Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 2/1 kr. 30-31
  • Sekem—Kurow a Ɛda Bon Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sekem—Kurow a Ɛda Bon Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Gerisim—‘Bepɔw Yi so na Yɛsomee’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Yehowa Yɛn Nyankopɔn Na Yɛbɛsom No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Ma Yosua Mmoa Wo Na Som Yehowa Akokoduru So!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Asase ho Nsɛm a Bible Ka So Ɛyɛ Nokware?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 2/1 kr. 30-31

Sekem—Kurow a Ɛda Bon Mu

KUROW a na ɛda asase a Onyankopɔn paw maa ne nkurɔfo no mfinimfini pɛɛ, wɔ Bepɔw Ebal ne Bepɔw Gerisim ntam no, ne Sekem. Ɛyɛ ha na—bɛyɛ mfe mpem anan a atwam ni no—Yehowa hyɛɛ Abraham bɔ sɛ: “W’asefo na mede asase yi mɛma wɔn.”—Genesis 12:6, 7.

Nea ɛne saa bɔhyɛ yi hyia no, Abraham nenabarima Yakob traa ntamadan mu wɔ Sekem, na osii afɔremuka bi frɛɛ no “Onyankopɔn, Israel Nyankopɔn.” Ɛbɛyɛ sɛ Yakob tuu abura bi wɔ saa beae yi na ama n’abusua ne ne mmoa anya nsu, na mfehaha bi akyi no, wɔbɛfrɛɛ abura no “Yakob abura.”—Genesis 33:18-20, NW, ase hɔ asɛm; Yohane 4:5, 6, 12.

Nanso, ɛnyɛ Yakob abusua no mufo nyinaa na wɔdaa nokware som ho mmɔdenbɔ adi. Ne babea Dina kɔhwehwɛɛ nnamfo wɔ Kanaanfo a na wɔwɔ Sekem no mu. Dina a na ɔda so yɛ abofra saa bere no fii n’abusua ntamadan a na ahobammɔ wom no mu, na ofii ase kɔsrasraa kurow a ɛbɛn hɔ no, na ɔfaa nnamfo wɔ hɔ.

Adwene bɛn na na kurow no mu mmerante benya ama saa ɔbaabun kumaa a na ɔtaa srasra wɔn kurow no—a ɛda adi sɛ na obiara nka ne ho no? Otitiriw bi ba “huu no, na ɔfaa no ne no dae gurow no.” Dɛn nti na Dina pɛɛ asɛm maa ne ho denam ne ho a ɔde kɔbɔɔ Kanaanfo a na wɔn bra asɛe no so? So na ɛyɛ te a ɔte nka sɛ ohia mmeawa a ɔne wɔn bɔ tipɛn fekubɔ ntia? Ná ɔyɛ asoɔden ne asobrakye te sɛ ne nuabarimanom binom anaa? Kenkan Genesis kyerɛwtohɔ no, na bɔ mmɔden sɛ wobɛte ahohia ne aniwu nka a ɛbɛyɛ sɛ Yakob ne Lea tee esiane ade bɔne a efii Sekem a wɔn babea no kɔsrasrae no mu bae nti no ase.—Genesis 34:1-31; 49:5-7; hwɛ The Watchtower, June 15, 1985, kratafa 31 nso.

Bɛyɛ mfe 300 akyi no, nea efi bu a wobu teokrase akwankyerɛ ahorow animtiaa mu ba no bɛdaa adi bio. Yosua ma wɔyɛɛ nhyiam a wɔkae wɔ Israelfo abakɔsɛm mu sen biara no biako wɔ Sekem. Yɛ tebea a ɛkɔɔ so wɔ bon no mu no ho mfonini wɔ w’adwene mu. Nnipa bɛboro ɔpepem biako—mmarima, mmea, ne mmofra—a wofi Israel mmusuakuw asia mu gyinagyina Bepɔw Gerisim anim. Bɛyɛ nnipa dodow a ɛte saa ara a wofi mmusuakuw asia a aka no mu gyinagyina Bepɔw Ebala anim wɔ bon no agya. Na asɔfo no ne Yosua gyinagyina apam adaka no nkyɛn wɔ Israelfo nnipadɔm abien yi ntam wɔ bon no mu. Ahwɛde bɛn ara ni!—Yosua 8:30-33.

Mmepɔw abien a na saa nnipadɔm kɛse no wɔ ase no ma wohu nsonsonoe kɛse a ɛda asase fɛfɛ ne asasebonin ntam. Ɛde rekɔ Gerisim atifi fam no yɛ frɔmfrɔm na ɛsow aba, na Ebal fã kɛse no ara nyɛ fɛ na ɛhɔ yɛ kwayow. So wubetumi de w’adwene abu huhuhuhu a ɛba bere a Israelfo no retwɛn ma Yosua akasa no? Dede biara gyigye pii wɔ nhyiambea a wɔamfa nsa na esii yi.

Wɔ nnɔnhwerew anan kosi asia a Yosua de kenkan ‘Mose mmara nhoma no’ mu no, nkurɔfo no nso nyaa mu kyɛfa. (Yosua 8:34, 35) Ɛda adi sɛ Israelfo a na wɔwɔ Gerisim no gyee nhyira no mu biara so sɛ, Amen! bere a wɔn a wɔwɔ Ebal no Amen! no si nnome no mu biara so dua. Ɛbɛyɛ sɛ sɛnea Bepɔw Ebal ayɛ asasebonin no twe nkurɔfo no adwene si ɔhaw a efi asoɔden mu ba no so.

Yosua bɔ kɔkɔ sɛ: “Nnome nka nea ɔyaw n’agya ne ne na!” Nnipa bɛboro ɔpepem biako de nne biako gye so sɛ: “Amen.” Yosua twɛn ma nnyeso a ano yɛ den yi brɛ ase ansa na watoa so sɛ: “Nnome nka nea otwiw ne yɔnko hye!” Ɛno nso mmusuakuw asia, a ahɔho a wɔabɛsoɛ wɔn mu ka ho, teɛm sɛ: “Amen.” (Deuteronomium 27:16, 17) Sɛ wowɔ hɔ a, anka wo werɛ befi saa nhyiam a wɔyɛe wɔ mmepɔw no ntam no? Anka hia a osetie ho hia no rentra w’adwene mu pefee anaa?

Bere a aka kakra ma Yosua awu wɔ mfe 20 akyi no, ɔfrɛɛ ɔman no boaa wɔn ano wɔ Sekem bio ma wɔhyɛɛ wɔn tirimbɔ no mu den. Ɔde biribi a ɛsɛ sɛ obiara paw sii wɔn anim. Ɔkae sɛ: “Ɛnnɛ mompaw nea mobɛsom no mfa . . . Me ne me fi de, yɛbɛsom Awurade [Yehowa, NW].” (Yosua 24:1, 15) Ɛda adi sɛ wɔn werɛ amfi nhyiam horow a ɛhyɛ gyidi den a wɔyɛe wɔ Sekem yi. Yosua wu akyi mfe pii no, Israelfo no suasuaa ne nokwaredi ho nhwɛso no.—Yosua 24:31.

Bɛyɛ mfeha 15 akyi a na Yesu regye n’ahome wɔ Bepɔw Gerisim onwini ase no, nkɔmmɔbɔ a ɛka koma bi kɔɔ so. Bere a na Yesu atwa kwan tenten bi abrɛ no, na ɔte Yakob abura no ho na Samariani bea bi de asuhina baa hɔ. Ɛyɛɛ ɔbea no nwonwa kɛse sɛ Yesu srɛɛ no nsu, efisɛ na Yudafo ne Samariafo nkasa, na kampɛsɛ wɔanom wɔn nkuruwa mu. (Yohane 4:5-9) Yesu nsɛm a edi hɔ no koraa na ɛyɛɛ no nwonwa kɛse.

“Obiara a ɔnom nsu yi bi no, osukɔm bɛde no bio. Na nea ɔbɛnom nsu a mɛma no no bi no, osukɔm renne no da; na nsu a mɛma no no bɛyɛ nsu abura a efifi kɔ daa nkwa mu wɔ no mu.” (Yohane 4:13, 14) Susuw sɛnea ɔbea no ani gyee saa bɔhyɛ no ho, efisɛ na ɛyɛ adwumaden sɛ wɔbɛsaw nsu afi saa abura a emu dɔ yi mu. Yesu toaa so kyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɛmfa ho sɛ na Yerusalem ne Bepɔw Gerisim agye din wɔ abakɔsɛm mu no, na emu biara nyɛ beae a wɔsom a ehia ansa na wɔatumi abɛn Onyankopɔn. Ná nea ɛho hia ne komam nsusuwii ne suban, na ɛnyɛ beae bi. Ɔkae sɛ: “Nokware asɔrefo bɛsɔre agya no honhom ne nokware mu; na wɔn a wɔsɔre no saa no nso na agya no rehwehwɛ.” (Yohane 4:23) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ saa nsɛm no kyekyee ne werɛ! Saa bere no nso saa bon yi bɛyɛɛ baabi a wɔhyɛɛ nkurɔfo nkuran sɛ wɔnsom Yehowa.

Ɛnnɛ Nablus kurow no wɔ tete Sekem amamfõ nkyɛn. Bepɔw Gerisim ne Bepɔw Ebal da so wɔ bon no atifi, na edi nsɛm a esisii wɔ tete mmere mu no ho adanse. Obi betumi akɔhwɛ Yakob abura a ɛwɔ saa mmepɔw yi anafo no nnɛ. Bere a yedwennwen nneɛma a ɛkɔɔ so wɔ hɔ no ho no, ɛkae yɛn hia a ɛho hia sɛ yɛma nokware som kɔ so sɛnea Yosua ne Yesu kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnyɛ no.—Fa toto Yesaia 2:2, 3 ho.

[Ase hɔ asɛm]

a Mmusuakuw asia a na wogyinagyina Bepɔw Gerisim anim no ne Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, Yosef, ne Benyamin. Mmusuakuw asia a na wogyinagyina Bepɔw Ebal anim no ne Ruben, Gad, Aser, Sebulon, Dan, ne Naftali.—Deuteronomium 27:12, 13.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 31]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena