Yesu Asetra Ne Ne Som Adwuma
Yesu Soma Afoforo 70 sɛ Wɔnkɔka Asɛm
ƐYƐ twabere wɔ 32 Y.B. mu, mfe abiɛsa wɔ Yesu asubɔ akyi. Na ɔne n’asuafo no kɔɔ Asesebɔ Afahyɛ no ase wɔ Yerusalem no nkyɛe biara na na ɛda adi sɛ wɔda so ara wɔ baabi a ɛbɛn hɔ. Nokwarem no, Yesu de ne som adwuma no mu asram asia a aka no mu fã kɛse no ara tra Yudea anaasɛ Yordan Asubɔnten no akyi wɔ Perea mantam mu. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ asasesin yi mu adwuma nso.
Ɛwom, wɔ 30 Y.B. mu Twam no akyi no, Yesu de asram bɛyɛ awotwe kaa asɛm wɔ Yudea. Nanso bere a na Yudafo no abɔ mmɔden sɛ wobekum no wɔ Twam afahyɛ no ase wɔ 31 Y.B. mu no, ɛkame ayɛ sɛ ɔde afe biako ne fã a edi hɔ no kyerɛkyerɛe wɔ Galilea nkutoo. Wɔ saa bere no mu no, onyaa asɛnkafo a wɔatete wɔn yiye ahyehyɛde kɛse bi, biribi a na kan no onni. Enti afei ofi adansedi ɔsatu kɛse a etwa to ase wɔ Yudea.
Yesu fi ɔsatu yi ase denam paw a ɔpaw asuafo 70 na ɔsoma wɔn baanu baanu no so. Ɛdenam saayɛ so no, na wɔwɔ Ahenni asɛnkafo akuw ahorow 35 a wɔbɛyɛ asasesin no mu adwuma. Eyinom di kan kɔ kurow biara mu ne beae a ɛda adi sɛ Yesu a n’asomafo no ka no ho reyɛ nhyehyɛe akɔ no.
Sɛ anka Yesu bɛma 70 no akɔ hyia adan mu no, ɔka kyerɛ wɔn sɛ wɔnkɔ afie mu na ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na ofi biara a mobɛkɔ mu no, munse kan sɛ: Asomdwoe mmra ofie ha yi! Na sɛ asomdwoe ba wɔ hɔ a, mo asomdwoe bɛtra no so.” Asɛm bɛn na wɔbɛka? Yesu ka sɛ, “Na monka nkyerɛ wɔn sɛ: Onyankopɔn ahenni abɛn mo.” Ɛdefa 70 no dwumadi ho no, Matthew Henry’s Commentary bɔ amanneɛ sɛ: Te sɛ wɔn Wura no, wɔkaa asɛm wɔ afie afie wɔ baabiara a wɔkɔe.”
Ahyɛde horow a Yesu de maa 70 no te sɛ nea ɔde maa 12 no bere a ɔsomaa eyinom sɛ wɔnkɔka asɛm wɔ Galilea bɛyɛ afe biako a na atwam no mu no. Ɛnyɛ sɛ ɔbɔɔ 70 no kɔkɔ wɔ ɔsɔretia a wobehyia ho na osiesiee wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛka asɛm no akyerɛ ofiewura no nko, na mmom nso ɔmaa wɔn tumi sɛ wɔnsa nyarewa. Enti sɛ Yesu du hɔ wɔ bere tiaa bi akyi a, pii benya ɔpɛ sɛ wobehyia Owura a n’asuafo tumi yɛ nneɛma a ɛyɛ nwonwa a ɛte sɛɛ no.
Nnipa 70 no asɛnka ne akyi a Yesu di no gye bere tiaa bi. Wɔ bere tiaa bi akyi no, Ahenni asɛnkafo akuw horow 35 no san ba Yesu nkyɛn. Wɔde anigye ka sɛ: “Awurade, wo din nti ahonhommɔne po abrɛ wɔn ho ase ama yɛn.” Ɔsom adwuma pa ho amanneɛbɔ a ɛte saa no ma Yesu ani gye, efisɛ ɔka sɛ: “Mihuu Satan sɛ ofi soro hwee ase sɛ anyinam. Hwɛ, mema mo ho kwan sɛ muntiatia awɔ ne nkekantwɛre . . . so.”
Yesu nim sɛ wɔ Onyankopɔn Ahenni no awo akyi wɔ awiei bere no mu no, wɔbɛpam Satan ne n’adaemone afi soro. Nanso pam a nnipa kɛkɛ pam adaemone a aniwa nhu wɔn no yɛ awerɛhyem foforo a ɛfa saa asɛm a ebesi no ho. Enti Yesu ka Satan asehwe fi soro a ɛbɛba daakye no ho asɛm sɛ ɛbɛba ampa. Enti, wɔde tumi ma 70 no sɛ wontiatia awɔ ne akekantwɛre so wɔ sɛnkyerɛnne kwan so. Nanso Yesu ka sɛ: “Mommma mo ani nnnye sɛ ahonhom abrɛ wɔn ho ase ama mo; na mmom mo ani nnye sɛ wɔakyerɛw mo din ɔsoro.”
Yesu ani gye mmoroso na ɔkamfo n’Agya wɔ baguam sɛ ɔde ne nkoa ahobrɛasefo yi di dwuma wɔ ɔkwan a tumi wom so. Bere a ɔdan n’ani kyerɛ n’asuafo no, ɔka sɛ: “Nhyira ne aniwa a ehu nea muhu yi; na mise mo sɛ, adiyifo ne ahene bebree pɛe sɛ anka wohu nneɛma a muhu yi, na wɔanhu, na wɔte nneɛma a mote yi, na wɔante.” Luka 10:1-24; Mateo 10:1-42; Adiyisɛm 12:7-12.
◆ Ɛhe na Yesu kaa asɛm wɔ mfe abiɛsa a edi kan wɔ ne som adwuma no mu no, na asasesin bɛn na ɔyɛɛ mu adwuma wɔ asram asia a etwa to no mu no?
◆ Ɛhe na Yesu kyerɛ 70 no kwan kɔ sɛ wɔnkɔhwehwɛ nkurɔfo?
◆ Dɛn nti na Yesu ka sɛ ohui sɛ Satan fi soro ahwe ase dedaw?
◆ Ɔkwan bɛn so na 70 no tiatiaa awɔ ne nkekantwɛre so.