Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w88 5/1 kr. 5-7
  • So Bible No Bɔ Ne Ho Abira?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Bible No Bɔ Ne Ho Abira?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Abirabɔ” a Wɔma Biakoyɛ Bam
  • Ɛfata sɛ Yenya Mu Ahotoso
  • Nsɛm Bi Wɔ Bible Mu a Ɛne Bi Nhyia?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Ɔkwan Bɛn So na Onyankopɔn Ma Wɔkyerɛw Bible No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Hena na Ɔkyerɛw Bible No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • So Asɛmpa no Fi Onyankopɔn Hɔ Ampa?
    Asɛmpa A Efi Onyankopɔn Hɔ!
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
w88 5/1 kr. 5-7

So Bible No Bɔ Ne Ho Abira?

BIBLE no ka sɛ, ‘Onyankopɔn ntumi nni atoro.’ (Hebrifo 6:18) Enti ɔkwan bɛn so na ne nhoma betumi ayɛ nea nsɛm a abirabɔ wom ayɛ mu ma na wɔakɔ so ara afrɛ no Onyankopɔn Asɛm? Ɛrentumi mma saa. Wubisa sɛ, ‘Dɛn nti na abirabɔ wom?’

Sɛnea wobetumi ahwɛ kwan no, nkyerɛwee mu nsonsonoe baa nhoma a wɔ mfehaha pii mu no wɔhwɛɛ so kyerɛw bi a na ɛho hia sɛ wɔkyerɛ ase kɔ kasa horow a agye din mu no mu. Nanso eyi mu biara nni hɔ a ɛso araa ma ɛbɛma obi adwenem ayɛ no naa wɔ honhom mu a Bible no fi ne tumi a ɛwɔ no ho. Wɔnam nhwehwɛmu a wɔde boasetɔ ayɛ so betumi akyerɛ sɛ wobetumi adi nsɛm a ɛte sɛ nea abirabɔ wom no ho dwuma. Mpɛn pii no ɛnyɛ nea nnipa a wɔkyerɛ sɛ Bible no bɔ ne ho abira no ankasa ayɛ nhwehwɛmu a edi mũ, na mmom wogye adwene a wɔn a wɔmpɛ sɛ wogye Bible no di anaasɛ wɔbɛma akyerɛ wɔn kwan da no adi kyerɛ wɔn no tom ara kwa. Bible no de kɔkɔbɔ ma wɔ Mmebusɛm 18:13 sɛ, “Nea obua asɛm ansa na ɔte no, ɛyɛ agyimisɛm ne aniwu ma no.”

Ɛtɔ bere bi a, ebinom kasa tia nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɛte sɛ nea Bible akyerɛwfo no adwene nhyia wɔ nsɛm a ɛfa nneɛma bi dodow, sɛnea nsɛm sisii nnidiso nnidiso, sɛnea wɔkyerɛw obi nsɛm a wɔfa ka asɛm, ne nea ɛkeka ho no ho no. Nanso susuw ho hwɛ: Sɛ anka wubisa nnipa a wohuu asɛm bi a asi no mu pii sɛ wɔnkyerɛw nea wohui a, so anka sɛnea wɔkyerɛw kyerɛwtohɔ no nyinaa ne emu nkyerɛkyerɛmu no bɛyɛ nea ehyia pɛpɛɛpɛ? Sɛ ɛba saa a, so anka worennya adwene sɛ akyerɛwfo no hyɛɛ da yɛɛ apam wɔ kokoam na wɔyɛɛ saa? Enti Onyankopɔn maa Bible akyerɛwfo no kwan ma wɔkyerɛw nsɛm no sɛnea wɔpɛ ne wɔ wɔn ankasa kasa mu bere a ɔhwɛ maa wɔdaa ne nsusuwii ne nokwasɛm ahorow a ɛho hia adi pɛpɛɛpɛ no.

Ebia wɔbɛsakra nsɛm a wɔafa afi nkyerɛwee ahorow a edi kan no mu aka no mu kakra sɛnea ɛbɛyɛ a ebedi ɔkyerɛwfo foforo no ahiade ne atirimpɔw ho dwuma bere a ɛkɔ so kura ntease titiriw ne adwene a ɛwom no mu. Wobetumi aka saa ara wɔ nsɛm a esisi a wɔahyehyɛ no ho. Ebia ɔkyerɛwfo biako bedi nsɛm ahorow a asisi a wɔahyehyɛ no nnidiso nnidiso no akyi pɛpɛɛpɛ, bere a ebia ɔfoforo bɛhyehyɛ nsɛm a asisi no sɛnea abusuabɔ a ɛne nsusuwii no wɔ te no. Saa ara nso na nsɛm a woyi fi mu gyina ɔkyerɛwfo no adwene ne sɛnea ɔbɔ kyerɛwtohɔ no mua no so. Enti Mateo kaa anifuraefo baanu a Yesu saa wɔn yare ho asɛm bere a Marko ne Luka kaa obiako pɛ ho asɛm. (Mateo 20:29-34; Marko 10:46; hɔ no mu. Ɔkaa wɔn dodow ankasa ho asɛm bere a Marko ne Luka de adwene si ɔbarima biako a Yesu ne no bɔɔ nkɔmmɔ no so.

Na wɔwɔ akwan horow a ɛsonsonoe a wɔfa so bu mmere nso. Yuda man no de kalenda ahorow abien na edii dwuma​—kalenda kronkron ne ɔman kalenda no anaasɛ kuayɛ kalenda​—ɛsono bere a emu biara fi ase wɔ afe no mu. Ebia na akyerɛwfo a ɛsono ɔsram ne da a wɔde dii dwuma bere a wɔreka asɛm koro no ara a asi ho asɛm no de kalenda a ɛsonosonoe na edii dwuma. Esiane sɛ Apuei Fam akyerɛwfo ntaa mfa akontaa nkyerɛwee mu nkyekyem nni dwuma nti, wobu afe no fã bi sɛ mfe mũ. Wɔde kakraa a aka no ka ho ma ɛyɛ mua. Sɛ nhwɛso no, hyɛ eyi nsow wɔ mmerebu kyerɛwtohɔ ahorow a wohu wɔ Genesis ti 5 no.

“Abirabɔ” a Wɔma Biakoyɛ Bam

Nanso so kyerɛw nsɛm ahorow nni Bible no mu a ɛne kyerɛw nsɛm afoforo bɔ abira? Momma yensusuw kakraa bi a ebinom a wɔkasa tia Bible no aka ho asɛm no ho.

Yɛkenkan wɔ Yohane 3:22 sɛ Yesu ‘bɔɔ asu’ bere a wɔ Yohane 4:2 no, kyerɛwtohɔ no ka sɛ ‘Yesu ankasa de, wammɔ asu.’ Nanso sɛnea kyerɛwsɛm a aka no kyerɛ no, ɛyɛ Yesu asuafo no na wɔbɔɔ asu no ankasa wɔ Yesu din mu ne n’akwankyerɛ ase. Eyi te sɛ odwumayɛfo ne ɔkyerɛwfo a wɔn baanu nyinaa betumi aka sɛ wɔn na wɔkyerɛw krataa pɔtee bi asɛm no.

Afei kyerɛwsɛm a ɛwɔ Genesis 2:2 a ɛka sɛ Onyankopɔn home fii “n’adwuma a ɔbɔe na ɔyɛe nyinaa ho” no wɔ hɔ. Nea ɛne eyi bɔ abira no ne Yesu asɛm a ɛwɔ Yohane 5:17 no, faako a ɔka sɛ Onyankopɔn “gu so yɛ adwuma besi sesɛɛ” no. Nanso sɛnea asɛm no kyerɛ no, kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Genesis no ka Onyankopɔn adebɔ nnwuma ho asɛm bere a na Yesu reka Onyankopɔn nnwuma a ɛfa ne soro akwankyerɛ ne adesamma hwɛ ho asɛm.

Yehu biribi foforo a ɛte sɛ nea abirabɔ wom denam Exodus 34:7 a yɛde toto Hesekiel 18:20 ho no so. Kyerɛwsɛm a edi kan no ka sɛ Onyankopɔn ‘betua agyanom amumɔyɛ so ka afa mma ne mma mma so,’ bere a nea ɛto so abien no ka sɛ “ɔba rensoa n’agya amumɔyɛ bi.” Dɛn nti na ɛte sɛ nea abirabɔ wɔ kyerɛw nsɛm yi mu? Efisɛ woyi fii asɛm a ɛfa ho no mu. Hwehwɛ nea eyi ka ho asɛm no mu ankasa. Afei ɛbɛda adi sɛ ɛnyɛ nea Onyankopɔn ka sɛ asotwe ba agyanom nkutoo so na mmom mma ne mma mma so a, na ɔreka nea ɛbɛto Israelfo sɛ ɔman ho asɛm sɛ wɔyɛ bɔne tia no na wɔde wɔn kɔ nnommumfa mu a. Nea ɛne eyi bɔ abira no, bere a ɔkaa sɛ ɔba rensoa n’agya amumɔyɛ no, na ɔreka akontaa a obi ankasa bebu ho asɛm.

Yebetumi ahu nsonsonoe wɔ kyerɛwtohɔ a ɛfa Yesu awo ho a wɔakyerɛw wɔ Mateo 1:18-25 ne Luka 1:26-38 no mu. Nanso so ɛkyerɛ sɛ abirabɔ wom?

So woakan abakɔsɛm abien a ɛfa obi a wagye din ho pɛn? Sɛ saa a, so woahu sɛ ɛbɛyɛ nea nsonsonoe wɔ abakɔsɛm yi mu a ɛnyɛ nea ɛne ne ho bɔ abira ankasa? Ɛtaa yɛ nea efi ɔkyerɛwfo no ankasa adwene a ɔwɔ anaasɛ faako a onyaa nsɛm no fii. Egyina nea ɔkyerɛwfo no te nka sɛ ɛho hia sɛ ɔka ho asɛm wɔ n’asɛm no mu, nea ɔreka ho asɛm ne atiefo a ɔrekyerɛw asɛm no ama wɔn no ho asɛm a ɛwɔ n’adwenem no nso so. Enti ɛbɛyɛ nea nsonsonoe wɔ kyerɛwtohɔ a wɔkyerɛw maa akenkanfo a wɔyɛ amanaman mufo no ne nea wɔkyerɛw maa Yudafo akenkanfo a wɔte nokwasɛm ahorow bi ase na wɔagye atom dedaw no mu.

Eyinom yɛ Bible mu nsɛm ho nhwɛso a sɛ obi anhwehwɛ mu yiye a, na ɛte sɛ nea ɛne wɔn ho bɔ abira. Nanso sɛ yɛhwehwɛ mu yiye na yɛma adwene a ɔkyerɛwfo no kura ne nea ɔka ho asɛm no tra yɛn adwenem a, yebehu sɛ abirabɔ biara nnim koraa na ɛyɛ nsɛm a ɛhwehwɛ nhwehwɛmu foforo. Nanso ebinom ntumi mmɔ mmɔden a ɛho hia yi na wohu sɛ ɛyɛ mmerɛw kɛse sɛ wɔbɛka sɛ: “Bible no ne ho bɔ abira.”

Ɛfata sɛ Yenya Mu Ahotoso

Onyankopɔn honhom kronkron no maa Bible akyerɛwfo no ahofadi kɛse wɔ wɔn amanneɛbɔ ahorow a wɔkyerɛwee no mu. (Asomafo no Nnwuma 3:21) Enti wotumi kaa nea wohui no ho asɛm yiye. Nanso nsonsonoe a ɛwɔ wɔn nsɛm mu no ma wohuu nea wogye di ne wɔn nokwaredi ankasa na ɛnyɛ nea ɛbɛma wɔatumi aka sɛ wɔyɛ nnaadaafo anaasɛ wɔyɛɛ biako wɔ kokoam. (2 Petro 1:16-21) Bere a ɛsono ɔkwan a akyerɛwfo no faa so kaa wɔn nsɛm no, wɔn nyinaa twee adwene sii ade biako so na na wɔwɔ atirimpɔw koro: sɛ wɔbɛkyerɛ nkurɔfo nea Yehowa Nyankopɔn bɛyɛ na ama adesamma ani agye ne nea ɛsɛ sɛ adesamma yɛ na wɔanya Onyankopɔn anim dom.​—Mmebusɛm 2:3-6, 9.

Bible no yɛ nhoma a ɛkanyan yɛn adwene. Ɛne ne ho hyia. Abirabɔ nnim. Ɛfata sɛ yenya emu nhoma 66 (atiri 1,189 anaasɛ nkyekyem 31,173 sɛnea King James Version kyerɛ no) nyinaa mu ahotoso. Yiw, wubetumi de wo ho ato Bible no so!

[Adaka wɔ kratafa 6]

Sɛ Wuhu Bible mu “Abiriabɔ” a, So Ebetumi Aba Sɛ:

◆ Wunnim abakɔsɛm mu nokwasɛm anaasɛ tete amanne ahorow bi?

◆ Woansusuw nea wɔka ho asɛm no ho?

◆ Woabu w’ani agu adwene a ɔkyerɛwfo no kura no so?

◆ Worebɔ mmɔden sɛ wobɛma nyamesom mu nsusuwii a ɛnyɛ nokware ne nea Bible no ka ankasa ahyia?

◆ Wode Bible nkyerɛase a enni mũ anaasɛ ne bere atwam na edi dwuma?

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Mateo kae sɛ Yesu saa anifuraefo baanu yare. Marko ne Luka kaa obiako pɛ ho asɛm. So eyi yɛ abirabɔ?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena