Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 1/15 kr. 9-14
  • Daa Anigye Retwɛn Ademafo A Wosuro Onyankopɔn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Daa Anigye Retwɛn Ademafo A Wosuro Onyankopɔn
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Akyɛde a Ɛne “Ne Dɔba”
  • Onyankopɔn Akyɛde Kɛse a Israel Hweree
  • Ɔma mu Anigye No
  • Wɔde Daa Anigye ho Awerɛhyem Ama
  • Onyankopɔn Akyɛde a Ɛso Bi Nni—Adɛn Nti na Ɛsom Bo?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • Yesu Kristo​—Sɛnea Ne Nsɛm Ka Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Akyɛde Bɛn na Ne Sɛso Nni Hɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • Nnianim Nsɛm
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 1/15 kr. 9-14

Daa Anigye Retwɛn Ademafo A Wosuro Onyankopɔn

“Na Onyankopɔn dɔ wiase no yiye ma ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔansɛe obiara a ogye no di no, na mmom wanya daa nkwa.”​—YOHANE 3:16.

1, 2. (a) Hena ne Ɔdemafo a ɔsen biara no, na n’akyɛde a ɛsen biara a ɔde ama adesamma no ne dɛn? (b) Onyankopɔn nam n’akyɛde a ɛsen biara a ɔde mae no so daa su bɛn adi?

YEHOWA NYANKOPƆN ne Ɔdemafo a ɔsen biara. Ɔno, ɔsoro ne asase Bɔfo, no na Kristoni suani Yakobo kyerɛw ne ho asɛm sɛ: “Akyɛde pa nyinaa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ nyinaa fi soro, efi hann Agya no nkyɛn na ɛba. Ɔno na nsakrae ne adannan sunsuma nni ne mu.” (Yakobo 1:17) Yehowa ne akyɛde a ɛsen biara a wobetumi de ama no nso Mafo. Wɔkaa akyɛde a ɛsen biara a ɔde ama adesamma no ho asɛm sɛ: “Na Onyankopɔn dɔ wiase no yiye ma ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔansɛe obiara a ogye no di no, na mmom wanya daa nkwa.”​—Yohane 3:16, NW.

2 Onyankopɔn ankasa Ba a ɔwoo no koro no na ɔkaa saa nsɛm no na ɛnyɛ obiara. Agya bi ba a ɔwoo no koro fi awosu mu benya anisɔ ne ɔdɔ ama saa agya no sɛ ne nkwamafo, ne nneɛma pa a wɔde ama na wanya anigye wɔ asetra mu no nyinaa mafo. Nanso na ɛnyɛ Ɔba yi nkutoo na Onyankopɔn wɔ ɔdɔ ma no. Akyɛde a ɛte sɛɛ a Onyankopɔn de bɛma n’abɔde afoforo no bɛma ɔdɔ a oyi adi kyerɛ no ayɛ nea ɛkyɛn so. (Fa toto Romafo 5:8-10 ho.) Eyi nyinaa yɛ adanse kɛse bere a yɛhwehwɛ nea asɛmfua “mae” no kyerɛ wɔ asɛm yi mu no mu no.

Onyankopɔn Akyɛde a Ɛne “Ne Dɔba”

3. “Ne dɔba” no akyi no, henanom nso na ɔsoro Agya no yii ɔdɔ adi kyerɛɛ wɔn?

3 Wɔ bere a wɔankyerɛ ne tenten mu no, na Onyankopɔn ne ne Ba a ɔwoo no koro yi​—“ne Dɔba”​—no wɔ abusuabɔ wɔ ɔsoro. (Kolosefo 1:13) Saa bere no nyinaa mu no, na Agya no ne Ɔba no wɔ ɔdɔ ma wɔn ho wɔn ho araa ma na afoforo ntam ɔdɔ biara nni hɔ a ɛte sɛ wɔn de no. Na wɔdɔ abɔde afoforo a Onyankopɔn nam ne Ba a ɔwoo no koro no so de wɔn baa nkwa mu no nso sɛ Yehowa ɔsoro abusua no mufo. Enti, na ɔdɔ di tumi wɔ Onyankopɔn abusua no nyinaa so. Wɔaka no ɔkwan a ɛteɛ so wɔ Kyerɛw kronkron no mu sɛ “Onyankopɔn ne dɔ.” (1 Yohane 4:8) Enti na ɔsoro abusua no mufo bɛyɛ wɔn a Agya no, Yehowa Nyankopɔn dɔ wɔn.

4. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Ba a ɔde no mae no kyerɛ pii sen abusuabɔ a n’ankasa hweree, na ɔde no mae maa henanom?

4 Na Yehowa ne n’Abakan no ntam abusuabɔ no mu yɛ den yiye araa ma saa abusuabɔ a emu yɛ den a wɔde bɛkame wɔn ho no yɛ adehwere kɛse ankasa. (Kolosefo 1:15) Nanso Ɔba a ɔwoo no koro a Onyankopɔn de no “mae” yi kyerɛɛ pii sen ɔne “ne Dɔba” no ntam abusuabɔ a ɔde kamee ne ho. Ekoduu baabi mpo a Yehowa maa kwan ma ne Ba no wui, ma enti ofii nkwa mu bere tiaa bi sɛ Onyankopɔn amansan abusua no muni. Na eyi yɛ wu a owu maa wɔn a wɔmmɛyɛɛ Onyankopɔn abusua no mufo da no. Na akyɛde a ɛso biara nni hɔ a Yehowa betumi de ama adesamma a ahia wɔn no sen ne Ba a ɔwoo no koro, a Kyerɛwnsɛm no nso ka ne ho asɛm sɛ “Onyankopɔn abɔde mfiase no.”​—Adiyisɛm 3:14.

5. (a) Na Adam asefo wɔ tebea bɛn mu, na dɛn na Onyankopɔn atɛntrenee hwehwɛe sɛ Ne mma anokwafo no mu biako yɛ? (b) Na dɛn na Onyankopɔn akyɛde a ɛsen biara no bɛhwehwɛ sɛ ɔyɛ?

5 Nnipa baanu a wodi kan, Adam ne Hawa, antumi antra wɔn afã sɛ Onyankopɔn abusua mufo. Ɛno ne tebea a wohuu wɔn ho wom bere a wɔpam wɔn fii Eden turo no mu no akyi, esiane sɛ wɔyɛɛ bɔne tiaa Onyankopɔn nti. Na ɛnyɛ sɛ wɔnyɛ Onyankopɔn abusua no mufo bio nko, na mmom na wɔabu wɔn kumfɔ nso. Enti, na ɛnyɛ ɔhaw no ne sɛ wɔbɛma wɔn asefo asan anya Onyankopɔn anim dom sɛ n’abusua mufo kɛkɛ; na mmom sɛ wobeyi wɔn afi ɔsoro owu afobu ase nso. Sɛnea ɔsoro atɛntrenee dwumadi kyerɛ no, na eyi bɛhwehwɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn mma anokwafo no mu biako wu sɛ ɔnanmusini, anaasɛ agyede. Enti, na asemmisa kɛse no ne sɛ: So nea wɔbɛpaw no no befi ne pɛ mu asi adesamma abɔnefo ananmu awu ama wɔn? Afei nso, na saa a ɔbɛyɛ no hwehwɛ sɛ Onyankopɔn yɛ anwonwade bi. Na ɛbɛhwehwɛ nso sɛ woyi ɔsoro dɔ adi wɔ ɔkwan a ebi mmae da so.​—Romafo 8:32.

6. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Ba no tumi dii tebea a adesamma abɔnefo wom no mu ahiade ahorow no ho dwuma, na asɛm bɛn na ɔkae wɔ ho?

6 Na Yehowa abakan no nkutoo na obetumi adi tebea a adesamma abɔnefo wom no mu ahiade atitiriw no ho dwuma. Ɔyɛ ne soro Agya no nsɛso wɔ ɔdɔ a oyi adi kyerɛ abusua a Onyankopɔn ahyehyɛ no mufo no mu araa ma obiara ne no nsɛ wɔ Onyankopɔn mma mu. Esiane sɛ wɔnam no so na wɔde abɔde afoforo nyinaa a wɔwɔ nyansa baa nkwa mu nti, ɛda adi sɛ ɔdɔ a ɔwɔ ma wɔn no bɛyɛ nea ɛdɔɔso. Afei nso, ɔdɔ ne Yehowa Ba a ɔwoo no koro, Yesu Kristo, no su titiriw, efisɛ “ɔyɛ [Onyankopɔn] anuonyam no haran ne ne su sɛso [pɛpɛɛpɛ].” (Hebrifo 1:3) Yesu reda ɔpɛ a ɔwɔ sɛ obeyi ɔdɔ a ɛsen biara yi adi denam ne nkwa a ɔde bɛto hɔ ama adesamma abɔnefo no so adi no, ɔka kyerɛɛ n’asomafo dumien no sɛ: “Onipa Ba no nso amma sɛ wɔnsom no, na ɔbɛsomee, na ɔde ne kra ayɛ agyede ama nnipa pii.”​—Marko 10:45; hwɛ Yohane 15:13 nso.

7, 8. (a) Atirimpɔw bɛn nti na Yehowa somaa Yesu Kristo baa adesamma wiase no mu? (b) Adwuma bɛn na Onyankopɔn somaa ne Ba a ɔwoo no koro no sɛ ɔmmɛyɛ?

7 Na Yehowa Nyankopɔn wɔ ntease titiriw bi nti a ɔsomaa Yesu baa adesamma wiase a ohia wom yi mu no. Ɔsoro dɔ na ɛkanyan no ma ɔyɛɛ saa, efisɛ Yesu ankasa kae sɛ: “Na Onyankopɔn dɔ wiase no yiye ma ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔansɛe obiara a ogye no di no, na mmom wanya daa nkwa. Na Onyankopɔn ansoma Ɔba no wiase sɛ ommebu wiase atɛn, na mmom sɛ wɔmfa no so nnye wiase no.”​—Yohane 3:16, 17, NW.

8 Nkwagye adwuma nti na Yehowa fi ɔdɔ mu somaa ne Ba a ɔwoo no koro no. Onyankopɔn ansoma ne Ba no amma ha sɛ ommebu wiase no atɛn. Sɛ wɔsomaa Onyankopɔn Ba no sɛ ommebu atɛn a ɛte saa a, anka adesamma nyinaa anidaso bɛyɛ ɔkwa. Atɛn a anka Yesu Kristo bebu adesamma abusua no bɛyɛ owu afobu. (Romafo 5:12) Enti, Onyankopɔn nam ɔsoro dɔ a ɛda nsow a oyi kyerɛe yi so maa owu afobu a anka atemmu a edi mu bɛhwehwɛ no karii pɛ.

9. Odwontofo Dawid tee nka dɛn wɔ Yehowa adema ho?

9 Nneɛma nyinaa mu no, Yehowa Nyankopɔn yi ɔdɔ adi kyerɛ sɛ ne nipasu fã a ɛkyɛn so. Na yebetumi aka nokwarem sɛ Onyankopɔn fi ɔdɔ mu de nneɛma pa a ɛsen nea n’asase so asomfo hia ma wɔn. Odwontofo Dawid tee nka saa ara wɔ asɛm no ho, bere a ɔkaa eyi kyerɛɛ Onyankopɔn no: “Wo papa a wode asie ama wo fɛrefo no sõ dɛn ara! Ɛno na wuyi kyerɛ wɔn a woguan toa wo no, nnipa anim.” (Dwom 31:19) Bere a Dawid dii Israel man so hene no​—yiw, wɔ n’asetra nyinaa mu sɛ saa ɔman a Onyankopɔn hyɛɛ da pawee no muni no​—na ɔtaa hu Yehowa papayɛ. Na Dawid hui sɛ ɛdɔɔso bebree.

Onyankopɔn Akyɛde Kɛse a Israel Hweree

10. Dɛn nti na na tete Israel nte sɛ asase so ɔman foforo biara?

10 Esiane sɛ na tete Israel wɔ Yehowa sɛ ne Nyankopɔn nti, na ɛnte sɛ asase so ɔman foforo biara. Yehowa ankasa nam odiyifo Mose sɛ ntamgyinafo so ne Abraham, Isak, ne Yakob asefo yɛɛ apam. Na ɔne ɔman foforo biara nyɛɛ saa ade yi bi da. Enti, odwontofo a wɔde honhom kaa no no tumi kae sɛ: “Oyi n’asɛm kyerɛ Yakob, ɔde n’ahyɛde ne n’atemmude kyerɛɛ Israel. Ɔnyɛɛ ɔman biara saa ɛ, na n’atemmude no, wonnim. Munyi [Yah] ayɛ!”​—Dwom 147:19, 20.

11. Israel nyaa Onyankopɔn anim dom kosii bere bɛn, na Yesu kaa wɔn ntam abusuabɔ no mu nsakrae no ho asɛm dɛn?

11 Israel man kɔɔ so ne Onyankopɔn nyaa abusuabɔ pa yi kosii sɛ wɔpow Yesu Kristo sɛ Mesia no wɔ Yɛn Bere yi mu afe 33 mu. Nokwarem no, na ɛyɛ awerɛhow da ma Israel bere a Yesu kaa awerɛhosɛm yi: “Yerusalem, Yerusalem, wo a wukum adiyifo, na wusiw wɔn a wɔasoma wɔn wo nkyɛn abo, mpɛn ahe na anka mepɛe sɛ meboaboa wo mma ano, sɛnea akokɔtan boaboa ne mma ano ne ntaban ase, nanso moampɛ! Hwɛ wobegyaw mo fi afituw ama mo.” (Mateo 23:37, 38) Yesu nsɛm no kyerɛe sɛ ɛwom sɛ kan no na Israel man wɔ Yehowa anim dom de, nanso na wɔahwere Yehowa akyɛde soronko bi. Ɔkwan bɛn so?

12. Na henanom ne ‘Yerusalem mma’ no, na dɛn na anka wɔn ano a Yesu bɛboaboa no bɛkyerɛ?

12 Yesu nam asɛm “mma” a ɔde dii dwuma no so kaa honam fam Yudafo a wɔatwa twetia a wɔte Yerusalem, a na wogyina hɔ ma Yuda man no nyinaa nkutoo ho asɛm. Sɛ na Yesu bɛboaboa ‘Yerusalem mma’ no ano a, na ɛbɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔde saa “mma” yi ba wɔne Onyankopɔn ntam apam, a n’ankasa som sɛ Yehowa ne saa honam fam Yudafo no Ntamgyinafo no mu. (Yeremia 31:31-34) Na anka eyi bɛma wɔanya bɔne fafiri, efisɛ ɛhɔ na Onyankopɔn dɔ no kodu. (Fa toto Malaki 1:2 ho.) Anka eyi bɛyɛ akyɛde kɛse ampa.

13. Onyankopɔn Ba a lsraelfo pow no no ma wɔhweree dɛn, nanso dɛn nti na Yehowa anigye ammrɛ ase?

13 Yehowa twɛn sɛnea ɛsɛ ansa na ɔde akyɛde a ɛma wɔyɛ apam foforo no mufo maa wɔn a wɔnyɛ Yudafo, ma ɛne ne nkɔmhyɛ Asɛm hyiae. Nanso, esiane sɛ honam fam Israel man pow Onyankopɔn ankasa Ba Mesia no nti, akyɛde kɛse yi bɔɔ wɔn. Enti Yehowa nam akyɛde yi a ɔde maa nnipa a wɔwɔ Yuda man no akyi no so maa pow a wɔpowee ne Ba no karii pɛ. Saa kwan no so no, Yehowa anigye sɛ ɔdemafo Kɛse no kɔɔ so a ammrɛ ase.

Ɔma mu Anigye No

14. Dɛn nti na Yesu Kristo ne abɔde a ɔwɔ anigye sen biara wɔ amansan no nyinaa mu?

14 Yehowa yɛ “anigye Nyankopɔn.” (1 Timoteo 1:11, NW) Nneɛma a ɔde ma afoforo no yɛ ade biako a ɛma n’ani gye. Ne Ba a ɔwoo no koro no kae wɔ afeha a edi kan Y.B. mu sɛ: “Ɔma mu wɔ anigye kɛse sen ogye.” (Asomafo no Nnwuma 20:35, NW) Nea ɛne nnyinasosɛm yi hyia no, Yesu abɛyɛ amansan no nyinaa Bɔfo no abɔde a ɔwɔ anigye sen biara. Ɔkwan bɛn so? Wɔ Yehowa akyi no, Yesu Kristo nam ne nkwa a ɔde too hɔ na ɛde mfaso abrɛ adesamma no so de akyɛde a ɛsen biara ama. Nokwarem no, ɔne ‘Otumfo a ɔwɔ anigye no.’ (1 Timoteo 6:15) Enti, Yesu yɛɛ nea ɔka faa ɔma mu anigye kɛse ho no ho nhwɛso.

15. Dɛn ho nhwɛso na Yehowa rennyae yɛ da, na ɔkwan bɛn so na n’abɔde a wɔwɔ nyansa betumi anya n’anigye no fã bi?

15 Yehowa Nyankopɔn nam Yesu Kristo so bɛkɔ so ayɛ Ɔdemafo yamyefo ama n’abɔde a wɔwɔ nyansa no, na ɔbɛyɛ adekyɛ ho nhwɛso a ɛsen biara ama wɔn bere nyinaa. Sɛnea Onyankopɔn nya anigye wɔ akyɛde pa a ɔde ma afoforo no mu no, saa ara na ɔde ayamye honhom ahyɛ n’abɔde a wɔwɔ nyansa a wɔwɔ asase so no mu. Saa kwan no so no, wɔda ne nipasu adi na wosuasua, na wonya n’anigye no fã bi. (Genesis 1:26; Efesofo 5:1) Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo wɔ ɔkwan a ɛfata so sɛ: “Momma, na wɔama mo; susukora pa a wɔamia so na wɔawosow na abu so na wɔde begu mo ntama mu. Na susukora a mode susuw no, ɛno ara na wɔde besusuw ama mo bio.”​—Luka 6:38.

16. Adema bɛn na Yesu kaa ho asɛm wɔ Luka 6:38?

16 Yesu yɛɛ nhwɛso pa maa n’asuafo denam adema a ɔde yɛɛ ne su no so. Ɔkae sɛ wɔn a wogye no bɛyɛ adema a ɛte sɛɛ no ho biribi pa. Na ɛnyɛ honam fam akyɛde nkutoo ho asɛm na Yesu ka wɔ Luka 6:38. Na ɛnyɛ nea ɔreka akyerɛ n’asuafo sɛ wɔnyɛ biribi a ɛbɛma wɔadi hia wɔ honam fam. Mmom no, na ɔrekyerɛ wɔn biribi a ɛbɛma wɔn akomatɔyam wɔ honhom fam.

Wɔde Daa Anigye ho Awerɛhyem Ama

17. Akyɛde nwonwaso bɛn na Onyankopɔn de ama n’Adansefo wɔ awiei nna yi mu?

17 Hwɛ akyɛde nwonwaso a Yehowa a ɔne abɔde nyinaa Ti no de ama n’Adansefo wɔ awiei nna yi mu! Ɔde n’Ahenni ho asɛmpa no ama yɛn. Yɛanya hokwan kɛse sɛ yɛyɛ Onyankopɔn Ahenni a ɔde asi hɔ a ɛwɔ ne Ba Yesu Kristo a ɔredi tumi nsam no ho adawurubɔfo. (Mateo 24:14; Marko 13:10) Sɛnea wɔayɛ yɛn Ɔsorosoroni Nyankopɔn no Adansefo a yɛkasa ma no no yɛ akyɛde a ɛso nni, na ɔkwan pa a ɛsen biara a yebetumi afa so ama ade de asuasua Onyankopɔn ne sɛ yɛbɛka Ahenni nkrasɛm no akyerɛ afoforo ansa na nneɛma nhyehyɛe bɔne yi awiei aba.

18. Sɛ Yehowa Adansefo no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde ma afoforo?

18 Ɔsomafo Paulo kaa amanehunu a ohyiae bere a ɔreka Ahenni nkrasɛm no akyerɛ afoforo no ho asɛm. (2 Korintofo 11:23-27) Yehowa nnɛyi Adansefo nso hyia amanehunu, na wɔde nea wɔn ankasa pɛ to nkyɛn de bɔ mmɔden sɛ wɔde Ahenni anidaso no bɛma afoforo. Ebia yɛmpɛ sɛ yɛbɛkɔ nkurɔfo afie mu, ne titiriw no sɛ yɛfɛre ade a. Nanso sɛ Kristo akyidifo no, yɛrentumi nkwati hokwan a yɛwɔ sɛ yɛde honhom fam nneɛma bɛma afoforo denam “ahenni no ho asɛmpa yi” a yɛbɛka akyerɛ no so. (Mateo 24:14) Ehia sɛ yenya su a na Yesu wɔ no bi. Bere a ɔrebɛwu no, ɔbɔɔ mpae sɛ: “M’Agya . . . ɛnyɛ sɛnea mepɛ, na sɛnea wopɛ.” (Mateo 26:39) Ahenni no ho asɛmpa a wɔbɛka akyerɛ afoforo ho asɛm no mu no, ɛsɛ sɛ Yehowa nkoa yɛ Onyankopɔn apɛde, ɛnyɛ wɔn ankasa apɛde​—nea ɔpɛ, na ɛnyɛ nea ebia wɔpɛ.

19. Henanom na “daa afi no” yɛ wɔn Dea, na ɔkwan bɛn so na yebetumi ne wɔn afa nnamfo?

19 Adema a ɛte sɛɛ no begye yɛn bere ne nneɛma afoforo, nanso yɛnam ademafo a wosuro Onyankopɔn a yɛbɛyɛ no so hwɛ hu sɛ yɛn anigye bɛtra hɔ daa. Dɛn ntia? Efisɛ Yesu se: “Momfa ahonyade a ɛnteɛ [“wiase ahonyade,” New Internation Version] no bi nyɛ nnamfo, na sɛ ehia mo a, wɔagye mo akɔ daa afi no mu.” (Luka 16:9) Ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae sɛ yɛde “ahonyade a ɛnteɛ” bedi dwuma de afa Wɔn a “daa afi no” yɛ Wɔn Dea no nnamfo. Sɛ Ɔbɔadeɛ no, biribiara yɛ ne dea, na n’Abakan no wɔ kyɛfa wom sɛ nneɛma nyinaa Difo. (Dwom 50:10-12; Hebrifo 1:1, 2) Sɛ yɛbɛfa wɔn nnamfo a, ɛsɛ sɛ yɛde ahonyade di dwuma wɔ ɔkwan a ɛbɛma yɛanya wɔn anim dom so. Honam fam nneɛma a yɛde bedi dwuma ma afoforo anya mu mfaso ho su pa ka eyi ho. (Fa toto Mateo 6:3, 4; 2 Korintofo 9:7 ho.) Yebetumi de sika adi dwuma ɔkwan pa so de ahyɛ yɛne Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo ntam adamfofa no mu den. Sɛ nhwɛso no, yɛyɛ saa denam nea yɛwɔ a yɛde di dwuma de boa nnipa a ahia wɔn ankasa wɔ animtew mu, ne yɛn nneɛma a yɛde di dwuma ma Onyankopɔn Ahenni nneɛma nya nkɔso no so.​—Mmebusɛm 19:17; Mateo 6:33.

20. (a) Dɛn nti na Yehowa ne Yesu betumi de yɛn akɔ “daa afi” mu, na ɛhe na ebia mmeae yi wɔ? (b) Hokwan bɛn na yebenya daadaa?

20 Esiane sɛ Yehowa Nyankopɔn ne Yesu renwu da nti, wobetumi ayɛ yɛn nnamfo daadaa, na wobetumi de yɛn akɔ “daa afi no mu.” Eyi te saa, sɛ ebia eyinom ne abɔfo kronkron no nyinaa bɛtra soro, anaasɛ wɔ asase so wɔ Paradise a asan aba no mu. (Luka 23:43) Onyankopɔn akyɛde a ɔdɔ wom a ɛne Yesu Kristo no na ama eyinom nyinaa atumi ayɛ yiye. (Yohane 3:16) Na Yehowa Nyankopɔn bɛkɔ so de Yesu adi dwuma ma wakɔ so de nneɛma ama abɔde nyinaa, ma N’ankasa anya anigye a ɛda nsow. Nokwarem no, yɛn nyinaa benya hokwan ama afoforo nneɛma daadaa wɔ Yehowa Nyankopɔn amansan tumidi ne ne Ba a ɔwoo no koro a ɔne yɛn Awurade ne Agyenkwa Yesu Kristo no ahenni no ase. Eyi bɛma ademafo a wosuro Onyankopɔn nyinaa anya daa anigye.

So Wokae?

◻ Dɛn na Onyankopɔn akyɛde a ɛsen biara no bɛhwehwɛ sɛ ɔyɛ?

◻ Onyankopɔn somaa ne Ba no sɛ ɔmmɛyɛ adwuma bɛn?

◻ Hena ne abɔde a ɔwɔ anigye sen biara wɔ amansan no nyinaa mu, na dɛn ntia?

◻ Ɔkwan bɛn so na ademafo a wosuro Onyankopɔn benya daa anigye?

[Mfonini wɔ kratafa 10]

So w’ani sɔ Onyankopɔn akyɛde a ɛne ne Ba a ɔde no mae sɛ agyede afɔrebɔ no?

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Sɛ wonam asɛmpa no ka ne wo nneɛma a wode boa saa adwuma no so hwehwɛ Onyankopɔn Ahenni kan?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena