Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • jy ti 63 kr. 150-kr. 151 nky. 3
  • Yesu Afotu a Ɛfa Hintidua ne Bɔne Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yesu Afotu a Ɛfa Hintidua ne Bɔne Ho
  • Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔdɔ Mmofra Nkumaa
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Bepɔ So Asɛnka A Agye Din
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Wubetumi Anya Wo Nua
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Sɛ Wɔtaa Wɔn Mpo A Wɔbɛka Asɛm No
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
Hwɛ Pii Ka Ho
Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
jy ti 63 kr. 150-kr. 151 nky. 3
Ɔbarima bi ahu ne dwan a wayera ama n’ani agye

TI 63

Yesu Afotuo A Ɛfa Hintidua Ne Bɔne Ho

MATEO 18:6-20 MARKO 9:38-50 LUKA 9:49, 50

  • HINTIDUA HO NSƐM

  • SƐ ONUA BI YƐ BƆNE A, NEA ƐSƐ SƐ YƐYƐ

Ná Yesu de mfatoho bi akyerɛ n’asuafo no suban a ɛsɛ sɛ wɔnya. Ɔma wɔhuu sɛ ɛsɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase te sɛ mmofra, efisɛ mmofra deɛ wɔmpere dibea. Enti sɛ asuafo no ‘gye abɔfra kumaa a ɔte sei ne din mu a, na wɔagye ɔno nso.’—Mateo 18:5.

Bere a Yesu kaa saa asɛm no, ebia asomafo no bɛfa no sɛ ɔreka wɔn anim. Nea ɛte ne sɛ, na wɔagye nea ɔyɛ wɔn mu kɛse ho akyinnye; wɔyɛɛ saa nso, na ɛnkyɛe koraa. Yesu ano sii ara na ɔsomafo Yohane kɔfaa asɛm foforo bɛbɔɔ mu. Ná ɛyɛ biribi a ɛsii nkyɛe koraa. Ɔkaa sɛ: “Yɛhunuu obi a na ɔde wo din retu adaemone na yɛbɔɔ mmɔden sɛ yɛbɛsi no kwan, ɛfiri sɛ ɛnyɛ yɛne no na ɛdi w’akyi.”—Luka 9:49.

Wohwɛ nea Yohane kae yi a, gyama na ɛyɛ no sɛ asomafo no nko ara na wɔama wɔn tumi sɛ wɔnsa yareɛ anaasɛ wɔntu ahonhommɔne. Enti na ɔnte ase sɛ Yudani bi nso tumi tu ahonhommɔne. Ɛbɛyɛ sɛ na Yohane susu sɛ ɛnsɛ sɛ ɔbarima no yɛ anwonwade biara efisɛ na ɔnka Yesu ne n’asomafo no ho.

Yesu kaa asɛm bi a ebia ɛbɛyɛ Yohane nwonwa. Ɔkaa sɛ: “Mommmɔ mmɔden sɛ mobɛsi no kwan, na obiara nni hɔ a ɔde me din bɛyɛ anwanwadeɛ a ɔbɛtumi asan asopa me berɛ korɔ no ara; na deɛ ɔnsɔre ntia yɛn no wɔ yɛn afa. Na obiara a ɛsiane sɛ moyɛ Kristo dea nti ɔbɛma mo nsuo kuruwa mã anom no, nokorɛm mese mo sɛ, n’akatua remmɔ no da.”—Marko 9:39-41.

Saa bere no, na ɛho nhia sɛ ɔbarima no di Kristo akyi de kyerɛ sɛ ɔwɔ Yesu afa. Ná wɔmfirii Kristofo asafo no ase, enti sɛ ɔbarima no nni Yesu akyi a, ɛno nkyerɛ sɛ ɔyɛ Yesu tamfo anaa ɔwɔ atorosom mu. Yɛbɛtumi aka sɛ na ɔbarima no gye Yesu di, enti nea Yesu kae no ma yɛhu sɛ ɔbarima no nsa rensi fam da.

Owiyammo sɛn ɔbarima bi kɔn mu; wɔreto no ato po mu

Yesu maa asomafo no huu sɛ, sɛ wɔanhwɛ yie na wɔka biribi anaa wɔyɛ biribi ma ɛto ɔbarima no hintidua a, ɛnde wɔwɔ asɛm bɔ no pɔ. Ɔkaa sɛ: “Obiara a ɔbɛto nkumaa a wɔgye die yi baako suntidua no, anka ɛyɛ ma no mmom sɛ wɔde oyuyammoɔ a afunumu twe bɛsɛn ne kɔn mu de no akɔto po mu.” (Marko 9:42) Afei Yesu kaa sɛ biribiara a ɛbɛtumi ato n’akyidifo no hintidua no, wɔnyi mfiri wɔn akwan mu. Sɛ ade ko no hia te sɛ wɔn nsa, wɔn nan, anaa wɔn ani koraa mpo a, ɛsɛ sɛ wɔyi fi hɔ. Ɛyɛ papa sɛ wɔbɛhwere nneɛma a ɛho hia saa mpo na wɔanya kwan akɔ Onyankopɔn Ahenni no mu sen sɛ wɔbɛkɔ Gehenna (Hinom Bɔn no mu). Ná saa bɔn no bɛn Yerusalem, na na wɔhye nwura wɔ hɔ. Ɛnyɛ dɛn ara a na asomafo no nim hɔ, enti asɛm a Yesu kae no, wɔbɛte ase sɛ ɛkyerɛ daa ɔsɛe.

Yesu san bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ: “Monhwɛ na moammu nkumaa yi baako animtia; meka kyerɛ mo sɛ wɔn abɔfoɔ a wɔwɔ soro no hunu m’Agya a ɔwɔ soro no anim daa.” Saa “nkumaa” no, dɛn na ɛkyerɛ sɛ na wɔn ho hia Agya no paa? Yesu kaa sɛ na ɔbarima bi wɔ nnwan 100 na emu baako yerae. Ɔgyaa 99 no hɔ kɔhwehwɛɛ baako a wayera no, na bere a ɔhuu no no, ɛho anigye a ɔnyae no, na ɛkyɛn 99 a aka no. Yesu toaa so sɛ: “M’Agya a ɔwɔ soro no ani nnye ho sɛ nkumaa yi baako bɛyera.”—Mateo 18:10, 14.

Nea ɔbɛyɛ kɛse ho akyinnye a ɛkɔɔ so wɔ asomafo no ntam no, ɛbɛyɛ sɛ na ɛho asɛm wɔ Yesu adwenem, efisɛ ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnya nkyene wɔ mo mu na momma asomdwoeɛ ntena mo ntam.” (Marko 9:50) Nkyene ma aduane yɛ dɛ. Saa ara nso na kasadɛ ma akyinnye twa na ɛde asomdwoe ba.—Kolosefoɔ 4:6.

Ɛtɔ da a, obi bɛtumi adi mfomso kɛse; ɛno nso, Yesu kyerɛɛ ɛkwan a yɛbɛfa so adi ho dwuma. Ɔkaa sɛ: “Sɛ wo nua yɛ bɔne bi a, kɔda ne mfomsoɔ adi kyerɛ no wo ne ɔno nko ara ntam. Sɛ ɔtie wo a, woanya wo nua.” Ɛba sɛ wantie wo nso ɛ? Yesu kaa sɛ “fa onipa baako anaa mmienu ka wo ho, na ama asɛm biara agyina adansefoɔ mmienu anaa mmiɛnsa anom asɛm so.” Sɛ woyɛ saa na asɛm no antwa ɛ? Ɛnde na ɛsɛ sɛ woka ho asɛm kyerɛ “asafo no,” kyerɛ sɛ, mpanimfoɔ a wɔbɛhwɛ aka asɛm no. Wei nyinaa akyi no, sɛ ɔbɔnefo no antie a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Yesu kaa sɛ, yɛmmu no “sɛ amanaman muni anaa togyeni,” efisɛ saa bere no, na Yudafo ne amanaman mufo ne towgyefo nni twaka biara.—Mateo 18:15-17.

Ɛsɛ sɛ asafo mu mpanimfoɔ de Onyankopɔn Asɛm yɛ adwuma. Sɛ wɔhwehwɛ mu hu sɛ obi ayɛ bɔne ampa, na ɔhia nteɛso a, ɛnde atɛn biara a wɔbɛbu no, ɛbɛkyerɛ sɛ “wɔakyekyere no soro.” Sɛ nso wɔhwehwɛ mu hu sɛ onii no nni fɔ a, ɛnde ɛbɛyɛ “deɛ wɔasane no soro.” Ná saa akwankyerɛ no bɛboa paa bere a wɔde Kristofo asafo no asi hɔ no. Nsɛm a emu yɛ duru saa no, nea Yesu kaa wɔ ho ne sɛ: “Deɛ mmienu anaa mmiɛnsa ahyiam me din mu no, na mewɔ wɔn mfimfini.”—Mateo 18:18-20.

  • Adɛn nti na na ɛnsɛ sɛ asomafo no bu ɔbarima a ɔretu ahonhommɔne no sɛ wɔn tamfo?

  • Dɛn na ɛma yɛhu sɛ, sɛ obi to nkumaa no bi hintidua a, ɛyɛ aniberesɛm? Dɛn na Yesu kae a ɛma yɛhu sɛ nkumaa no ho hia paa?

  • Sɛ onua bi yɛ bɔne a, dɛn na Yesu kae sɛ yɛnyɛ?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena