Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g80 2/8 kr. 4-7
  • Medee Me Ho! Wɔ Mfirihyia 20 Afiase Nna Akyi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Medee Me Ho! Wɔ Mfirihyia 20 Afiase Nna Akyi
  • Nyan!—1980
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Afiase Nna Fi Aso
  • Wogyaa Me San Kyeree Me Too Afiase Bio
  • Baguam Asenni
  • Yehowa Wowaw Me
  • China Ne Kristosom
    Nyan!—1980
  • Denhyɛ Tumi A Onyankopɔn Asɛm Wɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • Menyaa Biribi a Ɛsen Anuonyam Koraa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Minyaa Yehowa Adɔe Ne Ne Mmoa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1980
g80 2/8 kr. 4-7

Medee Me Ho! Wɔ Mfirihyia 20 Afiase Nna Akyi

Sɛnea Nancy Yuen Kãe

“NYAN!” kyerɛwfo a ɔwɔ Hong Kong no kyerɛwee sɛ:

Yɛn abusua a ɛyɛ Ɔwɛn Aban Bible Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ Hong Kong no taa nya ahɔho a wofi aman horow so mpɛn pii. Nanso Yawda, February 15, 1979 yɛ da titiriw. Yɛn hɔho nɔ yɛ Nancy Yuen, Yehowa Adansefo nokwafo bi a ofi China, bere a wɔde no ato afiase mfirihyia 20 akyi. Nea ɔbea yi kae ne sɛ. “M’ani agye yiye sɛ mabehyia mo bio. Mahu m’abusua no.”

Yɛn nyinaa nim Nancy Yuen ne kyerɛwtohɔ a ɛda hɔ a ɛfa ne nokwaredi ho no, nanso afei de yɛahu n’anim na yebetumi atie n’anom nsɛm. Ɔde yɛn kɔɔ akyi bɛyɛ afe 1949 mu, na ofii n’asɛm no ase. Nea ɔka kyerɛɛ yɛn ni:

BƐYƐ SƐ mfirihyia 30 ni a Ɔwɛn Aban Asafo no asɛmpatrɛwfo Stanley Jones bɛsraa yɛn fie a ɛwɔ Shanghai, China, nea edi kan. Saa bere no na maware, na mewɔ mmofra baanu. Asɛm a ekura no a ɛfa Yehowa Nyankopɔn ne n’atirimpɔw ahorow ma adesamma ho no maa m’ani gyei kɛse.

Wobɔɔ me asu 1950 mu, na mekɔɔ so suaa ade sɛnea ɛbɛyɛ na nimdeɛ a mewɔ no akɔ anim. Na ɛyɛ me anigye sɛ mede anibere dii me Kristoni asɛyɛde ahorow no ho dwuma wɔ saa mfitiase mfe no mu, ade a anka sɛ manyɛ a, anka mantumi annyina sɔhwɛ horow a na ɛda m’anim no ano.

Eduu 1954 mu no na mewɔ mmofra baanan. Mede me ho hyɛ Yehowa Nyankopɔn ahenni no ho asɛnka adwuma no mu yiye. Eduu 1956 mfiase mu no na Komunist nniso no na edi Shanghai so. Wofii ase bɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ yennyae asɛnka adwuma no na yenhyia wɔ yɛn Ahenni Asa so nkutoo. Nanso metee nka sɛ ɛsɛ sɛ midi adwuma a Onyankopɔn de ahyɛ me nsa, sɛ menka asɛm no ho dwuma. Enti mekɔɔ so mede me ho hyɛɛ afie afie asɛnka adwuma no mu.

Wɔkyeree me mpɛn ahorow bebree bisabisaa me nsɛm, ɛtɔ bere bi a nnɔnhwere anum, ɛtɔ bere bi nso a nnansa. Afei esiane sɛ me kunu akɔtra Hong Kong wɔ 1958 mu nti, mesrɛɛ kwan sɛ mepɛ sɛ mekɔka ne ho wɔ hɔ. Nniso no kae sɛ sɛ megyae asɛnka de a ɛnde wɔbɛma me kwan na makɔ. Mepowee sɛ megyae asɛnka enti wɔamma me kwan nso.

Komunist nniso no mu mpanyimfo no haw yiye wɔ me bo a masi sɛ mɛkɔ so aka asɛm no nti. Da koro bi a na wɔrebisabisa me nsɛm no, wɔka kyerɛɛ me sɛ meyɛ obi a ɔyɛ ahantan sen biara wɔ China nyinaa. Awiei no, bɛyɛ sɛ 1956 awiei mu no, wɔ bere a wɔakyere me wɔ asɛnka nti bɛyɛ mpɛn asia no, wɔsan kyeree me bio bere a ofiewura bi ka kyerɛɛ nniso no sɛ mereka asɛm wɔ afie afie no. Ɛno akyi no wɔannyaa ne bio.

Afiase Nna Fi Aso

Minyinii wɔ abusua a wɔwɔ anigye mu, na mewɔ m’ankasa m’abusua ketewaa nso. Afei de me ne wɔn adi mpaapaemu na wɔde hankɔpo ato me nsa a mete afiase dan a emu aduru sum mu. Mifii ase sui. Metee nka sɛ mayɛ mmerɛw a minni anidaso biara! Ɔkwan biara nni hɔ a mɛfa so afi mu. Nanso ankyɛ na Bible mu nsɛm baa m’adwene mu a ɛfa sɛnea Yehowa yɛ “awerɛkyekye Nyankopɔn,” a ɔde ahoɔden ma ne nkoa no ho. (2 Kor. 1:3, 4) Na saa bere no na mede nokwaredi nyinaa dan me ho kɔɔ ne nkyɛn wɔ mpaebɔ mu.

Metaa ne Yehowa kasa wɔ mpaebɔ mu bere ne bere mu na metee nka sɛ afei de merenya ahoɔden bere biara. Nanso esiane sɛ afiase so ahwɛfo no hui sɛ mebɔ mpae a me nsa wɔ m’anim, titiriw wɔ adidi bere mu no, wɔde me nsaa guu m’akyi de hankɔpo guu me nsa nnansa na eyi maa m’abatwea yɛɛ kuru. Nanso eyi ansiw me mpaebɔ ho kwan. Wubetumi ahu saa twã no mprempren wɔ m’abatwea.

Midii mfirihyia anan nea edi kan wɔ afiase a wobisabisa me nsɛm bere biara. Na wɔpɛ sɛ mekyerɛ faako a asɛmpatrɛwfo baanu no wɔ na meka sɛ Ɔwɛn Aban Asafo no yɛ Atɔe fam nniso no ananmusifo. Nanso merenyɛ saa. Mede hokwan yi dii dwuma de dii mpanyimfo no adanse kaa nea Onyankopɔn Asɛm no wɔ ka kyerɛɛ wɔn. Afiase so ahwɛfo mpanyimfo no mu biako kae sɛ wɔadi ɔsom ahorow no nyinaa ho dwuma na wɔn nyinaa ne wɔn ayɛ biako agyaa nsɛm mu ama aka.

Nanso woyii akokoduru ne me nnamyɛ no ayɛ. Ɔkae sɛ: “Ɛyɛ yaw sɛ wɔansakra wo ankɔ Komunism mu ansa na wɔresakra wo kɔ Kristosom mu, efisɛ yɛn kuw no hia nnipa a wogye ade di ankasa te sɛ wo.” Afei afe 1960 mu na wɔde me too afiase mfirihyia 10. Na afiase nna no befi ase afi bere a wodii kan de me too afiase wɔ 1956 mu no.

Afe 1961 mu na wɔde me kɔɔ nneduaban bi mu wɔ ɔman no mu na ɛhɔ na minyaa ho kwan ne nneduafo afoforo kyɛɛ nokware no. Mannyae m’asɛnka adwuma no da. Bere a bere retwam no mebɛyɛɛ obi a na mewɔ akokoduru kɛse yiye. Da koro bi mekaa asɛm kyerɛɛ nnipakuw bi a wɔn dodow bɛyɛ 12 a wɔyɛɛ komm tiee me. Eyi anyɛ nea atumfo no anhu. Wɔsan de me too afiase foforo wɔ hɔ ara nnafua 19, na ɛno na afei wɔde mfirihyia abien kaa afiase ankasa a wɔde me ato no ho. Ankyɛ na saa mfirihyia 12 no nyinaa twaam.

Wogyaa Me San Kyeree Me Too Afiase Bio

Afe 1968 mu na woyii me fii nneduaban no mu, ɛwom sɛ na wɔde mmara akyekyere me a mintumi nkɔ baabi. Afei de metumi ayɛ adwuma na me nsa aka akatua a ennu ¢27.50 ɔsram biara. Saa bere yi mu no wɔma mifii adwumayɛfo kuw biako mu kɔɔ foforo mu wɔ bere ne bere mu. Na me na nso tu baa beae mewɔ no sɛnea ɛbɛyɛ na wabɛn me.

Esiane sɛ manya hokwan a mede kɔ mmeae ahorow nti mehyehyɛɛ akwantu a ɛde me kɔɔ nkurɔpɔn ahorow pii mu, a Anching, Hangchow, Nanking ne Shanghai ka ho. Mekɔsraa nnamfonom ne abusuafo na mekaa ahenni no ho nokware asɛmpa no kyerɛɛ wɔn a minim wɔn no nyinaa ne wɔn a wɔde me kyerɛɛ wɔn. Afe twaa mu na mibisae sɛ mepɛ sɛ mifi China na mekɔ ka me kunu ho wɔ Hong Kong. Sɛ menya akwamma nhoma a ɛnde ɛsɛ sɛ mesan kɔ Chinsang, faako a na meyɛ adwuma no ma makɔka me na ho wɔ hɔ. Nanso, wɔkyeree me ansa na meredu Chinsang, na wɔde me kɔɔ police station na wɔde me too afiase nnafua 10. Polisifo no bisaa mmusua ahorow abien a maka asɛm akyerɛ wɔn no asɛm, na nea efii mu bae ne sɛ wɔsan de me kɔɔ Chinsang na wɔde me kɔtoo afiase wɔ hɔ, bere a wɔayi me no akyi mfirihyia abien.

Baguam Asenni

Afei de, wobisabisaa me nsɛm pii. Polisifo panyin no yaw me sɛ meyɛ ahantan na ɔka kyerɛɛ me sɛ ɛsɛ sɛ meka “nsɛmmɔne” a madi no ho asɛm kyerɛ wɔn, sɛ anyɛ saa de a ɛbɛyɛ den ama me. Enti mekaa nea meka kyerɛɛ nkurɔfo no nyinaa kyerɛɛ wɔn sɛnea ɛbɛyɛ na matumi afa so de adi Onyankopɔn ahenni no ho adanse, na maka ne nhyehyɛe foforo a ɛreba no ho asɛm akyerɛ wɔn. Memaa emu daa hɔ pefee maa polisifo panyin no sɛ Onyankopɔn ahenni no beyi nniso horow nyinaa afi hɔ. (Dan. 2:44) Wɔhyɛɛ da kyerɛw eyi nyinaa too hɔ.

Afei wɔma me ne nneduafo baakron a wɔyɛ mmarima kyin faa abɔnten kwan no so. Bɔne ahorow a wɔayɛ no mu binom ne awudi ne korɔnbɔ ne mmonnaato. Wɔakyerɛw bɔne a yɛn mu biara ayɛ no wɔ krataa so de asɛn onii ko no kɔn. Ɛno na afei wɔde yɛn kɔɔ sukuufo atrae kɛse bi mu na polisi panyin no kenkan “bɔne” a mayɛ no wɔ akasam bi mu kyerɛɛ nnipa bɛyɛ apem a wɔahyia hɔ no. Ɔkenkan nea maka nyinaa na m’ani gyee ho sɛ ɔde saa yɛ nso dii adanse kyerɛɛ nnipa a wɔwɔ kurow no mu no sen sɛnea na meyɛ no.

Akyiri no, metee sɛ nnipa a wobisabisaa wɔn nsɛm faa m’asɛnka adwuma no ho no boro nnipa 100 wɔ amansin ahorow mu. Wɔn a wodi mpanyimfo no akyi wɔ nniso no mu no mu biako kae sɛ meyɛ ahantan yiye na wɔrentumi nsakra me enti ɛsɛ sɛ wokum me. Nanso mpanyimfo no mu biako a ɔno de ne dibea korɔn ampene so, enti wɔsan de me too afiase bio nea ɛto so abien. Eyi de mfirihyia 20.

Mfirihyia anan a edi hɔ no yɛ nea afei de nea meyɛ da biara da no na meyɛ mfirihyia anan no nyinaa mu. Woyi me fi nneduadan no mu anɔpatutu kɔhoro ntade na m’aguare, na ɛno akyi no wɔde me akɔhyɛ me dan no mu bio de akosi anadwofa bere a wobue me bio na mekɔtase nneɛma a mahorow no na afei de wɔsan de me to ɔdan mu anadwo.

November 1, 1978 mu na metee sɛ wɔbɛma me kwan na mafi China na makɔka me kunu ho wɔ Hong Kong. Enti ɛno na ɛbae sɛ wɔ January 1979 awiei no, mihyiaa me kunu ne me mma baanan no bio sɛ abusua wɔ bere a mene wɔn atetew mu mfirihyia 26 akyi!

Yehowa Wowaw Me

Asetra wɔ afiase ne nneduaban mu no yɛ den yiye, ɛwom sɛ na mewɔ nea midi ne nea mede kata me ho de. Aduan no yɛ ɛmo ne nnuadewa, ne nam bɛyɛ mpɛn anan afe. Ɛyɛ aduan a ɛma akwahosan pa, na mitumi di nya ahoɔden. Memaa m’adwene kɔɔ so dii dwuma denam Bible mu nkyekyem ne nokware ahorow a mekae na mitim ka no so. Mehwehwɛ ɔkwan a menya bere biara na me ne afoforo akyɛ anidaso a mewɔ no, na eyi ma meyɛ obi a minnya adagye na mewɔ anigye nso.

Mante nka sɛ aka me nko da wɔ me sɔhwɛ bere no nyinaa mu. Mebɔɔ mpae bere nyinaa maa akwankyerɛ sɛnea ɛbɛyɛ na mayɛ nea ɛteɛ bere nyinaa. Mebɔɔ mpae na manya ahoɔden ne nkuranhyɛ de agyina ano. Bere a mabɔ mpae awie no, mete nka sɛ manya ahoɔden foforo, sɛ, menyɛɛ biribi a ɛnteɛ anaa minnii mfomso bi ɛ, na ɔkwan a menam so no teɛ. Metumi aka wɔ nokwarem sɛ mpaebɔ boaa me ma mitwiw bɛn Yehowa ho, mebɛn no wɔ ɔkwan a ɛtɔ bere bi mpo na mete nka sɛ mihu no no so. Metaa kae ahotoso nsɛm a ɛwɔ Yesaia 66:2 no nyinaa sɛ, Onyankopɔn “hwɛ nea ɔyɛ mmɔbɔ na ne honhom abubu” so no. Eyi yɛ nkuranhyɛ ne awerɛkyekye fibea kɛse ma me bere nyinaa.

Bere a wobisaa no sɛ nsɛm a, mpanyimfo no ne polisifo no bisabisa no bere nyinaa no haw no kɛse a ontumi nnyina ano anaa no, Nancy Yuen maa mmuae sɛ:

Mfiase no na ɛyɛ den kakra ma me, nanso bere a mesakraa m’adwene wɔ tebea a mewom no ho no, afei na mente nka bio. Na ɛho hia yiye sɛ mete tebea no ne nsɛm no ase. Afiase nna no mfiase pɛɛ na mekaee Yesu nsɛm a wɔakyerɛw wɔ Luka 21:14, 15 no: “Enti momfa nto mo tirim sɛ: Ɛyɛ a, munnnwen nea mode beyi mo ano no ho ansa. Na me na mɛma mo ano ne nyansa a mo atamfo nyinaa rentumi ntua ano na wɔrennyina anim.” Enti misuae sɛ ɛho nhia sɛ mehaw me ho wɔ nsɛm a wobisabisa me no ho. Mefaa eyi sɛ hokwan a manya na mede adi mpanyimfo no adanse. Ma mewɔ biribi foforo ka kyerɛ wɔn bere biara a ɛfa Yehowa Nyankopɔn ne n’atirimpɔw ma adesamma no ho, na Kyerɛwnsɛm a ɛfa ho no nso ba m’adwene mu bere nyinaa.

Sɛ otwa n’ani hwɛ n’akyi a, ɔte mfirihyia 20 a ɔde ada afiase no nka dɛn? Ɔkae sɛ:

Ne nyinaa ye, na meda me Nyankopɔn, Yehowa, ase sɛ manya hokwan de ayi me dɔ ne ahofama adi akyerɛ no. Sɛnea wɔakyerɛw wɔ Mateo 13:45, 46 no. Yesu de Ahenni no too akwantufo oguadini a ɔhwehwɛ ahene pa ho. Sɛ ohu ebi a ɛsom bo a, ɔtɔn n’ade a ɔwɔ nyinaa na ɔde tɔ. Enti migyaa biribiara a mewɔ mu, mma nketewaa mpo, sɛnea ɛbɛyɛ na madi Onyankopɔn nokware. Yehowa annyaw me wɔ ɔkwan biara so da. Ɔwowaw me na ɔhwɛɛ m’abusua no so wɔ n’ankasa ne kwan a ɛyɛ nwonwa no so.

Wobisaa no sɛ so ɔwɔ afotu pa bi ma ne mfɛfo Kristofo anaa, na Nancy Yuen susuw asɛm no ho maa mmuae sɛ:

Ɛnsɛ sɛ sɔhwɛ ahorow yi yɛn ho hu anaasɛ yesuro bere a ɛba yɛn so. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa hwɛ sɔhwɛ horow no kwan wɔ ɔkwan yi anaa foforo so. Eye ma yɛn. Ɛteɛ yɛn so na ɛsɔ yɛn hwɛ, yiyi yɛn mu hu Kristofo ko a yɛyɛ. Sɔhwɛ horow yi sɛnea yɛn gyidi yɛ den fa ankasa no adi na ɛma yehu faako yebetumi ahyɛ no den wɔ hɔ. Mete nka sɛ me gyidi ayɛ den nnɛ wɔ me sohwɛ horow no nti. Enti munnsuro. Metaa nya awerɛkyekye kɛse fi asomafo Petro nsɛm yi mu sɛ, ‘fa wo haw nyinaa to Yehowa so, efisɛ odwen yɛn ho.’ (1 Pet. 5:6, 7) Wo nso wubetumi ayɛ saa ara.

Saa onuawa a watu ne ho ama yi abodwokyɛre ne ne nokwaredi nhwɛso no hyɛ yɛn nkuran na ɛhyɛ yɛn gyidi den. Yehowa Adansefo akae wɔn nuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ wiase nyinaa ne afei China nso wɔ mpae a wɔbɔ Yehowa Nyankopɔn ma wɔn a ɛboro mfirihyia aduonu no mu. Afei de yɛn ni a yɛrete sɛnea wafa ɔdɔ so ahwɛ wɔn de abesi mprempren no.

Nancy Yuen bɛsraa Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea no wɔ February 15, 1979, na ɔbaa Kristofo nhyiam nea edi kan wɔ mfirihyia 22 akyi wɔ February 15, na afei ɔne ne nuanom fii ase nyaa Onyankopɔn ahenni no ho asɛnka no mu kyɛfa wɔ afie afie wɔ February 17. Eyi kanyan yɛn ma yɛda Yehowa ase sɛ ɔwɔ nokware di ho nhwɛso a ɛte sɛɛ wɔ nnɛ bere mu a ɛhyɛ nokware Kristofo nyinaa nkuran ma wodi wɔn Nyankopɔn Yehowa nokware.

[Kratafa 7 adaka]

“Akode biara a wɔbɔ hyɛ wo renyɛ yiye, na tɛkrɛma biara a ɛbɛsɔre ne wo ayi ntɛn no, wobebu no fɔ; ɛno ne Awurade [Yehowa] nkoa agyapade ne wɔn trenee a efi me no, Awurade [Yehowa] asɛm ni.”​—Yes. 54:17.

[Picture of Nancy Yuen on page 4]

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena