Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • jy ti 16 kr. 42-kr. 43 nky. 8
  • Yesu De Nnamyɛ Yɛɛ Onyankopɔn Apɛde

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yesu De Nnamyɛ Yɛɛ Onyankopɔn Apɛde
  • Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa Som Ho Mmɔdenbɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Yesu Pamoo Nkurɔfo a Wɔregu Asɔrefie No Ho Fĩ
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Ɔsan Yɛɛ Anwonwade Wɔ Kana
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Ɔyɛɛ Anwonwade a Ɛdi Kan
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
Hwɛ Pii Ka Ho
Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
jy ti 16 kr. 42-kr. 43 nky. 8
Yesu repam sikasesafo no afiri asɔrefie hɔ

TI 16

Yesu De Nnamyɛ Yɛɛ Onyankopɔn Apɛde

YOHANE 2:12-22

  • YESU TEE ASƆREFIE NO HO

Yesu fii Kana ayeforohyia no ase no, ɔde n’ani kyerɛɛ Kapernaum. Ná ne maame ne ne nuanom Yakobo, Yosef, Simon ne Yuda ka ne ho.

Adɛn nti na Yesu kɔɔ Kapernaum? Ná Kapernaum kuro no da yie, na na ɛso sen Nasaret ne Kana. Afei nso, na Yesu asuafo foforo no bi te Kapernaum, na na ebi nso te bɛn hɔ, enti sɛ Yesu de ntetee ma wɔn wɔ hɔ a, ɛrenyɛ den koraa.

Yesu kɔɔ Kapernaum no, ɔyɛɛ anwonwade pii nso wɔ hɔ. Enti nnipa a wɔte kuro no mu ne wɔn a wɔtete bɛn hɔ no tee ne nka. Nanso na afe 30 Twam afahyɛ no bere aso, enti na ɛsɛ sɛ Yesu ne n’asuafo kɔ Yerusalem kɔdi afahyɛ no, efisɛ na wɔn nyinaa yɛ Yudafo a wɔmfa wɔn som nni agorɔ.

Wɔkɔduu Yerusalem no, wɔkɔɔ asɔrefie hɔ, na Yesu yɛɛ biribi a na ɔnyɛɛ bi da ma ɛyɛɛ n’asuafo no nwonwa.

Onyankopɔn Mmara a ɔde maa Israelfo no kyerɛɛ sɛ wɔmfa mmoa mmɔ afɔre wɔ asɔrefie hɔ. Akwantufo a wɔba asɔrefie hɔ nso, na ɛsɛ sɛ wɔdidi. Enti Mmara no maa kwan sɛ wɔn a wɔretu kwan afi akyirikyiri akɔ Yerusalem no bɛtumi de sika aba abɛtɔ “nantwie, odwan, abirekyie,” ne nneɛma foforo a wɔbɛhia. (Deuteronomium 14:​24-26) Ɛno maa adwadifoɔ a wɔwɔ Yerusalem no pii de nyɛmmoa ne nnomaa kɔɔ asɔrefie no adiwo kɔtɔnee. Ebinom tɔn no aboɔden de bɔɔ nkurɔfo apoo.

Yesu huu nea ɛrekɔ so, na ne bo fuu paa, enti ɔhwiee sikasesafo no sika gui, na ɔpamoo wɔn a wɔde nnwan ne anantwie aba hɔ no nyinaa fii hɔ. Afei Yesu kaa sɛ: “Momfa yeinom mfiri ha nkɔ! Monnyɛ m’Agya fie adwadie fie.”​—Yohane 2:16.

Bere a Yesu asuafo no huu nea ɛrekɔ so no, wɔkaee Onyankopɔn Ba no ho nkɔmhyɛ bi. Nkɔmhyɛ no ka sɛ: “Wo fie ho nnamyɛ bɛmene me.” Yudafo no deɛ wɔbisaa sɛ: “Yeinom a woreyɛ yi, sɛnkyerɛnne bɛn na wowɔ de kyerɛ yɛn?” Yesu yii wɔn ano sɛ: “Monnwiri asɔrefie yi ngu, na mede nnansa bɛma so asi hɔ.”​—Yohane 2:​17-​19; Dwom 69:9.

Ná Yudafo no adwene yɛ wɔn sɛ asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem no ho asɛm na Yesu reka. Enti wɔbisaa no sɛ: “Asɔrefie a wɔde mfeɛ aduanan nsia sii no, wode nnansa bɛma so asi hɔ?” (Yohane 2:​20) Nanso, asɔrefie a Yesu kaa ho asɛm no, na ɛgyina hɔ ma ne nipadua. Mfe mmiɛnsa akyi a Yesu wu maa Onyankopɔn nyanee no no, n’asuafo no kaee saa asɛm no.

  • Kana ayeforo no akyi no, ɛhe ne he na Yesu kɔe?

  • Adɛn nti na nea Yesu huu wɔ asɔrefie hɔ no hyɛɛ no abufuo? Dɛn na ɔyɛe?

  • Bere a Yesu kaa sɛ “asɔrefie yi” no, dɛn na na ɔreka ho asɛm?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena