Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w08 9/1 kr. 25
  • So Wunim?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wunim?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Nea Onyankopɔn Aka Abom No . . .”
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2018
  • So Wunim?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • So Wunim?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
w08 9/1 kr. 25

So Wunim?

Dɛn nti na wɔmaa Yuda nnwetɛbona 30 ma oyii Yesu mae?

Bere a Yuda Iskariot kɔɔ asɔfo mpanyin no nkyɛn sɛ ɔne wɔn rekosusuw nea wɔde bɛma no na wayi Yesu ama wɔn no ho no, wɔkae sɛ wɔbɛma no “nnwetɛbona aduasa.” (Mateo 26:14, 15) Ɛte sɛ nea sika a wɔde mae no kyerɛ sɛnea na wɔtan Yesu, ne sɛnea na wobu no sɛ onipa hunu bi no.

Ɛbɛyɛ sɛ na sika yi yɛ dwetɛbona, sika a na Yudafo di. Sɛ obi kura nnwetɛbona 30 a, na dɛn na obetumi de atɔ? Sɛnea Mose Mmara no kyerɛ no, na ɛyɛ sika a wɔde tɔ akoa. Na wobetumi de nnwetɛbona aduasa atɔ asase nso.—Exodus 21:32; Mateo 27:6, 7.

Bere a odiyifo Sakaria kae sɛ Israelfo a wɔanni nokware no ntua no ka sɛ wahwɛ Onyankopɔn nkurɔfo so no, wɔkarii “nnwetɛbona aduasa” maa no. Wɔhyɛɛ da de saa sika yi maa Onyankopɔn diyifo no de kyerɛe sɛ wobu no sɛ akoa. Enti Yehowa hyɛɛ Sakaria sɛ: “Tow anuonyam bo a wɔatwa ato me so no gu akorae hɔ.” (Sakaria 11:12, 13, NW) Nea Sakaria yɛe wɔ ahyɛde yi ho no ma yɛkae nea na Yuda bɛyɛ wɔ sika a ogyei de yii Onii a na Yehowa apaw no sɛ ɔnhwɛ Israel so no ho.—Mateo 27:5.

Dɛn ne “awaregyae krataa” a wɔkaa ho asɛm wɔ Bible mu no?

Mose Mmara no kae sɛ: “Sɛ ɔbarima ware ɔbea na ohu sɛ ɔbea no ayɛ biribi a enye ma enti ɔmpɛ no bio a, ɛnde ɔnkyerɛw awaregyae krataa nhyɛ ɔbea no nsam na ɔmma omfi ne fie nkɔ.” (Deuteronomium 24:1, NW) Dɛn nti na na wɔma awaregyae krataa yi? Kyerɛwnsɛm no nka nsɛm a na ɛwɔ krataa yi mu ho asɛm, nanso akyinnye biara nni ho sɛ na ɛbɛbɔ ɔbea a ne kunu agyaa no no ho ban.

Wɔ afe 1951 kosi 1952 mu no, wohuu tetefo nneɛma pii wɔ aboda mu wɔ Wadi Murabbaat, a ɛyɛ subɔnka bi a ɛda Yudea sare so no atifi fam. Ná awaregyae krataa a ɛwɔ Aram kasa mu a wɔkyerɛw no Yesu awo akyi mfe 71 anaa 72 mu no nso ka nsaano nkyerɛwee pii a wohui no ho. Ɛkaa nea esii wɔ ɔsram Marheshvan, da a edi kan, wɔ afe a ɛto so asia, fi bere a Yudafo tew Romafo so atua mu no ho asɛm. Naqsan babarima Joseph, a ɔte Masada no gyaee Jonathan a ofi Hanablata babea, Miriam aware. Afei de, na Miriam wɔ hokwan sɛ ɔware Yudani barima biara a ɔpɛ. Joseph san de Miriam nneɛma a ɔde baa aware ase no nyinaa kɔmaa no, na nneɛma biara a na asɛe nso, otuaa ho sika mmɔho anan. Joseph ankasa ne adansefo baasa, Malka babarima Eliezer; Malka babarima Joseph; ne Hanana babarima Eleazar, de wɔn nsa hyɛɛ krataa no ase.

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Ɔboda a ɛwɔ Wadi Murabbaat

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Awaregyae krataa a wɔkyerɛw no afe 71 anaa 72 Y.B.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 25]

Ɔboda: Todd Bolen/Bible Places.com; krataa: Clara Amit, Courtesy of the Israel Antiquities Authority

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena