Monkɔ So Nkwati Adifudepɛ Afiri No
“Monhwɛ mo ho yiye wɔ adifudepɛ biara ho, efisɛ sɛ onipa nya ahonyade ma ɛboro so mpo a, ɛremma no nkwa.”—LUKA 12:15, The New English Bible.
1. Dɛn nti na Paulo kɔkɔbɔ a ɛfa adifudepɛ ho no yɛ ne bere mu de?
YƐTE wiase bi a ɛsom honam fam yiyedi mu. Aguadi mu yiyedi ma adifudepɛ ka nkurɔfo bere nyinaa sɛ wobenya wɔn ho. Wobu yiyedi ho akontaa denam akatua dodow a obi nya so. Enti, Bible no kɔkɔbɔ ahorow pii a ɛfa adifudepɛ ne su bɔne a ɛne no nam a ɛyɛ anibere ho no yɛ ne bere mu de. (Kolosefo 4:5; 1 Timoteo 6:10) Sɛnea nsɛm asekyerɛ nhoma kyerɛ no, adifudepɛ ne anibere wɔ ade koro no ara a ɛne “ɔpɛ a emu yɛ den a obi wɔ anaasɛ onya ma ahonyade, titiriw no, honam fam ahonyade.” Adifudepɛ betumi ayɛ bɔne a anibere wom te sɛ aguamammɔ anaa abosonsom, efisɛ Paulo bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Sɛ obi a wɔfrɛ no onua yɛ aguaman anaa oniberefo [odifudepɛfo] anaa ɔbosonsonni anaa ɔmaanefo anaa ɔsabofo anaa omimfo a, mo ne no mmɔ; saa onipa no, mo ne no nnidi mpo.”—1 Korintofo 5:11; Efesofo 5:3, 5.
2. Kɔkɔbɔ ahorow bɛn na Yesu ne Yehowa de maa yɛn a etia anibere?
2 Yesu bɔɔ n’akyidifo no kɔkɔ sɛ: “Monhwɛ mo ho yiye wɔ anibere nyinaa Ho.” (Luka 12:15, NW) Na Yehowa ankasa de ahyɛde a etia su bɔne yi kaa Mmarasɛm Du no ho sɛ: “Mma w’ani mmere wo yɔnko fi. Mma w’ani mmere wo yɔnko yere anaa n’akoa anaa n’afenaa anaa ne nantwi anaa n’afurum anaa biribiara a ɛyɛ wo yɔnko dea.”—Exodus 20:17; Romafo 13:9.
Obiara Rentumi Nyaa Ne Ho Mu
3. Ɔkwan bɛn so na adifudepɛ nyaa Hawa ne akyiri yi nso Israelfo no?
3 Nokwasɛm no ne sɛ, obiara rentumi nyaa ne ho mu wɔ asɛm a ɛfa adifudepɛ ne anibere ho no mu. Bere a Hawa yɛɛ bɔne wɔ Eden turo no mu no, ɛyɛ adifudepɛ na ɛma ɔyɛɛ saa: “Ɔbea no hui sɛ dua no ye sɛ wodi, na ɛyɛ aniwa fɛ, na dua no dɔ kɔn.” (Genesis 3:6) Bere bi mu wɔ sare no so no, Israelfo daa adifudepɛ su a ano yɛ den adi. Bere a Yehowa atie wɔn anwiinwii a ɛfa manna nkutoo a wonya di ho na wama mmoko pii aba no, wɔbɛyɛɛ potwaa na wonyaa ho asotwe kɛse.—Numeri 11:4-6, 31-33.
4. Abakɔsɛm mu nhwɛso afoforo bɛn na ɛkyerɛ asiane ahorow a ɛwɔ adifudepɛ mu?
4 Akyiri yi, wɔ Yeriko ko no mu no, ɛyɛ adifudepɛ na ɛmaa Akan wiaa dwetɛ ne sika bi ne atade nguguso bi a ne bo yɛ den fii kurow no mu asade mu no. (Yosua 7:20, 21) Adifudepɛ maa Gehasi a ɔyɛ Elisa akoa no bɔɔ mmɔden sɛ obenya sika fam mfaso wɔ Naaman kwata a wɔsae anwonwa kwan so no mu. (2 Ahene 5:20-27) Ná Ɔhene Ahab nso yɛ odifudepɛfo. Ɔmaa ne yere Isebel ɔbosonsoni no kwan ma ɔpam Nabot a ɔyɛ ne fipamfo no tiri so kum no sɛnea ɛbɛyɛ na ɔde ne nsa ato Nabot bobeturo no so. (1 Ahene 21:1-19) Awiei koraa no, Yuda Iskariot a na ɔyɛ nnipa a wɔbɛn Yesu kɛse no mu biako no de ne dibea a na ɔwɔ no dii dwuma wɔ adifudepɛ kwan so wiaa ade fii wɔn sika kotoku no mu. Na adifudepɛ ma oyii Yesu mae de gyee nwetɛbona 30.—Mateo 26:14-16; Yohane 12:6.
5. Dɛn na yesua fi osuahu ahorow a ɛfa nnipa ahorow ahorow a wɔtɔɔ adifudepɛ afiri no mu ho no mu?
5 Nnipa adifudepɛfo yi nyinaa nyaa asotwe. Nanso so wohyɛɛ nnipa ahorow ahorow a wɔtɔɔ adifudepɛ afiri no mu no nsow? Ná Hawa yɛ ɔbea a ɔyɛ pɛ a ɔte Paradise. Ná Akan ankasa ne Israelfo no ahu Yehowa anwonwade ahorow no. Ná Ahab yɛ ɔhene, ebia ɔdefo a ɔsen biara wɔ asase no so. Wɔde honhom mu fekubɔ ne ɔsom hokwan ahorow a ɛkɔ soro kɛse hyiraa Gehasi ne Yuda. Nanso wɔn nyinaa bɛyɛɛ adifudepɛfo. Enti obiara—ɛmfa ho sɛ woyɛ ɔdefo anaa ɔsom hokwan a ɛkɔ soro bɛn ara na wowɔ, anaa ɛmfa ho sɛ osuahu bɛn ara na wowɔ no—wubetumi atɔ afiri yi mu. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Monhwɛ mo ho yiye wɔ anibere nyinaa ho”!—Luka 12:15, NW.
6. Sɛ yebekwati adifudepɛ afiri no a, dɛn na ɛho hia?
6 Nanso ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ saa? Ɛdenam ahosodi ne yɛn ho mu a yɛbɛhwehwɛ bere nyinaa no so. Adifudepɛ fi ase wɔ koma no mu. Sɛnea ɛbɛyɛ a yebekwati adifudepɛ afiri no, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ yɛn koma mu bere nyinaa hwɛ sɛ ebia adifudepɛ su bi regye ntini wɔ mu. Bible no boa yɛn ma yɛyɛ saa. Ɔkwan bɛn so? Ade biako ne sɛ, yɛwɔ nea Yesu ne n’asuafo no kae wɔ adifudepɛ ho no ho kyerɛwtohɔ. Sɛ yɛhwehwɛ saa nsɛm a wɔkae no mu a, ɛhyɛ nsemmisa ahorow bi a wɔde hwehwɛ ho mu hwɛ a ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho de hu faako a yegyina wɔ asɛm a ɛfa adifudepɛ ho no mu ho nkuran.
Yɛn Adwene Mu A Yɛbɛhwehwɛ
7. Ɔkwan bɛn so na mmuae a Yesu de maa ɔbarima a na ɔrepere ahonyade bi no boa yɛn ma yɛhwehwɛ yɛn ho mu?
7 Yesu kɔkɔbɔ a ɛfa anibere ho no yɛ nea abisade bi a efi n’atiefo no mu biako hɔ bae na ɛma ɔde mae: “Ɔkyerɛkyerɛfo, ka kyerɛ me nua na ɔne me nkyɛ anwunyade.” Yesu buae sɛ: “Onipa, hena na ɔde me sii mo so ɔsennifo anaa ɔdekyɛfo?” (Luka 12:13, 14) Afei ɔkɔɔ so bɔɔ wɔn kɔkɔ wɔ anibere ho. Yesu ampɛ sɛ ɔde ne ho bɛhyɛ honam fam nneɛma ho akasakasa mu esiane honhom mu adwuma a ɛho hia a na ɔrebɛyɛ wɔ ha no nti. (Yohane 18:37) Nanso saa nkɔmmɔbɔ yi hyɛ nsemmisa a wɔde hwehwɛ ho mu a yebetumi abisa yɛn ho ho nkuran. Yɛmfa no sɛ ɛnyɛ nea ade pɔtee bi ho hia yɛn, nanso yɛte nka sɛ yebetumi akɔpere agyapade anaa ahonyade anaa anwunyade bi a ɛho aba asɛm. Ɛhe na yɛbɛtwe mãnsõ akodu ansa na yɛadi bem? Nneɛma dodow ahe na ɛbɛhwere yɛn wɔ ɔsom a yɛde ma Yehowa no mu anaasɛ wɔ abusuabɔ a yɛne yɛn nuanom wɔ no mu na ama yɛadi bem wɔ nea yesusuw sɛ yɛwɔ hokwan no mu?—Mmebusɛm 20:21; 1 Korintofo 6:7.
8. Ɔkwan bɛn na yebetumi afa so a yɛrenyɛ te sɛ kyerɛwfo a Yesu kaa wɔn ho asɛm wɔ Luka 20:46, 47 no?
8 Susuw asɛm foforo a Yesu kae ho. Ɔbɔɔ n’akyidifo no kɔkɔ sɛ: “Monhwɛ mo ho yiye kyerɛwfo a . . . wɔmene akunafo adan [no ho].” (Luka 20:46, 47) Adifudepɛ su bɔne a wɔdaa no adi bɛn ara ni! Kristofo wɔ asɛyɛde sɛ wɔbɛhwɛ akunafo, na ɛnyɛ sɛ wobedidi wɔn ho mmom. (Yakobo 1:27) Nanso, fa no sɛ wunim okunafo bi a ne nsa aka insurance sika kɛse bi na wo nso wuhia sika ntɛm ara de akodi nneɛma bi ho dwuma. So nea wubedi kan asusuw ho ne okunafo no nkyɛn a wobɛkɔ a wote nka sɛ ɔno na ɛyɛ mmerɛw kɛse sɛ wubetumi aka ma ɔde ama wo, anaasɛ ɔno na ɛsɛ sɛ ɔboa wo efisɛ ‘wanya sika pii’? Anaa fa no sɛ woakɔfɛm sika no dedaw na afei ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛsan de sika no akɔma no. So wobɛte nka sɛ ɛnyɛ bɔne sɛ wonnsan mfaa okunafo no sika no nkɔe esiane sɛ ‘ɔrenhaw wo pii,’ anaasɛ esiane sɛ ebia wususuw sɛ ‘onhia sika no ankasa’ nti? Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛamma yɛn adwene wɔ nnyinasosɛm ahorow ho no ankyinkyim bere a yehyia sika fam ahokyere no.
9. Ɔkwan bɛn so na ebia yɛbɛtɔ afiri a ɛne ‘nnipa a wɔdɛfɛdɛfɛ wɔn esiane mfaso nti’ no mu?
9 Yuda nso kaa ɔkwan a adifudepɛ betumi afa so asum yɛn afiri no ho asɛm. Ɔkaa nnipa a wɔawiawia wɔn ho aba Kristofo asafo no mu a wɔde wɔn adifudepɛ ne ahohwibɔ no sɛe afoforo “na wɔpa otumfoɔ koro a ɔne yɛn Awurade Yesu Kristo no” ho asɛm. (Yuda 1:4) Afei nso, “na mfaso nti wɔdɛfɛdɛfɛ nnipa.” (Yuda 1:16) Yɛrempɛ sɛ yɛyɛ saa. Nanso susuw ho: So yehu sɛ ɛyɛ nea yɛn ani gye ho sɛ yebenya bere pii ama Kristofo a wɔyɛ adefo a yennya bere a ɛte saa mma ahiafo a wɔwɔ asafo no mu no? Sɛ saa a, so ebetumi aba sɛ ɛyɛ yɛn ani a ɛda so sɛ yebenya mfaso bi wɔ ɔkwan bi so nti? (Fa toto Asomafo no Nnwuma 20:33; 1 Tesalonikafo 2:5 ho.) Sɛ yeyi ahɔhoyɛ su adi kyerɛ wɔn a asɛyɛde ahorow hyɛ wɔn nsa wɔ ahyehyɛde no mu no a, so yefi ɔdɔ mu na ɛyɛ saa anaasɛ yɛyɛ saa a yɛwɔ anidaso sɛ yebenya hokwan ahorow bi afi wɔn nkyɛn? Sɛ ɛyɛ nea etwa to no nti na yɛyɛ saa a, na ebia yɛn nso ‘yɛdɛfɛdɛfɛ nnipa esiane mfaso nti.’
10. Akwan horow bɛn so na ebetumi aba sɛ yɛbɛhwehwɛ sika fam mfaso wɔ Yehowa a yɛsom no no mu? Sɛ yɛyɛ eyi a, na henanom nhwɛso akyi na yɛredi?
10 Adifudepɛ su biako a ɛdaa adi a ɛmaa Yesu bo fui kɛse ne bere a “okohuu wɔn a wɔtɔn anantwi ne nguan ne mmorɔnoma ne sikasesafo sɛ wɔte asɔrefi” no. Yehowa fi ho mmɔdenbɔ kaa no ma ɔpamoo eyinom fii asɔrefi hɔ na ɔkae sɛ: “Monnyɛ m’agya fi aguadi fi!” (Yohane 2:12-17) So yɛbɔ mmɔden saa ara? Ɛnde ɛbɛyɛ papa sɛ yebebisa yɛn ho sɛ: So midi adwuma ho nsɛm ho nkɔmmɔ wɔ Ahenni Asa so? So meka adwuma ahorow ho nhyehyɛe ahorow ho asɛm kɛse wɔ mfɛfo Kristofo mu esiane sɛ honhom mu anuanom a wɔyɛ no ma ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛka sɛ dabi nti? So menam nnamfo pii a mewɔ wɔ ahyehyɛde no mu no so trɛw m’adwuma ho nsɛm mu nkitahodi ahorow mu? Nokwarem no, ɛnsɛ sɛ yefi adifudepɛ mu hwehwɛ sika fam mfaso denam sɛe a yɛbɛsɛe yɛne yɛn nuanom ntam abusuabɔ no so.
11. Kristofo nnyinasosɛm ahorow bɛn na ɛboa yɛn ma yekura adwempa mu bere a yɛne yɛn ho yɛn ho yɛ adwuma no?
11 So ɛno kyerɛ sɛ Kristofo rentumi mmom nyɛ adwuma? Dabi. Nea ɛkyerɛ ne sɛ, bere ne beae a wɔde ka adwuma ho asɛm wɔ hɔ, na bere ne beae a wɔde som nso wɔ hɔ. (Ɔsɛnkafo 3:1) Nanso, bere a Kristofo bom yɛ adwuma no, ɛnsɛ sɛ wɔma wɔn werɛ fi Bible nnyinasosɛm ahorow. Bere a Kristoni yɛ adwuma bi ho nhyehyɛe no, ɛnsɛ sɛ ɔhwehwɛ sɛ obenya mmara kwan so ntokuru ahorow afa mu a ɛmma onni abrabɔ pa ho asɛyɛde ahorow a ɔwɔ no ho dwuma. (Mateo 5:37) Na saa ara na ɔrenyɛ obi a onhu mmɔbɔ anaa otirimɔdenfo bere a adwuma no sɛe na ne sika ka mu no. Ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa Korintofo no sɛ: “Mfomso anya aba mo mu dedaw sɛ mowowɔ mo ho nsɛmnsɛm. Adɛn na momma wonni mo amim mmom? Adɛn na momma wonsisi mo mmom?” (1 Korintofo 6:7) So wubetumi ama wɔasisi wo esiane asafo no nti sen sɛ wobɛkɔ asenniibea mmom?
12. Bible nnyinasosɛm ahorow bɛn na ɛbɛboa wɔn a wɔn ankasa yɛ wɔn adwuma no ma wɔakwati adifudepɛ afiri no?
12 Ɛho hia sɛ Kristoni biara a ɔde ne ho hyɛ adwuma bi yɛ mu no hwɛ yiye kɛse. Ɛnnɛ nnwuma ahorow pii a wɔyɛ yɛ nea ‘wɔde twa afoforo mene,’ nanso Kristoni rentumi nyɛ saa. Ɛnsɛ sɛ ɔma ne werɛ fi da sɛ ɔyɛ Kristo suani. Ɔmpɛ sɛ obegye din a ɛne sɛ ɔyɛ obi a onni nokware anaasɛ ‘kalabule.’ (Fa toto Mmebusɛm 20:14; Yesaia 33:15 ho.) Na ɛnsɛ sɛ ɔma ne werɛ fi Yesu kɔkɔbɔ a ɛfa ahonyade a wɔde yɛ onyame, anaa Yohane kɔkɔbɔ a ɛfa “ɔhonam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetra mu ahohoahoa” ho no da. (1 Yohane 2:16; Mateo 6:24) Sɛ́ Kristoni ɔbarima anaa ɔbea a w’ankasa yɛ w’adwuma no, so wubetumi ako atia sɔhwɛ a ɛne afoforo adifudepɛ su ano a wobɛma ayɛ den sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛtɔ w’ade pii no? Anaasɛ so wonam wɔn ahuhusɛm anaa ahantan no so bɛma w’adwuma anya nkɔso? So woyɛ wo honam fam adwuma wɔ ɔkwan a ɛmma w’ani nwu sɛ wobɛka ho asɛm akyerɛ Yehowa wɔ wo mpaebɔ mu so?—Mateo 6:11; Filipifo 4:6, 7.
13, 14. (a) Adwene a ɛkari pɛ bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo adefo nya? Na wɔn a wɔnnyɛ adefo no nso ɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na mpaebɔ a ɛwɔ Mmebusɛm 30:8 no boa yɛn ma yesua sɛ yɛbɛma yɛn ani ada hɔ wɔ asɛm a ɛfa ahonyade ho no mu?
13 Awiei koraa no, Paulo kyerɛw kɔmaa Timoteo sɛ: “Wɔn a wɔpɛ wɔn ho anya no hwe sɔhwɛ ne afiri ne nkwasea akɔnnɔ a enye mma nnipa na ɛtwe wɔn kogu ɔsɛe ne ɔyera mu mu.” (1 Timoteo 6:9) Sɛ́ obi yɛ ɔdefo no nyɛ bɔne, ɛwom sɛ ahonyade ankasa de ne haw ne sɔhwɛ ahorow ba de. (Mateo 19:24-26) Nea ɛyɛ asiane ne ‘pɛ a wobɛpɛ sɛ wunya wo ho.’ Sɛ nhwɛso no, ɔpanyin biako kae sɛ: “Ɔhaw no taa sɔre bere a obi hwɛ ne nua Kristoni a ɔyɛ ɔdefo na ɔka sɛ: ‘Dɛn nti na merentumi nyɛ sɛ ɔno?’ no.”
14 Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Mommma sikanibere mma mo abrabɔ mu, na mompene nea mowɔ; efisɛ ɔno ankasa aka sɛ: merennyaw wo, nanso merempa wo da.” (Hebrifo 13:5) Sɛ woyɛ obi a ɔwɔ ahonyade a, so wubu ɛno sɛ akyɛde, biribi a wubetumi de adi dwuma wɔ Yehowa som mu? Bere bi Yesu ka kyerɛɛ aberante bi a ɔyɛ ɔdefo sɛ, sɛ ɔpɛ sɛ odi n’akyi a, ɛsɛ sɛ ɔde n’ahonyade no nyinaa kyekyɛ. Sɛ wo na Yesu kaa saa kyerɛɛ wo a, so anka wobɛkora w’ahonyade no so anaasɛ wubedi Yesu akyi? (Mateo 19:20-23) Sɛ wonyɛ obi a ɔwɔ ahonyade pii a, so wubetumi ama nea wowɔ no ara adɔɔ wo so? So wubetumi akwati anibere afiri no? So wobɛpɛ sɛ wode wo ho to Yehowa bɔhyɛ a ese, “Merennyaw wo, nanso merempa wo da” no so?—Hwɛ Mmebusɛm 30:8 nso.
Yɛ Ɔdefo Wɔ Onyankopɔn Fam
15, 16. (a) Mfatoho bɛn na Yesu de dii dwuma de hyɛɛ n’afotu a ɛfa anibere ho no mu dɛn? (b) Ná dɛn ne ɔbarima a ɔwɔ Yesu bɛ no mu no ɔhaw titiriw?
15 Bere a Yesu bɔɔ n’atiefo no kɔkɔ sɛ “monhwɛ mo ho yiye wɔ anibere nyinaa ho” no, ɔkɔɔ so kaa okuafo bi a n’asase sow aba pii ho asɛm. Ɔbarima no “[fii ase na] osusuw ne tirim sɛ: Menyɛ dɛn? Efisɛ minni nea mede me nnɔbae mesie. Na ose: Nea mɛyɛ ni, meburuw m’asan, na masi akɛse; ɛhɔ na mede me nnɔbae nyinaa ne me nneɛma mesie, na maka makyerɛ me kra sɛ: Ɔkra, wowɔ nneɛma pa pii a wode asie ama mfirihyia pii. Home, didi, nom, na wo bo ntɔ wo yam!” Nanso ɔbarima no wui saa anadwo no ara. Ahonyade a ɔboaboaa ano no nyinaa antumi ammoa kakraa bi mpo. Yesu de baa awiei sɛ: “Saa ara na nea ɔhyehyɛ ademude ma ne ho na ɔnyɛ ɔdefo Onyankopɔn fam no te.”—Luka 12:16-21.
16 So ɔbarima no yɛɛ bɔne a anibere wom bi, te sɛ amimdi anaa korɔnbɔ? Ɛbɛ no anka saa. Nanso na ɛyɛ nea ɔwɔ ɔhaw ara. Ɔde ne ho too n’ahonyade no so wɔ daakye a ahotɔ wom a obenya no mu na ɔmaa ne werɛ fii biribi a ɛho hia titiriw: yɛ a ɔbɛyɛ “ɔdefo Onyankopɔn fam.” Esiane sɛ nokware Kristofo ma wɔn abusuabɔ wɔ Onyankopɔn fam no yɛ ade a ɛho hia titiriw wɔ wɔn asetra mu no nti na wotumi kwati adifudepɛ afiri no na ɛma wɔnyɛ wiase no fã no.—Yohane 17:16.
17. Ɔkwan bɛn so na Kristoni a ɔkari pɛ bu nsɛnnennen a ɛfa hwɛ a ɔbɛhwɛ ne ho no?
17 Bere bi Yesu de afotu mae sɛ: “Munnnwinnwen sɛ: Dɛn na yebedi anaasɛ dɛn na yɛbɛnom anaasɛ dɛn na yebefura, na eyinom nyinaa akyi na wiase amanaman no di.” (Mateo 6:31, 32) Ampa, yɛn nyinaa hyia ɔhaw ahorow koro no ara a “amanaman” no hyia no. Ɛsɛ sɛ yɛn mu pii yɛ adwumaden na ama yɛatumi ahwɛ yɛn ho, na ama yɛatumi ato nea yebedi, nea yɛbɛnom, ne nea yebefura. (2 Tesalonikafo 3:10-12) Nanso yɛmma eyinom ho adwennwen nkata yɛ a yɛbɛyɛ “ɔdefo Onyankopɔn fam” no so.
18. Ɔkwan bɛn so na yɛn ho a yɛde bɛto Yehowa so no bɛma yɛatumi akwati adifudepɛ afiri no?
18 Yehowa ne ahonyade nyinaa fibea. (Asomafo no Nnwuma 14:15, 17) Wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛhwɛ n’asomfo. Yesu kae sɛ: “Mo soro agya nim sɛ eyi nyinaa hia mo. Na monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan; na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho.” (Mateo 6:32, 33; Dwom 37:25) So wugye saa bɔhyɛ no di? So wowɔ ahotoso sɛ Yehowa bedi so? So w’ani bɛsɔ nsiesiei ahorow a Yehowa yɛ no? Sɛ saa a, ɛnde wubetumi akwati adifudepɛ afiri no. (Kolosefo 3:5) Som a wosom Yehowa ne wo ne no ntam abusuabɔ bedi kan bere nyinaa na w’asetra nyinaa bɛkyerɛ gyidi a wowɔ wɔ ne mu.
So Wokae?
◻ Nnipa ahorow ahorow bɛn na adifudepɛ kã wɔn?
◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi abɔ yɛn ho ban wɔ adifudepɛ ho?
◻ Ɔkwan bɛn so na ɛtɔ bere bi a adifudepɛ da ne ho adi?
◻ Nsemmisa ahorow bɛn na ɛboa yɛn ma yehu sɛ ebia yɛretwe yɛn ho afi adifudepɛ afiri no ho anaasɛ dabi?
◻ Dɛn ne ahobammɔ kɛse a wɔde tia adifudepɛ?
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 29]
Bere a Kristofo abom reyɛ aduruma no, ɛnsɛ sɛ wɔma wɔn werɛ fi Bible nnyinasosɛm ahorow
November Da Biara Da Asɛm
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)