Wɔde Nniso A Ɛsen Biara No “Nsafe” Di Dwuma
“Na mede ɔsoro ahenni ano nsafe mɛma wo, na biribiara a wobɛkyekye asase so no na wɔakyekye no ɔsoro, na biribiara a wobɛsan asase so no na wɔasan ɔsoro.”—Mat. 16:19.
1, 2. (a) Ɛhena ne ɔpon ano hwɛfo kɛse a ɔsen biara wɔ soro sɛnea tete Romafo anansesɛm kyerɛ no? (b) Wɔ abakɔsɛm mu no, dɛn na wobetumi aka ama Yesu Kristo sɛ obi a okura safe?
SO ƆPON ANO HWƐFO anaa ɔsomfo bi wɔ soro anaa? Wɔ tete Roma anansesɛm mu no, na Janus, anyame mu nyame no ne ɔpon ano hwɛfo kɛse a ɔsen biara wɔ soro ne asase so. Bere bi no na wohu Janus yi asɔrefi sɛ esi Roma Forum a ɛbɛn Curia a ɛyɛ beae a wohyiam no kusuu fam, nanso wɔnsom no bio. Nanso, abakɔsɛm mu nipa, Yesu Kristo, a afei de wɔahyɛ no anuonyam wɔ ɔsoro wɔ Yehowa, “anyame mu Nyankopɔn” ankasa no nsa nifa no nso ɛ? (Deut. 10:17) Bɛyɛ sɛ afe 96 Y.B. mu, bere a ɔreka asɛm ama wɔakyerɛw agu krataa so akɔma asafo a ɛwɔ Filadelfia a ɛwɔ Asia Kumaa no, na saa Yesu a wɔahyɛ no anuonyam yi ka kyerɛɛ ɔsomafo Yohane sɛ:
2 “Na Filadelfia asafo mu bɔfo no, kyerɛw kɔma no sɛ: Sɛɛ na ɔkronkronni ɛne ɔnokwafo, nea okura Dawid safe, na ohiɛ na obi ntom, na ɔtom na obi nhiɛ no, se: Minim wo nnwuma. Hwɛ, mede ɔpon a wɔahiɛ masi w’anim a obi ntumi ntom, efisɛ wowɔ ahoɔden ketewa nanso woadi m’asɛm so. Na woampa me din.”—Adi. 3:7, 8.
3. (a) Abusuabɔ bɛn na ɛda Yesu Kristo ne Dawid ntam? (b) Dɛn nti na Yehowa de “Dawid safe” no maa Yesu Kristo, na ɔde di dwuma wɔ ɔkwan bɛn so?
3 Sɛ wɔkan fi Dawid, Yerusalem hene a odi kan a ɔyɛ Yudani no so a, Yesu Kristo bɛyɛ nea ɔto so 43 wɔ adehye a wɔtoatoa so bae a wofi saa ɔhene a wagye din no mu no. Saa adehye abusua anaa ahemmusua a ɛtoatoa so no baa awiei wɔ Yesu Kristo so, efisɛ ɔno na ɔbɛyɛɛ Dawid ahenni no sodifo a ɔte agua no so daa. (Luka 3:23-31) Esiane eyi nti Onyankopɔn de “Dawid safe” no maa ne Ba, a wahyɛ no anuonyam no. Dawid ahenni no yɛ teokrase de no nsusuwso, Onyankopɔn ahenni no nsusuwso. (1 Be. 29:23; 2 Be. 13:5, 8) Saa ahenni yi bɛyɛ Onyankopɔn ahenni no ankasa a ɔyɛɛ ho mfonini anaa nsusuwso a ɛwɔ Dawid aseni a wɔahyɛ no anuonyam, Yesu Kristo nsam. Sɛ́ nea ɔfata sɛ okura “Dawid safe” no, obue Onyankopɔn ahenni no mu hyɛn ho kwan ahorow ano ma nnipa anaasɛ otumi tom nso.
4, 5. Hokwan ahorow bɛn na Yesu Kristo kae sɛ ɔde bɛma ɔnokwafo Petro wɔ beae bi a ɛbɛn Kaesarea Filipi?
4 Ɔrehwɛ bere a obebue ɔsom hokwan ahorow ama ne somafo nokwafo Simon Petro no kwan no, Yesu ka kyerɛɛ no bere bi sɛ: “Wone Petro [Hela: Petros; Latin, Petrus], na ɔbotan [Hela tautẽi tẽi petrai; Latin: hanc petram] yi so na mede m’asafo mesi, na asaman apon remmu mfa so. Na mede ɔsoro ahenni ano nsafe mɛma wo, na biribiara a wobɛkyekye asase so no na wɔakyekye no ɔsoro, na biribiara a wobɛsan asase so no na wɔasan ɔsoro.”—Mat. 16:18, 19.
5 Yesu kaa saa abakɔsɛm mu nsɛm a agye din no bere bi wɔ afe 32 Y.B. Twam no akyi, wɔ faako a ɛbɛn Kaesarea, Filipi, wɔ faako a ɛbɛn Yordan Asubɔnten no ti.—Mat. 16:13-17.
BERE A WƆDE MAE NE BERE A WƆDE DII DWUMA
6. Dɛn sɛɛ na saa “ɔsoro ahenni ano nsafe” no yɛ, na egyina hɔ ma dɛn?
6 Sɛnea “Dawid safe” no te no, “ɔsoro ahenni ano nsafe” no nyɛ nsafe ankasa a ɛte sɛ asase so de yi bi. Ɛyɛ honhom mu nsafe, a ɛne, hokwan, anuonyam, adwuma ne tumidi a wɔde fi biribi ase anaasɛ wɔde bue amanneɛbɔ, ɔkyerɛkyerɛ ne obi ho a ɔde hyɛ biribi a ɛfa ɔsoro ahenni no ho nhyehyɛe ho no mu. Nnipa a wɔpawee sɛ wɔbɛhwehwɛ ɔsoro ahenni no kan no betumi afa nhyehyɛe a Onyankopɔn faa Yesu Kristo, ɔsoro ahenni no Ɔdedifo no so yɛ too hɔ no so aso saa hokwan no mu. Enti wɔhyɛn biribi a na wommuee ntoo hɔ mmaa wɔn da mu.
7. Dɛn na na Yesu adi kan ada no adi akyerɛ Nikodemo wɔ Yerusalem sɛ ɛne tebea horow a wɔhwehwɛ na obi atumi ahyɛn Onyankopɔn soro ahenni no mu?
7 Bɛyɛ sɛ mfirihyia abien ansa na eyi reba no, na Yesu adi kan ada tebea horow bi a ɛsɛ sɛ wodi kan hu wɔ nea ogye di no ho ansa na wanya hokwan ahyɛn Onyankopɔn soro ahenni no mu no adi akyerɛ Yudafo mpanyimfo no mu biako, a ɔyɛ Farisini a wɔfrɛ no Nikodemo wɔ Yerusalem. Yesu kae sɛ: “Nokware, nokware, mise wo sɛ: Wɔanwo obi foforo a, ɔrentumi nhu Nyankopɔn ahenni no.” Dɛn, n’ankasa ne na a ɔyɛ ɔdesani no ‘nwo no foforo’? Dabi, nanso Yesu ka kyerɛɛ Nikodemo sɛ: “Nokware, nokware, mise wo sɛ: Wɔamfi nsu ne honhom mu anwo obi a, ɔrentumi nhyɛn Onyankopɔn ahenni mu. Nea wofi honam mu awo no no yɛ ɔhonam; na nea wofi honhom mu awo no no yɛ honhom.”—Yoh. 3:1-6.
8. So ɛbɛyɛ nea ntease wom sɛ obi a ɔnyɛ Kristoni a wɔabɔ no asu na wɔde honhom awo no dedaw sɛ obekura na ɔde “nsafe” a ɛte sɛɛ adi dwuma, na nhwɛso bɛn na yɛwɔ wɔ eyi fam?
8 Enti, so obi a ‘womfii nsu ne honhom mu nwoo no’ na ɔnyɛ Kristoni a, woabɔ no asu, na wɔde honhom awo no no nsa betumi aka “nsafe” no na ɔde adi dwuma de abue Onyankopɔn soro ahenni no mu kwan ama afoforo? Eyi rentumi nyɛ yiye. Enti woamfa “ɔsoro ahenni ano nsafe” no amma Yohane, ɛwom sɛ ɔno na ɔbɔɔ Yesu asu na ɔno ne nea odi kan kaa asɛm sɛ: “Monsakra mo adwene; na ɔsoro ahenni no abɛn.”—Mat. 3:1, 2.
9. Yɛyɛ dɛn hu sɛ na Petro yɛ obi a wɔde honhom awo no wɔ bere a wɔde “nsafe” no mu nea edi kan maa no no, na Etiopiani a wɔatwa no twetia a wadan Yudani a wɔkaa ne ho asɛm wɔ Asomafo no Nnwuma 8:27, 28 no nso ɛ?
9 Ɛnde, so na ɔsomafo Petro yɛ obi a wɔde honhom awo no wɔ bere a Yesu Kristo de “nsafe” a edi kan no maa no sɛ ɔmfa nni dwuma no? Yiw, efisɛ Pentekoste da no so wɔ afe 33 Y.B. mu na Yehowa Nyankopɔn faa Yesu a wɔahyɛ no anuonyam no so de honhom kronkron bɔɔ asuafo 120 a Petro ka ho a wɔretwɛn wɔ abansoro dan bi mu wɔ Yerusalem no asu. Bere a wɔde Onyankopɔn honhom no woo Petro saa pɛ no nea edi kan a ɔyɛe ne sɛ ɔsɔre gyinaa hɔ na ɔkaa asɛm kyerɛɛ Yudafo ne wɔn a wɔadan Yudafo a wɔatwa wɔn twetia a wɔn ano dodow boro 3,000 a wɔaboaboa wɔn ho ano sɛ wɔrebedi sɛnea nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yoel 2:28, 29 no afi ase rebam no ho adanse no. Sɛ Etiopiani a wadan Yudani a wɔatwa no twetia a wɔaka ne ho asɛm wɔ Asomafo no Nnwuma 8:27, 28 no ka “nnipa adefɛrefo” a na wɔte Yerusalem no ho wɔ Pentekoste da no so a, ɛnde na wantumi amfi asɔrefi hɔ ammetie Petro. (Aso. 2:1-12) Nanso akyiri no onyaa saa hokwan no.
10. Bere bɛn na ɔkwan bɛn so na Petro fa de “nsafe” no mu nea edi kan no dii dwuma?
10 Petro ka kyerɛɛ nnipa mpem bebree a na wɔretie no no wɔ pefee mu sɛ, sɛ́ asɔrefo kuw no, wɔayɛ bɔne sɛ wɔadi kan abɔ Yesu Kristo asɛnduam nnafua 52 ni. Ɛno na afei saa “nnipa adefɛrefo” a wɔn ahonim abu wɔn fɔ no bisae sɛ: “Anuanom, yɛnyɛ dɛn?” Petro ne nea ɔmaa mmuae: “Monsakra mo adwene, na mo nyinaa mma wɔmmɔ mo asu Yesu Kristo din mu mma mo bɔne fafiri, na mubenya honhom kronkron akyɛde no. Na bɔhyɛ no yɛ mo ne mo mma ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri a Awurade [Yehowa] yɛn Nyankopɔn bɛfrɛ wɔn aba nyinaa dea.” Petro kɔɔ so kasae, “Na ɔde nsɛm bebree kaa ho dii wɔn adanse na otuu wɔn fo sɛ: Momma wonnye mo mfi nnɛ mma abusua kɔntɔnkye yi mu!” (Aso. 2:14-40) Enti Petro a wɔde honhom awo no no de “nsafe” no mu nea edi kan no dii dwuma.
11. Ɔkwan bɛn so na nnipa mpem bebree a na wɔretie Petro no fa bɛyɛɛ wɔn a ‘wɔwoo wɔn foforo’ anaasɛ ‘wofi nsu ne honhom mu woo wɔn’?
11 So honam fam Yudafo no mu binom faa ɔkwan a afei de wɔabue no mu sɛ́ Yudafo a Yehowa Nyankopɔn de bɔhyɛ a ɛwɔ Yoel 2:28, 29 maa wɔn tete agyanom no? Asomafo no Nnwuma 2:41, 42 ma mmuae: “Ɛna wɔn a wɔde fɛw gyee [Petro] n’asɛm no ma wɔbɔɔ wɔn asu. Na da no ara wɔde akra bɛyɛ mpensa bɛkaa wɔn ho. Na wokura asomafo no kyerɛ ne ayɔnkofa ne abodoo bubu ɛne mpaebɔ mu ara.” Wɔnam nsu mu asubɔ a wɔbɔɔ wɔn wɔ Yesu Kristo din mu ne afei wɔ ɛno akyi no honhom no dom akyɛde a wɔn nsa kaa no kwa no so ‘nyaa awo foforo,’ ‘wofi nsu ne honhom mu woo wɔn.’—Yoh. 3:3, 5.
WƆN A WƆDE SAFE A ƐTO SO ABIEN NO DII WƆN HO DWUMA
12, 13. (a) Sɛ safe biako pɛ na ehia sɛ Petro de di dwuma a, anka dɛn na eyi bɛkyerɛ? (b) Nanso, dɛn na Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no faa eyi ho bere a ankyɛ ɔforo kɔɔ soro no?
12 Ɛnyɛ safe biako pɛ na wɔde hyɛɛ Petro bɔ, na mmom “ɔsoro ahenni ano nsafe.” Eyi kyerɛ sɛ anyɛ yiye koraa no, nsafe abien. Enti, bere bɛn na wɔde safe a ɛto so abien no maa no, na ɛhefo nti? Sɛ safe biako pɛ na ehia Petro a, ɛnde na honam fam Yudafo ne wɔn a wɔadan Yudafo a wɔatwa wɔn twetia no nkutoo na wɔbɛyɛ 144,000 a Yesu Kristo de wɔn si ɔdan si n’ankasa sɛ́ ɔbotan no so na wɔabɛyɛ n’asafo a wɔde honhom awo wɔn a wodi mu no. (Mat. 16:18; Adi. 7:4-8; 14:1-3) Nanso so ɔsoro nkwagye no bɛyɛ nea ɛwɔ hɔ ma wɔn a adwuma a Petro de safe no dii wɔ Pentekoste da no so ma wɔbɛhyɛn mu no nkutoo? Dɛn na Yesu kae ansa na ɔreforo akɔ soro wɔ ne wusɔre no akyi da a ɛto so 40 no? Wɔ saa da no, wɔ Yerusalem nkyɛn baabi, na ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ:
13 “Wɔakyerɛw sɛ, Kristo no behu amane, na da a ɛto so abiɛsa no, wasɔre afi awufo mu, na wɔafa ne din so akɔka adwensakra ne bɔne fafiri amansan nyinaa mu, na wobefi ase wɔ Yerusalem. Na hwɛ, meresoma m’agya bɔhyɛ no [sɛnea ɛwɔ Yoel 2:28, 29] maba mo so; enti montra kurow no mu nkosi sɛ wɔbɛma mo ahoɔden afi soro.”—Luka 24:46-49.
14, 15. Sɛnea Asomafo no Nnwuma 1:8 kyerɛ no, ɔkwan bɛn na Yesu faa so maa nsonsonee bɛdaa adwensakra a wɔbɛka ho asɛm akyerɛ “amanaman nyinaa” no mu?
14 Nanso, sɛnea Asomafo no Nnwuma 1:8 kyerɛ no, Yesu kyerɛkyerɛɛ sɛnea wobegyina ne din no so aka adwensakra akyerɛ “amanaman nyinaa” no nkakrankakra. Ɛhɔ na ɔkae sɛ: “Na mmom sɛ honhom kronkron no nya ba mo so a, mubenya ahoɔden, na moayɛ m’adansefo Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de akɔpem asase ano nohɔ.”
15 Yesu yii Samaria fii “Yudea nyinaa” no mu wɔ ha. Esiane eyi nti, ɔmaa nsonsonoe baa honam fam Yudafo a wɔatwa twetia no ne Samariafo a wɔatwa twetia ntam wɔ n’asase so som adwuma bere no nyinaa mu.
16. Ɛyɛɛ dɛn na bere a Yesu resan n’akyi akɔ Galilea no ɔne Samariafo a wɔte Sikar kurow no mu no trae nnanu?
16 Wɔ afe 30 Y.B. Twam no akyi no, wɔ ne man mu som adwuma no afe a edi kan no mu no, na ɛsɛ sɛ ɔfa Samaria wɔ bere a ofi Yudea rekɔ Galilea no. Eyi mu na wɔde hui sɛ “Yudafo ne Samariafo nka.” (Yoh. 4:9) Nanso, wɔ Yakob asubura a ɛbɛn Sikar kurow no ho, na Yesu kaa asɛm kyerɛɛ Samariani bea bi. Wɔ nokwarem no, ɔbɛyɛɛ onipa a odi kan a Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ no sɛ ɔne Mesia anaa Kristo no. So eyi fi sɛ ɔnyɛ Yudani bea nti? (Mat. 16:20) Afei nso, esiane sɛ Samariafo a wɔte Sikar no too nsa frɛɛ ɔne n’asomafo ano nti, ɔne Samariafo no traa hɔ nnanu na ɔkaa asɛm kyerɛɛ wɔn. Wɔn mu pii gye dii na wɔka kyerɛɛ Samariani bea a odii wɔn adanse no sɛ: “Afei ɛnyɛ w’asɛm nti na yegye di, na yɛn ankasa ate na yɛahu sɛ oyi ne wiase agyenkwa no ampa.”—Yoh. 4:39-43.
17. Dɛn na na ɛyɛ Yesu gyinabea wɔ Samariafo a wogye di no ne nsu mu asubɔ ho?
17 Nanso, wɔ eyi akyi mpo no, Yesu kɔɔ so de nsonsonee too Yudafo ne Samariafo ntam, wɔ gye a Samariafo no mu binom agye no adi no nyinaa akyi. So Yesu kae sɛ wɔmfa Yohane asubɔ no mmɔ saa Samariafo a wogye di no asu anaa? Dabi! Eyi kyerɛ biribi, efisɛ ansa na wɔreka sra a Yesu kɔsraa Samariafo kurow a ɛyɛ Sikar no ho asɛm no na wɔakyerɛw sɛ: “Afei Awurade hui sɛ Farisifo ate sɛ Yesu nya asuafo bebree na ɔbɔ nnipa pii asu sen Yohane no,—nso Yesu ankasa de, ɔmmɔ asu, na n’asuafo no—ofii Yudea na osiim kɔɔ Galilea bio. Na etwa sɛ ɔfa Samaria. Afei oduu Samaria kurow bi a wɔfrɛ no Sikar a ɛbɛn asasewa a Yakob de maa ne ba Yosef no. Nso Yakob abura wɔ hɔ.”—Yoh. 4:1-6.
18. Mfirihyia abien akyi, bere a Yesu retwam wɔ Samaria a ɔrekɔ Yerusalem no, su bɛn na Samariafo nkuraasefo no yii no adi kyerɛe?
18 So nneɛma kɔɔ so fɛfɛɛfɛ maa Yesu ɛno akyi mfirihyia abien no? Afei de na ɔne n’asuafo no asi wɔn ti ase reba abedi Yudafo asese afahyɛ no wɔ Yerusalem. Ɛno na Yesu abɔfo no “dii n’anim; na wɔkɔe no, wɔkɔhyɛn Samariafo akuraa bi ase sɛ wokosiesie hɔ ama no. Na wɔannye no, efisɛ na n’ani kyerɛ [ɛhefa?] Yerusalem. Na n’asuafo Yakobo ne Yohane hui no, wɔkae sɛ: Awurade, wopɛ sɛ yɛka na ogya fi soro bɛhyew wɔn? Na ɔdan ne ho kaa wɔn anim na wɔkɔɔ akuraa foforo bi ase.” (Luka 9:51-56) Sɛ anka Yesu penee Yakobo ne Yohane abufuw a ano yɛ den no so a, anka eyi bɛsɛe Samariafo no adwene wɔ Kristosom ho.
19. (a) Bere a Yesu somaa asomafo 12 no baanu baanu no, ahyɛde horow bɛn na ɔde maa wɔn a ɛfa Samaria ho? (b) Sɛnea Yohane 8:47, 48 kyerɛ no, na dɛn ne su a Yudafo no kura wɔ Samariafo ho?
19 Afe ansa na eyi mpo reba, ansa na afe 32 Twam no reba, bere a Yesu somaa n’asomafo no baanu baanu sɛ wɔnkɔka asɛm no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommman nnkɔ amanaman kwan so, na monnhyɛn Samariafo kurow biara mu, na mmom monkɔ Israel fi nguan a ayera no nkyɛn! Na mokɔ a, monkɔka sɛ: Ɔsoro ahenni no abɛn.” (Mat. 10:5-7; Luka 9:1-6) Asram pii akyi no, wɔ afe 32 Y.B. asese afahyɛ no akyi no, Yesu somaa asɛmpakafo 70 bio na ɔde ahyɛde a ɛte sɛ nea ɔde maa asomafo 12 no maa wɔn. Ɛte sɛ nea nkuraa ne nkurow a wɔkaa Onyankopɔn ahenni no ho asɛm wɔ hɔ no nyinaa wɔ Yudea, na ɛnyɛ Samaria. (Luka 10:1-24) Wɔammɔ amanneɛ biara sɛ wɔkɔsraa Samariafo kurow. Wɔkɔɔ “Israel fi nguan a ayera no nkyɛn.” Dɛn ntia? Efisɛ wɔamfa tumi a ɛso kyɛn asomafo no de amma saa asɛmpakafo no. Su a na Yudafo no kura wɔ Samariafo ho no daa adi bere a Yesu ka kyerɛɛ Yudafo a wonnye no nni no sɛ womfi Nyankopɔn hɔ na wɔn nso wɔmaa mmuae sɛ: “Yɛanka ampa sɛ woyɛ Samariani, na wowɔ honhommɔne?” no.—Yoh. 8:47, 48.
20. Dɛn nti na Samariafo no annya mfaso biara amfi dwuma a Petro de “ahenni no nsafe” no dii nea edi kan wɔ Pentekoste wɔ Yerusalem no mu, enti asemmisa bɛn na ɛsɔre?
20 Yesu de nsonsonee too Samariafo ne Yudafo ntam bere a ɔka kyerɛɛ Samariani bea no sɛ: “Mosɔre nea munnim; yɛn de, yɛsɔre nea yenim, efisɛ ogye no fi Yudafo mu.” (Yoh. 4:22) Yesu buu Samariani sɛ ɔyɛ “ɔnanani” anaasɛ, obi a “ofi ɔman foforo mu.” (Luka 17:16-18; afei nso hwɛ Kingdom Interlinear Translationa a wɔde Hela kasa ahyehyɛ nsɛmfua ase no mu.) Samariafo a wɔsom wɔ Gerisim Bepɔw no so no amma Pentekoste afahyɛ no ase wɔ Yerusalem wɔ afe 33 Y.B. mu. Enti wɔannya mfaso biara amfi dwuma a Petro de “ɔsoro ahenni ano nsafe” no dii nea edi kan no mu. (Aso. 2:5-11) Ɛnde bere bɛn na asomafo 12 no twee wɔn adwene baa Samaria so wɔ bere a wɔahwie honhom kronkron ‘no agu wɔn so wɔ Yerusalem no akyi sɛnea ɛbɛyɛ na wɔanya nea Yesu aka asie wɔ Asomafo no Nnwuma 1:8 no mu kyɛfa?
21. Ɔkwan bɛn so na Filipo asɛmpakafo no befii Samaria, na dɛn nti na anigye kɛse baa ɛhɔ a na ɔwɔ no?
21 Nsɛm pii too Kristofo asafo no wɔ Yerusalem wɔ Pentekoste akyi. Ɔtaa a edii kum a wokum Stefano sɛ́ mogya dansefo no akyi bae no bɔɔ Yerusalem asafo no mufo nyinaa hwetee, gye asomafo 12 no pɛ. (Aso. 8:1-5) Ɛnyɛ asomafo no ahyɛde ne ɔkyerɛkyerɛ nti, na mmom ɔtaa no nti na ɛmaa Filipo a na ɔyɛ Stefano yɔnko dwumayɛni ne Yudafo a wɔyɛ Kristofo a aka no guan kɔɔ kusuu fam wɔ Samaria mantam no mu no. (Aso. 6:1-6; 21:8) Ɛhɔ, na Filipo a wɔde Onyankopɔn honhom no dom akyɛde ahorow bi a ɛyɛ nwonwa adom no no kaa asɛmpa a ɛfa Yesu Kristo a wɔanyan no na wɔahyɛ no anuonyam no ho, na ɔsaa nyarewa ahorow de yɛɛ sɛnkyerɛnne. “Na anigye kɛse baa kurow no mu.”—Aso. 8:8.
22. Esiane sɛ Filipo bɔɔ Samariafo mmarima ne mmea pii asu nti, asemmisa bɛn na ɛsɔre?
22 Dɛn na efii eyi mu bae? “Na wogyee Filipo a ɔka Onyankopɔn ahenni ne Yesu Kristo to din ho asɛmpa no dii no, mmarima ne mmea ma wɔbɔɔ wɔn asu.” Nea ɔka eyinom ho ne ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a odi “asumansɛm na ɔyɛ ne ho sɛ obi a ɔyɛ kɛse ma Samaria man no ho dwiriw wɔn.” (Aso. 8:9, 12, 13) Ɛha na asemmisa no sɔre sɛ, So wofi “nsu ne honhom mu” woo saa Samariafo a wɔagye adi no? Wiɛ, nsu mu asubɔ aba asɛm no mu, nanso honhom no nso ɛ? Sɛ wɔde honhom woo wɔn wɔ wɔn nsu mu asubɔ no akyi a, ɛnde na Filipo ne nea obuee kwan maa saa kuw foforo yi, Samariafo no, ma wɔbɛhyɛn “ɔsoro ahenni” no mu. Nanso so ɔyɛɛ saa ankasa, a ɔnyɛ asomafo 12 no muni no? Dɛn na Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu no kyerɛ?
23. Dɛn nti na wɔammɔ amanneɛ sɛ Filipo de honhom kronkron no hyɛɛ Samariafo a wɔrebɔ wɔn asu wɔ Yesu din mu no bɔ?
23 Saa Filipo yi nyɛ asomafo a Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Biribiara a wobɛkyekye asase so no na wɔakyekye no ɔsoro, na biribiara a wobɛsan asase so no na wɔasan ɔsoro” no mu biako. (Mat. 18:18; 16:19; 10:2-4; Yoh. 1:43-48) Enti wɔammɔ amanneɛ sɛ Filipo de honhom kronkron dom akyɛde no hyɛɛ Samariafo no bɔ wɔ bere a wɔbɔɔ wɔn asu wɔ nsu mu no. Wɔmfaa tumi nhyɛɛ ne nsa sɛ ɔnka, sɛnea Petro ka kyerɛɛ Yudafo no wɔ Pentekoste da no so no: “Monsakra mo adwene, na mo nyinaa mma wɔmmɔ mo asu Yesu Kristo din mu mma mo bɔne fafiri, na mubenya honhom kronkron akyɛde no.”—Aso. 2:38.
24. (a) So twetia a Samariafo twa na wodi Mose nkyerɛwee no mu afahyɛ ahorow no so no ma wɔhyɛn Mose Mmara apam no mu anaa? (b) Bere a wɔbɔɔ wɔn asu wɔ nsu mu wɔ Yesu din mu no akyi no, so ɛno ma wɔbɛyɛɛ wɔn a ‘wofi nsu ne honhom mu awo wɔn’ amonom hɔ ara anaa?
24 Na Samariafo no nni Mmara Apam a Mose yɛɛ ntamgyinafo maa Israelfo wɔ Sinai Bepɔw no so no mu, ɛwom sɛ Samariafo no bu Mose nhoma ahorow anum a edi kan anaa Pentateuch no sɛ Onyankopɔn Asɛm, na wodii Twam ne Pentekoste wɔ Gerisim Bepɔw no so wɔ Samaria mantam no mu. (2 Ahe. 17:29, 30; Yoh. 4:19, 20) Enti wɔn honam fam twetiatwa no ankasa amma wɔannan Yudafo. Samariafo no nka ho na wɔsɛn Yesu wɔ dua so, ɛno nti na ɛho nhia sɛ wɔbɔ wɔn asu wɔ nsu mu na Onyankopɔn de saa bɔne kɛse a wɔayɛ a ɛho hia adwensakra no afiri wɔn. Nanso Filipo bɔɔ Samariafo no asu wɔ Yesu Kristo din mu sɛ ɔne Mesia (Kristo) no ne “wiase agyenkwa.” (Yoh. 4:25, 26, 28, 29, 42) So wɔbɛyɛɛ wɔn a eyi nti wɔyɛ wɔn a wofi “nsu ne honhom mu” awo wɔn? Dabi! Efisɛ wɔn nsa anka honhom kronkron no saa bere no.
25. Ɔkwan bɛn so na Asomafo no Nnwuma 8:14-17 kyerɛ nea enti a na womfii nsu ne honhom mu nwoo Samariafo a wɔabɔ wɔn asu no?
25 Dɛn nti na eyi te saa? Asomafo no Nnwuma 8:14-17 ka kyerɛ yɛn: “Na asomafo a wɔwɔ Yerusalem no tee sɛ Samariafo agye Onyankopɔn asɛm no, wɔsomaa Petro ne Yohane kɔɔ wɔn nkyɛn. Na wɔbae no, wɔbɔɔ mpae maa wɔn sɛ wonnya honhom kronkron; efisɛ na ɛmmaa wɔn mu biara so ɛ, na asu nko na wɔabɔ wɔn akɔ Awurade Yesu din mu. Ɛna [Petro ne Yohane ne asomafo no] wɔde wɔn nsa guu wɔn so na [Samariafo a wɔabɔ wɔn asu no] wonyaa honhom kronkron.” Eyi nkyerɛ honhom no dom akyɛde ahorow a ɛyɛ nwonwa no.
26. Enti Samariafo a wɔabɔ wɔn asu no fata maa hokwan bɛn, na adwinnade bɛn na Petro de dii dwuma wɔ Yohane anim?
26 Ɛha ne bere a edi kan a Samariafo a wɔabɔ wɔn asu wɔ nsu mu no bɛyɛɛ wɔn a wofi honhom ne afei nso nsu mu ‘awo wɔn’ na wɔafata sɛ wɔbɛhyɛn Onyankopɔn soro ahenni no mu. (Yoh. 3:5) Ɛha no na honhom no adwuma no te sɛ nea wɔkaa ho asɛm akyiri wɔ Asomafo no Nnwuma 10:44-46 ne 11:15-17 no. Enti ɔsomafo Petro de “ɔsoro ahenni ano nsafe” a ɛto so abien no dii dwuma maa Samariafo a wɔagye adi na wɔabɔ wɔn aso no. Ɛyɛ nokware sɛ na ɔsomafo Yohane ka Petro ho wɔ hɔ, nanso ansa na eyi reba, wɔ Pentekoste da no so no, na asomafo afoforo 11 no ka Petro, safe-kurafo, no ho.—Afei nso hwɛ Mateo 18:1, 18.
27. Ɔkwan bɛn na Asomafo no Nnwuma 8:18-23 fa so kyerɛ sɛnea Petro dii kan ne Simon a kan no na ɔyɛ nkonyaayifo no dii?
27 Afei nea Asomafo no Nnwuma 8:18-23 ka di hɔ no di nea Petro bu no sɛ ehia kɛse no ho adanse: “Na Simon [nkonyaayifo no] hui sɛ ɛnam asomafo no nsa a wɔde gu obi so no so na wɔde honhom no ma no, ɔde sika brɛɛ wɔn kae sɛ: “Momma me tumi yi bi, na obiara a mede me nsa megu no so no, wanya honhom kronkron. Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo sika ne wo nyinaa nyera, efisɛ woasusuw sɛ wɔde sika na enya Onyankopɔn akyɛde. Wunni asɛm yi mu kyɛfa anaa apɛgyade, efisɛ wo koma nteɛ Onyankopɔn anim. Enti sakra w’adwene fi wo bɔne yi ho, na srɛ Onyankopɔn sɛ ebia wɔde wo komam adwene no befiri wo. Efisɛ mahu sɛ wowɔ bɔnwoma nwenenwene mu, na amumɔyɛ hama akyekyere wo.” Eyi kyerɛ sɛ Petro redi wɔn anim sɛ Kristo nanmusifo titiriw wɔ saa bere yi mu. Ɔkasae sɛ obi a wɔde Ahenni no nsafe ahyɛ ne nsa.
28. Ɛhefo nso na Ahenni no mu hyɛn ho kwan bɛdaa hɔ maa wɔn, na ɛhefa na Samariafo a wɔde honhom awo wɔn no fii ase somee?
28 Efi saa bere no rekɔ no, wɔde hokwan a ɛte saa ara bɛma afoforo a wɔwɔ Samaria mantam no mu no. Enti Asomafo no Nnwuma 8:25 ka kyerɛ yɛn sɛ: “Na wɔn de [Petro ne Yohane], wodii adanse na wɔkaa Awurade asɛm no, wɔsan kɔɔ Yerusalem, na wɔkaa asɛmpa no wɔ Samariafo nkuraa bebree ase.” Afei de Samariafo a wɔabɔ wɔn asu na wɔde honhom awo wɔn no fii ase som wɔn soro Agya, Yehowa, wɔ ne honhom mu asɔrefi kɛse no mu, na ɛnyɛ Gerisim Bepɔw no so anaasɛ Yerusalem.—Yoh. 4:21.b
29. Dɛn na ɛbaa asafo a wɔde honhom awo wɔn no so wɔ Yudea, Galilea ne Samaria wɔ bere a wɔsakraa Saulo kɔɔ Kristosom mu no akyi, na ɛhefa na Filipo kɔtrae?
29 Wɔahyɛ Filipo ne Yudafo Kristofo afoforo no ama woaguan kɔ Samaria esiane ɔtaa a Farisini Saulo a ofi Tarso no hyɛɛ ho nkuran nti. Nanso bere a wɔsakraa Saulo ankasa baa Kristosom mu no, nneɛma sakra maa asafo a ɛwɔ Palestina no. Sɛnea Asomafo no Nnwuma 9:31 ka no, “ɛna asafo no nyaa asomdwoe Yudea ne Galilea ne Samaria nyinaa, na wonyin kɔɔ so; na wɔnantewee Awurade [Yehowa] suro mu tiee Honhom Kronkron afotu kɔɔ so dɔe.” Awiei no Filipo kɔtraa mpoano kurow a ɛyɛ Kaesarea mu, faako a Roma Amrado a ɔhwɛ Yudea mantam no so no de ayɛ ne kuropɔn ne faako a Italia asraafo kuw bi nso te no.—Aso. 8:40; 21:8; 10:1; 23:23-35.
[Ase hɔ nsɛm]
a Hwɛ Theological Dictionary of the New Testament, Po 1, krat. 266, wɔ allogenes’ ase.
b Eyinom nyinaa kɔɔ so wɔ “adapɛn aduɔson” a ɛyɛ mfe a wɔaka ho asɛm asie wɔ Daniel 9:24-27a no dapɛn a etwa to no mu fã a etwa to no mu. Wɔ saa “dapɛn” 10 no mu no na Yehowa Nyankopɔn kura Abraham apam no mu ara ma honam fam Israelfo no, na efi eyi mu na Israelfo no huu wɔn ho wɔ mu esiane sɛ wɔyɛ Abraham asefo ankasa nti. (Gen. 12:1-3; 22:18) Nea ɛne Filipo a oguan fii ɔtaa no ano kɔɔ Samaria no bɔ abira no, Asomafo no Nnwuma 11:19 ka kyerɛ yɛn sɛ: “Afei wɔn a ɔhaw a ɛsɔree Stefano so no nti wɔhwetee no kyinii Foenike ne Kipro [supɔw no so] ne Antiokia [a ɛwɔ Siria] na wɔanka asɛm no ankyerɛ obiara sɛ Yudafo nko.” “Adapɛn” 70 a ɛyɛ ɔdom bere titiriw ma honam fam Yudafo esiane Abraham apam no nti no baa awiei wɔ afe 36 Y.B. twabere mfiase mu, eyi ne Yesu asubɔ ne honhom a wɔde sraa no wɔ afe 29 Y.B. mu no nyinaa na efii ase. Enti pene a wɔpenee samariafo a wɔabɔ wɔn asu no so ma wɔhyɛn ɔsoro Ahenni no mu hokwan ahorow mu no ammue kwan amma afoforo nyinaa a wɔnyɛ Yudafo “de kɔpem asase ano nohɔ” na amfi Amanaman mufo a wontwaa twetia no sen a wɔbɛsen yuu aba Kristofo asafo a wɔde honhom awo wɔn no mu no ase.
[Kratafa 5 mfoni]
Dawid Safe