Bɔneka—Onipa Kwan So Anaasɛ Onyankopɔn De?
KATOLEKFO mu no, bɔneka asakra yiye wɔ mfehaha pii a atwam no mu. Katolek Asɔre no mfiase no, na wɔhwehwɛ sɛ wɔka bɔne a anibere wom nkutoo kyerɛ na wɔtwe wɔn aso wɔ ho. Religion in the Medieval West nhoma no ka eyi ho asɛm sɛ: “Ansa na afeha a ɛto so asia no fã a edi akyiri reba no, na asotwe a wɔde kyerɛ ahonu ho nhyehyɛe no mu yɛ den: na obi betumi de adommenade no adi dwuma pɛnkoro pɛ wɔ n’asetra mu, wɔka bɔne kyerɛ wɔ baguam, na na asotwe a wɔde kyerɛ ahonu no kyɛ na emu yɛ den.”
Na asotwe a ɛkyerɛ ahonu a ɛte sɛɛ no mu den te dɛn? Wɔ 1052 mu no, na wɔhwehwɛ sɛ obi a wanu no ho no nantew fi Bruges wɔ Belgium kosi Yerusalem a ɔnhyɛ mpaboa! Christianity in the West 1400-1700 nhoma no ka sɛ: “Na wobetumi ahu Katolekfo wɔ nsubura ne nsuwa kronkron ho wɔ 1700 mu sɛ wɔabu nkotodwe wɔ nsu wiridudu mu a wɔn ti nkutoo na wohu rebɔ wɔn ahonu ho mpae. Esiane sɛ na wɔtwɛn ma wowie asotwe a ɛkyerɛ ahonu no ansa na wɔde bɔne no afiri wɔ saa bere no mu nti, na pii twɛn kosi bere a wɔrebewu no ansa na wɔaka wɔn bɔne akyerɛ.
Bere bɛn na nnɛyi bɔneka fii ase? Religion in the Medieval West no ka sɛ: “Celtfo nkokorafo de asotwe a wɔde kyerɛ ahonu foforo bae wɔ France wɔ afeha a ɛto so asia no awiei mu hɔ. . . . Na eyi yɛ bɔne a wɔka gu asom, a nea wanu ne ho no ka ne bɔne kyerɛ ɔsɔfo no wɔ kokoam, na na ɛyɛ nkokorafo honhom mu afotu mu nneyɛe a wɔasakra mu. Sɛnea tete nkokorafo adeyɛ no kyerɛ no, nkokorafo no kaa wɔn bɔne kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛnea ɛbɛyɛ na wɔanya honhom mu mmoa, na wɔadi wɔn mmerɛwyɛ so. Nanso, bɔne a wɔka gu asom foforo no de, asɔre no kyerɛ sɛ ɔsɔfo no wɔ “tumi anaasɛ hokwan” kɛse “a ɔde bɔne befiri.”—New Catholic Encyclopedia.
So Yesu de tumi a ɛte sɛɛ maa n’akyidifo mu binom ampa? Dɛn na ɔkae a ama ebinom anya saa adwene yi?
“Ahenni Ano Nsafe”
Bere bi Yesu Kristo ka kyerɛɛ Petro sɛ: “Mede ɔsoro ahenni ano nsafe mɛma wo: wobebu biribiara a wokyekye wɔ asase so no sɛ wɔakyekye wɔ ɔsoro; na wobebu biribiara a wosan asase so no sɛ wɔasan wɔ ɔsoro.” (Mateo 16:19, The Jerusalem Bible) Dɛn na Yesu de “ahenni nsafe no” kyerɛ? Yebetumi ate eyi ase yiye sɛ yɛhwɛ bere foforo a Yesu de asɛmfua “safe” dii dwuma no a.
Yesu ka kyerɛɛ Yudafo nyamesom akannifo a wonim Mose Mmara no yiye bere bi sɛ: “Munnue, mo mmarakyerɛfo a moafa nimdeɛ safe! Mo ankasa monkɔ mu, na moasiw afoforo a wɔpɛ sɛ wɔkɔ mu no kwan sɛ wɔnkɔ mu.” (Luka 11:52, JB) ‘Wosiw wɔn kwan sɛ wɔnnkɔ’ he? Yesu ka kyerɛ yɛn wɔ Mateo 23:13 sɛ: “Munnue, mo kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo! Moto ɔsoro ahenni mu nnipa anim, mo ankasa monkɔ mu, na mommma afoforo a wɔpɛ sɛ wɔkɔ mu no kwan ma wɔnkɔ mu.” (JB) Sɛ yɛbɛka a, Yudafo asɔfo no too nnipa pii mu denam hokwan a wobenya ne Yesu atra soro a wɔma ɛbɔɔ wɔn no so. “Safe” a na saa nyamesom akannifo ‘afa’ no mfa bɔne fafiri ho hwee. Ɛyɛ ɔsoro nimdeɛ a wɔde ma ano safe.
Saa ara nso na “ahenni ano nsafe” a wɔde maa Petro no nyɛ tumi a wɔde maa no sɛ ɔmmɔ bɔne a ɛsɛ sɛ wɔde firi anaasɛ wɔma ɛtra hɔ no ho amanneɛ nkyerɛ ɔsoro. Mmom no, ɛyɛ hokwan kɛse a Petro nyae sɛ ɔbɛfa nimdeɛ a wofi soro de ama no no ho dawurubɔ so abue ɔkwan a ɛkɔ ɔsoro no denam ne som adwuma so. Obuee eyi maa Yudafo ne wɔn a wɔagye Yudafo som atom no kan, na afei obue maa Samariafo, ne awiei koraa no, Amanaman mufo.—Asomafo no Nnwuma 2:1-41; 8:14-17; 10:1-48.
“Biribiara a Mokyekye wɔ Asase So”
Akyiri yi Yesu tĩĩ nea ɔka kyerɛɛ Petro no mu kyerɛɛ asuafo afoforo. Yesu kae sɛ: “Meka akyerɛ mo anibere so sɛ wobebu biribiara a mobɛkyekye no asase so no sɛ wɔakyekyɛ wɔ ɔsoro; wobebu biribiara a mosan asase so no sɛ wɔasan wɔ ɔsoro.” (Mateo 18:18, JB) Tumi bɛn na Yesu de maa asuafo no wɔ ha? Nsɛm afoforo a ɛka ho no kyerɛ sɛ na ɔreka gyidifo ankorankoro ntam ɔhaw ahorow a wobesiesie, ne asafo no mu a wobeyi nnebɔneyɛfo a wɔnkyerɛ ahonu afi na ama ho atew no ho asɛm.—Mateo 18:15-17.
Wɔ nsɛm a ɛfa Onyankopɔn mmara so bu a anibere wom ho no, ɛsɛ sɛ nnipa a asɛyɛde hyɛ wɔn nsa no bu nneɛma ho ntɛn na wosi gyinae sɛ ebia ɛsɛ sɛ ‘wɔkyekye’ ɔdebɔneyɛfo bi (wobu no fɔ) anaasɛ ‘wɔsan’ no (wobu no bem). So na eyi kyerɛ sɛ ɔsoro bedi nnipa gyinaesi ahorow akyi? Dabi. Sɛnea Bible ho ɔdenimfo Robert Young kyerɛ no, gyinae biara a asuafo no besi no bedi ɔsoro gyinaesi akyi, na ɛrenni kan. Ɔka sɛ ɛsɛ sɛ nkyekyem 18 kenkan sɛ: Nea mokyekye wɔ asase so no “bɛyɛ nea wɔakyekye (dedaw)” wɔ ɔsoro.
Nokwarem no, ntease nnim sɛ yebesusuw sɛ onipa a ɔnyɛ pɛ bi betumi asi gyinae ahorow a ɛbɛkyekye wɔn a wɔwɔ ɔsoro baguafo. Ntease kɛse wom sɛ yɛbɛka sɛ ananmusifo a Kristo apaw wɔn no bedi n’akwankyerɛ akyi sɛnea ɛbɛyɛ na wɔatew n’asafo no ho. Wɔbɛyɛ eyi denam gyinae a egyina nnyinasosɛm a wɔayɛ dedaw wɔ ɔsom a wobesi no so. Yesu ankasa bɛkyerɛ wɔn kwan wɔ eyi yɛ mu.—Mateo 18:20.
So onipa bi betumi “agyina Kristo ananmu sɛ ɔtemmufo a ɔte sɛ agya” akodu baabi a obesi ne yɔnko ɔsomfo daakye a ɛtra hɔ daa ho gyinae? (New Catholic Encyclopedia) Ɛkame ayɛ sɛ asɔfo a wotie bɔneka de bɔne firi bere biara, ɛwom mpo sɛ “ɛte sɛ nea [Katolekfo asɔfo] kura gyidi a wɔnka ho asɛm sɛ nnipa mmiako mmiako bi pɛ na wodi wɔn bɔne ho yaw ankasa de.” (The New Encyclopœdia Britannica) Nokwarem no, bere bɛn na etwa to a wotee sɛ ɔsɔfo bi ampene so sɛ ɔde ɔdebɔneyɛfo bi bɔne befiri no anaasɛ obebu no bem? Ebia, eyi te saa efisɛ ɔsɔfo no nsusuw sɛ ɔwɔ tumi a ɔde behu sɛ ebia ɔbɔnefo bi anu ne ho anaasɛ dabi. Nanso, sɛ saa na asɛm no te de a, dɛn nti na ɔka sɛ ɔwɔ tumi sɛ ɔde bɔne firi?
Yɛ asennibea bi a ɔtemmufo mmɔborɔhunufo bi bu nsɛmmɔnedifo, wɔn a wɔkɔ so bu mmara so daa mpo bem daa, efisɛ wogye wɔn nsɛmmɔnedi tom daa, na wɔka sɛ wodi ho yaw nti no ho mfonini wɔ w’adwene mu. Ɛwom sɛ eyi betumi ama nnebɔneyɛfo koma atɔ wɔn yam de, nanso mmɔborɔhunu ho adwene a ɛnteɛ a ɛte sɛɛ yi bɛsɛe obu a wɔwɔ ma atɛntrenee kɛse. So ebetumi aba sɛ bɔne a wɔka kyerɛ sɛnea wɔyɛ wɔ Katolek Asɔre no mu no ma nnipa no pirim wɔn koma wɔ bɔneyɛ mu?—Ɔsɛnkafo 8:11.
Ramona ka sɛ: “Bɔneka mma obi nnya ɔpɛ biara sɛ ɔbɛkwati bɔne daakye,” bere a ɔreka ne bɔneka sɛ Katolekni fi bere a na wadi mfe ason no ho suahu akyerɛ no. Ɔde ka ho sɛ: “Bɔneka ma obi nya adwene sɛ Onyankopɔn de bɔne biara firi, na ɛmfa ho sɛ dɛn na wo honam a ɛtɔ sin no ma woyɛ no, ɔde befiri wo. Ɛmma wunnya ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wobɛyɛ nea ɛteɛ.”*
Na Yesu nsɛm a wɔakyerɛw wɔ Yohane 20:22, 23 no nso ɛ? Ɔka kyerɛɛ n’asuafo no wɔ hɔ sɛ: “Munnye honhom kronkron! Wɔn a mode wɔn bɔne firi wɔn no, wɔde afiri wɔn; na wɔn a moma wɔn bɔne tra hɔ no, wɔama atra hɔ.” So Yesu anhyɛ da amfa tumi a ɛbɛma n’asuafo de bɔne afiri amma wɔn wɔ ha?
Sɛ yɛfa Bible mu asɛm yi nkutoo a, ebetumi ayɛ te sɛ nea ɛka saa. Nanso, sɛ yesusuw nsɛm ne kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Mateo 18:15-18 no ne baabi foforo biara a Bible no kyerɛkyerɛ bɔneka ne fafiri no ho a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛka? Yɛbɛka sɛ wɔ Yohane 20:22, 23 no, Yesu de tumi maa n’asuafo sɛ wontu nnebɔneyɛfo a wɔyɛ bɔne a anibere wom a wonnu wɔn ho no mfi asafo no mu. Bere koro no ara mu no, Kristo de tumi maa n’akyidifo sɛ wonhu abɔnefo a wonu wɔn ho no mmɔbɔ na wɔmfa mfiri wɔn. Ɛda adi sɛ na ɛnyɛ nea Yesu reka sɛ ɛsɛ sɛ n’asuafo ka bɔne biara kyerɛ ɔsɔfo bi.
Enti wɔde tumi maa wɔn a asɛyɛde hyɛ wɔn nsa wɔ asafo no mu no sɛ wonsi sɛnea wobedi wɔn a wɔyɛ bɔne a anibere wom no ho dwuma ho gyinae. Wobesi gyinae ahorow a ɛte sɛɛ no wɔ Onyankopɔn honhom kronkron akwankyerɛ ase, ma ɛne Onyankopɔn akwankyerɛ ahorow a ɔnam Yesu Kristo ne Kyerɛw Kronkron no so de ma no ahyia. (Fa toto Asomafo no Nnwuma 5:1-5; 1 Korintofo 5:1-5, 11-13 ho.) Enti nnipa a asɛyɛde hyɛ wɔn nsa yi bedi akwankyerɛ a efi soro no ho dwuma, na wɔrensi gyinae mma ɔsoro.
“Monkeka Mo Bɔne Nkyerɛ Mo ho Mo Ho”
Ɛnde, bere bɛn na ɛfata sɛ Kristofo ka wɔn bɔne kyerɛ wɔn ho wɔn ho? Bɔne a anibere wom (ɛnyɛ sintɔ nketenkete) de, ɛsɛ sɛ obi ka kyerɛ asafo no mu ahwɛfo a asɛyɛde hyɛ wɔn nsa no. Sɛ bɔne no nyɛ nea anibere wom mpo nanso ɔdebɔneyɛfo no ahonim haw no ntraso a, mfaso kɛse wɔ so sɛ ɔbɛka akyerɛ na wahwehwɛ honhom mu mmoa.
Ɛdefa eyi ho ho, Bible kyerɛwfo Yakobo ka sɛ: “Sɛ mo mu bi yare [honhom mu] a, ɛsɛ sɛ ɔsoma kɔfrɛ asɔre no mu mpanyimfo, na wɔde ngo sra no wɔ Awurade din mu, na wɔbɔ no so mpae. Gyidi mpaebɔ no begye ɔyarefo no, na Awurade bɛma no so bio; na sɛ wayɛ bɔne bi a, wɔde befiri no. Enti monkeka mo bɔne nkyerɛ mo ho mo ho, na mommɔ mpae mma mo ho mo ho.”—Yakobo 5:14-16, JB.
Bɔne a wɔhyɛ da kɔka gu asom daa ho nyansahyɛ biara nni nsɛm yi mu. Mmom no,—sɛ bɔne ayɛ adesoa ama Kristoni bi araa ma ɔte nka sɛ ontumi mmɔ mpae a, ɛsɛ sɛ ɔfrɛ asafo no mu mpanyimfo anaasɛ ahwɛfo a wɔapaw wɔn no, na wɔne no bɛbɔ mpae. Nea ɛbɛyɛ na wɔaboa no ma wasan anya ahoɔden honhom mu no, wɔde Onyankopɔn Asɛm mu ngo nso bɛsra no. —Dwom 141:5; fa toto Luka 5:31, 32; Adiyisɛm 3:18 ho.
Nea ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow titiriw ne Osuboni Yohane afotu a ɛne sɛ “monsow aba a ɛfata adwensakra” no. (Mateo 3:8; fa toto Asomafo no Nnwuma 26:20 ho.) Ɔdebɔneyɛfo a wanu ne ho ampa no gyae ne bɔne no. Te sɛ Ɔhene Dawid a ɔtraa ase wɔ tete Israel no, wɔde ɔdebɔneyɛfo a ɔka ne mfomso kyerɛ Onyankopɔn no bɔne befiri no. Dawid kyerɛwee sɛ: “Mekaa me bɔne mekyerɛɛ wo, na mankora m’amumɔyɛ so. Mekae sɛ: Mɛka me mmarato makyerɛ [Yehowa]. Na wo na wuyii me bɔne so mmusu.”—Dwom 32:5.
Asotwe a wɔde kyerɛ ahonu nneyɛe rentumi mma obi nnya bɔne fafiri a ɛte sɛɛ. Onyankopɔn nkutoo na obetumi de afiri. Osusuw atɛntrenee a ɛyɛ pɛ ho ahwehwɛde ho, nanso ne fafiri da ɔdɔ a ɔwɔ ma adesamma no adi. Ne fafiri nso yɛ ɔdom a ɛnsɛ yɛn a egyina Yesu Kristo agyede afɔrebɔ no so a ɔde ma nnebɔneyɛfo a wɔanu wɔn ho na wɔadan afi bɔne ho wɔ Onyankopɔn anim nkutoo no a ɔda no adi. (Dwom 51:7; Yesaia 1:18; Yohane 3:16; Romafo 3:23-26) Wɔn a Yehowa Nyankopɔn de afiri wɔn nkutoo na wobenya daa nkwa. Na sɛ yebenya fafiri a ɛte sɛɛ a, ɛsɛ sɛ yɛka bɔne kyerɛ wɔ Onyankopɔn kwan so, na ɛnyɛ onipa de.
[Ase hɔ asɛm]
INea ɛne eyi bɔ abira no, hwɛ Marko 3:29; Hebrifo 6:4-6; 10:26. Wɔ kyerɛw nsɛm yi mu no, Bible akyerɛwfo no kyerɛ sɛ ɛda adi pefee sɛ ɛnyɛ bɔne nyinaa na Onyankopɔn de firi.
[Mfonini wɔ kratafa 7]
Dawid kaa ne bɔne kyerɛɛ Yehowa, na ɔde ne bɔne firii no