“Monhwɛ Mo Ho Yiye Farisifo ne Sadukifo Mmɔkaw Ho”
BERE a Yesu Kristo kaa saa nsɛm yi bɛboro mfeha 19 a atwam ni no, na ɔrebɔ n’asuafo kɔkɔ wɔ nyamesom nkyerɛkyerɛ ne nneyɛe a asiane wom ho. (Mateo 16:6, 12) Kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Marko 8:15 no kyerɛ mu sɛ: “Monhwɛ mo ho yiye Farisifo ne Herode mmɔkaw ho!” Dɛn nti na ɔbɔɔ Herode din? Efisɛ na Sadukifo no bi yɛ Herodefo, amammui kuw bi mufo.
Dɛn nti na na saa kɔkɔbɔ soronko no ho hia? Ná Farisifo ne Sadukifo no nyinaa nsɔre ntia Yesu pefee? (Mateo 16:21; Yohane 11:45-50) Yiw, na ɛte saa. Nanso, na wɔn mu bi begye Kristosom atom akyiri yi na afei wɔabɔ mmɔden de wɔn nsusuwii ahyɛ Kristofo asafo no so.—Asomafo no Nnwuma 15:5.
Ná asiane wɔ hɔ nso sɛ asuafo no ankasa betumi asuasua saa nyamesom akannifo a wɔn nkɛntɛnso ase na wɔtetee wɔn no. Ɛtɔ da bi a, na saa ntetee no kɛkɛ a wonyae no bɛyɛ akwanside ma wɔnte Yesu nkyerɛkyerɛ no ase.
Dɛn na ɛmaa Farisifo ne Sadukifo som no yɛɛ hu saa? Yesu bere so nyamesom tebea no mu a yɛbɛhwehwɛ no bɛma yɛn ɛho adwene bi.
Nyamesom mu Mpaapaemu
Abakɔsɛm kyerɛwfo Max Radin kyerɛw faa afeha a edi kan Y.B. mu Yudafo no ho sɛ: “Ɛda adi sɛ na Yudafo asafo ahorow no nyɛ ade ɔkwan koro so, na na wɔpɛ no saa mpo. . . . Mpɛn pii no, sɛ wosi nidi a wɔde ma asɔrefi no ne kurow kronkron no so dua kɛse a, na etumi ma wonya atumfoɔ a wodi wɔn man no so saa bere no ho tan a emu yɛ den.”
Ná ɛyɛ honhom mu tebea a ɛyɛ awerɛhow ampa! Nneɛma bɛn na ɛma ɛbaa saa? Ɛnyɛ Yudafo nyinaa na na wɔte Palestina. Ná bu a Helafo mmu asɔfo sɛ ɔman akannifo wɔ wɔn amammerɛ mu no anya wɔn so tumi ma wɔnkyerɛ obu mma Yehowa asɔfodi ho nhyehyɛe no. (Exodus 28:29; 40:12-15) Na wɔn a ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu wɔn so nso ne asɔremma ne akyerɛwfo nhomanimfo no.
Farisifo No
Ɛbɛyɛ sɛ na edin Farisifo, anaa Peru·shimʹ no kyerɛ “wɔn a wɔatew wɔn ho.” Farisifo no buu wɔn ho sɛ wɔyɛ Mose akyidifo. Wɔtee wɔn ankasa onuayɛ kuw (Hebri, chavu·rahʹ). Ansa na wobegye obi aka wɔn ho no, na ɛsɛ sɛ ɔka ntam wɔ wɔn mu baasa anim sɛ obedi Lewifo ahotew akyi denneennen, akwati sɛ ɔne ʽam-ha·ʼaʹrets no (nnipadɔm a wonnim nhoma no) bɛbɔ kɛse, na watua ntotoso dudu no a ɔntoto no ase. Marko 2:16 ka “kyerɛwfo a wofi Farisifo mu” ho asɛm. Ná saa kuw yi mufo no bi yɛ akyerɛwfo ne akyerɛkyerɛfo ankasa bere a na afoforo nso yɛ asɔremma.—Mateo 23:1-7.
Ná Farisifo no gye di sɛ Onyankopɔn wɔ baabiara. Adwene a na wokura ne sɛ esiane sɛ na “Onyankopɔn wɔ baabiara nti, wobetumi asom No wɔ Asɔrefi no mu ne abɔnten nyinaa, na ɛnyɛ afɔrebɔ ahorow nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔde bɔ no mpae. Enti wɔkamfoo hyiadan no maa wɔde yɛɛ beae a wɔsom, wosua ade, na wɔbɔ mpae wɔ hɔ, na wɔmaa so ma ebenyaa gyinabea titiriw a ɛho hia wɔ nkurɔfo no asetra mu te sɛ Asɔrefi no.”—Encyclopaedia Judaica.
Ná Farisifo no nni Yehowa asɔrefi ho anisɔ. Yetumi hu eyi wɔ Yesu nsɛm yi mu: “Munnue, mo kwankyerɛfo anifuraefo a moka sɛ: Obi ka asɔredan ntam a, ɛnyɛ hwee; na sɛ ɔka asɔredan sika de a, ɛkyekyere no. Nkwasea ne anifuraefo! Nea ɛwɔ he na ɛso, sika no anaa asɔredan a ɛma sika no ho tew no? Na obi ka afɔremuka ntam a, ɛnyɛ hwee; na sɛ ɔka ayɛyɛde a egu so no de a, ɛkyekyere no. Anifuraefo! Nea ɛwɔ he na ɛso, ayɛyɛde no anaa afɔremuka a ɛma ayɛyɛde no ho tew no? Enti nea ɔde afɔremuka bɛka ntam no, ɔde ɛno ne nea ɛwɔ so nyinaa na ɛka.”—Mateo 23:16-20.
Ɛyɛɛ dɛn na Farisifo no nsusuwii tumi kyinkyimii saa? Dɛn na na wɔrebu wɔn ani agu so? Hyɛ nea edi hɔ a Yesu ka no nsow. “Na nea ɔde asɔredan ka ntam no, ɔde ɛno ne nea ɔte mu no na ɛka.” (Mateo 23:21) Nhomanimfo E. P. Sanders kaa saa nkyekyem yi ho asɛm sɛ: “Ɛnyɛ som a na wɔsom Onyankopɔn a ɔyɛ kronkron no wɔ asɔrefi hɔ nkutoo nti na ɛhɔ yɛɛ kronkron, na mmom wɔ a na ɔwɔ hɔ no nso ntia.” (Judaism: Practice and Belief, 63 BCE—66 CE) Nanso, na wɔ a Yehowa wɔ hɔ wɔ ɔkwan soronko so no renkyerɛ hwee mma wɔn a wosusuwii sɛ ɔwɔ baabiara no.
Ná Farisifo no gye nkrabea ne hokwan a nnipa wɔ sɛ wɔpaw nea wɔpɛ nso di. Ɔkwan foforo so no, “wɔahyehyɛ nea ebesi nyinaa ato hɔ, na bere koro no ara nso wɔma obiara paw nea ɔpɛ.” Nanso na wogye di sɛ wɔhyɛ too hɔ sɛ Adam ne Hawa bɛyɛ bɔne, na wɔahyɛ kuru ketewa bi mpo a ɛbɛyɛ wo nsateaa no ato hɔ.
Ɛbɛyɛ sɛ na saa atoro nsusuwii yi wɔ Yesu adwenem bere a na ɔreka abantenten bi a ebubu kunkum nnipa 18 ho asɛm no. Obisae sɛ: “Mususuw sɛ [wɔn a asiane no too wɔn no] wɔyɛ mmaratofo sen nnipa a wɔte Yerusalem nyinaa?” (Luka 13:4) Sɛnea ɛte wɔ asiane a ɛto nnipa dodow no ara ho no, na eyi fi “ɛbere ne akwanhyia a wɔnhwɛ kwan,” emfi nkrabea sɛnea na Farisifo no kyerɛkyerɛ no. (Ɔsɛnkafo 9:11, NW) Ná saa nnipa a wɔkyerɛ sɛ wɔwɔ nimdeɛ no de Kyerɛwnsɛm mu ahyɛde ahorow bedi dwuma dɛn?
Ná Wɔyɛ Nnipa a Wɔde Nyamesom mu Nsakrae Ba
Farisifo no kyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ awo ntoatoaso biara mu rabifo kyerɛkyerɛ Kyerɛwnsɛm mu ahyɛde ahorow ase ma ɛne nimdeɛ foforo a wɔanya hyia. Enti Encyclopaedia Judaica ka sɛ “anyɛ wɔn den koraa sɛ wɔbɛma Torah mu nkyerɛkyerɛ no ne wɔn nsusuwii foforo no ahyia anaa wobenya nsɛm bi a ɛfa wɔn nsusuwii no ho anaa ɛne no di nsɛ wɔ Torah no mu nsɛm mu.”
Ɛdefa afe afe Mpata Da no ho no, wɔmaa ɛda no ankasa ho behiaa wɔn titiriw sen tumi a na ɔsɔfo panyin no wɔ sɛ ɔpata bɔne no. (Leviticus 16:30, 33) Sɛ wɔredi Twam afahyɛ no a, bere a wɔrenom bobesa na wɔredi abodoo no, na wɔtwe adwene si Akwantu no ho kyerɛwtohɔ no mu asuade ahorow a wotĩm ka no so kɛse sen twam guammaa no.
Bere kɔɔ so no, Farisifo no benyaa dibea wɔ asɔrefi hɔ. Afei wɔde santen a wɔto kɔsaw nsu fi Siloam tare no mu wɔ Anoboaboa Afahyɛ no anadwo, saa nsu no a wɔde kankye anɔpa a edi hɔ, asukɔn so nnua a wɔde boro afɔremuka no so wɔ afahyɛ no awiei, ne mpae a wɔbɔ no daa a na enni nnyinaso biara wɔ Mmara no mu sii hɔ.
The Jewish Encyclopedia ka sɛ nea na “ɛda nsow titiriw” ne “nsakrae a Farisifo yɛe wɔ Homeda mu no.” Sɛ edu Homeda a, na ɛsɛ sɛ ɔyere sɔ akanea de kyerɛ anisɔ. Sɛ ɛyɛ te sɛ nea dwumadi bi bɛkɔ akowie adwuma a mmara mma ho kwan mu a, na Farisifo no bara. Wɔyɛɛ ade kɔɔ akyiri araa ma wɔhyehyɛɛ mmara wɔ ayaresa mpo ho, na wɔn bo fuwii sɛ Yesu nam anwonwakwan so saa yare Homeda. (Mateo 12:9-14; Yohane 5:1-16) Nanso ɛnyɛ ahyehyɛde foforo nko na saa nnipa a wɔde nyamesom mu nsakrae bae no de yɛɛ ban anaa ɔfasu de bɔɔ Kyerɛwnsɛm mu mmara horow ho ban.
Mmaragu
Farisifo no kyerɛe sɛ wɔwɔ tumi sɛ wɔtwe Kyerɛwnsɛm mu mmara sɛn anaa wogu no. Wɔn nsusuwii no da adi wɔ Talmud mu asɛm bi mu: “Eye sɛ wobeyi mmara no biako pɛ afi mu sen sɛ werɛ befi Torah mũ no nyinaa.” Ɛho nhwɛso ne Ahosɛpɛw Afahyɛ no a wogyaee di, a nea enti a wɔyɛɛ saa ne sɛ ebia obiara remfa n’ade mfɛm ahiafo bere a saa bere no rebɛn no, esiane suro a osuro sɛ anhwɛ a ne nsa nka nti.—Leviticus, ti 25.
Nhwɛso afoforo ne asɛm a ɛfa ɔbea bi a wobebu no sɛ wasɛe aware asɛm a na wonni bio, ne afɔre a wɔde yɛɛ mpatade wɔ awudi a wɔanhu nea efi no a wogyaee no. (Numeri 5:11-31; Deuteronomium 21:1-9) Ná ɛrenni da bi na Farisifo no atwa Kyerɛwnsɛm mu ahwehwɛde a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ obi hwɛ n’awofo a ahia wɔn no mu.—Exodus 20:12; Mateo 15:3-6.
Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Monhwɛ mo ho so yiye Farisifo mmɔkaw a ɛne nyaatwom no ho!” (Luka 12:1) Nyaatwom nko ara na na ɛwɔ Farisifo som no ne emu nneyɛe a ɛnyɛ teokrase de no mu—akyinnye biara nni ho sɛ ɛyɛ biribi a na ɛnsɛ sɛ wɔde ba Kristofo asafo no mu. Nanso, Yudafo nhoma ahorow ka Farisifo no ho asɛm pa sen Sadukifo no. Afei momma yensusuw saa kuw a wodi atetesɛm akyi kɛse yi ho.
Sadukifo No
Ebetumi aba sɛ wɔfaa edin Sadukifo no fii Sadok, Salomo bere so ɔsɔfo panyin, no mu. (1 Ahene 2:35, NW ase hɔ asɛm) Sadukifo no bɛyɛɛ kuw bi a edii atetesɛm akyi a na egyina asɔrefi ne asɔfodi no akyi. Ná Sadukifo no nte sɛ Farisifo no a wɔnam nhomasua ne ɔsom so nyaa tumi no, na mmom na wɔde wɔn hokwan no gyina anato ne dibea so. Wɔsɔre tiaa Farisifo nsakrae no kosii sɛ wɔsɛee asɔrefi no wɔ afe 70 Y.B. mu.
Sɛ nkrabea a Sadukifo no powee no da nkyɛn a, na wonnye nkyerɛkyerɛ biara a Mose Nhoma Anum a Edi Kan no nka ho asɛm pefee no ntom, ɛmfa ho sɛ ebia na wɔaka ho asɛm wɔ Onyankopɔn Asɛm no fã foforo no. Nokwarem no, na “wobu no sɛ ɛyɛ ade pa sɛ wobegye kyim” wɔ saa nsɛm yi ho. (The Jewish Encyclopedia) Eyi ma yɛkae bere bi a wogyee Yesu kyim wɔ owusɔre ho no.
Sadukifo no de okunafo a ɔwaree okununom baason ho mfatoho no dii dwuma bisae sɛ: “Ɔsɔre mu no, baason yi mu hena na ɔbɛyɛ ne yere?” Nokwarem no, anka saa okunafo a wɔkaa ne ho asɛm no betumi mpo anya okununom 14 anaa 21. Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ɔsɔre mu no, wɔnware na wɔmma aware.”—Mateo 22:23-30.
Esiane sɛ na Yesu nim sɛ Sadukifo no nnye akyerɛwfo a honhom kaa wɔn no ntom gye Mose nti, ɔfaa Mose Nhoma Anum a Edi Kan no mu asɛm kae de foaa N’asɛm no so. Ɔkae sɛ: “Ɛfa awufo nyan ho de, monkanee Mose nhoma mu, wɔ wura no ho, sɛnea Onyankopɔn see no sɛ: Mene Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn no? Ɔnyɛ awufo Nyankopɔn, na mmom ateasefo [Nyankopɔn].”—Marko 12:26, 27.
Yesu ne N’asuafo no Ataafo
Ná Sadukifo no ani gye ho sɛ wɔne aman afoforo bedi nsɛm wɔ amammui kwan so sen sɛ wɔbɛtwɛn Mesia no—sɛ na wogye ne ba no di koraa mpo a. Wɔne Roma yɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛhwɛ asɔrefi no dwumadi so, na na wɔmpɛ sɛ Mesia biara bɛba abɛsɛe nneɛma. Esiane sɛ na wobu Yesu sɛ obetumi ama wɔn gyinabea no afi wɔn nsa nti, wɔne Farisifo no yɛɛ biako bɔɔ pɔ sɛ wobekum no.—Mateo 26:59-66; Yohane 11:45-50.
Esiane sɛ na Sadukifo no pɛ amammuisɛm nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔkaa nokware a wobedi ama Roma ho asɛm, teɛɛm sɛ: “Yenni hene bi sɛ Kaesare.” (Yohane 19:6, 12-15) Yesu wu ne ne wusɔre akyi no, ɛyɛ Sadukifo no na wodii anim bɔɔ mmɔden sɛ wobesiw Kristosom trɛw ano. (Asomafo no Nnwuma 4:1-23; 5:17-42; 9:14) Bere a wɔsɛee asɔrefi no wɔ afe 70 Y.B. mu no, saa kuw yi gui.
Hia a Ehia sɛ Yɛkɔ so Hwɛ Yiye
Hwɛ sɛnea ada adi sɛ Yesu afotu no fata! Yiw, ɛho hia sɛ ‘yɛhwɛ yɛn ho yiye wɔ Farisifo ne Sadukifo mmɔkaw no ho.’ Obi betumi ahwɛ Yudasom ne Kristoman nso mu nnɛ na ama wahu aba bɔne a asow no.
Nanso, nea ɛne no bɔ abira koraa no, Kristofo mpanyimfo a wɔfata a wɔwɔ Yehowa Adansefo asafo bɛboro 75,500 a ɛwɔ wiase nyinaa no ‘ma wɔn ani ba wɔn ho ne wɔn nkyerɛkyerɛ so daa.’ (1 Timoteo 4:16) Wogye Bible mũ no nyinaa tom sɛ efi Onyankopɔn home mu. (2 Timoteo 3:16) Sɛ́ anka wɔn ani begye nsakrae ho na wɔayɛ wɔn ankasa nyamesom amanne ahorow no, wɔde biakoyɛ yɛ adwuma wɔ ahyehyɛde bi a egyina Bible so a ɛde nsɛmma nhoma yi di dwuma sɛ n’adwinnade titiriw a ɛde kyerɛkyerɛ no akwankyerɛ ase.—Mateo 24:45-47.
Dɛn na afi mu aba? Wɔrema nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa anya honhom mu nkɔso bere a wobenya Bible mu ntease, de di dwuma wɔ wɔn asetram, na wɔde kyerɛkyerɛ afoforo no. Nea ɛbɛma woahu sɛnea wɔreyɛ eyi no, dɛn nti na wonkɔsra Yehowa Adansefo asafo a ɛbɛn wo sen biara no anaa wonkyerɛw nsɛmma nhoma yi akyerɛwfo?
[Kratafa 26 adaka]
YESU SUSUW N’ATIEFO HO
YESU KRISTO kyerɛkyerɛ maa emu daa hɔ, na osusuw n’atiefo adwene ho. Sɛ nhwɛso no, ɔyɛɛ saa bere a ɔkaa wo a ‘wɔbɛwo’ obi foforo ho asɛm kyerɛɛ Farisini Nikodemo no. Nikodemo bisae sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na onipa a wanyin no, wobetumi awo no? Obetumi akɔ ne na yam bio na wɔawo no?” (Yohane 3:1-5) Esiane sɛ na Farisifo no gye di sɛ ehia sɛ wɔwo wɔn a wɔbɛyɛ Yudafo no foforo, na rabifo asɛm bi de nea wabɛyɛ Yudani no toto “abofra a wɔawo no foforo” ho nti, dɛn nti na Nikodemo ho dwiriw no saa?
A Commentary on the New Testament From the Talmud and Hebraica, a John Lightfoot kyerɛwee no de nimdeɛ a edi so yi ma: “Adwene a Yudafo nyinaa wɔ wɔ fata a Israelni fata ho no . . . da so ara wɔ Farisini yi” a ontumi “nni adwene a wadi kan anya no so ntɛm no tirim . . . : ‘Bere a Israelfo no . . . wɔ hokwan sɛ wogye wɔn ba Mesia no ahenni mu no, wonam w’asɛm yi so kyerɛ sɛ ɛho hia sɛ obiara kɔ ne maame awotwaa mu nea ɛto so abien ansa na wadan Israelni foforo?’”—Fa toto Mateo 3:9 ho.
Bere a Nikodemo gye tom sɛ wɔn a wɔdan Yudafo no hia awo foforo no, obebu adeyɛ a ɛte saa sɛ entumi nyɛ yiye wɔ Yudafo ankasa fam—ɛte sɛ nea wɔsan kɔ awotwaa no mu.
Bere foforo no, bere a Yesu kae sɛ ‘wonni ne honam na wɔnnom ne mogya’ no, ɛhaw nnipa bebree. (Yohane 6:48-55) Nanso, Lightfoot da no adi sɛ “na ɛnyɛ ade a ɛntaa nsi wɔ Yudafo sukuu ahorow mu sɛ wɔbɛka nsɛm ‘adidi ne ɔnom’ wɔ mfatoho kwan so.” Ɔka bio sɛ Talmud no kaa “Mesia no a wobedi ho asɛm.”
Enti Farisifo ne Sadukifo no nsusuwii nyaa afeha a edi kan mu Yudafo adwene so tumi kɛse. Nanso, sɛnea ɛfata no, na Yesu susuw n’atiefo no nimdeɛ ne wɔn suahu ho bere nyinaa. Eyi yɛ nneɛma pii a ɛmaa ɔbɛyɛɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no biako.