Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp21 nɔma 2 kr. 7-9
  • Bere Bɛn Na Awiei No Bɛba? Dɛn Na Yesu Kae?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere Bɛn Na Awiei No Bɛba? Dɛn Na Yesu Kae?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2021
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • HWƐ NSƐM MMIENU BI A YESU KA FAA WIASE NO AWIEI HO:
  • NNEƐMA A ƐBƐKYERƐ SƐ WIASE NO AWIEI ABƐN
  • “AWIEI MMERE”
  • ƐRENKYƐ KORAA, ASAASE NYINAA BƐDAN PARADISE!
  • So Yɛte “Nna a Edi Akyiri” no Mu?
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Ɛnkyɛ Onyankopɔn Atirimpɔw Bɛbam
    Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw? Wobɛyɛ Dɛn Ahu?
  • Wohwɛ a Wiase Awiei Abɛn?
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Ɔkwan a Yɛnam so Hu sɛ Yɛwɔ “Nna a Edi Akyiri” no Mu
    So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2021
wp21 nɔma 2 kr. 7-9
Nneɛma a esisi a ɛbɛkyerɛ sɛ yɛwɔ awiei mmere mu no, Yesu reka ho asɛm akyerɛ n’asuafo no.

Bere Bɛn Na Awiei No Bɛba? Dɛn Na Yesu Kae?

Sɛnea yɛadi kan ahu no, sɛ Bible no ka sɛ wiase no bɛba awiei a, ɛnkyerɛ sɛ wɔbɛsɛe asaase no anaa nnipa nyinaa ase bɛhyew afi asaase so. Mmom, nea ɛkyerɛ ne sɛ, nneɛma bɔne a ɛrekɔ so wɔ asaase so ne abɔnefo a wɔtaa saa nneɛma bɔne no akyi nyinaa, Onyankopɔn beyi wɔn afi hɔ. Ɛnde, bere bɛn na Onyankopɔn beyi wiase bɔne yi afi hɔ? Dɛn na Bible no ka?

HWƐ NSƐM MMIENU BI A YESU KA FAA WIASE NO AWIEI HO:

“Monkɔ so nwɛn, efisɛ munnim da anaa bere no.”​—MATEO 25:13.

“Monkɔ so nhwɛ, monkɔ so nwɛn, efisɛ munnim bere a wɔahyɛ no.”​—MARKO 13:33.

Obiara nni asaase so a onim da pɔtee a awiei no bɛba. Nanso Onyankopɔn ahyɛ “bere” bi anaa yɛbɛka a, ‘da ne dɔn’ pɔtee a awiei no bɛba ato hɔ. (Mateo 24:36) Wei kyerɛ sɛ biribiara nni hɔ a ɛbɛma yɛahu sɛ wiase awiei abɛn anaa? Ɛnte saa koraa. Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ, sɛ aka kakraa ama wiase no aba awiei a, nneɛma bi besisi, enti ɛyɛ a wɔmfa wɔn ani nto fam nhyɛ no nsow.

NNEƐMA A ƐBƐKYERƐ SƐ WIASE NO AWIEI ABƐN

Nneɛma a Yesu kaa sɛ ebesisi no, na ɛbɛyɛ adanse anaa sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ “wiase yi awiei” abɛn. Ɔkaa sɛ: “Ɔman bɛsɔre atia ɔman, na ahenni asɔre atia ahenni, na ɔkɔm ne asaasewosow bɛba mmeaemmeae.” (Mateo 24:3, 7) Ɔsan kaa sɛ, “nsanyare a edi awu” ne nyarewa bɛte atese. (Luka 21:11) Nneɛma a Yesu ka too hɔ sɛ ebesisi no, wuhu sɛ ɛresisi anaa?

Ɛnnɛ, akodi, aduankɔm, ne asaasewosow ama nnipa rehu amane. Ɛno da nkyɛn a, yare nso mma nnipa ho ntɔ no; ɛnnɛ wei ba a, ɔkyena na foforo aba. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, mfe mmiɛnsa mu no, COVID-19 nsanyare no kum nnipa bɛyɛ ɔpepem nson wɔ wiase nyinaa. Sɛ yɛfa asaasewosow nso a, afe 2004 mu no, asaasewosow kɛse bi sii wɔ ɛpo a yɛfrɛ no Indian Ocean no mu, na ɛpo no twiw faa nnipa bɛyɛ 225,000 so kunkum wɔn. Yesu kaa sɛ, sɛ yehu sɛ nneɛma a ɛtete saa resisi a, ɛkyerɛ sɛ wiase awiei abɛn.

“AWIEI MMERE”

Bere a yɛte mu yi, aka kakraa na wiase no aba awiei. Ɛno nti, Bible frɛ mmere yi “awiei mmere.” (2 Petro 3:3, 4) Sɛ yɛhwɛ 2 Timoteo 3:1-5 a, ɛma yehu sɛ, awiei mmere no mu no, nnipa abrabɔ bɛsɛe koraa. (Hwɛ adaka a yɛato din “Nneɛma a Ɛbɛkɔ So Ansa Na Wiase No Aba Awiei.”) Woahyɛ no nsow sɛ, ɛnnɛ nnipa yɛ pɛsɛmenkominya, wɔn ani bere ade, wodi atirimɔdensɛm, na wonni dɔ? Saa suban a nkurɔfo da no adi no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ wiase yi awiei abɛn paa.

Awiei mmere no, ɛbɛkyɛ anaa? Daabi. Bible ka sɛ, bere a aka ama wiase no aba awiei no “sua.” Sɛ bere a Onyankopɔn ahyɛ no du a, ɔbɛsɛe “wɔn a wɔresɛe asaase no.”—Adiyisɛm 11:15-18; 12:12.

Akodi

Asogyafo redi ako; wɔretotow tuo.
  • Afe 2007 kosi 2017 mu no, nnipa a akodi ne awudisɛm nti wowuwui no, wɔkɔɔ anim ɔha mu nkyem 118

Yare

Papa bi da ayaresabea.
  • Yare a ekum nnipa paa no bi ne komayare, stroke, ahrawa mu yare, yare a mmofra nya fi awo mu, ayamtu, kokoram, nsamanwaw

Aduankɔm

Abaayewa bi a ɔkɔm de no kura kyɛnsee.
  • Nnipa a na ɛwɔ wiase afe 2021 mu no, wuyi bɛyɛ 10 biara si hɔ a, na baako da kɔm. Mmofra a wonnya nnii mfe nnum nso, sɛ wuyi nnum biara gyina hɔ a, na baako nnya aduan pa nni anaa watɔ ape

Asɛmpaka Adwuma No

Yehowa Adansefo mmienu bi gyina trɔk a wɔde di adanse ho; wɔredi ɔbarima bi adanse.
  • Yehowa Adansefo bɛboro ɔpepem 8.6 reka asɛmpa no wɔ aman 240 mu, na wɔkyekyɛ nhoma wɔ kasa bɛboro 1,000 mu

ƐRENKYƐ KORAA, ASAASE NYINAA BƐDAN PARADISE!

Onyankopɔn ahyɛ da ne dɔn pɔtee a wiase bɔne yi bɛba awiei ato hɔ dedaw. (Mateo 24:36) Ɛnyɛ ɛno nko ara, asɛmpa foforo wɔ hɔ. Ɛne sɛ, Onyankopɔn ‘mpɛ sɛ obiara bɛsɛe.’ (2 Petro 3:9) Enti ɔde akwannya no ama nnipa sɛ wonsua ne ho ade, na wɔmfa nea wɔresua no mmɔ wɔn bra. Adɛn ntia? Ɔmpɛ sɛ ɔbɛsɛe yɛn, mmom ɔpɛ sɛ yɛkɔ wiase foforo no mu. Ɔnam n’Ahenni no so besiesie asaase no ama ayɛ fɛfɛɛfɛ te sɛ paradise.

Onyankopɔn nam nkurɔfo bi so rekyerɛkyerɛ nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa ama wɔahu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ na wɔatumi akɔ wiase foforo no mu bi. Yesu kaa sɛ, wɔbɛbɔ asɛmpa a ɛfa Onyankopɔn Ahenni no ho dawuru wɔ “asaase so nyinaa.” (Mateo 24:14) Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa de nnɔnhwerew ɔpepepem pii ka asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo, na wɔkyerɛkyerɛ wɔn ma wohu anidaso nsɛm a ɛwɔ Bible mu no. Yesu kaa sɛ, wɔbɛbɔ asɛmpa no dawuru wɔ asaase so nyinaa ansa na awiei no aba.

Aka kakraa bi na nnipa amammu aba awiei. Nanso asɛmpa a ɛwɔ hɔ ne sɛ, sɛ Onyankopɔn de wiase yi ba awiei a, wubetumi anya wo ti adidi mu. Asaase a wahyɛ yɛn bɔ sɛ obesiesie ama ayɛ paradise no, wo nso, wubetumi akɔ hɔ bi. Asɛm a edi hɔ no bɛboa wo ama woahu sɛnea wubetumi akɔ saa wiase foforo no mu bi.

NNEƐMA A ƐBƐKƆ SO ANSA NA WIASE NO ABA AWIEI

“Awiei mmere no mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ pɛsɛmenkominya, wɔbɛyɛ sikanibere, wɔbɛhoahoa wɔn ho, wɔbɛyɛ ahantan, wɔbɛkeka abususɛm, wɔrentie wɔn awofo asɛm, wɔbɛyɛ bonniayɛ, wobedi nkurɔfo huammɔ, wɔrennya tema, nkurɔfo rentumi ne wɔn nyɛ apam, wɔbɛsɛe nkurɔfo din, wɔrentumi nhyɛ wɔn ho so, wobedi atirimɔdensɛm, wɔbɛyɛ wɔn a wɔmpɛ papa, wobeyi nkurɔfo ama, wɔbɛyɛ asoɔden, wɔbɛyɛ ahomaso, sɛ́ anka wɔbɛdɔ Onyankopɔn no, anigye mmom na wɔbɛpɛ; wuhu wɔn a wobɛka sɛ wɔsom Onyankopɔn, nanso wɔmmɔ wɔn bra sɛnea Onyankopɔn pɛ; saa nnipa yi, twe wo ho fi wɔn ho.”—2 TIMOTEO 3:1-5.

Nneɛma a Yesu kaa sɛ ebesisi wɔ “awiei mmere” no mu no resisi, na ɛma yehu sɛ ɛrenkyɛ nneɛma bɛyɛ yiye

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena