Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • jy ti 18 kr. 46-kr. 47 nky. 6
  • Yesu Dɔree, na Yohane so Hwanee

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yesu Dɔree, na Yohane so Hwanee
  • Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yohane So Huan, Yesu Dɔre
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Yohane Pɛe Sɛ Ɔte Yesu Anom Asɛm
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Yohane Suboni—Ne Nhwɛso Betumi Aboa Ama Yɛn Ani Akɔ So Agye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • Hena Ne Yohane Suboni?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
Hwɛ Pii Ka Ho
Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
jy ti 18 kr. 46-kr. 47 nky. 6
Yohane Suboni ne n’asuafo rekasa

TI 18

Yesu Dɔree, na Yohane so Hwanee

MATEO 4:12 MARKO 6:17-20 LUKA 3:19, 20 YOHANE 3:22–4:3

  • YESU ASUAFO BƆƆ NKURƆFO ASU

  • WƆDE YOHANE SUBONI TOO AFIASE

Bere a Yesu ne n’asuafo no dii Twam afahyɛ no wiee wɔ afe 30 mu no, wɔfirii Yerusalem. Nanso wɔankɔ wɔn kurom wɔ Galilea mantam no mu, na mmom wɔde wɔn ani kyerɛɛ Yudea. Wɔkɔduu hɔ no, wɔbɔɔ nnipa pii asu. Saa bere no, na Yohane Suboni de bɛyɛ afe baako ayɛ adwuma koro yi ara bi wɔ Yordan Asubɔnten no ho, na na n’asuafo no bi da so ka ne ho.

Yesu deɛ, wamfa obiara anhyɛ nsuo mu ammɔ no asu, na mmom ɔhwɛ maa n’asuafo no bɔɔ nkurɔfo asu. Ɛbɛsi saa bere no deɛ, adwuma baako na na Yesu ne Yohane reyɛ. Ná wɔn nyinaa rekyerɛkyerɛ Yudafo a wɔabu Onyankopɔn Mmara apam no so na wɔanu wɔn ho no.​—Asomafoɔ Nnwuma 19:4.

Nanso ahoɔyaw nti, anyɛ Yohane asuafo no dɛ. Wɔbɛka kyerɛɛ Yohane sɛ: “Ɔbarima [Yesu] a . . . wodii ne ho adanseɛ no, hwɛ, ɔrebɔ asu na nnipa nyinaa rekɔ ne nkyɛn.” ( Yohane 3:​26) Yohane deɛ na ɛnhaw no, na mmom na ɛyɛ no dɛ sɛ Yesu renya nkɔso, na na ɔpɛ sɛ n’asuafo no nso ani gye. Yohane kaee wɔn sɛ: “Mo ara modi me adanseɛ sɛ mekaa sɛ ɛnyɛ mene Kristo no, na mmom wɔasoma me adi no kan.” Enti ɔyɛɛ mfatoho bi a ɛbɛma obiara ate asɛm no ase. Ɔkaa sɛ: “Deɛ ayeforɔ no wɔ no no, ɔno ne ayeforɔkunu no. Na ayeforɔkunu no adamfo deɛ, sɛ ɔgyina hɔ tie na ɔte ayeforɔkunu no nne a, n’ani gye paa. Enti anigyeɛ a mewɔ yi ayɛ mã.”​—Yohane 3:​28, 29.

Ná Yohane kaa Yesu ho asɛm kyerɛɛ n’asuafo no nkyɛe, na sɛnea ayeforokunu adamfo biara ani gye sɛ n’adamfo reware no, saa ara nso na Yohane ani gyei bere a ɔreka Yesu ho asɛm no. Wɔn mu binom dii Yesu akyi, na na ɛrenkyɛ na wɔahwie honhom kronkron agu wɔn so. Ná Yohane pɛ sɛ n’asuafo a wɔwɔ ne nkyɛn no nso di Yesu akyi. Yohane deɛ na n’adwuma ne sɛ ɔbɛsiesie kwan mu ama Kristo asɛnka adwuma. Enti Yohane kyerɛɛ mu sɛ: “Ɛtwa sɛ ɔno deɛ, ɔkɔ so dɔre, na me deɛ, me so hwan ara.”​—Yohane 3:30.

Ná Yesu asuafo a wɔdi kan no baako nso de Yohane, na akyiri yi ɔkyerɛɛ baabi a Yesu fi ne nea ɔbɛyɛ de agye adasamma. Ɔkaa sɛ: “Deɛ ɔfiri soro no boro obiara so. . . . Agya no dɔ Ɔba no, na ɔde nneɛma nyinaa ahyɛ ne nsa. Deɛ ɔgye Ɔba no die no wɔ daa nkwa; deɛ ɔntie Ɔba no renhunu nkwa, na Onyankopɔn abufuhyeɛ wɔ ne so.” ( Yohane 3:​31, 35, 36) Ná wei yɛ nokwasɛm a ɛho hia paa sɛ nkurɔfo hu.

Ɔsraani bi de Yohane Suboni reto afiase

Bere a Yohane Suboni kaa sɛ ɛsɛ sɛ ne so hwan no, ankyɛ koraa na Ɔhene Herode kyeree no too afiase. Nea ɛbae ne sɛ, na Herode agye ne nua Filipo yere Herodia. Enti bere a Yohane kaa no pen kyerɛɛ Herode sɛ wasɛe aware no, ɔma wɔkyeree Yohane too afiase. Yesu tee sɛ wɔakyere Yohane no, ɔne n’asuafo no ‘firii Yudea kɔɔ Galilea.’​—Mateo 4:​12; Marko 1:​14.

  • Yohane Suboni bɔɔ nkurɔfo asu, na Yesu nso, ansa na ɔrewu asɔre no, ɔmaa n’asuafo no bɔɔ nkurɔfo asu. Dɛn ne asubɔ mmienu no nyinaa atirimpɔ?

  • Dɛn na Yohane ka kyerɛɛ n’asuafo no maa wɔhuu sɛ ɛnsɛ sɛ wɔma Yesu nkɔso no haw wɔn?

  • Ɛyɛɛ dɛn na wɔkyeree Yohane too afiase?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena