɔ ho mmɔden! Adawurubɔfo a wɔwɔ saa asafo horow yi mu no pii yɛ awofo a wotwaa wɔn asu kɔɔ Siberia wɔ 1950 mfe no mfiase mu no asefo. Seesei wɔn abusuafo na wɔredi otwa adwuma no anim. Adawurubɔfo 12,565 no mu 1,917 na wɔbɔɔ wɔn asu afe a etwaam no. Asafo ahorow no mu aduanan-abiesa wɔ adawurubɔfo bɛyɛ 150, na aman­sin no anya nkɔanim fi anan akosi awotwe wɔ ɔsom afe foforo no mu.

Nea ɛda nsow nso ne ntrɛwmu a wɔrenya wɔ Albania no. Ɛhɔ no, Adansefo anokwafo kakraa bi gyinaa katabaako nniso a emu yɛ den sen biara ano bɛyɛ mfe 50. Wokunkum wɔn mu dodow bi. Eyi ma yɛkae Yesu bɔhyɛ yi: “Nsuro amane a worebehu biara. Hwɛ, ɔbonsam de mo mu binom begu afiase, na wɔasɔ mo ahwɛ . . . Di nokware kodu wu mu, na mɛma wo nkwa abotiri.” (Adiyisɛm 2:10; hwɛ Yohane 5:​28, 29; 11:​24, 25 nso.) Dɛn na yehu seesei wɔ Albania? Nokwarem no, mmamu soronko bi a Yehowa bɔhyɛ a ɛwɔ Yesaia 60:22 no renya: “Nea osua koraa no bɛdan apem.” Wɔ 1990 mu no, ɔdawurubɔfo biako pɛ na ɔde ɔsom adwuma ho amanneɛbɔ mae wɔ Albania. Nanso, “adwumayɛfo” pii a wofi Italy ne nsase foforo so gyee Yesu frɛ yi so: “Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman m’asuafo . . . Mommɔ wɔn asu.” (Mateo 28:19; Luka 10:2) Bere a Wɔrekae Yesu wu no wɔ 1996 mu no, na adawurubɔfo 773 na wɔreyɛ asɛnka adwuma no, na eyinom boaboaa nnipa 6,523 ano baa wɔn Nkaedi nhyiam no ase, bɛboro adawurubɔfo dodow no mmɔho awotwe! Wɔbɔɔ nnipa a wɔkɔe wɔ mmeae a atew ne ho no ho amanneɛ a ɛyɛ nwonwa. Ɛwom sɛ na adawurubɔfo nni Kukës ne Divjakë nkurow a wofi mu no mu de, nanso wonyaa nnipa 192 ne nnipa 230. Krujë a ɔdawurubɔfo biako pɛ na ɔwɔ hɔ no nyaa nnipa 212. Adawurubɔfo 30 a wɔwɔ Korçë no gyee ɔdan a ebetumi afa nnipa bɛboro 300 tuaa ho ka. Bere a wonyaa saa dodow no wɔ nhyiambea hɔ wiei no, na ɛsɛ sɛ wɔsan ma 200 foforo kɔ efisɛ na kwan biara nni hɔ bio. Nokwarem no, ɛyɛ asase a ɛsɛ sɛ wotwa so aba!

Amanneɛbɔ a edi so yi fi Romania: “Bere a yɛreyɛ afie afie adwuma no, yehyiaa obi a ɔkae sɛ ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako a ɔte kurow ketewa bi a na yenim sɛ Ɔdansefo biara nni hɔ mu. Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ n’akyi no, nnipa foforo 15 wɔ hɔ a wɔde mfe pii ayɛ nhyiam horow Yawda ne Kwasida biara, ne sɛ wɔafi afie afie asɛnka ase. Da a edi hɔ no, yɛkɔɔ saa kurow no mu. Ná mmarima, mmea ne mmofra 15 na wɔwɔ adan abien mu retwɛn yɛn, na wogyee nhoma 20 ne nsɛmma nhoma a aba foforo 20. Yɛkyerɛɛ wɔn sɛnea wɔyɛ ­Bible adesua. Yɛtoo dwom boom, na yebuaa wɔn nsɛmmisa a ehia wɔn paa no. Nea odi kuw no anim no paeem kae sɛ: ‘Nna kakra a atwam no, mede nusu bɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmfa ɔhwɛfo bi mmrɛ yɛn, na wabua me mpaebɔ no.’ Yɛn ani gyee yiye, na bere a yɛrefi hɔ no, te sɛ ayisaa a wanya papa awiei koraa no, ɔkae sɛ: ‘Yɛsrɛ mo, mommma mo werɛ mmfi yɛn. Mommɛhwɛ yɛn bio!’ Yɛyɛɛ saa, na seesei yɛreyɛ Bible adesua ahorow ason wɔ saa kurow no mu. Wɔ nsasesin pii a wɔnyɛɛ mu adwuma da mu no, adwuma no fi ase ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so denam Bible nhoma ahorow a wɔkyerɛ ho anisɔ kɛse so, na eyi kyerɛ sɛ adwuma no fi Nyankopɔn.”

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 18-21]

YEHOWA ADANSEFO A WƆWƆ WIASE NYINAA 1996 ƆSOM AFE AKONTAABU

((Hwɛ bound volume)

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 16, 17]

Wɔreboaboa “amanaman nyinaa ade a wɔpɛ” no ano wɔ Po so Nsupɔw so (1), Amerika Kesee fam (2), Afrika (3), Asia (4), Amerika Kusuu fam (5), ne Europa (6)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena