Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 10/1 kr. 25-29
  • So Wiase Honhom Redi Wo Awu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wiase Honhom Redi Wo Awu?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ahenni no a Yɛbɛhwehwɛ no Kan
  • Ma Ahomegye Ntra N’afã
  • Honhom Fam Ahoɔfɛ Sɔ Yehowa Ani
  • Yebetumi Ako Atia Wiase Honhom!
  • Ma W’ahomegye Nkari Pɛ
    Yɛn Ahenni Som—2001
  • So W’ani “Ye”?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Kristofo Nipasu No Fɛ A Ɛyɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Ma W’asetra Nyɛ Nea Ɛkari” Pɛ Na Ɛkwati Akɛsesɛm
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 10/1 kr. 25-29

So Wiase Honhom Redi Wo Awu?

WƆ September 12, 1990 no, biribi paee wɔ Kazakstan adufradan bi mu. Epuw nsõ bi a ɛyɛ awuduru guu mframa mu, de ɛhɔ nnipa 120,000 no akwahosan too asiane mu, na ɛmaa wɔn mu pii sii abɔnten yɛɛ ɔyɛkyerɛ tiaa awuduru no.

Nanso bere a ɛho nsɛm pii daa adi no, wobehui sɛ na wɔatra beae a awuduru wɔ mfe dudu pii. Ná mfe bi a abɛsen kɔ no, wɔatow sumina a awuduru tɔn 100,000 wom agu petee mu baabi. Ɛwom sɛ na asiane no bɛn wɔn pɛɛ de, nanso obiara amfa anyɛ asɛm. Adɛn ntia?

Ná animdefo susuw awuduru dodow a ɛwɔ mframa mu de bɔ ɛhɔnom agumadibea hɔ, na ɛkyerɛe sɛ asiane biara nni hɔ. Ná wosusuw no yiye, nanso gamma awuduru nkutoo na wosusuwii. Alpha awuduru a wɔansusuw no nso yɛ hu saa ara. Ɛnanom pii bɛtee nea enti a na wɔn mma yareyare saa no ase.

Yɛn nso, honhom fam mframa bɔne a aniwa nhu betumi adi yɛn awu. Na te sɛ nnipa a na wɔtete Kazakstan a na wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ no, nnipa dodow no ara nnim ade a ɛde wɔn nkwa to asiane mu yi. Bible da saa mframa bɔne yi adi sɛ “wiase honhom,” a ɛnyɛ obiara na ɔhyɛ akyi sɛ Satan Ɔbonsam. (1 Korintofo 2:12) Onyankopɔn Tamfo a esum wɔ ne tirim no de saa wiase honhom—anaa su a ɛrekɔ so wom—yi toto yɛn nyamesom pa ase.

Ɔkwan bɛn so na wiase honhom betumi ama yɛayɛ mmerɛw wɔ honhom mu? Denam aniwa akɔnnɔ a ɛbɛkanyan ne pɛsɛmenkominya a efi awosu mu a ɔde begyigye yɛn no so. (Efesofo 2:1-3; 1 Yohane 2:16) Sɛ nhwɛso no, yebesusuw akwan abiɛsa a wiase nsusuwii betumi adi yɛn awu wɔ honhom mu nkakrankakra no ho.

Ahenni no a Yɛbɛhwehwɛ no Kan

Yesu hyɛɛ Kristofo nkuran sɛ ‘wɔnhwehwɛ Ahenni no ne Onyankopɔn trenee kan.’ (Mateo 6:33) Nanso wiase honhom betumi ama yɛn ankasa apɛde ne ahotɔ ho ahia yɛn dodo. Mfiase no, ɛnyɛ honhom fam nneɛma a yɛde bɛto nkyɛn koraa no ne asɛm no, na mmom nneɛma foforo a yɛde bedi ɛno anim. Yebetumi abu yɛn ani agu asiane no so—sɛnea nnipa a na wɔwɔ Kazakstan yɛe no—adi mfomso asusuw sɛ yɛwɔ ahobammɔ. Mfe pii a yɛde asom ne anisɔ a yɛwɔ ma yɛn honhom fam anuanom mmarima ne mmea no betumi adaadaa yɛn ama yɛasusuw sɛ yɛrentumi mfi nokware kwan no so da. Ebetumi aba sɛ Efeso asafo no mufo pii tee nka saa.

Bɛyɛ afe 96 Y.B. mu no, Yesu tuu wɔn fo sɛ: “Mewɔ wo ho asɛm bi, ɛne sɛ woagyaw wo kan dɔ no.” (Adiyisɛm 2:4) Ná saa Kristofo a wɔde mfe pii asom yi agyina amanehunu pii ano. (Adiyisɛm 2:2, 3) Mpanyimfo anokwafo, a ɔsomafo Paulo ka ho, na na akyerɛkyerɛ wɔn. (Asomafo no Nnwuma 20:17-21, 27) Nanso, mfe bi akyi no, wɔn dɔ ma Yehowa no dwudwoe, na wɔhweree wɔn honhom fam ahoɔden.—Adiyisɛm 2:5.

Ɛda adi sɛ Efesofo no bi maa kurow no mu aguadi ho dɔ ne ahonyade nyaa wɔn so nkɛntɛnso. Nea ɛyɛ awerɛhow no, ɛnnɛ wiase yi ade dodowpɛ mframa no nso afa Kristofo binom. Taamudi asetra akyi a yebedi denneennen no bɛtwe yɛn afi honhom fam botae horow ho ɔkwan biara so.—Fa toto Mateo 6:24 ho.

Bere a Yesu de asiane yi ho kɔkɔbɔ rema no, ɔkae sɛ: “Nipadua kanea ne aniwa. Enti sɛ w’ani ye a, wo nipadua nyinaa bɛyɛ hann. Na sɛ w’ani nye [“w’ani bere ade,” NW ase hɔ asɛm] a, wo nipadua nyinaa bɛyɛ kusuu.” (Mateo 6:22, 23) Ani a ‘eye’ yɛ ani a ɛhwɛ ade tẽẽ wɔ honhom fam, ɛyɛ ani a esi Onyankopɔn Ahenni so. Nanso ani a “enye” anaa ani a ‘ɛbere ade’ ne nea entumi nhwɛ ade nkɔ akyiri, na ɔhonam akɔnnɔ a ɛbɛn no nko ara na etumi hu. Entumi nhu honhom fam botae ne daakye akatua horow.

Yesu kae wɔ nkyekyem a edi anim no mu sɛ: “Nea w’ademude wɔ no, ɛhɔ na wo koma nso wɔ.” (Mateo 6:21) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu sɛ yɛn koma tɔ kɔ honhom fam nneɛma anaa honam fam nneɛma so? Ebia nea ebetumi ama yɛahu no yiye paa ne yɛn nkɔmmɔbɔ, efisɛ ‘nea ayɛ koma ma aboro so na ano ka.’ (Luka 6:45) Sɛ yɛtaa ka honam fam nneɛma anaa wiase nkɔso ho asɛm a, ɛyɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ yɛn koma mu akyɛ abien, na yenhu ade yiye wɔ honhom mu.

Carmen, onuawa bi a ofi Spain, ne ɔhaw yi dii apere.a Carmen kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔtetee me wɔ nokware no mu, nanso midii mfe 18 no, m’ankasa metew mmotafowa sukuu bi. Mfe abiɛsa akyi no, na mewɔ adwumayɛfo baanan, adwuma no kɔɔ so, na na minya sika pii. Nanso, ebia nea ɛmaa me bo tɔɔ me yam kɛse ne sɛ, na me ara na mehwɛ me ho, na na ‘manya baabi asi.’ Sɛ mɛka nokware a, na me koma wɔ m’adwuma no mu—na me dɔ wom kɛse.

“Misusuwii sɛ metumi akɔ so ayɛ Ɔdansefo na bere koro no ara mede me bere fã kɛse no ara ayɛ m’adwuma. Nanso na m’adwene kɔ so ka kyerɛ me sɛ metumi ayɛ pii de asom Yehowa. Ade a awiei koraa ɛboaa me maa mede Ahenni nneɛma dii kan ne me nnamfo baanu bi a na wɔyɛ akwampaefo no nhwɛso. Ná me ne wɔn mu biako, Juliana, wɔ asafo biako mu. Wanhyɛ me sɛ memmɛyɛ ɔkwampaefo, nanso ne nkɔmmɔbɔ ne anigye a na ɛda adi pefee sɛ onya fi ne som adwuma no mu no boaa me ma misusuw m’ankasa me honhom fam gyinabea ho yiye.

“Akyiri yi, bere bi a mekɔɔ akwamma wɔ United States no, mekɔtraa Gloria, onuawa kwampaefo bi fie. Ná ne kunu wui nkyɛe, na na ɔhwɛ ne babea a wadi mfe anum ne ne maame a wanya kokoram. Ne nyinaa akyi no, na ɔyɛ akwampae adwuma. Ne nhwɛso ne ɔsom adwuma no ho anisɔ a na ofi komam wɔ no kaa me koma. Nnanan pɛ a midii wɔ ne fie no maa meyɛɛ m’adwene sɛ mɛyɛ nea metumi nyinaa ama Yehowa. Nea edi kan no, mebɛyɛɛ daa ɔkwampaefo, na mfe kakraa bi akyi no, wɔtoo nsa frɛɛ me ne me kunu sɛ yɛmmɛsom wɔ Betel. Mede m’adwuma—me honhom fam nkɔso ho akwanside—no too hɔ, na seesei mete nka wɔ m’asetra mu sɛ manya baabi asi wɔ Yehowa ani so, a ɛno ne ade titiriw a ehia.”—Luka 14:33.

Sua a yebesua sɛ ‘yɛbɛsɔ nneɛma a eye koraa no ahwɛ’ sɛnea Carmen yɛe no, bɛboa yɛn ma yɛasisi gyinae pa wɔ yɛn adwuma, nhomasua, atrae, ne asetra kwan ho. (Filipifo 1:10) Nanso sɛ ɛba ahomegye nso mu a, so yɛsɔ nneɛma a eye koraa no hwɛ? Eyi yɛ ɔkwan foforo a wiase honhom nam so nya nnipa so nkɛntɛnso kɛse.

Ma Ahomegye Ntra N’afã

Wiase honhom nam nnɛɛdɛe akwan so de ɔpɛ a nnipa fi awosu mu wɔ sɛ wɔbɛhome adwudwo wɔn ho no sum wɔn afiri. Esiane sɛ nnipa dodow no ara nni daakye ho anidaso pa biara nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛma wɔn mprempren asetra ayɛ anigyede ne ahomegye nko ara. (Fa toto Yesaia 22:13; 1 Korintofo 15:32 ho.) So yɛrema ahomegye ahia yɛn dodo? Ɛno betumi ayɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ wiase nsusuwii renya yɛn adwene so tumi.

Bible bɔ kɔkɔ sɛ: “Nea ɔdɔ anigye [“anigyede,” Lamsa] bedi hia.” (Mmebusɛm 21:17) Ɛnyɛ mfomso sɛ obi begye n’ani, nanso sɛ onya ho dɔ, anaa ɔma ɛbɛyɛ ade titiriw a, ɛbɛma wadi hia honhom mu. Ebekum honhom fam nneɛma ho akɔnnɔ a yɛwɔ ɔkwan biara so, na ɛremma yennya bere pii nka asɛmpa no.

Ne saa nti, Onyankopɔn Asɛm tu yɛn fo sɛ ‘yensiesie yɛn ho mma dwumadi wɔ yɛn adwene mu, na yennya ahosodi a edi mũ.’ (1 Petro 1:13, The New English Bible) Yehia ahosodi na bere a yɛde gye yɛn ahome no ammoro so. Yɛn ho a yebesiesie ama dwumadi no kyerɛ sɛ yɛbɛyɛ krado ama honhom fam dwumadi, sɛ́ ɛyɛ adesua, asafo nhyiam horow, anaa asɛnka no.

Na ahomegye a ehia nso ɛ? Sɛ yegye bere de dwudwo yɛn ho a, so ɛsɛ sɛ yɛn ahonim haw yɛn? Ɛnte saa koraa. Ahomegye ho hia kɛse, titiriw wɔ nnɛ wiase a dadwen ahyɛ no ma yi mu. Nanso, sɛ́ Kristofo a yɛahyira yɛn ho so no, yɛrentumi mma ahomegye nnye yɛn asetra. Ahomegye bebrebe betumi asum yɛn afiri ma yɛrenyɛ nnwuma a mfaso wɔ so pii. Ebetumi ama sɛnea nneɛma gye ntɛmpɛ no ayera yɛn, na ebetumi ahyɛ ahopɛ ho nkuran mpo. Ɛnde, yɛbɛyɛ dɛn atumi anya ahomegye ho adwene a ɛkari pɛ?

Bible kamfo ɔhome kakra a obi benya sen sɛ ɔbɛbrɛ ne ho dodo—ɛnkanka bere a honam fam adwuma no ho nhia no. (Ɔsɛnkafo 4:6) Ɛwom sɛ ahomegye boa yɛn nipadua ma ɛsan nya ahoɔden de, nanso yɛn honhom fam ahoɔden fibea ne Onyankopɔn adeyɛ tumi. (Yesaia 40:29-31) Yɛn Kristofo dwumadi ahorow na ɛma yenya honhom kronkron yi. Kokoam adesua siesie yɛn koma, na ɛma yenya nneɛma pa ho akɔnnɔ. Asafo nhyiam ahorow a yɛkɔ no ma yenya anisɔ ma yɛn Bɔfo no. Kristofo som adwuma no mu kyɛfa a yenya no ma yɛte nka ma afoforo. (1 Korintofo 9:22, 23) Sɛnea Paulo kyerɛkyerɛɛ mu nokwarem no, “ɔhonam ani nipa no wewe na ɛsɛe ampa, nanso komam nipa no nya ahoɔden foforo da biara.”—2 Korintofo 4:16, Phillips.

Ileana, a ɔwɔ mma baasia na ne kunu nyɛ gyidini no nni ne ho adagyew koraa. Ɔwɔ nneɛma a ɔyɛ ma ne kunu ne ne mma ne n’abusuafo pii, ma enti ɛkame ayɛ sɛ bere biara na ɔpɛ ntɛm. Ne nyinaa nka mfuaw, ɔyɛ nhwɛso pa wɔ asɛnka ne ahosiesie a ɔyɛ ma asafo nhyiam horow mu nso. Ɔyɛ dɛn tumi yɛ nnwuma pii saa?

Ileana kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Asafo nhyiam ahorow ne asɛnka adwuma no boa me paa ma mitumi di m’asɛyɛde afoforo ho dwuma. Sɛ nhwɛso no, sɛ mepɔn asɛnka a, minya nneɛma pii susuw ho bere a mereyɛ me fie nnwuma no. Mpɛn pii no, mereyɛ nyinaa na mereto dwom. Nanso sɛ asafo nhyiam pa me ti so anaasɛ manyɛ pii wɔ asɛnka mu a, ofie nnwuma tumi yɛ den kɛse.”

Hwɛ sɛnea ɛne ahomegye a nkurɔfo ma ehia wɔn dodo no bɔ abira!

Honhom Fam Ahoɔfɛ Sɔ Yehowa Ani

Yɛte wiase a honam fam hwɛbea hia wɔn boro so mu. Nkurɔfo sɛe sika pii wɔ nneɛma a wɔde yɛ wɔn ho ho na ama wɔn ho ayɛ fɛ, na abrɛ tumi a mpanyinyɛ wɔ no ase. Saa nneɛma yi bi ne ti nhwi a wɔhyɛ, ne yomo a wɔka, nufu a wɔyɛ no oprehyɛn de sakra ne su, ne anim were ho oprehyɛn. Nnipa ɔpepem pii kɔ mmeae a wɔkyerɛ nea nkurɔfo nyɛ na wɔn so atew, apɔw-mu-teɛteɛ adan ne ahome ho dwumadi adesua, anaasɛ wɔtɔ apɔw-mu-teɛteɛ ho video ne adidi ho nhoma ahorow. Wiase no repɛ akyerɛ sɛ ade a ɛde anigye ba ne yɛn honam fam ahoɔfɛ, na yɛn “hwɛbea” ne ade a ɛho hia titiriw.

Wɔ United States no, nhwehwɛmu bi a Newsweek nsɛmma nhoma no de too gua daa no adi sɛ na Amerika aborɔfo a wonnii mfe aduonu no ɔha biara mu 90 “ani nnye sɛnea wɔn nipadua te ho.” Honam a ɛfata a yɛbɛhwehwɛ no denneennen no betumi aka yɛn honhom fam yiyedi. Ná Dora yɛ Yehowa Dansefo a onnyinii a sɛnea na ne nipadua te no yɛ no aniwu, efisɛ na ɔsõ kakra. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ mekɔ sɛ merekɔtotɔ me ho nneɛma a, na ɛyɛ den ma me sɛ menya me ho ntade. Ná ɛte sɛ nea ateateafo a wonnii mfe aduonu no nkutoo na wɔyɛ ntade fɛfɛ no ma wɔn. Nea ɛsen saa no, na nkurɔfo nka me kɛse no ho asɛmpa, na na ɛhaw me yiye, titiriw bere a mete fi me honhom fam anuanom mmarima ne mmea hɔ no.

“Ne saa nti, me hwɛbea begyee m’adwene araa maa ebehiaa me sen honhom fam gyinapɛn. Ná ɛte sɛ nea anigye a menya no gyina me nipadua so. Mfe pii abɛsen kɔ, na afei a me ho akokwaw sɛ ɔbea mũ ne Kristoni no, mente nka saa bio. Ɛwom sɛ mehwɛ sɛnea mete yiye de, nanso mihu sɛ honhom fam ahoɔfɛ na ehia kɛse, na ɛno na ɛma me abotɔyam sen biara. Bere a mebɛtee ɛno ase saa no, mitumi de Ahenni nneɛma sii ne sibea.”

Sara yɛ ɔbea nokwafo a ɔtraa ase tete mmere mu a na ɔwɔ saa adwene a ɛkari pɛ yi. Ɛwom sɛ Bible ka sɛnea na ne ho yɛ fɛ bere a na wadi boro mfe 60 no de, nanso ne su pa ahorow no titiriw na ɛtwe adwene si so—komam nipa no. (Genesis 12:11; 1 Petro 3:4-6) Ɔdaa odwo ne ahobrɛase su adi, na ɔde ahobrɛase tiee ne kunu. Sara annwenwene sɛnea na afoforo hu no ho dodo. Ɛwom sɛ na n’akyi wɔ bi de, nanso ofi ne pɛ mu traa ntamadan mu bɛboro mfe 60. Ɔde odwo a pɛsɛmenkominya nnim taa ne kunu akyi; ná ɔyɛ ɔbea gyidini. Ɛno na ɛmaa ɔyɛɛ ɔbea hoɔfɛfo ankasa.—Mmebusɛm 31:30; Hebrifo 11:11.

Sɛ́ Kristofo no, nea ehia yɛn ne sɛ yɛbɛma yɛn honhom fam ahoɔfɛ atu mpɔn, ahoɔfɛ a sɛ yɛyɛ ho adwuma daa a, ebi bɛba abɛka ho na atra hɔ daa. (Kolosefo 1:9, 10) Akwan titiriw abien na yebetumi afa so ama yɛn honhom fam hwɛbea atu mpɔn.

Sɛ yenya yɛn som adwuma a egye nkwa no mu kyɛfa a, yɛn ho bɛyɛ fɛ kɛse wɔ Yehowa ani so. (Yesaia 52:7; 2 Korintofo 3:18–4:2) Afei nso, bere a yesua sɛ yebeyi Kristofo su pa adi no, yɛn ahoɔfɛ no yɛ kɛse. Yɛwɔ hokwan pii a ebetumi ama yɛn honhom fam ahoɔfɛ atu mpɔn: “[Monnodɔ] mo ho yiye, munni kan nnidi mo ho ni. . . . Monyɛ honhom mu hyew . . . Mommɔ ahɔhoyɛ ho mmɔden! . . . Mo ne anigyefo ani nnye, na mo ne asufo nsu. . . . Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka! . . . Mo ne nnipa nyinaa ntra asomdwoe mu.” (Romafo 12:10-18) Saa su horow yi a yɛbɛyere yɛn ho anya bi no bɛma Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nipa nso apɛ yɛn asɛm, na ɛbɛbrɛ yɛn suban bɔne a yenya fii awo mu a ɛnyɛ fɛ no ase.—Galatifo 5:22, 23; 2 Petro 1:5-8.

Yebetumi Ako Atia Wiase Honhom!

Wiase honhom a edi awu no betumi ama yɛn mudi mu kura ho aba asɛm wɔ akwan nketenkete pii so. Ebetumi ayɛ ama yɛn ani rensɔ nea yɛwɔ, na yɛadwenwene de yɛn ankasa ahiade ne nea yɛpɛ adi Onyankopɔn de anim. Anaasɛ ebetumi ama yɛadwen nnipa adwene sen sɛ yebedwen Onyankopɔn de, na yɛama ahomegye anaa honam ani hwɛbea ahia yɛn dodo.—Fa toto Mateo 16:21-23 ho.

Satan asi ne bo sɛ ɔbɛsɛe yɛn honhom fam yiyedi, na akode atitiriw a ɔde di dwuma no mu biako ne wiase honhom. Kae sɛ Ɔbonsam betumi asesa n’akwan sɛ gyata a ɔbobom no ayɛ sɛ ɔwɔ a n’ani atew. (Genesis 3:1; 1 Petro 5:8) Bere ne bere mu no, wiase no tumi de ɔtaa a ano yɛ den di Kristoni bi so nkonim, nanso mpɛn pii no, ɛsɛe n’adwene nkakrankakra. Ɛno na na ehia Paulo titiriw: “Misuro sɛ ebia, sɛnea ɔwɔ no de n’anitew bɛdaadaa Hawa no, saa ara nso na wɔbɛsɛe mo adwene afi Kristo fam kronnyɛ no ho.”—2 Korintofo 11:3.

Nea ɛbɛyɛ na yɛabɔ yɛn ho ban afi ɔwɔ no anifere kwan ho no, ɛho hia sɛ yehu nnaadaa kwan a “ɛwɔ wiase” no, na yɛko tia denneennen. (1 Yohane 2:16) Ɛnsɛ sɛ wɔdaadaa yɛn ma yegye di sɛ sɛnea wiase no susuw nneɛma ho no nyɛ hu. Satan nhyehyɛe no mframa bɔne no ano yɛ den ma ɛyɛ hu.—Efesofo 2:2.

Sɛ yehu wiase nsusuwii a, yebetumi de Yehowa nkyerɛkyerɛ kronn no ahyɛ yɛn adwene ne yɛn koma mu de ako atia. Te sɛ Ɔhene Dawid no, momma yɛnka sɛ: “[Yehowa, NW], kyerɛ me w’akwan, na fa me fa w’atempɔn so. Ma mennantew wo nokware mu, na kyerɛkyerɛ me, na wone me nkwagye Nyankopɔn.”—Dwom 25:4, 5.

[Ase hɔ asɛm]

a Yɛde din afoforo asi ananmu.

[Kratafa 26 mfonini]

Taamudi asetra a yɛbɛhwehwɛ no betumi atwetwe yɛn afi honhom fam botae horow ho

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena