Nea Enti A Onyankopɔn Ma ‘Wɔwo’ Ebinom ‘Foforo’
“Nokware, nokware, mise wo: sɛ wɔamfi nsu ne honhom mu anwo obi a, ontumi nhyɛn Nyankopɔn ahenni mu. Mma ɛnnyɛ wo nwonwa sɛ misee wo sɛ: Etwa sɛ wɔwo mo foforo.”—Yoh. 3:5, 7.
1, 2. (a) Ansa na yebetumi akyerɛkyerɛ nea enti a Onyankopɔn ma ‘wɔwo’ nnipa bi ‘foforo’ no mu yiye no, dɛn na ɛsɛ se yɛte ase na yenya ho anisɔ? (b) Adanse bɛn na Onyankopɔn Asɛm no de ma wɔ n’atɛntrenee ho, nanso dɛn na n’atɛntrenee no nhwehwɛ sɛ ɔyɛ?
ANSA NA yebetumi akyerɛkyerɛ nea enti a Onyankopɔn ma ‘wɔwo’ ebinom ‘foforo’ no mu yiye no, ɛho hia sɛ yɛte biribi a ɛfa Yehowa Nyankopɔn su atitiriw ho ne n’atirimpɔw ahorow a ɛfa asase ne onipa ho no ase na yenya ho anisɔ.
2 Adanse a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu ma emu da hɔ pefee sɛ Onyankopɔn su atitiriw no mu biako ne atɛntrenee. Afei nso, trenee yɛ n’ahengua nnyinaso ankasa. (Deut. 32:4; Dw. 89:15) Nanso, yɛ a ɔyɛ n’ade pɛpɛɛpɛ ne treneefo a ɔyɛ no nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔde hokwan koro dom n’abɔde nyinaa. Sɛ nhwɛso no, ɔbɔɔ ebinom sɛ honhom abɔde, abɔfo, a wɔkorɔn koraa sen nnipa. Saa ara na ɔmma n’asase so abɔde a wodi nokware nyinaa akatua wɔ ɔkwan koro so. Enti Yesu ka faa Osuboni Yohane ho sɛ “nea ɔyɛ ketewaa ɔsoro ahenni no mu yɛ kɛse sen no.” (Mat. 11:11) Eyi ne nsɛm ahorow a ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden ma ɛtra yɛn adwenem bere a yesusuw asɛm a ɛfa ‘awo foforo’ ho no.
Onyankopɔn Atirimpɔw Ma Asase Ne Onipa
3. Anidaso a ɛyɛ anigye bɛn na na ɛda Adam ne Hawa anim bere a wɔbɔɔ wɔn no?
3 Sɛ yɛbɛte nea enti a Onyankopɔn ma ‘wɔwo’ nnipa bi ‘foforo’ no ase a, ɛbo hia sɛ yɛte nea ɛmaa Onyankopɔn yɛɛ ‘awo foforo’ ho nhyehyɛe no ase. Sɛ yɛdan kɔ yɛn awofo a wodi kan pɛɛ no so a, yehu sɛ Onyankopɔn maa wɔn ahyɛde sɛ: “Monwo, na monnɔ, na monhyɛ asase so ma, ma monhyɛ so, na munni mmoa a wɔkeka wɔn ho wɔ asase so nyinaa so.” (Gen. 1:28) Wɔ wɔn pɛyɛ mu no ná Adam ne Hawa yɛ Onyankopɔn mma. Esiane sɛ ná Onyankopɔn de wɔn ato turo a ɛyɛ fɛ, na nhwiren ahorow ne mmoa ahorow a wɔn ho yɛ fɛ ne nnuaba ahorow a ɛyɛ dɛ nyinaa bi wom mu nti, na wɔn gyinabea no yɛ nea anigye wom ankasa. Bere a wɔkɔ so de wɔn nsɛso hyɛ asase so ma na wɔhyɛ so no, awiei koraa no asase no nyinaa bɛdan paradise a nnipa a wɔyɛ pɛ ahyɛ so ma sɛnea ná Adam ne Hawa mpo yɛ pɛ no. Anidaso a anigye wom bɛn ara na ɛda wɔn anim sɛɛ yi!
4, 5. (a) Dɛn nti na yɛn awofo a wodi kan no antumi anni Onyankopɔn atirimpɔw a enti ɔbɔɔ wɔn no ho dwuma? (b) Enti Yehowa yɛɛ nhyehyɛe ma hena adi n’atirimpɔw a efa asase ne onipa ho no ho dwuma?
4 Nanso, yɛn awofo a wodi kan no annya anisɔ amma nsiesiei ahorow a Onyankopɔn yɛ maa wɔn no nyinaa, na wobuu ne mmara so. Enti Onyankopɔn buu wɔn kumfɔ na ɔpam wɔn fii ne mma abusua no mu. Nea efii mu bae ne wɔn asefo a wɔwoo wɔn bɔne mu a owu da wɔn so. (Gen. 3:19; Rom. 5:12) Yɛn awofo a wodi kan no anaasɛ wɔn asefo biara nni hɔ a wɔatumi adi Onyankopɔn mfitiase ahyɛde ma adesamma abusua no ho dwuma. So eyi kyerɛ sɛ Onyankopɔn atirimpɔw a ɛfa asase ne onipa ho no rennya mmamu da? Ɛnte saa koraa, efisɛ Onyankopɔn Asɛm ma yɛn awerɛhyem sɛ n’atirimpɔw ahorow nyɛ ɔkwa da.—Yes. 46:10, 11; 55:10, 11.
5 Ɛnde, ɔkwan bɛn so na wobedi Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw a ɛfa asase ne onipa ho no ho dwuma? Ɛdenam Aseni bi so, sɛnea Onyankopɔn ka too hɔ mpo wɔ Eden turom hɔ ne sɛnea ɔhyɛɛ Abraham nso bɔ no. Ɔsomafo Paulo kyerɛ sɛ saa Aseni no ne Yesu Kristo titiriw.—Gen. 3:15; 22:16, 18; Gal. 3:16, 29.
Sɛnea Onyankopɔn Mfitiase Atirimpɔw No Benya Mmamu
6. Ɔkwan bɛn na Onyankopɔn nam so buee kwan maa Adam asefo ma wɔasan de wɔn aba Onyankopɔn abusua no mu?
6 Ɔkwan bɛn so na ná Yesu Kristo betumi ama Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw no anya mmamu? Nea edi kan koraa no, ɛdenam afobu a ɛda adesamma abusua no so esiane Adam atuatew no nti a obeyi afi hɔ no so. Yesu tumi yɛɛ eyi, efisɛ wɔwoo no sɛ onipa a ɔyɛ pɛ, a Yehowa Nyankopɔn ne n’Agya—ɛnyɛ Maria kunu Yosef. Ampa, Yesu tumi yii saa afobu no fii hɔ denam wu a owui wɔ asɛndua no so sɛ afɔrebɔde no so. Nokwarem, atirimpɔw titiriw biako nti a ɔbaa asase so ne sɛ ɔde ne nkwa bɛma sɛ agyede. Enti obuee kwan maa Adam asefo no sɛ wɔbɛsan de wɔn aba Yehowa abusua a ɛsɔ n’ani no mu.—Mat. 28:20.
7. Dɛn so na wogyina nyan Yesu fii awufo mu sɛ honhom abɔde?
7 Nanso, ná Ogyefo a wawu ho rentumi ma adesamma abusua no mfaso. Enti, Yehowa Nyankopɔn nyanee Yesu Kristo nnansa so, na ɔma “ɔtraa ase honhom mu.” (1 Pet. 3:18) Yehowa gyinaa nea na asi wɔ Yordan ho bere a wɔbɔɔ Yesu asu no so na ɛyɛɛ eyi. Ɛhɔ, ɛdenam ne honhom kronkron no so no, ná Onyankopɔn awo Yesu sɛ ne honhom mu Ɔba. Ɛnyɛ hu nko na ná Osuboni Yohane ahu Onyankopɔn honhom sɛ ɛresian aba Yesu so te sɛ aborɔnoma, na mmom ná wate Onyankopɔn nne nso sɛ ɛreka sɛ: “Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani.”—Mat. 3:16, 17; Heb. 10:5-10.
8. Nea ɛka ‘wo a wɔwoo no foforo’ wɔ Yordan ho no ho no, dɛn bio na wɔsraa Yesu na wɔpaw no sɛ ɔnyɛ?
8 Enti Yesu ammɛyɛ Onyankopɔn honhom mu Ɔba nko, na mmom Mesia, Kristo, anaa Nea wɔasra no, sɛ ɔmmɛyɛ Onyankopɔn ahenni no hene nso. Afei nso, wɔpaw no ɔsɔfo panyin maa adesamma a wɔrewuwu no ‘bere koro no ara mu, sɛnea ɛbɛyɛ a obeyi bɔne ho sintɔ no afi hɔ. (Heb. 7:26) Bio nso, nã nsɛm a ɛwɔ Yesaia 61:1, 2 no fa ne ho afei: “Awurade [Yehowa] honhom wɔ me so, efisɛ [Yehowa] asra me sɛ menka asɛmpa menkyerɛ amanehunufo; wasoma me sɛ memmɛkyekye wɔn a wɔn koma abubu werɛ, mempae ahofadi menkyerɛ nnommum, ne nneduadan bue menkyerɛ apokyerɛfo.” Ná wɔawo Yesu honhom mu, ‘wɔawo no foforo.’ Sɛ Onyankopɔn Ba a wɔde honhom asra no no, ɔkɔɔ so dii nokware kosii owu mu, wɔ nea Satan ɔbonsam bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ de asɛe Yesu mudi mu kura no nyinaa mu. Enti Onyankopɔn nyan no fii awufo mu.
9. Esiane sɛ Yesu dii nokware kosii owu mu nti, ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn siesiee no koraa, na osiesiee no maa dɛn?
9 Efi hɔ no, “Onyankopɔn nso ama no so kɛse, na wadom ama no din a edi din nyinaa so.” (Fil. 2:9-11) Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ na wɔanyan Yesu afi awufo mu no yɛ nea nnipa ɔhaha pii dii ho adanse Bere tiaa bi ansa na ɔresan akɔ N’agya no nkyɛn wɔ soro no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: ‘Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me.” (Mat. 28:18) Afei de na wasiesie ne ho yiye a ɔwɔ hokwan sɛ ɔsesɛw adesamma, denam n’afɔrebɔ wu no so, ne tumi a ɔde bɛyɛ saa nso, denam ne wusɔre ne Onyankopɔn nsa nifa a ɔforo kɔtrae wɔ soro no so, (Luka 22:69) Enti mprempren Yesu Kristo betumi ama Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw a ɛfa asase ne onipa ho no anya mmamu. Enti, Mesia ho nkɔmhyɛ ahorow no nyinaa fa ne ho.—Hwɛ Dwom 72; Yesaia 9:6, 7; 11:1-10.
Nea Enti A ‘Wɔwo’ Afoforo Nso ‘Foforo’
10, 11. (a) Kyerɛwsɛm mu adanse bɛn na ɛkyerɛ sɛ Yesu benya yɔnko adedifo wɔ n’ahonim no mu? (b) Baahe na wobenya saa hokwan yi, na yɛyɛ dɛn hu sɛ dodow a wɔda no adi no yɛ paara na ɛnyɛ sɛnkyerɛnne kwan so de?
10 So Yesu Kristo nkutoo na ɔbɛyɛ eyinom nyinaa? Dabi. So ɔbɛma abɔfo aka ne ho adi tumi wɔ ne nniso no mu? Dabi. Wɔn a wɔbɛka ne ho wɔ saa Mesia ho nkɔmhyɛ ahorow no mmamu mu no bɛyɛ nnipa a wɔatra asase so pɛn sɛnea ɔno yɛe no. Nanso ansa na wobenya Kristo Ahenni nniso no mu kyɛfa no, ɛsɛ sɛ, te sɛ ɔno no, wodi kan ‘wo wɔn foforo’ bere a wɔwɔ asase so. Yehowa honhom a ɛyɛ adwuma wɔ wɔn so no wo wɔn sɛ honhom mu mma a wɔhwɛ kwan sɛ wobenya daa nkwa wɔ ɔsoro. Ne saa nti wɔne Onyankopɔn wɔ abusuabɔ titiriw bi, “abagye honhom a ɛno mu na [wɔteɛm] sɛ: Abba, agya!” (Rom. 8:15) Yesu kɔɔ so daa saa anidaso yi adi kyerɛɛ n’asuafo no. (Luka 22: 28-30; Yoh. 14:2, 3) Saa ara na asomafo no kaa saa anidaso yi ho asɛm.—Rom. 8:17; 1 Kor. 15:52, 53; 1 Yoh. 3:2.
11 Baahe na wobenya saa ɔsoro gyinabea yi? Sɛnea kyerɛw nsɛm nyinaa a ɛka ho asɛm kyerɛ no, wɔn‘ a ‘wɔwo wɔn foforo’ no bɛyɛ kakraa bi. Eyi ne nea yɛbɛhwɛ kwan, esiane sɛ eyi yɛ akyɛde titiriw, gyinabea a ɛkyɛn so hokwan a wonya nti. Enti Yesu ka faa wɔn ho sɛ: “Kuw ketewa, munnsuro! Efisɛ ɛyɛ mo agya no fɛ sɛ ɔde ahenni no bɛma mo.” (Luka 12:32) Wɔbɛyɛ nnipa baahe? Ɔsomafo Yohane kyerɛ sɛ ohuu 144,000 a wɔyɛ honhom mu Israelfo a wɔahyehyɛ wɔn moma so agyirae, afei nso 144,000 a wɔne Oguammaa Yesu Kristo gyinagyina Sion Bepɔw so. Sɛ́ ɛsɛ sɛ yɛte saa dodow no ase sɛ ɛyɛ paara a ɛnyɛ sɛnkyerɛnne kwan so de no yɛ nea ɛda adi wɔ ka a ɛka “nnipakuw kɛse a obi ntumi nkan wɔn” nso ho asɛm no mu.—Adi. 7:3, 4, 9; 14:1, 3; 20:4, 6.
Ɔman Ma Ne Din
12, 13. Dɛn ne Yehowa atirimpɔw mprempren ma saa daakye Ahenni yɔnko adedifo yi?
12 Nanso, Yehowa Nyankopɔn asiesie adwuma bi ama wɔn a wɔbɛba abɛyɛ ahene ne asɔfo yi bere a wɔda so ara wɔ honam mu sɛ nnipa no. Na ɛyɛ adwuma bɛn? Sɛnea wɔsraa Yesu mpo sɛ ‘ɔmmɛka asɛmpa nkyerɛ amanehunufo’ no, saa ara na wɔasra eyinom sɛ wɔnka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa no nkyerɛ. (Yes. 61:1, 2; Luka 4:16-21; Aso. 8:4, 12) Enti Yesu tuu n’asuafo a wodi kan no fo bere a ɔrekɔ no sɛ “monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu.” (Mat. 28:19, 20) Na ansa na Yesu reforo akɔ soro no, ɔka kyerɛɛ n’asomafo anokwafo 11 no sɛ ‘wɔbɛyɛ n’adansefo akɔpem asase ano nohɔ.’—Aso. 1:8.
13 Atirimpɔw atitiriw a enti Onyankopɔn ma wɔka “asɛmpa” no kyerɛ wɔ amanaman nyinaa mu no mu biako ne sɛ ‘ɔbɛpaw ɔman afi wɔn mu ama ne din.’ (Aso. 15:14) Esiane sɛ Onyankopɔn din de Yehowa nti, wɔfrɛ eyinom Yehowa adansefo (Yes. 48:10-12) Ɛnyɛ sɛ saa Yesu Kristo akyidifo a wɔasra wɔn yi nko na ɛsɛ sɛ wɔka “asɛmpa” no kyerɛ ahobrɛasefo, yɛ asuafo ne adansefo ma Yehowa Nyankopɔn. Mmom, sɛnea tete Israel no na Yehowa mmara horow no fa ahɔho a wɔwɔ wɔn mu nso ho no, saa ara na ahyɛde horow a wɔde ama honhom mu Israelfo no nso fa wɔn ahokafo, “nnipakuw kae” a wɔyɛ “nguan foforo” no ho.—Yoh. 10:16; Adi. 7:9.
14. Dɛn ne asɛyɛde foforo a wɔde ato wɔn a wodi Yesu Kristo anammɔn akyi yi so?
14 Asɛyɛde foforo a wɔde ato wɔn a wɔasra wɔn a wodi Yesu Kristo anammɔn akyi no so ne sɛ wɔbɛsow Onyankopɔn honhom aba a ɛne, “ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, anidahɔ.” (Gal. 5:22, 23) Yesu kae sɛ nea wɔde behu ne nokware akyidifo no ne ɔdɔ a wobeyi adi akyerɛ wɔn ho wɔn ho. (Yoh. 13:34, 35) Ɛno nti na ɔsomafo Paulo tu wɔn fo sɛ: “Munyi onipa dedaw a ɔresɛe wɔ nnaadaa akɔnnɔ mu no nkyene, na momma wɔnyɛ mo foforo mo adwene honhom mu, na monhyɛ onipa foforo a wɔbɔɔ no Nyankopɔn so, nokware trenee ne ahotew mu.” Nea ɛkyerɛ sɛnea saa asɛyɛde yi ho hia ma Kristofo ne asɛm foforo a ɔsomafo no ka no: “Mehyɛ me nipadua ahometew, na midi no nya, na mereka asɛm makyerɛ ebinom yi, m’ankasa manyɛ nea ɔmfra.” (Efe. 4:22-24; 1 Kor. 9:27) Bere a wɔadi nokware akodu owu mu no nko na wɔn a wɔasra wɔn yi betumi ahwɛ kwan sɛ wɔn nsa bɛka “nkwa abotiri” no.—Adi. 2:10.
Onyankopɔn Mfitiase Atirimpɔw Nnsakrae
15. (a) Mfomso bɛn na nnipa pii a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no ayɛ wɔ Onyankopɔn atirimpɔw ho? (b) Eyi aba esiane adwene a wɔtwe si anidaso bɛn a ɛwɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu so nti?
15 Nnipa pii a wɔka sɛ wɔyɛ Kristofo no yɛ mfomso esiane sɛ wobu ani gu Yehowa mfitiase atirimpɔw a ɛfa asase ne onipa ho no so nti. N’asɛm da nea ná eyi yɛ ne nea ɛkyerɛ nnɛ no adi pefee, na ɔma yenya awerɛhyem sɛ ɔnsakra. (Gen. 1:28; Yes. 45:18; Mal. 3:6) Nanso, Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no twe adwene si Yehowa atirimpɔw foforo a wɔbɔɔ ho amanneɛ bere a adesamma hwee bɔne mu akyi no so, sɛ wɔnam Yesu afɔrebɔ no so bɛpaw nnipa kakraa bi ma wɔne ne Ba no abɛyɛ yɔnko adedifo wɔ ɔsoro ahenni no mu. (Gen. 3:15; 2 Tim. 4:7, 8, 18) Nea edi kan no, ɛho behia ampa sɛ ‘wɔwo’ eyinom nyinaa ‘foforo’ sɛnea wɔyɛɛ Yesu Kristo no. (Yoh. 3:3) Nanso, Onyankopɔn ogye nsiesiei a wɔayɛ denam Yesu afɔrebɔ no so no nyɛ wɔn a wɔwɔ ɔsoro anidaso no nko de. Eyi da adi mpo fi Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu.
Nkwagye Biako—Anidaso Ahorow Abien
16, 17. Kyerɛw nsɛm bɛn na ɛkyerɛ sɛ Kristo afɔrebɔ no ho mfaso ahorow no nyɛ wɔn a wɔwɔ ɔsoro anidaso no nkutoo de?
16 Yesu kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: “Yɛn agya a wowɔ soro, wo din ho ntew, w’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.” (Mat. 6:9, 10) Sɛ́ Onyankopɔn pɛ bɛyɛ wɔ asase so sɛnea ɛyɛ ɔsoro no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ nnipa atreneefo tra asase so, a wɔaka asie wɔ wɔn ho sɛ: “Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.” Eyi rentumi nyɛ nea ɛfa ɔsoro ho, efisɛ ná osu, awerɛhow, ɛyaw anaa owu biara nni hɔ.—Adi. 21:3, 4.
17 Nea ɛkyerɛ sɛ nnipa akuw abien na wobenya Onyankopɔn nsiesiei ahorow a anuonyam wom yi mu mfaso ne ɔsomafo Paulo asɛm a yehu wɔ Romafo 8:19-21 no: “Na abɔde [kuw biako] no ani gyina retwɛn Onyankopɔn mma [kuw foforo] ahoyi. Na wɔde abɔde no ahyɛ ade hunu ase, ɛnyɛ n’ankasa na ɛpɛ, na mmom nea ɔde hyɛɛ ase no ntia, anidaso mu, sɛ abɔde no ankasa nso bɛfa ne ho adi afi ɔsom a ɛsom porɔwee no mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi mu.” Enti awiei koraa no wɔn a esiane wɔn gyidi wɔ Kristo afɔrebɔ no mu nti wonya mu mfaso nyinaa benya nkwa, sɛ Onyankopɔn mma—144,000 a “wɔatɔ wɔn afi asase so” sɛ wɔbɛkɔ soro, ne ɔpepepem pii a wobenya daa nkwa wɔ paradise asase so.—Adi. 7:4, 9; 14:3; Mat. 25:31-34.
18, 19. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn atirimpɔw ma asase ne onipa no mmamu abɛn (b) Nnipa bɛn na wɔka bom yɛ Onyankopɔn ahenni ne ‘Abraham aseni’ no? (d) Nsemmisa bɛn na ɛda so wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yesusuw ho?
18 Wɔ saa nsɛm yi mu no, ɛda adi sɛ ná Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw no rebenya mmamu. Na Bible nkɔmhyɛ ahorow te sɛ nea wohu wɔ Mateo ti 24, Marko ti 13, Luka ti 21, 2 Timoteo 3:1-5 ne Adiyisɛm 6:1-8 a anya mmamu no kyerɛ sɛ saa bere no abɛn! Esiane Satan atuatew ne Adam ne Hawa asoɔden no nti, Yehowa yɛɛ ɔsoro akatua ho nhyehyɛe maa kuw bi a wɔadom wɔn, a ɔde wɔn bedi dwuma ma ne mfitiase atirimpɔw horow no anya mmamu. Eyinom nkutoo na ‘wɔwo wɔn foforo.’ Wɔne wɔn Awurade ne Owura, Yesu Kristo, na wɔka bom yɛ ahenni a Yesu kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ ho mpae no. Wɔn na wɔka bom yɛ ‘Abraham aseni’ a obehyira “asase so amanaman nyinaa” no.—Gen. 22:18; Gal. 3:29.
19 Yɛasusuw nea enti a na ɛsɛ sɛ ‘wɔwo’ Onyankopɔn Ba no ne n’ahenni yɔnko adedifo no ‘foforo,’ wɔn dodow, ne wɔn asɛyɛde ahorow mprempren ho. Nanso, nsemmisa horow yi da so wɔ hɔ: Dɛn ne Onyankopɔn afã ne onipa afã wɔ ‘awo foforo’ no mu? Ɔkwan bɛn so na obi betumi akyerɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn apaw no ma ‘wɔawo no foforo’?
[Kratafa 10 mfoni]
Bere a wɔbɔɔ no asu no, Yesu bɛyɛɛ nea wɔasra no a ɔbɛyɛ Onyankopɔn ahenni no hene
[Kratafa 12 mfoni]
Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo anokwafo sɛ ɛsɛ sɛ ‘wɔyɛ n’adansefo de kɔpem asase ano nohɔ’