Yesu Asetra Ne Ne Som Adwuma
Yohane So Huan, Yesu Dɔre
WƆ TWAM a wodii no afe 30 Y.B. asusow bere mu no akyi no, Yesu ne n’asuafo no fii Yerusalem. Nanso, wɔansan ankɔ wɔn afi mu wɔ Galilea, na mmom wɔkɔɔ Yudea mantam no mu na wɔbɔɔ nkurɔfo asu wɔ hɔ. Yohane Osuboni ayɛ saa adwuma yi bɛyɛ afe biako ni, na ɔda so ara wɔ asuafo ka ne ho.
Nokwarem no, Yesu ankasa mmɔ asu no bi, nanso n’asuafo no yɛ saa wɔ n’akwankyerɛ ase. Wɔn asubɔ no te sɛ Yohane de no ara, efisɛ ɛyɛ Yudafo no bɔne a wɔayɛ atia Onyankopɔn Mmara apam no ho adwensakra ho sɛnkyerɛnne. Nanso, wɔ ne wusɔre akyi no, Yesu kyerɛkyerɛ n’akyidifo no sɛ wɔmmɔ asu bi a ɛwɔ ntease foforo. Kristofo asubɔ yɛ obi ho so a wahyira sɛ ɔbɛsom Yehowa Nyankopɔn no ho sɛnkyerɛnne.
Wɔ Yesu som adwuma no mfiase ha no, ɔne Yohane nyinaa kyerɛkyerɛ na wɔbɔ wɔn a wɔasakra wɔn adwene asu, ɛwom sɛ obiara yɛ ne de nko de. Nanso ɛyɛ Yohane asuafo no anibere na wɔbɛka Yesu ho asɛm kyerɛ no sɛ: “Rabi, . . . hwɛ ɔno nso bɔ asu, na nnipa nyinaa ba ne nkyɛn.”
Sɛ́ anka ɛbɛyɛ Yohane anibere mmom no, n’ani gye sɛ Yesu nya nkɔso na ɔpɛ sɛ n’asuafo no nso ani gye. Ɔkae wɔn sɛ: “Mo ankasa mudi me adanse sɛ mekae sɛ: Ɛnyɛ me ne Kristo no, na wɔsomaa me dii n’anim.” Afei ɔde mfatoho fɛfɛ bi di dwuma sɛ: “Nea ayeforo wɔ no no ne ayeforokunu; na ayeforokunu adamfo a ogyina hɔ na ofie no de, ogye na n’ani gye, ayeforokunu no nne nti. Afei na me saa anigye yi awie pɛyɛ.”
Nà Yohane, sɛ Ayeforokunu adamfo no, adi kan anya anigye bɛyɛ asram asia ni bere a ɔde n’asuafo kyerɛɛ Yesu no. Wɔn mu binom bɛyɛɛ wɔn a wobenya hokwan abɛyɛ Kristofo ayeforo kuw a Kristofo a wɔde honhom asra wɔn na wɔwom no mufo. Yohane pɛ sɛ n’asuafo a wɔwɔ hɔ no nso di Yesu akyi, efisɛ n’atirimpɔw ne sɛ obesiesie kwan ama Kristo som adwuma no nkɔso. Sɛnea Yohane kyerɛkyerɛ mu no: “Ɔno de, .. etwa sɛ ɔdɔre, na me de, me so huan.”
Eyi akyi bere tiaa bi no, Ɔhene Herode kyere Yohane. Herode afa ne nua Filipo yere Herodia sɛ ne yere, na bere a Yohane kasa tiaa ne nneyɛe no wɔ baguam sɛ ɛnteɛ no, Herode ma wɔde no to afiase. Bere a Yesu tee sɛ wɔakyere Yohane no, ɔne n’asuafo no fii Yudea kɔɔ Galilea. Yohane 3:22-4:3; Asomafo no Nnwuma 19:4; Mateo 28:19; 2 Korintofo 11:2; Marko 1:14; 6:17-20.
◆ Asu a wɔbɔe wɔ Yesu akwankyerɛ ase ansa na ne wusɔre no reba no kyerɛ dɛn? Na ne wusɔre akyi de no nso ɛ?
◆ Ɔkwan bɛn so na Yohane kyerɛ sɛ ɛho nhia sɛ n’asuafo no nwiinwii?
◆ Dɛn nti na wɔde Yohane too afiase?