Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w13 1/1 kr. 4-8
  • Wiase Awiei​—Ɛsɛ sɛ Wusuro Anaa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase Awiei​—Ɛsɛ sɛ Wusuro Anaa?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wohwɛ a Wɔbɛsɛe Yɛn Asaase Yi?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Bere Bɛn Na Awiei No Bɛba? Dɛn Na Yesu Kae?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2021
  • Enti Wiase Yi Bɛba Awiei?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2021
  • “Awieeɛ No”—Dɛn na Ɛkyerɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
w13 1/1 kr. 4-8

ASƐM A ƐDA SO: WIASE AWIEI—ƐSƐ SƐ WUSURO ANAA?

Wiase Awiei​—Wusuro, W’ani Da So, Anaa Woate Abrɛ?

Wote nka dɛn wɔ December 21, 2012 ho? Nkurɔfo kyerɛe sɛ wɔhwɛ Mayafo kalenda so a, wohu sɛ biribi besi saa da no, na ɛde nsakrae kɛse bi bɛba wiase nyinaa. Sɛ ehu bɔɔ wo saa bere no a, seesei ebia wo ho atɔ wo; sɛ wode w’ani too so sɛ biribi besi a, ɛnde ebia w’anidaso ayɛ kwa, na sɛ ɛyɛɛ wo sɛ awiei no reba ara ni a, ɛnde ebia woato w’adwenem. Eyi nso yɛ wiase awiei ho nkɔntoro no ara bi anaa?

“Wiase awiei” a Bible ka ho asɛm no nso ɛ? (Mateo 24:3, Akuapem Twi Bible) Ebinom suro sɛ asase bɛhyew. Ebinom nso wɔ hɔ a, nea wɔatete afa wiase awiei ho nti, wɔrepɛ biribi ahu. Nnipa pii nso, ɛyɛ wɔn sɛ awiei ho nsɛm no, wɔate abrɛ. Ɛyɛ nokwasɛm a wonim na ɛma wɔte nka saa anaa nsɛm a nkurɔfo keka ntia?

Sɛ wuhu nea Bible ka fa wiase awiei ho a, ebia ɛbɛyɛ wo nwonwa. Bible ma yehu sɛ wiase awiei no betumi ayɛ anigye bere, na ɛsan ma yehu sɛ, sɛ ɛkyɛ wɔ obi ani so a, etumi ma ɔyɛ basaa. Nkurɔfo taa bisa wiase awiei ho nsɛm bi, na yɛsrɛ wo kenkan ɛho mmuae bi a ɛwɔ Bible mu.

Asase bɛhyew anaa?

MMUAE A BIBLE DE MA: “[Onyankopɔn] de asase atim ne nnyinaso so; na ɛrenhinhim da biara da.”—DWOM 104:5.

Wɔremfa ogya anaa biribi foforo biara nsɛe asase. Mmom Bible kyerɛ sɛ asase yɛ nnipa fie a wɔbɛtena so afebɔɔ. Dwom 37:29 ka sɛ: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatena so daapem.”—Dwom 115:16; Yesaia 45:18.

Bere a Onyankopɔn bɔɔ asase no wiei no, ɔkae sɛ “eye,” na saa ara na ɛnnɛ nso ohu no. (Genesis 1:31) Onyankopɔn rensɛe asase no, na mmom wahyɛ bɔ sɛ ‘ɔbɛsɛe wɔn a wɔresɛe asase no,’ na, ɔbɛbɔ asase no ho ban daa.—Adiyisɛm 11:18.

Ebia ɛbɛyɛ wo sɛ 2 Petro 3:7 kyerɛ sɛ asase bɛsɛe. Ɛhɔ ka sɛ: “Wɔakora ɔsoro ne asase a ɛwɔ hɔ yi so ama ogya.” Eyi kyerɛ sɛ asase bɛhyew anaa? Nea ɛwom ne sɛ, ɛtɔ da a, Bible tumi de “ɔsoro,” “asase” ne “ogya” gyina hɔ ma biribi. Ɛho nhwɛso ne Yesaia 1:2. Ɛhɔ ka sɛ: “Ɔsoro tie, asase yɛ aso.” Ɛha no, wɔde “asase” gyina hɔ ma nnipa.

Ɔsoro, asase ne ogya a wɔaka ho asɛm wɔ 2 Petro 3:7 no, sɛ yɛhwɛ nkyekyɛm foforo a ɛwɔ ti 3 no mu a, yehu sɛ ɛno nso gyina hɔ ma biribi. Nkyekyɛm 5 ne 6 ma yehu sɛ nea esii Noa Nsuyiri no mu no, ɛno ara bi na ebesi. Saa bere no, wɔsɛee tete wiase a na ɛwɔ hɔ no, nanso asase a yɛte so yi ansɛe. Mmom no, “asase” a Nsuyiri no popae no yɛ nnipa abɔnefo a na wɔwɔ wiase no. Ɛsan sɛee “ɔsoro” bi, kyerɛ sɛ, wɔn a na wodi saa wiase no so no. (Genesis 6:11) Enti nea 2 Petro 3:7 reka ho asɛm ne ɔsɛe korakora a ɛbɛba abɔnefo wiase ne emu atumfoɔ bɔne so sɛnea ogya hyew biribi ase no.

Sɛ yɛka wiase awiei a, ɛkyerɛ dɛn?

MMUAE A BIBLE DE MA: “Wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tena hɔ daa.”—1 YOHANE 2:17.

“Wiase” a ebetwam no nyɛ asase no, na mmom wiase no mu nnipa a wɔn abrabɔ ne Onyankopɔn apɛde nhyia na wobefi hɔ. Sɛ biribi hon obi a, dɔkota tumi yɛ no oprehyɛn yi fi hɔ de gye no nkwa. Saa ara na Onyankopɔn nso ‘beyi’ abɔnefo afi hɔ, na ama nnipa papa agye wɔn ani wɔ asase so. (Dwom 37:9) Sɛ saa na ɛte a, ɛnde “wiase awiei” yɛ ade pa.

Sɛnea Bible nkyerɛase bi kyerɛ “wiase awiei” ase no ma yehu sɛ ɛyɛ ade pa; ebi kyerɛ ase “bere a ɛwɔ hɔ yi awiei” na ebi nso ka no “bere no awiei.” (Mateo 24:3; New International Version) Esiane sɛ awiei no ba a, nnipa ne asase nyinaa bɛkɔ so atena hɔ nti, wunnye nni sɛ ntease wom sɛ bere foforo anaa wiase foforo bi bɛba ɛno akyi? Mmuae a Bible de ma ne yiw, efisɛ ɛka “bere a ɛreba” bi ho asɛm.—Luka 18:30.

Yesu kaa bere a ɛda yɛn anim no ho asɛm sɛ bere a wɔbɛyɛ “nneɛma foforo.” Saa bere no, ɔbɛma adesamma asan akɔ tebea pa a na Onyankopɔn pɛ sɛ wonya no mu. (Mateo 19:28) Ɛba saa a,

  • Asase bɛdan paradise ama obiara anya bammɔ ne asomdwoe.—Yesaia 35:1; Mika 4:4.

  • Yebenya adwuma pa a ɛbɛma yɛn ani agye. —Yesaia 65:21-23.

  • Wɔbɛsa ayarefo nyinaa yare.—Yesaia 33:24.

  • Nkwakoraabɔ ne mmerewabɔ befi hɔ.—Hiob 33:25.

  • Wobenyan awufo.—Yohane 5:28, 29.

Sɛ yɛyɛ “ade a Onyankopɔn pɛ” anaa yɛyɛ nea ose yɛnyɛ a, ɛnsɛ sɛ yesuro wiase awiei. Mmom no, yɛbɛhwɛ no kwan.

Wiase awiei abɛn ampa?

MMUAE A BIBLE DE MA: “Sɛ muhu sɛ saa nneɛma yi resisi a, munhu sɛ Onyankopɔn ahenni no abɛn.”—LUKA 21:31.

Nhomanimfo Richard Kyle kyerɛw wɔ ne nhoma bi mu sɛ: “Sɛnea nneɛma sesa ntɛmntɛm ne basabasa a ɛrekɔ so wɔ wiase no, ɛno na ɛma nkurɔfo pii kyerɛ da a wiase awiei bɛba,” titiriw sɛ wonhu nea enti a nneɛma asesa ayɛ basaa mpofirim no a.—The Last Days Are Here Again.

Nanso, adiyifo a wɔkaa wiase awiei ho asɛm wɔ Bible mu no, ɛnyɛ nsɛm akɛse a na ɛresisi wɔn bere so na na wɔrekyerɛkyerɛ mu. Mmom no, ɛyɛ Onyankopɔn na ɔde ne honhom kaa wɔn ma wɔkyerɛɛ nneɛma a ɛbɛma yɛahu sɛ awiei bere no adu. Ma yɛnhwɛ saa nkɔmhyɛ no bi na hwɛ sɛ ɛreba mu nnɛ anaa.

  • Akokoakoko, ɔkɔm, asasewosow, ne ɔyarebɔne a atu agu yɛn so.—Mateo 24:7; Luka 21:11.

  • Amumɔyɛ adɔɔso.—Mateo 24:12.

  • Nnipa resɛe asase.—Adiyisɛm 11:18.

  • Nnipa ayɛ ahopɛ ne sikanibere, na wɔdɔ anigyede sen Onyankopɔn.—2 Timoteo 3:2, 4.

  • Mmusua ntɛm retetew.—2 Timoteo 3:2, 3.

  • Nnipa bebree bu wɔn ani gu awiei ho sɛnkyerɛnne no so.—Mateo 24:37-39.

  • Wɔreka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa wɔ wiase nyinaa.—Mateo 24:14.

Sɛnea Yesu kae no, “eyinom nyinaa” a yehu no kyerɛ sɛ wiase awiei abɛn. (Mateo 24:33) Yehowa Adansefo gye di sɛ adanse a ɛwɔ hɔ no di mu, na wɔka wɔn gyidi ho asɛm kyerɛ nkurɔfo wɔ aman 236 so.

Nea nkurɔfo akeka afa wiase awiei ho a amma mu nti, ɛremma bio anaa?

MMUAE A BIBLE DE MA: “Sɛ enya ba sɛ wɔreka sɛ: ‘Asomdwoe ne dwoodwoo!’ a, mpofirim ara na ɔsɛe bɛba wɔn so sɛnea awoko yaw ba ɔbea a ɔyem so; na wɔrentumi nguan ɔkwan biara so.”—1 TESALONIKAFO 5:3.

Bible kyerɛ sɛ wiase awiei bɛba te sɛ nea awo ka ɔbea. Sɛ awo ka ɔbea a, ɔte yaw mpofirim a ɔrentumi nyɛ ho hwee. Nneɛma a ebesisi ansa na awiei no aba no te sɛ nyinsɛn. Ansa na ɔbea bɛwo no, ohu nneɛma bi a ɛkyerɛ no sɛ n’awo abɛn. Ne dɔkota betumi de n’ani abu da a ɔbɛwo, na sɛ ɛpa ho mpo a, onim sɛ ɛnkyɛ ɔbɛwo ne ba no. Saa ara na awiei no nso te, sɛ amma bere a yɛrehwɛ kwan mpo a, ɛnsesa nneɛma a ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ “nna a edi akyiri” mu no.—2 Timoteo 3:1.

Ebia wubebisa sɛ, ‘Sɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ awiei no abɛn no da adi pefee a, ɛnde adɛn nti na nnipa pii nhu?’ Bible ka sɛ awiei no rebɛn mmom a, nnipa bebu wɔn ani agu ɛho adanse no so. Anka ɛsɛ sɛ wogye tom sɛ nna a edi akyiri no de nsakrae akɛse aba, nanso wobedi ho fɛw aka sɛ: “Efi da a yɛn agyanom dedae no, biribiara te sɛ nea ɛte fi abɔde mfiase.” (2 Petro 3:3, 4) Ɔkwan bi so no, nneɛma a ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ nna a edi akyiri mu no da adi pefee, nanso nnipa pii remfa nyɛ asɛm.—Mateo 24:38, 39.

Adanse a efi Bible mu a ɛkyerɛ sɛ awiei no abɛn no, ɛnyɛ ne nyinaa na yɛaka ho asɛm wɔ ha.a Wopɛ sɛ wuhu pii anaa? Ɛnde, adɛn nti na womma Yehowa Adansefo ne wo mmɛyɛ Bible adesua a wuntua hwee? Yebetumi ayɛ adesua wɔ wo fie, baabi foforo a ɛyɛ ma wo, anaa wopɛ a, yebetumi ayɛ wɔ telefon so mpo. Nea ehia ara ne sɛ wubenya bere; mfaso a wubenya nso de, enni ano.

a Sɛ wopɛ nsɛm pii a, hwɛ nhoma a wɔato din Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? no ti 9 a n’asɛmti ne “So Yɛte ‘Nna a Edi Akyiri’ no Mu?” no. Yehowa Adansefo na wotintimii.

YEHOWA ADANSEFO AKA PƐN SƐ WIASE AWIEI BƐBA A AMMA ANAA?

Yehowa Adansefo de wɔn adwene sii mmere bi so sɛ wiase awiei bɛba nanso amma. Sɛnea Yesu asuafo a wodi kan yɛe no, yɛn nso, ɛtɔ da bi a, yɛde yɛn ani bu mmere bi sɛ nkɔmhyɛ bi bɛba mu, nanso na bere a Onyankopɔn ahyɛ no nsoe. (Luka 19:11; Asomafo Nnwuma 1:6; 2 Tesalonikafo 2:1, 2) Ɔdansefo bi a wɔfrɛ no A. H. Macmillan a ɔde mfe pii somee no kaa asɛm bi, na yɛne no yɛ adwene. Ɔkae sɛ: “Mihui sɛ ɛsɛ sɛ yegye yɛn mfomso tom na yɛkɔ so hwehwɛ Onyankopɔn Asɛm no mu na yɛanya ntease pii.”

Ɛnde, adɛn nti na yegu so reka awiei no ho asɛm? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Yesu asɛm a ɔkae yi ho hia yɛn paa. Ɔkae sɛ: “Monkɔ so nhwɛ, monkɔ so nwɛn.” Enti sɛ Yesu hu sɛ ‘yɛadeda’ a, ɛbɛma ne bo afuw yɛn. (Marko 13:33, 36) Adɛn ntia?

Ma yɛnyɛ nhwɛso bi: Yɛmfa no sɛ sunsuma bi ama kraman apɔ anadwo, na wokɔhwɛe no, na obiara nni hɔ. Nanso esiane sɛ ohu bibiri a ɔpɔ nti, daakye ebetumi ayɛ ahobammɔ ama nnipa.

Yɛn nso yɛadi mfomso de yɛn adwene abu mmere bi sɛ awiei no bɛba. Nanso nea ehia yɛn paa ne sɛ yebetie Yesu na yɛagye nnipa nkwa, na ɛnyɛ nea nkurɔfo bɛka. Yesu de ahyɛde ama sɛ “yenni adanse fefeefe;” ɛno nti ɛsɛ sɛ yɛkɔ so bɔ nkurɔfo kɔkɔ sɛ awiei no abɛn.—Asomafo Nnwuma 10:42.

Yegye di sɛ nea ehia paa ne sɛ yebenya ahotoso sɛ awiei no bɛba ɔkwan biara so, enti ɛsɛ sɛ yɛde yɛn biribiara kyerɛ sɛ ɛbɛba. Bere pɔtee a ɛbɛba no de, ɛnyɛ ɛno ne asɛm no. Asɛm a ɛwɔ Habakuk 2:3 no, ehia yɛn paa. Ɛkɔ kenkan sɛ: “Sɛ [awiei no] kyɛ [sen sɛnea wohwɛ kwan] mpo a, twɛn no ara, na ɔkwan biara so ɛbɛba. Ɛrenka akyi.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena