Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • jy ti 37 kr. 94-kr. 95 nky. 1
  • Yesu Nyanee Okunafo Bi Ba

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yesu Nyanee Okunafo Bi Ba
  • Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Wobetumi Adi Owu So Nkonim?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Nea Otumi Ma Nkwa Bio No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Yebetumi Anyan Afi Awufo Mu!
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • “Ɛnyɛ Nokware!”
    Bere a Obi a Wodɔ No Awu
Hwɛ Pii Ka Ho
Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
jy ti 37 kr. 94-kr. 95 nky. 1
Okunafo bi ba awu ama wɔrekɔsie no, ɛnna Yesu ne n’asomafo no akɔpue so

TI 37

Yesu Nyanee Okunafo bi Ba

LUKA 7:11-17

  • ƆNYANEE OBI A WAWU WƆ NAIN

Bere a Yesu saa ɔsraani panin no akoa yareɛ wiei no, ankyɛ na ɔfirii Kapernaum kɔɔ Nain. Ná Nain wɔ Kapernaum anafo fam, na bɛyɛ kilomita 32 na ɛda ntam. Ɔrekɔ no, ɔne n’asuafo no ne nnipadɔm kɛse na ɛkɔe. Bere a wɔduu Nain kurotia no, ɛbɛyɛ sɛ na ɛrekɔ anwummere. Ɛhɔ na wɔhyiaa Yudafo pii a wɔsa so de aberante bi amu refiri kuro no mu akɔsie no.

Aberante no maame deɛ, na ɔyɛ ne ho hwee a ɛnyɛ yie. Ná ne kunu awu agyaw no, na ne babarima baako pɛ a ɔde no kyekye ne werɛ nso, owu abɛfa no. Seesei a ne ba yi nso awu yi, na hwan na ɔbɛhwɛ no? Enti na n’anidaso nyinaa asa.

Bere a Yesu huu sɛnea ɔbaa no werɛ ahow na wabubu no, n’asɛm yɛɛ no awerɛhoɔ. Ɛkwan a Yesu faa so ne ɔbaa no kasae no ma ɔnyaa anidaso. Ɔkaa sɛ: “Gyae su.” Nanso wamfa anso hɔ ara; ɔbɛn funu adaka no de ne nsa kɔsɔɔ mu. (Luka 7:13, 14) Nea Yesu yɛe ne sɛnea ɔne ɔbaa no kasae no maa obiara gyina hwɛɛ nea ɔrebɛyɛ. Ɛbɛyɛ sɛ wɔbisaa wɔn ho sɛ, ‘Asɛm bɛn na ɔbarima yi reka yi? Dɛn na ɔrebɛyɛ?’

Yesu anyane okunafo no ba de no ama ne maame; nnipa a wɔwɔ hɔ no rehwɛ na ɛyɛ wɔn nwonwa

Wɔn a na wɔne Yesu nam no nso ɛ? Adwene bɛn na ɛbaa wɔn tirim? Yesu saa nnipa pii yareɛ na ɔyɛɛ anwonwade pii ma wɔhui, nanso na wɔnhuu sɛ Yesu anyane owufo da. Ansa na Yesu reba asase so no, na nnipa bi anyane awufo dada, nanso asɛm no ne sɛ, Yesu nso bɛtumi anyane awufo anaa? (1 Ahemfo 17:17-23; 2 Ahemfo 4:32-37) Yesu kaa sɛ: “Aberanteɛ, mese wo sɛ, sɔre!” (Luka 7:14) Ɛhɔ ara na aberante no sɔree, na ɔtenaa ase fii ase kasae. Ɛnna Yesu de no maa ne maame. Ne maame ho dwirii no paa; n’ani gyei araa ma na ɔnhu nea ɔnyɛ ne ho, efisɛ na wasan anya ne ba no bio.

Bere a nkurɔfo no huu sɛ aberante no anyane no, wɔhyɛɛ Nkwamafo Yehowa anuonyam, na ebinom kaa sɛ: “Wɔama odiyifoɔ kɛseɛ bi so yɛn mu.” Ebinom nso huu sɛ Yesu anwonwade no kyerɛ biribi, enti wɔkaa sɛ: “Onyankopɔn ama n’ani aba ne nkurɔfoɔ so.” (Luka 7:16) Anwonwade a Yesu yɛe no ho asɛm trɛw ntɛm kɔɔ nkurow a ɛbemmɛn hɔ no mu. Ɛbɛyɛ sɛ nkuro a wɔtee ho asɛm ntɛm no, na Yesu kuro Nasaret ka ho; ɛfiri Nain rekɔ hɔ bɛyɛ kilomita 10. Asɛm no trɛw kɔɔ anafo fam mpo kɔduu Yudea mantam no mu.

Saa bere no nyinaa, na Yohane Suboni da so da afiase, na na ɔpɛ sɛ ɔte Yesu nnwuma no ho asɛm. Enti Yohane asuafo no kaa Yesu anwonwade no ho asɛm kyerɛɛ no. Ɔtee no, dɛn na ɔyɛe?

  • Bere a Yesu rebɛn Nain no, dɛn na ɔhui?

  • Nea Yesu hui no kaa no sɛn? Dɛn na ɔyɛɛ wɔ ho?

  • Nea Yesu yɛe no kaa nkurɔfo sɛn?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena