Bible No Adwene
So Hell Yɛ Hyew?
“ONIPA bɛhyew, ɔbɛhyew, ɔbɛhyew!” Wɔ ɔdan a esum wom no mu no, ɔkasafo a ne soro atade redɛw no trɛw ne nsam na otuu anammɔn kakra baa n’atiefo a wɔn ho adwiriw wɔn no nkyɛn. Eye sɛ adeyɛ yi ankyɛ pii. Nanso na ɔsɔfo no nam eyi so atumi ada no adi kɛse akyerɛ n’atiefo no sɛ hell-gya bi wɔ hɔ.
Asɔfo afoforo pii a wɔte sɛ ɔno—titiriw no, wɔ Kristoman mu—ka sɛ Onyankopɔn asiesie beae bi ama abɔnefo daa. Nanso so nea Bible no ka ankasa nen?
Apapafa ne Abɔnefo wɔ Beae Koro
“Wɔde abɔnefo begu hell, na aman a wɔn werɛ afi Onyankopɔn no nyinaa ka ho.” (Dwom 9:17, King James Version) Wɔ ha no, sɛ́ anka wɔde asɛmfua “hell” no bedi dwuma no, nnɛyi nkyerɛase ahorow te sɛ Lamsa ne The Jerusalem Bible de asɛmfua a epue wɔ Hebri de no mu a ɛne “Sheol” no di dwuma mmom. Na dɛn na “hell” anaasɛ “sheol” gyina hɔ ma ankasa?
Bible mu nhoma a ɛne ɔsɛnkafo ka nsɛm pii fa Sheol ho. Ese: “Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden yɛ, na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni asaman a worekɔ hɔ no.” (Ɔsɛnkafo 9:10) Sɛ wɔn a wɔwɔ hell, anaasɛ sheol no ntumi nnwene anaasɛ wontumi nyɛ hwee a, ɛnde na ɛnyɛ nea wobetumi ahu amane.
Ɛnde ɛnyɛ nwonwa sɛ Onyankopɔn asomfo anokwafo mpo kɔɔ sheol. Ná Yakob susuw sɛ owu a ɔbɛkɔ hɔ, na na Hiob ani da so sɛ Onyankopɔn de no besie wɔ hɔ na ama n’amanehunu ahorow no aba awiei. (Genesis 42:38; Hiob 14:13) So anka asomfo anokwafo baanu yi de wɔn ani bɛto so—anaasɛ wɔbɛsrɛ sɛ wɔmfa wɔn nkɔ hell-gya mu na wɔnkɔhyew wɔne abɔnefo wɔ hɔ? Dabida!
“Ogya” na Yɛ Dɛn?
Nanso ɛsɛ sɛ yɛte Yesu asɛm a ɔkae sɛ wɔn a wɔnyɛ Onyankopɔn apɛde no bɛkɔ “ogya a ɛrennum da no mu,” anaasɛ ‘ogya fononoo a ɛhɔ na osu ne setwɛre wɔ’ no ase dɛn?—Marko 9:43-48; Mateo 13:42.
Bere a Yesu reka beae yi ho asɛm no, wamfa Hela asɛmfua “Hades” a ɛno na egyina hɔ ma Hebri asɛmfua “sheol” no anni dwuma.a Mmom no, ɔde asɛmfua “Gehenna” na edii dwuma. Saa asɛmfua yi gyina ho ma beae bi a wɔtow wura gu a ɛbɛn Yerusalem a wɔfrɛ no Hinnom bon a ɛyɛ beae a ogya dɛw wɔ hɔ a wɔde hyew wura no. Ɛyɛ asɛmfua a ɛfata a Yesu de dii dwuma a na ɛbɛma n’atiefo no asusuw ɔsɛe koraa denam ogya so ho a ɛnyɛ daa amanehunu.
Adiyisɛm a wɔde maa ɔsomafo Yohane no ka “ɔtare a ogya ne sufrɛ dɛw mu” a wɔtow abɔnefo nyinaa gu mu ho asɛm. (Adiyisɛm 21:8) Sɛ hell wɔ hɔ a, ɛnde ɛne eyi, efisɛ abɔnefo kɔ hɔ. Nanso Bible nhoma koro yi ara ka kyerɛ yɛn sɛ wɔbɛtow owu a yenya fii Adam hɔ no ne Hades akyene ogya tare koro yi ara mu. So nneɛma abien yi betumi ahu amane ama ayɛ yiye? Dabi. Nanso ogya a ɛwɔ ha yi betumi ayɛ nea ɛkyerɛ fi a ebefi hɔ koraa a ɛbɛba saa bere a ‘wɔayiyi wɔn awufo ama’ wɔ awufo sɔre no akyi no.—Adiyisɛm 20:13, 14.
Nhwɛso a etwa to yi kyerɛ sɛ ogya yɛ daa ɔsɛe ho sɛnkyerɛnne ara kwa, enti amanehunu biara nni ogya tare no mu anaasɛ Gehenna, na saa ara na ɛte wɔ Hades (anaasɛ Sheol) ho, faako a Onyankopɔn asomfo anokwafo ne abɔnefo nyinaa kɔ no. Nanso sɛ yɛhwehwɛ asɛm no mu kɔ akyiri kakra a, yɛbɛte nea enti a yɛrentumi nnye nni sɛ hell-gya wɔ hɔ a wɔka ho asɛm nso wɔ Bible mu no ase yiye.
Ɛne Onyankopɔn Su Nhyia
Dɛn na wubesusuw wɔ awofo a wɔkɔ so de wɔn mma gu afiase daa anaasɛ wɔyɛ wɔn ayayade mpo no ho. Sɛ w’ani rennye biribi a ɛte saa ho a, so ɛrenyɛ nea w’ani rennye onyame a ɔma wɔyɛ ne mma ayayade daa wɔ ogya mu no ho?
Wohu nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nokware Nyankopɔn no nte saa no wɔ Israelfo a na ‘wɔma wɔn mmabarima ne wɔn mmabea fa ogya mu’ a ɔkaa wɔn anim no mu. Yehowa kae sɛ ɛyɛ ‘ade a ɔnhyɛɛ wɔn na ɛmaa ne koma mu’. (Yeremia 7:31) Esiane sɛ na Onyankopɔn nsusuw biribi a ɛte saa ho da nti, ɔkwan bɛn so na yebetumi anya adwene sɛ ɔbɛyɛ hell-gya bi ama n’abɔde?b Yiw, sɛ yɛn ani nnye ayayadeyɛ ne amanehunu ho a mpɛn ahe ara na ɛbɛyɛ nea Onyankopɔn a ɔyɛ ɔdɔ no ani gye ho?—1 Yohane 4:8.
Hell-gya nkyerɛkyerɛ no ne atɛntrenee nhyia nso. Wɔ ɔsomafo Paulo krataa a ɔde kɔmaa Romafo no mu no, ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Bɔne so akatua ne owu.” (Romafo 6:23) Afei nso ɔka kyerɛ yɛn sɛ: “Nea wawu no, wɔabu no bem afi bɔne ho.” Sɛ owu ma obi de ne ho wɔ ka a ɔde no mu koraa a, ɛnde dɛn nti na ɛsɛ sɛ ohu amane daa wɔ bɔne a ɔyɛe wɔ ne nkwa nna mu pɛ no ho?—Romafo 6:7.
Enti Bible no kyerɛ sɛ hell-gya a sɛnea nnipa pii te ase no nni hɔ. Na nimdeɛ yi ma yɛne Onyankopɔn nya abusuabɔ a egyina ɔdɔ so a ɛnyɛ nea egyina ehu so. Yɛhyɛ nyansa sɛ kɔ so ara hwehwɛ Bible no mu na sua sɛnea wubetumi asɔ n’ani yiye na ama woabɛka wɔn a wobehu bere a ɛyɛ anigye a Hades anaasɛ Shoel, a ɛyɛ adesamma adamoa no bɛyɛ nea enni hɔ bio daa daa no.—1 Yohane 4:16-18.
[Ase hɔ nsɛm]
a Wɔ Asomafo no Nnwuma 2:31 a wɔfa asɛm a ɛwɔ Dwom 16:10 no ka no, Hela asɛmfua “Hades” no na wɔde kyerɛ Hebri asɛmfua “Sheol” na no.
b Ebia ebinom bɛtwe adwene asi nea Yesu kae wɔ ɔdefo ne Lasaro ho wɔ Luka 16:19-31 no so de adi hell-gya ho adanse. Nanso Yesu asɛm yi yɛ bɛ, na enti yɛrentumi mfa no sɛ asɛm paara a esii. Sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya eyi ho nsɛm pii no, hwɛ So Asetra Yi Ara Na Ɛwɔ Hɔ nhoma a Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo a ɛwɔ New York tintimii no mu.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 13]
Dɛn na wubesusuw wɔ awofo a wɔyɛ wɔn mma ayayade ho?
[Kratafa 14 mfoni]
So hell a Bible ka no ni?