Yebetumi Agye Nhoma Yi Adi?
“Mihu adanse a edi mũ wɔ Bible no mu a ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ nokware sen wiase nhoma biara.”—Sir Isaac Newton, Engiresini nyansahufo a wagye din.1
YEBETUMI de yɛn ho ato nhoma yi—Bible—so? Nnipa a ɛka wɔn ho asɛm no traa ase paa, ná mmeae a ɛbobɔ din no wɔ hɔ, na nsɛm a ɛka no sisii ankasa? Sɛ ɛte saa a, ɛnde ɛsɛ sɛ yenya adanse bi de kyerɛ sɛ akyerɛwfo a wɔyɛ ahwɛyiye na wodi nokware na ɛkyerɛwee. Adanse wɔ hɔ. Wɔahu emu pii sɛ ɛhyɛ fam, na pii mpo wɔ nhoma no ankasa mu.
Adanse a Wotu Fi Fam
Tete nneɛma a wohui sɛ ɛhyehyɛ fam wɔ Bible nsase so afoa so sɛ Bible no mu abakɔsɛm ne mmeae horow a ɛbobɔ din no nyinaa yɛ nokware turodoo. Wo de susuw adanse a wɔn a wotutu fam hwehwɛ tete nneɛma mu ahu no mu kakra bi ho.
Wɔn a wɔkan Bible no nim Dawid a na ɔyɛ aberante oguanhwɛfo kokodurufo a akyiri yi ɔbɛyɛɛ Israel hene no ho asɛm pii. Ne din pue mpɛn 1,138 wɔ Bible mu, na asɛm ‘Dawid Fie’—a ɛtaa kyerɛ n’asefo—pue mpɛn 25. (1 Samuel 16:13; 20:16) Nanso nnansa yi ara na wɔrehu adanse foforo aka Bible no ho sɛ Dawid traa ase mmere bi. Na Dawid yɛ anansesɛm mu nipa bi kɛkɛ?
Wɔ 1993 mu no, fam tutufo kuw bi a Ɔbenfo Avraham Biran di wɔn anim huu ade titiriw bi na wɔbɔɔ ho amanneɛ wɔ Israel Exploration Journal mu. Wotuu boɔ bi wɔ tete amamfõ bi a wɔfrɛ no Tel Dan so wɔ Israel atifi fam. Na wɔakyerɛw asɛm “Dawid Fie” ne “Israel Hene” wɔ boɔ no so.2 Wohui sɛ wɔkyerɛw nsɛm no afeha a ɛtɔ so nkron A.Y.B. mu, na wɔkyerɛ sɛ na eyi yɛ Aramfo—a na wɔyɛ Israelfo atamfo a wɔte apuei fam—nkonimdi nkaedum bi fã. Adɛn nti na tete nkyerɛwee yi ho hia?
Biblical Archaeology Review gyinaa Ɔbenfo Biran ne ne boafo Ɔbenfo Joseph Naveh amanneɛbɔ so kae wɔ asɛm bi mu sɛ: “Bible akyi no, eyi ne bere a edi kan a edin Dawid apue wɔ tete nkyerɛwee bi mu.”3a Biribi foforo bi wɔ hɔ a ɛfata sɛ yɛhyɛ no nso wɔ nkyerɛwee no ho. Wɔakyerɛw asɛm “Dawid Fie” no sɛ asɛmfua baako. Kasa ho nimdefo Ɔbenfo Anson Rainey kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔntaa . . . ntew nsɛm bi mu, titiriw sɛ ɛka bom yɛ din baako a. Afeha a ɛtɔ so nkron A.Y.B. mfinimfini mu hɔ no, na asɛm ‘Dawid Fie’ yɛ din a egyina hɔ ma ahenni ne beae bi.”5 Eyi yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ na wonim Ɔhene Dawid ne n’asefo ho nsɛm pii wɔ tete mmere mu.
Ná Niniwe—Asiriafo kurow kɛse a wɔaka ho asɛm wɔ Bible mu no—wɔ hɔ ampa? Ebesi afeha a ɛtɔ so 19 mfiase mu hɔ mpo no, na wɔn a wogye Bible nsɛm ho kyim no mu bi wɔ hɔ a wonnye nni. Nanso 1849 mu no, Sir Austen Henry Layard kotutuu Ɔhene Sanherib ahemfie amamfõ so wɔ Kuyunjik, na wobehui sɛ na ɛhɔ yɛ tete Niniwe fã. Eyi maa akyinnyegyefo no kaa wɔn ano toom wɔ saa asɛm no ho. Nanso wohuu nneɛma foforo wɔ amamfõ no so. Na ɛdan baako wɔ hɔ a ɛnsɛee, na ɛhɔ na wohuu mfonini bi a ɛkyerɛ kurow dennen bi a wɔadi so na wɔn a wɔafa wɔn nnommum di ɔhene nkonimdifo no anim. Wɔakyerɛw eyi wɔ ɔhene no atifi: “Sanherib, wiase hene, Asiria hene, traa nîmedu -ahengua so hwɛɛ asade a (wɔfa) fii Lakis (La-ki-su) no.”6
Saa mfonini ne nkyerɛwee, a wubetumi ahu wɔ Britain Tete Nneɛma Akorae yi ne Bible mu asɛm a ɛwɔ 2 Ahene 18:13, 14 a ɛkyerɛ sɛnea Sanherib ko faa Yuda kurow Lakis no hyia. Bere a Layard reka nea wohui no ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ wɔanhu nneɛma yi a, hwan na anka obegye adi sɛ wobehu akodi a na ɛwɔ Hesekia [Yuda hene] ne Sanherib ntam ho abakɔsɛm wɔ dɔte ne nwura a ɛkyerɛ baabi a na Niniwe wɔ mu, a Sanherib ankasa kyerɛw no bere a esii no ara ma ɛfoa Bible kyerɛwtohɔ no nyinaa so?”7
Fam tutufo ahu tete nneɛma pii—nkukuo, afabo, abopon, sika, nhoma, nkaedum, ne nkyerɛwee—a esi so dua sɛ Bible no yɛ nokware. Nnipa atutu fam ahu Kaldeafo kurow Ur a na ɛyɛ aguadi ne abosonsom kurow a na Abraham te no.8 (Genesis 11:27-31) Nabonido Beresosɛm a wohuu no afeha a ɛtɔ so 19 mu no kyerɛkyerɛ sɛnea Kores Ɔkɛseɛ dii Babilon so 539 A.Y.B. mu, biribi a wɔaka ho asɛm wɔ Daniel ti 5.9 Nkyerɛwee (a ne fã bi wɔ Britain Tete Nneɛma Akorae) a wohuu wɔ tete Tesalonika nkaedum bi ho bobɔ nkurow sodifo din frɛ wɔn “politarchs,” asɛmfua a na wonnim wɔ tete Hela nhoma mu nanso Bible kyerɛwfo Luka de dii dwuma.10 (Asomafo no Nnwuma 17:6, NW ase hɔ asɛm) Wohuu nokware a Luka nhoma no yɛ wɔ eyi mu—sɛnea na wɔahu wɔ nsɛm foforo mu dedaw no.—Fa toto Luka 1:3 ho.
Nanso ɛnyɛ bere nyinaa na fam tutufo yi ne wɔn ho wɔn ho yɛ adwene na kampɛsɛ wɔne Bible no bɛyɛ adwene. Nanso adanse a edi mũ wɔ Bible no ankasa mu a ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ nhoma a yebetumi de yɛn ho ato so.
Wɔkaa no Turodoo
Abakɔsɛm akyerɛwfo a wodi nokware renkyerɛw nkonimdi nkoaa ho asɛm (te sɛ nkyerɛwee a ɛkyerɛ sɛnea Sanherib faa Lakis no) na mmom nkogu nso, ɛnyɛ nea wɔatumi ayɛ nko na mmom nea wɔantumi anyɛ nso, ɛnyɛ wɔn ahoɔden nko na mmom wɔn mmerɛwyɛ nso. Abakɔsɛm akyerɛwfo kakraa bi pɛ na wobedi nokware saa.
Daniel D. Luckenbill kaa Asiriafo abakɔsɛm akyerɛwfo ho asɛm sɛ: “Ɛtaa da adi sɛ dinhunu a ahemfo no pɛ nti, na wokyinkyim abakɔsɛm.”11 Kyerɛwtohɔ bi a ɛkyerɛ sɛnea Asiria hene Ashurnasirpal rehoahoa ne ho ma yehu “dinhunu a na ahemfo no pɛ”: “Meyɛ dehyeɛ, meyɛ otumfoɔ, mekorɔn, meso, mewɔ nidi, mewɔ anuonyam, mewɔ din, mewɔ tumi, me bo yɛ duru, mewɔ gyata koma, meyɛ ɔsabarima!”12 Sɛ wokan kyerɛwtohɔ a ɛte saa a, wubegye biribiara a ɛwom atom sɛ ɛyɛ abakɔsɛm mu nokwasɛm?
Bible akyerɛwfo anyɛ saa, wɔkaa nokwasɛm turodoo. Mose a na ɔyɛ Israel kannifo no kaa mfomso a ne nuabarima Aaron, ne nuabaa Miriam, ne wɔfaasenom Nadab ne Abihu, ne ne man mufo yɛe ne nea n’ankasa yɛe ho asɛm pefee. (Exodus 14:11, 12; 32:1-6; Leviticus 10:1, 2; Numeri 12:1-3; 20:9-12; 27:12-14) Wɔamfa mfomso a anibere wom a Ɔhene Dawid dii no ansuma, mmom wɔkyerɛwee—bere mpo a na Dawid da so di ade sɛ ɔhene. (2 Samuel, atiri 11 ne 24) Mateo a ɔkyerɛw nhoma a ne din da so no kaa akyinnyegye a ɛbaa asomafo (a na ɔka ho) no mu a na ɛfa wɔn mu nea ɔyɛ kɛse ho ne sɛnea woguan gyaa Yesu hɔ anadwo a wɔkyee no no ho asɛm. (Mateo 20:20-24; 26:56) Wɔn a wɔkyerɛw Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no kaa nsɛm a na ɛrekɔ so wɔ tete Kristofo asafo no mu, te sɛ ɔbrasɛe ne mpaapaemu, a wɔamfa bi ansuma. Wɔde nsɛm a na ɛrekɔ so no ho afotusɛm mae penpen.—1 Korintofo 1:10-13; 5:1-13.
Kyerɛwtohɔ a wɔde nokwaredi yɛɛ no fann yi kyerɛ sɛ na wɔn ani ku nokware ho. Esiane sɛ na Bible akyerɛwfo no pɛ sɛ wɔkyerɛw wɔn adɔfo, wɔn nkurɔfo, ne wɔn ankasa mpo mfomso ho asɛm nti, so yentumi nnya biribi nnyina so nnye nea wɔkyerɛwee no nni?
Ɛkyerɛkyerɛ Biribiara mu Pɛpɛɛpɛ
Sɛ wɔredi asɛm bi wɔ asɛnnibea na sɛ ɔdansefo bi asɛm yɛ nokware a, wɔde nneɛma nketenkete na ehu. Sɛ otumi kyerɛkyerɛ nsɛm nketenkete mu ma ehyia a, ɛbɛkyerɛ sɛ adanse no yɛ nokware, nanso sɛ ɔdannan n’ano a, ɛbɛkyerɛ sɛ n’asɛm no yɛ bɔsrɛmka. Nanso, sɛ obi nwene n’asɛm dɛdɛɛdɛ ma ɛtra so—ka biribiara frenkyemm—a, ɛno nso betumi akyerɛ sɛ adanse no yɛ atoro.
Sɛ yɛhwɛ nea yɛaka yi a, yehu “adanse” a Bible akyerɛwfo de ama no sɛn? Nsɛm a Bible akyerɛwfo kae no hyia pɛpɛɛpɛ. Nsɛm nketenkete mpo hyia. Nanso wɔanhyɛ da anhyehyɛ emu nsɛm no sɛnea ebehyia, na ama afoforo anya ho adwene a ɛmfata. Biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ wɔnwenee nsɛm no na ama ɛne nsɛm foforo ahyia, mmom bere mpo a wɔanhyɛ da sɛ wɔbɛyɛ saa no, na nsɛm no bi foa afoforo so. Susuw ɛho nhwɛso bi ho.
Bible kyerɛwfo Mateo kyerɛwee sɛ: ‘Na Yesu baa Petro fi no, obehuu n’asebea sɛ ɔda hɔ yare atiridii.’ (Mateo 8:14) Ɛha no, Mateo de biribi a ɛyɛ anigye nanso ɛho nhia pii mae: Ná Petro aware. Paulo nam nea ɔkyerɛwee yi so foa saa asɛm ketewa yi so: “Yenni ho kwan sɛ yɛde onuawa a ɔyɛ ɔyere kyini, sɛ asomafo a aka no ne . . . Kefa?”b (1 Korintofo 9:5) Sɛ wokan asɛm no nyinaa a, wubehu sɛ na nsɛm bi a nnipa bi aka afa Paulo ho na ɔreyi ano. (1 Korintofo 9:1-4) Ɛda adi pefee sɛ Paulo anhyɛ da anka saa asɛm ketewa yi—nokwasɛm a na ɛyɛ sɛ Petro aware no—sɛ ɔde refoa Mateo asɛm no so sɛ ɛyɛ nokware, mmom ɛbɛfraa n’asɛm no mu kɛkɛ.
Nnipa baanan a wɔkyerɛw Nsɛmpa no nyinaa—Mateo, Marko, Luka, ne Yohane—kyerɛwee sɛ anadwo a wɔkyeree Yesu no, n’asuafo no mu baako twee afoa twaa ɔsɔfo panyin akoa bi aso. Yohane Asɛmpa no nkoaa na ɛka biribi a ɛte sɛ nea ɛho nhia yi: “Akoa no din de Malko.” (Yohane 18:10, 26) Adɛn nti na Yohane nkoaa na ɔbɔ ɔbarima no din? Sɛ wokan kɔ anim kakra a, wubehu asɛm ketewa bi a enni baabi foforo biara: Na Yohane ‘nim ɔsɔfo panyin no.’ Afei nso na onim ɔsɔfo panyin no fiefo; na ɔne nkoa no nyinaa nim wɔn ho wɔn ho. (Yohane 18:15, 16) Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ Yohane bɔɔ ɔbarima a na wapira no din bere a Nsɛmpa no akyerɛwfo a aka, a na wonnim ɔbarima no, ammɔ ne din.
Ɛtɔ da bi a, ɔkyerɛwfo baako begya asɛm bi wɔ ne kyerɛwtohɔ mu, nanso ebepue wɔ ɔfoforo de mu. Sɛ nhwɛso no, Mateo kaa wɔ ne kyerɛwtohɔ a ɛfa nea esii bere a Yesu kogyinaa Yudafo Sanhedrin anim no ho sɛ nnipa a na wɔwɔ hɔ no bi ‘bobɔɔ no asotorɔ sɛ: Kyerɛ yɛn, Kristo, hena na ɔbɔɔ wo?’ (Mateo 26:67, 68) Adɛn nti na wɔka kyerɛɛ Yesu sɛ ‘ɔnkyerɛ’ nea ɔbɔɔ no no bere a nea ɔyɛɛ saa no gyina n’anim hɔ ara? Mateo ankyerɛkyerɛ mu. Nanso wɔn a wɔkyerɛw Nsɛmpa no mu mmienu kyerɛkyerɛ asɛm no mu: Wɔn a na wɔretaa Yesu no kataa n’ani ansa na wɔrebɔ n’asom. (Marko 14:65; Luka 22:64) Bere a Mateo reka n’asɛm no, na ɛnyɛ n’adwene ne sɛ ɔbɛka nea esii biara.
Yohane Asɛmpa no ka sɛ ɛbere bi nnipakuw kɛse bi betiee Yesu nkyerɛkyerɛ. Kyerɛwtohɔ no ka sɛ bere a Yesu huu nnipakuw no, ‘osee Filipo sɛ: Ɛhe na yɛbɛtɔ abodoo ama eyinom adi?’ (Yohane 6:5) Adɛn nti na asuafo a na wɔwɔ hɔ nyinaa mu no, Filipo nkoaa na Yesu bisaa no baabi a wobenya abodoo atɔ? Ɔkyerɛwfo no ankyerɛ. Nanso bere a Luka rekyerɛw asɛm koro no ara no, ɔkae sɛ asɛm no sii baabi a ɛbɛn Betsaida, kurow bi a na ɛwɔ Galilee Po no agya atifi fam, na na Yohane adi kan aka wɔ N’asɛmpa no mu sɛ “Filipo fi Betsaida.” (Yohane 1:44; Luka 9:10) Enti na ɔkwan biara so Yesu bebisa onii a ne kurom bɛn hɔ. Ɛyɛ nwonwa sɛ nsɛm yi hyia saa, nanso wɔanhyɛ da anhyehyɛ.
Ɛtɔ da na sɛ wɔankyerɛkyerɛ asɛm bi mu ankɔ akyiri a, ɛno mmom kyerɛ sɛ Bible kyerɛwfo no yɛ nokwafo. Sɛ nhwɛso no, nea ɔkyerɛw 1 Ahene no ka sɛ ɔpɛ kɛse bi sii Israel. Na ano yɛ den ara ma na ɔhene no nnya nsuo anaa wura mfa nnye n’apɔnkɔ anaa mfurumpɔnkɔ nkwa. (1 Ahene 17:7; 18:5) Nanso kyerɛwtohɔ koro no ara ka sɛ odiyifo Elia maa wɔde nsuo baa Karmel Bepɔw so (sɛ wɔde rebɛbɔ afɔre) maa ɛhyɛɛ ɛka a wɔatwa afa baabi a ne kɛse bɛyɛ mita 1,000 no ma. (1 Ahene 18:33-35) Bere a na ɔpɛ kɛse a ɛte saa asi no, ɛhefa na nsuo no nyinaa fi bae? Onii a ɔkyerɛw 1 Ahene no anhaw ne ho sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ mu. Nanso obiara a ɔte Israel nim sɛ Karmel da Mediteranea Po no ano, sɛnea asɛm bi a ebetwaa mu akyiri yi kyerɛ no. (1 Ahene 18:43) Enti na ɛpo nsuo wɔ hɔ a wobetumi anya bi. Sɛ nhoma a ɛkyerɛkyerɛ nsɛm pii mu yi yɛ anansesɛm a wɔadura ho sɛ nokwasɛm a, ɛnde adɛn nti na ɔkyerɛwfo no ma yɛn adwenem yɛ yɛn nãã bere a anka obetumi akyinkyim nsɛm ma ayɛ yiye?
Enti yebetumi de yɛn ho ato Bible no so? Wɔn a wotutu fam hwehwɛ tete nneɛma ahu nneɛma pii a esi so dua sɛ na nnipa ne mmeae a Bible ka ho asɛm no wɔ hɔ ampa, na nsɛm a ɛka no nso sisii paa. Nanso adanse a ɛsen ne nyinaa ne nea ɛwɔ Bible no ankasa mu no. Bible akyerɛwfo anokwafo no kaa asɛm turodoo a wɔankata obiara nneyɛe—wɔn ankasa de mpo—so. Nsɛm a ehyia a ɛwom, a ebi mpo de wɔanhyɛ da na wɔkae nanso esi nsɛm so dua no, ma yehu sɛ “adanse” no yɛ nokware. Bere a “adanse a edi mũ” a ɛte saa wɔ hɔ no, akyinnye biara nni ho sɛ Bible yɛ nhoma a wubetumi de wo ho ato so.
[Ase hɔ nsɛm]
a Nea wohui yi akyi no, Ɔbenfo André Lemaire bɔɔ amanneɛ sɛ Mesha nkaede (a wɔsan frɛ no Moab Abopon) a wohuu no 1868 no fã bi a wɔasan ahyehyɛ no foforo no da no adi sɛ asɛm “Dawid Fie” wɔ ɛno nso so.4
b Na Yudafo frɛ “Petro” sɛ “Kefa.”—Yohane 1:42.
[Kratafa 15 mfonini]
Tel Dan nkaedum no fã bi
[Kratafa 16 mfonini]
Asiriafo mfonini a wɔyɛe wɔ ɔfasuo ho a ɛkyerɛ Lakis kurow no a wɔaka ahyem, sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ 2 Ahene 18:13, 14 no