Ahotoso A Yɛde Behyia Basabasayɛ Bere Yi
“[Amansan Hene Yehowa] akasa, hena na ɔrenhyɛ nkɔm?”—AMOS 3:8.
1. (a) Ɛdefa Yehowa din ho no, hokwan kɛse bɛn na yɛwɔ? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu ne Paulo maa Yehowa ne ne din so?
“[AMANSAN Hene Yehowa]”—hwɛ sɛnea saa nsɛmfua yi ka amansan Sodifo Kɛse no ho asɛm ma ɛyɛ anigye! Nea ɛne akuw horow a wɔkasa tia no bɔ abira no, ɛyɛ hokwan kɛse sɛ wɔde Yehowa din no bɛfrɛ no, sɛ́ wɔne Yehowa benya abusuabɔ a emu yɛ den na wɔaka Yehowa din ne n’atirimpɔw ahorow ho asɛm akyerɛ afoforo. Bere a ne Ba, Yesu, wɔ asase so no, ɔkae sɛ: “[Yehowa] honhom wɔ me so, . . . sɛ memɛka asɛmpa menkyerɛ ahiafo.” Ɔrebɔ Yehowa mpae no, ɔkae wɔ n’asuafo no ho sɛ: “Mayi wo din makyerɛ wɔn, na meyi makyerɛ.” Na bere a ɔsomafo Paulo refa tete Hebri adiyifo no asɛm aka no, ɔkae sɛ: “Obiara a ɔbɛbɔ [Yehowa] din no benya nkwa.”—Luka 4:18; Yohane 17:26; Romafo 10:13; Yoel 2:32.
2. (a) Ɔkwan bɛn so na Amos maa Yehowa din so? (b) Nea ɛne Amos din no nkyerɛase hyia no, adwuma bɛn na onyae?
2 Ná Amos yɛ saa tete adiyifo no mu biako. Ɔmaa Yehowa din so, na asɛm “[Amansan Hene Yehowa]” no pue mpɛn 21 wɔ ne nhoma a ɛwɔ Bible mu no mu. Edin Amos no ase kyerɛ obi a “Ɔso Adesoa.” Ampa, ɔsoaa asɛyɛde a emu yɛ duru te sɛ nea ɛte wɔ Yehowa nokware adansefo fam nnɛ no. Ná Amos yɛ mmoahwɛfo ne turohwɛfo, na ɛte sɛnea wanhyɛ da annya ntetee ankasa wɔ adiyifo adwuma no ho. Nanso na ɛda adi sɛ onim Onyankopɔn Asɛm no yiye, na Yehowa honhom wɔ no so a ɛbɛma watumi ayɛ n’adwuma a ɛyɛ den no. Ná ɛyɛ adwuma bɛn? Ná ɛne sɛ obefi n’asase so wɔ Yuda akɔyɛ ɔhɔho ɔsɛmpatrɛwfo wɔ Israel mmusuakuw du ahenni a na awae a ɛwɔ kusuu fam no mu. Ɛhɔ, wɔ Israel a na n’ahenkurow ne Samaria no mu na na ɛsɛ sɛ ɔbɔ ɔsɛe ho nkrasɛm bi a wɔmpɛ koraa dawuru.
3. ‘Agyina’ mu nsɛm a ɛyɛ ne bere so de bɛn na wɔdaa no adi denam Amos so?
3 So Amos pow saa adwuma yi? Dabida! Ná ɛyɛ basabasayɛ bere, nanso na ɛho hia sɛ nnipa no ma bɛn a na “da bɔne” a ɛsen saa mpo abɛn no tra wɔn adwene mu. Na wɔn asetra yɛ nea ɛfa adidi ne ɔnom ho. Bere a wɔda wɔn asonse mpadua so na wɔn ho atɔ wɔn no, wɔansusuw Yehowa ne ne nokware som ho. (Amos 6:3-6) Yehowa bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛtwe wɔn aso, nanso nea edi kan no na ɛsɛ sɛ wɔde kɔkɔbɔ a ɛyɛ nkɔmhyɛ ma wɔn. Nea ɛne eyi hyia no, Yehowa ankasa kae sɛ: “[Amansan Hene Yehowa] renyɛ biribi gye sɛ wayi n’agyina adi akyerɛ ne nkoa adiyifo no ansa.”—Amos 3:7.
Nnɛyi Nkyerɛase
4. (a) Dɛn nti na wɔakora tete nkɔmhyɛ so? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔnam da ne nkyerɛase adi nnɛ?
4 So tete nkɔmhyɛ yi kyerɛ biribi ma yɛn nnɛ? Yiw, ekura nsɛm a tumi wom ma yɛn! Wɔboaboaa, Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no ano wɔ ɔsoro akwankyerɛ ase, na wɔakora so de abesi “awiei bere yi” mu ma ɛho aba Onyankopɔn nkurɔfo a “wiase bere awiei ato yɛn yi” mfaso. Wɔda nea ɛkyerɛ wɔ nkɔmhyɛ mu no adi ma yɛn denam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” a wɔyɛ Kristofo a wɔasra wɔn kuw a Owura, Yesu Kristo, de no redi dwuma mprempren ma ɔde honhom mu “aduan” ama Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa “ɛbere a ɛsɛ mu” no so.—Daniel 12:4; 1 Korintofo 10:11; Mateo 24:45-47.
5. Ɛsɛ sɛ yegye Yehowa asɛm a ɛwɔ Amos 3:8 no so dɛn?
5 So yebu ‘agyina’ mu nsɛm a ɛwɔ Amos nkɔmhyɛ no mu no sɛ biribi a ɛho nhia titiriw a yebetumi adi ho dwuma wɔ yɛn ankasa bere a yɛpɛ mu, sɛnea ɛte no? Wiɛ, sɛ yɛn nkutoo wɔ sare so baabi na mpofirim ara gyata bi bobom ma ɛhɔ a ayɛ komm no gyae a, ɔkwan bɛn so na yɛbɛyɛ yɛn ade? Wɔ saa owu anaa nkwa tebea no mu no, so yɛrensɔre nkeka yɛn ho? Yɛrentwentwɛn yɛn nan ase! Enti so ɛnsɛ sɛ saa ara na yetie Yehowa nkɔmhyɛ nsɛm no? Yehowa ankasa aka sɛ: “Gyata abobom, hena na ɔrensuro? [Amansan Hene Yehowa] akasa, hena na ɔrenhyɛ nkɔm?” (Amos 3:8) Ɛnde ɛho hia sɛ yɛbɛma afoforo ahu nkɔmhyɛ no ne ne nkyerɛase. Nanso ɔkwan bɛn so?
“Kɔ Na Kɔhyɛ Nkɔm”
6. Akwan horow bɛn so na Kristoman te sɛ tete Samaria?
6 Yehowa asɛm a ɔka kyerɛɛ Amos ne sɛ: “Kɔ na kɔhyɛ nkɔm kyerɛ me man Israel.” (Amos 7:15) Saa Israel ahenni a na awae no wɔ ne nsɛso nnɛ wɔ Kristoman a n’ani bere honam fam nneɛma, na ɛnam basabasayɛ anaa ɛho ahunahuna so kɔ so tra ase, na ɛsɔre tia Amansan Hene Yehowa na ɛtan ne din no mu. Edin “Kristofo” no de, Kristoman de ato ne ho so ara kwa, efisɛ ɛsɔre tia Kristo trenee Ahenni a ɛreba no. Yesu ankasa ka wɔn a wɔwɔ Kristoman nyamesom ahorow no mu no ho asɛm sɛ ‘wɔn a wɔyɛ nea ɛnteɛ!’—Mateo 7:21-23.
7, 8. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔakɔ so ‘abɔ’ Kristoman ɔsɛe no ho ‘dawuru’ wɔ mfe a atwam no mu? (b) “Ahofadi” bɛn na wɔabɔ ho dawuru ama ‘nneduafo,’ na dɛn na afi mu aba?
7 Efi bere a wɔde Ahenni no sii hɔ wɔ soro wɔ 1914 mu no, nnɛyi Amos kuw, Yehowa Adansefo, abɔ Yehowa abufuw da no ho dawuru wɔ Kristoman mu nyinaa. Wɔde kɔkɔbɔ mae kɛse wɔ Kristoman nsase nyinaa so efi 1919 kosi 1939 titiriw, na eyi akɔ so de abesi nnɛ bere yi. Wɔ Yehowa Adansefo fam no, na Wiase Ko II mfe a ɛyɛ 1939-45 no yɛ ɔtaa bere ne bere a wɔsan de yɛɛ nhyehyɛe ahorow nso. Wɔ 1943 mu no, wofii ase de Ɔwɛn Aban Bible Gilead Sukuu no tetee asɛmpatrɛwfo maa amannɔne nsase so adwumayɛ, na ansa na Wiase Ko II reba awiei no na wɔde eyinom akɔ aman ahorow so sɛ wɔnkɔtrɛw Ahenni adansedi adwuma no mu. Eyi maa adwuma no mu trɛwee wɔ Kristoman nsase ahorow so, titiriw wɔ Italy, Portugal, Spain ne Latin America asasesin kɛse no mu.
8 Ná ɔfrɛ no ne sɛ, “kɔ na kɔhyɛ nkɔm”! Mmusua horow a wɔde wɔn ho mae tu fii Canada, United States, Britain, Europa ne Australia na wɔkɔkaa asɛmpatrɛwfo no ho wɔ wɔn nsasesin ahorow no mu, faako a mmoa ho hia kɛse no. Wɔde ahotoso bɔɔ nea ‘Amansan Hene Yehowa ankasa aka’ no ho dawuru. Ná Yehowa honhom wɔ n’adansefo no so sɛ wɔmmɔ Onyankopɔn “aweredi da” wɔ Kristoman so no ho dawuru wɔ wiase nyinaa, ne ‘ahofadi nkyerɛ wɔn a’ atoro som ‘afa wɔn nnommum no.’ (Yesaia 61:1, 2; Sakaria 4:6) Enti, wɔ mfirihyia 40 ntam no, nkɔso a ɛyɛ nwonwa bae wɔ Adansefo dodow a wɔbɔ Ahenni no ho dawuru ɔsram biara no mu: efi 109,794 wɔ 1943 mu koduu 2,501,722 wɔ 1983 mu.
Wiase Nyinaa Nhwɛso
9, 10. (a) Dawurubɔ no mu trɛw koduu he wɔ Amos nna no mu, na dɛn na ɛne eyi hyia nnɛ? (b) Sɛnea wɔde Amos nkɔmhyɛ no yɛɛ ho mfonini no, wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ abosonsomfo no abu Kristoman dɛn?
9 Wɔde eyi di Amos bere so nhwɛso no akyi, bere a na ɛsɛ sɛ ɔbɔ ɔsɛe ho dawuru wɔ Ashdod nso—faako a wɔsom abosom wɔ Filistia a ɛbɛn—ne de kosi Misraim no. Na Amansan Hene Yehowa aka sɛ: “Momma ɛmfa [Ashdod] aban so na wɔnte, ne Misraim asase so aban so, na monka sɛ: Mommoa mo ho ano, Samaria mmepɔw so, na mommɛhwɛ emu kitikiti bebree ne nhyɛso a ɛwɔ ne mu no. Efisɛ onnim adetrenee yɛ, [Yehowa] asɛm ni, wɔn a wɔboa atirimɔden ne dwowtwa ano, wɔn aban mu no.”—Amos 3:9, 10.
10 Saa ara na Yehowa aweredi a ɛbɛba Kristoman so a wɔrebɔ ho dawuru nnɛ no mu atrɛw na atwam wɔ mmeae horow a odi tumi no akɔ Afrika, po mu nsupɔw ahorow so ne Apuei Fam mmeae ahorow pii. Sɛnea wɔde Misraim di dwuma wɔ Bible mu sɛ wiase bɔne a atwe ne ho afi Onyankopɔn ho no nyinaa ho sɛnkyerɛnne no, saa ara na wɔaka Kristoman ɔsɛe no ho asɛm wɔ wiase nyinaa (Fa toto Yesaia 19:19, 20 ho.) Wɔn a wɔfrɛ wɔn abosonsomfo aman no mu pii ahu ‘kitikiti bebree, nhyɛso, atirimɔden ne dwowtwa’ a ɛwɔ Kristoman mu no. Wɔ mfehaha a atwam no mu no, wɔahu Kristoman asɛmpatrɛwfo a wɔde wɔn ho hyɛ amammuisɛm mu akodi ne ɔman anidan ahorow mu, na wodi anim wɔ amanaman ntam atuo ne nnubɔne ahorow ho aguadi mu. Bere a Ɔwɛn Aban Asafo no ɔsɛmpatrɛwfo bi fii ase sɛ ɔbɛkasa akyerɛ Buddani bi no, na ɔtaa de anoyi yi ma sɛ: ‘Hwɛ sɛnea Kristofo abrabɔ te; yɛn Buddafo abrabɔ ye koraa, enti dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛsakra?’ Ná ɛsɛ sɛ ɔsɛmpatrɛwfo no kyerɛkyerɛ mu kyerɛ no sɛ Kristoman nyamesom no yɛ soronko koraa wɔ Kristosom a Bible ka ho asɛm no ho. Ɛno na ɛma ofii ase tiee no.
11. Ɔporɔw a na ɛwɔ Samaria no ne hena de na ehyia nnɛ?
11 Sɛnea na ɛte wɔ tete Samaria no, saa ara na wɔ Kristoman mu no, amansɛmdifo ne wɔn mpanyimfo, nketewa ne akɛse, ‘nnim adetrenee yɛ.’ Bio nso, wɔ nsase a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo no pii so no, basabasayɛ ne amumɔyɛ abu so wɔ mmorɔn so. (Mateo 24:3, 12) Eyi ne tebea horow a asomdwoe wom kakra wɔ nsase ahorow a “ɛnyɛ Kristofo de” so no bɔ abira kɛse.
12. Ɔkwan bɛn so na Kristoman ‘aboaboa atirimɔden ne dwowtwa ano’?
12 Wɔyɛ “atirimɔden ne dwowtwa” ho nhyehyɛe wɔ ɔkwan a ɛyɛ ahodwiriw so nso wɔ wiase nyinaa. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Kristoman aman ahorow na wofii wiase ko ahorow abien no ase a ɛno nti ama wɔabedi mogya ho fɔ wɔ nnipa bɛyɛ 69,000,000 a wokunkum wɔn no ho no. Ɛnnɛ Kristoman de ne ho ahyɛ wiase tumi akɛse abien, “kesee fam hene” ne “kusuu fam hene” ntam ntawntawdi no mu denneennen na nea afi mu aba ne sɛ n’aman ahorow no ka ho na wɔyɛ nuklea akode ahorow a edi awu kɛse wɔ ne nsase nyinaa so no.
13. Ɔkwan bɛn so na amansɛmdifo a wɔboa basabasayɛ anya kyɛfa wɔ Daniel 11:40 ne Luka 21:25 mmamu mu?
13 Bere a “kesee fam hene” no kasa-mafo panyin kɔsraa Japan no, ɔkae sɛ: “Ade koro a ɛsom bo wɔ nuklea akode a wobenya mu ne sɛ ɛbɛhwɛ sɛ wɔrentumi mfa nni dwuma—da biara da.” Ɛnde dɛn nti koraa na wɔboaboa ano? Efisɛ Satan, wiase yi nyame no, ama amanaman no atɔ ɔhaw bi a wɔrentumi nguan mfi mu mu. Wɔ anim a ɔne “kesee fam hene” no de si wɔ ‘pia a opia no’ no mu no, “kusuu fam hene” no kasa-mafo panyin bɔ nuklea nsramman ahorow a wɔde ani akyerɛ Amerika so denam “po so a ɛde asisi” no so ho amanneɛ. Eyinom nyinaa ma Yesu nkɔmhyɛ a ɛfa ‘amanaman ho a ɛbɛyeraw wɔn asase so, po ne asɔrekye a ɛrehuru nti’ ho no nya mmamu.—Daniel 11:40; Luka 21:25; Adiyisɛm 12:9, 12.
14. Akwan horow bɛn so na tebea yi ne nea ebefi mu aba kae yɛn nea esii wɔ Noa nna no mu no?
14 Ɛnyɛ ɛde fi Noa nna no akyi nko na adesamma ahyia odwowtwa a ɛte sɛɛ a basabasayɛ kɛse ho ahunahuna ka ho. Abakɔsɛm kyerɛwtohɔ a ɛfa Noa bere so ho no kenkan sɛ: “[Yehowa] hui sɛ nnipa bɔne dɔɔso pii wɔ asase so, na wɔn komam adwene nyinaa yɛ bɔne nko daa nyinaa. . . . Na asase asɛe wɔ Onyankopɔn anim, na anuɔden ahyɛ asase so ma.” Esiane saa bɔne ne basabasayɛ no nti, Yehowa nam Nsuyiri no so sɛee abɔnefo no. Ɛnnɛ, wabɔ ne tirim bio sɛ ‘ɔbɛsɛe wɔn a wɔsɛe asase no.’—Genesis 6:5-13; Adiyisɛm 11:18; Luka 17:26, 27.
Fow A Wɔfow Kristoman
15. Ɔkwan bɛn so na Yehowa maa “ɔhohiafo” de atemmu baa Samaria so?
15 Wiase tumi akɛse no ntam ntawntawdi no bɛkɔ akowie dɛn mu? Yehowa wɔ biribi ka wɔ ho, bere a yɛkenkan Amos 3:11 no: “Enti sɛ [Amansan Hene Yehowa] se ni: Ɔhohiafo betwa asase no ho ahyia, na wayi w’ahoɔden afi wo ho ahwe fam, na wɔafow w’aban afɛfɛ no.” Hena ne “ɔhohiafo” yi? Wɔ Amos nna no mu no na “ɔhohiafo” no ne Asiria Wiase Tumi no. Yehowa kyerɛɛ Asiria asraafo a wɔyɛ den no kwan na ɔde wɔn dii dwuma sɛ sɛnkyerɛnne kwan so “abaa” de atemmu baa Samaria a na awae no so, sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ Yesaia 10:5, 6 no: “Due, Asiria, m’abufuw abaa a wo nsam poma yɛ m’abufuhyew! Ɔman nkɔnkɔnsafo mu na mɛsoma no makɔ, na m’abufuw man no so na mɛhyɛ no sɛ ɔnkɔ nkɔfa asade na ɔnkɔfow, na ontiatia wɔn so sɛ mmorɔn so dɔte.”
16. (a) Ɔkwan bɛn so na Adiyisɛm 17 ka ntawntawdi a ɛte saa ara nnɛ ho asɛm? (b) Nneɛma a ɛrekɔ so bɛn na ɛkyerɛ sɛ Kristoman ɔsɛe abɛn?
16 Saa ara na Yehowa de nnɛyi Asiriafo dɔm a wɔasiesie wɔn ho kɛse bɛba sɛ ‘n’abaa’ ne ‘n’akuma’ ma wɔabɛsɛe Kristoman a awae no. Ampa, “mmɛn” a ɛyɛ den—amammui atumfoɔ a wɔyɛ asraafo a mprempren mpo wɔyɛ Amanaman Nkabom no mufo—bɛsɛe wiase atoro som ahemman, Babilon Kɛse no nyinaa, wɔ bere koro mu. (Yesaia 10:15; Adiyisɛm 17:5, 16, 17) Saa ntawntawdi a ɛrebɛn no ho asɛm yɛ nea yɛte no mpɛn pii wɔ da no mu nsɛm ho amanneɛbɔ mu. Sɛ nhwɛso no, U.S.News & World Report kaa eyi nnansa yi ara: “Ɛnyɛ Poland nko na ɛte sɛ nea Katoleksom ne komunism reyɛ de asi anim. Wɔ Apuei Fam Europa no, abusuabɔ a ɛda asɔre no ne komunism nniso horow ntam no mu apae kɛse fi bere a John Paul II a ɔyɛ Polandni no bɛyɛɛ Paapa wɔ 1978 mu no. Sraadi mu ntawntawdi foforo da adi wɔ Roman Katolekfo asɔfo mpanyimfo a wɔwɔ aman ahorow a wɔwɔ Rusia afã no mu no mu. . . . Di a Paapa no di anim kɛse wɔ ɔkwan a Katolekfo nam so no mu no ama ntawntawdi no abɛyɛ kɛse. . . . Komunism nniso horow no mfa wɔn adwenem a ɛyɛ wɔn naa wɔ Paapa no ho no nsuma.”
17. Dɛn na Amos nhoma no ne nkɔmhyɛ afoforo ka wɔ fow a wɔbɛfow atoro som no ho?
17 Enti ɛbɛbam sɛnea Yehowa ka wɔ Amos 3:15 no: “Na asonse afi asɛe, na afi bebree nso ase agu koraa, [Yehowa] asɛm ni.” Kristoman ahonyade ne ne honam fam nneɛma no bɛsɛe a atoro som nyinaa de nso ka ho.—Hesekiel 7:19; Adiyisɛm 18:15-17.
18. (a) Dɛn na “Asiriafo” no bɛyɛ bio wɔ ahantan so? (b) Dɛn na eyi de bɛba mpofirim ara, na dɛn na ebefi mu aba ama Yehowa nkurɔfo?
18 Nanso, so eyi bɛkyerɛ ahotɔ ntɛm ara ama Yehowa nokware asomfo—afi ahohorabɔ, ɔtaa, ne nhyɛso ahorow a Satan wiase no de ba wɔn so no mu? Dabi, na bere nnya nnui! Efisɛ “Asiria” a ekura amammui adwene a ɛyɛ “abaa” ne “akuma” a Yehowa de di dwuma de atemmu ba Kristoman a awae so no bɛyɛ ne ho kɛse wɔ ahantan kwan so de atia Yehowa denam dan a ɔbɛdan aba n’adansefo anokwafo a wɔwɔ asase so ha so no so. Nanso ɛbɛyɛ ɔkwa! (Yesaia 10:15-19) Sɛnea ɔsomafo Yohane hui wɔ anisoadehu mu no, “wiase ahene” a wɔyɛ Amanaman Nkabom, ‘aboa’ no mu amammui tumi horow no bɛboaboa wɔn ho ano sɛ wɔrekɔko atia Onyankopɔn “ahene mu hene ne awuranom mu awurade” a ɔde no asi ahengua so no. Ɛno na ɛbɛyɛ Harmagedon, “Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛse no mu ko no” ho sɛnkyerɛnne. Ɛbɛsɛe Satan dɔm ahorow nyinaa a wɔwɔ asase so na ɛde nkwagye abrɛ “obiara a ɔbɛbɔ [Yehowa] din no.”—Adiyisɛm 16:14, 16; 19:11, 16, 19-21; Romafo 10:13.
19. Ɛsɛ sɛ Amos nhwɛso no ne ne nkɔmhyɛ a etia Samaria no mmamu ma yenya ahotoso bɛn?
19 Ɛnde, ɔkwan bɛn so na wuhyia basabasayɛ bere yi? Ampa, wɔ ahotoso a emu yɛ den mu sɛ Yehowa bɛtew ne nkɔmhyɛ Asɛm no ho! Ne wɔ akokoduru mu te sɛ Amos a ɔkaa ɔsɛe a na ɛbɛba nnipa a wɔawae so ho nkrasɛm a wɔmpɛ kyerɛe no! Nanso ɔkwan bɛn so na wo ankasa wubetumi atwa na woakonya Nhyehyɛe Foforo kɛse a Amansan Hene Yehowa resiesie ama wɔn a wɔdɔ no no mu anigye? Adesua a edi hɔ no bebua saa asemmisa no.
Ntimu Nsemmisa
◻ Ɔkwan bɛn so na na Amos yɛ nhwɛso fɛfɛ ma yɛn wɔ hyia a wohyia basabasayɛ mmere mu?
◻ ‘Agyina’ mu nsɛm bɛn no yɛanya hokwan mprempren sɛ ‘yɛbɛbɔ ho dawuru’?
◻ Akwan horow bɛn so na tete Samaria yɛ Kristoman ho mfonini?
◻ Basabasayɛ bere yi bɛba awiei dɛn, na dɛn na ɛkyerɛ sɛ eyi abɛn?
[Kratafa 8 mfoni]
Amansan Hene Yehowa somaa mmoahwɛfo Amos mo ɔkɔbɔɔ asɛm a wɔmpɛ ho dawuru
[Kratafa 11 mfoni]
‘Afasu ho nkyerɛwee’ ma Babilon Kɛse no