Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 5/15 kr. 4-7
  • Ma Onyankopɔn Nni Kan Wɔ Wo Abusua Asetra Mu!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ma Onyankopɔn Nni Kan Wɔ Wo Abusua Asetra Mu!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Onyankopɔn a Mode No Bedi Kan Kyerɛ
  • Onyankopɔn a Wode No Bedi Kan sɛ Okunu
  • Onyankopɔn a Wode No Bedi Kan sɛ Ɔyere
  • Onyankopɔn a Mode No Bedi Kan sɛ Mmofra
  • Ma Onyankopɔn Nni Kan!
  • Sɛnea Wobɛma W’abusua Asetena Ayɛ Anigye
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Yehowa Abusua Nhyehyɛe A Ɔdɔ Wom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Abusua Asetra A Wɔbɛma Ayɛ Yiye
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • W’abusua Betumi Anya Anigye
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 5/15 kr. 4-7

Ma Onyankopɔn Nni Kan Wɔ Wo Abusua Asetra Mu!

BOB NE JEAN​—awarefo a yɛkaa wɔn ho asɛm wɔ asɛm a edi kan no mu​—ankɔgu wɔn aware no. Mmom no, wɔne Kristoni ɔsomfo bi susuw wɔn haw ahorow no ho. Ankyɛ ohui sɛ wɔn nsɛnnennen no fi ntetee soronko a wɔn mu biara nyae no titiriw.

Sɛ nhwɛso no, esiane sɛ Bob fi abusua a wɔyɛ nsaano adwumaden mu, na n’ankasa nso yɛ nsaano adwumaden nti, na ɔpɛ anɔpaduan a emu yɛ duru anɔpa biara. Jean a ofi adwumayɛfo a wɔyɛ akrakyefo abusua mu no maa no kafe ne brodo a watoto. Enti anɔpaduan ho akasakasa danee ntɔkwaw ankasa!

Na ehia sɛ Bob ne Jean nya nkɔso wɔ wɔn nkitahodi mu. Nanso, na nea ɛde wɔn haw no ba ankasa no kɔ akyiri sen saa. Ɔsomfo no bisae sɛ: “So muhu mo ho mo ho sɛnea 1 Korintofo 13:4 kyerɛ no?” Saa Bible kyerɛwsɛm no kenkan sɛ: “Ɔdɔ wɔ abodwokyɛre, ne yam ye; ɔdɔ nyɛ ahoɔyaw; ɔdɔ nyɛ ahoahoa, ɛnhoran.” Nkyekyem a edi hɔ no ka sɛ ɔdɔ ‘nyɛ ne ho sɛnea ɛmfata, ɛnhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de, ne bo nhaw no, ɛmfa bɔne nhyɛ ne yam.’ Na Jean ne Bob nyinaa wɔ ɔpɛ sɛ wɔde nsɛm yi bedi dwuma wɔ wɔn abusuabɔ no mu.

Na ɔhaw ahorow a awarefo baanu yi hyia no ano aduru a wohia no yɛ honhom fam de titiriw. Esiane sɛ na Bob ne Jean pɛ sɛ wɔne Onyankopɔn kɔ so nya abusuabɔ pa nti, na ehia sɛ wɔde Bible nnyinasosɛm di dwuma sen biribiara, na wohu sɛ “sɛ [Yehowa] ansi dan no a, wɔn a wosi yɛ ho adwuma kwa.” (Dwom 127:1) Nkyekyem 3 kosi 5 ka abusua a wɔbɛhyehyɛ ho asɛm. Na ade a ɛsen biara a ebetumi ama wɔanya anigye wɔ fie ne sɛ wɔde Onyankopɔn bedi kan wɔ wɔn abusua asetra mu.​—Efesofo 3:14, 15.

Nea Onyankopɔn a Mode No Bedi Kan Kyerɛ

Onyankopɔn a mode no bedi kan wɔ mo abusua asetra mu no kɔ akyiri sen asɛm a wɔka sɛ, “Abusua a wɔbom bɔ mpae na wɔtra ase bom.” Sɛnea Family Relations nsɛmma nhoma no kyerɛ no, nnipa pii gye di sɛ “nyamesom ma nkitahodi pa ba abusua mu ntɛmntɛm, na ɛma akomatɔyam a abusua no mufo wɔ wɔ asetra mu no yɛ kɛse.” Nanso ɛsono nyamesom a wode wo ho bɛhyɛ mu, na ɛsono di a wode Onyankopɔn bedi kan. Nnipa pii dɔm ɔsom bi esiane suban, abusua atetesɛm anaasɛ asetra mu mfaso nti. Nkɛntɛnso ketewa bi na Onyankopɔn wɔ wɔ wɔn da biara asetra so. Ne titiriw no, ɛnyɛ ɔsom nyinaa na ɛyɛ “onyamesom a ɛho tew na ɛho nni fĩ agya Onyankopɔn anim.”​—Yakobo 1:27

Sɛ yɛde Onyankopɔn bedi kan wɔ yɛn abusua asetra mu a, ɛsɛ sɛ yɛne yɛn adɔfo som Yehowa, “Ɔsorosoroni, [wɔ] asase nyinaa so” no, sɛnea nea ɔhwehwɛ kyerɛ. (Dwom 83:18) Onyankopɔn Ba Yesu Kristo kae sɛ: “Na bere no reba, na adu, sɛ nokware asɔrefo bɛsɔre agya no honhom ne nokware mu; na wɔn a wɔsɔre no saa no nso na Agya no rehwehwɛ. Onyankopɔn yɛ honhom, na wɔn a wɔsɔre no no, ɛsɛ sɛ wɔsɔre no honhom ne nokware mu.” (Yohane 4:23, 24) Sɛ yɛbɛsom Yehowa Nyankopɔn “honhom . . . mu” a, ɛsɛ sɛ koma a ɔdɔ ne gyidi ayɛ no ma kanyan yɛn ma yɛde ɔsom kronn ma no. (Marko 12:28-31; Galatifo 2:16) Yehowa a yɛbɛsom no “nokware mu” no hwehwɛ sɛ yɛpow ɔsom mu atosɛm na yɛyɛ n’apɛde a wada no adi wɔ Bible no mu no nyinaa. Yɛrentumi mma Onyankopɔn nni kan, gye sɛ yɛn som ne ne gyinapɛn ahorow hyia.a Eyinom bi ne dɛn? Na ɔkwan bɛn so na dwuma a mode bedi no bɛboa mo abusua no?

Onyankopɔn a Wode No Bedi Kan sɛ Okunu

Bible no ka wɔ 1 Korintofo 11:3 sɛ: “Ɔbarima biara ti ne Kristo, na ɔbea ti ne ɔbarima, na Kristo ti ne Nyankopɔn.” Sɛ woyɛ okunu a, wo titiriw na Onyankopɔn de asɛyɛde ama wo sɛ si gyinae ahorow wɔ w’abusua mu. Nanso eyi mma okunu biara kwan sɛ ɔnyɛ nhyɛso anaasɛ kankabi.

Bible no hyɛ okununom nkuran sɛ wonsusuw wɔn yerenom nkate ho bere a wosi gyinae ahorow a ɛka wɔn no. (Fa toto Genesis 21:9-14 ho.) Nokwarem no, Kyerɛwnsɛm no hyɛ yɛn nyinaa sɛ ‘obiara nnhwɛ ne nko ade, na mmom yɛnhwɛ yɛn mfɛfo de bi.’ (Filipifo 2:2-4) Sɛ Bible nnyinasom ho asɛm nni mu a, okunu a ɔyɛ Kristoni bɛyɛ nea ne yere pɛ mpɛn pii. Esiane sɛ ɔkyerɛ ne ho anigye nti, okunu no bɛhwɛ nso sɛ ɔremma ne yere asɛyɛde nnɔɔso ntra so. Sɛ nhwɛso no, obetumi aboa no wɔ ofie nnwumayɛ mu, ne titiriw no, sɛ ɔwɔ honam fam adwuma a ɔyɛ a.

Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Ɛsɛ okununom sɛ wɔdɔ wɔn ankasa wɔn yerenom sɛ wɔn ankasa nipadua. Nea ɔdɔ n’ankasa ne yere no dɔ ne ho. Na obiara ntan n’ankasa honam, na mmom ɔyɛn no, na ɔhwɛ so yiye, sɛnea Kristo nso yɛ asafo no.” (Efesofo 5:28, 29) Yesu Kristo ne asafo no mufo di wɔ ɔdɔ mu.

Nea ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow nso ne ɔsomafo Petro afotu yi: “Okununom, mo ne [mo yerenom] ntra nimdeɛ mu saa ara, sɛ ɔyere ne ade a ne ho nyɛ den, na munni wɔn ni, sɛ wɔn nso ne mo yɛ nkwa dom no difo bi, na mo mpaebɔ kwan ansiw.” (1 Petro 3:7) So ɛnyɛ aniberesɛm sɛ okunu behu sɛ ne yere a ɔbɛyɛ no ayayade betumi ama ne mpaebɔ kwan asiw? Yiw, sɛ Onyankopɔn betie ɔbarima no mpaebɔ na wabua a, ɛsɛ sɛ ɔne ne yere di wɔ ɔdɔ mu.

Onyankopɔn a agya de no bedi kan no nso ka ɔne ne mma ntam abusuabɔ. Ɛsɛ sɛ odwen wɔn honhom fam yiyedi ho yiye. Nanso, wɔ nhwehwɛmu kɛse bi a wɔyɛe wɔ Amerika mu no, mmarima no mu fã pɛ na wɔkae sɛ “Kyerɛwnsɛm no sua anaa ho a wosusuw sɛ kuw no mu kyɛfa a wobenya” no ne ‘ade a ehia sen biara wɔ wɔn abusua no honhom fam onyin mu.’ Wɔn a wɔaka no kaa nneɛma te sɛ “radio ne television so asɔre a wotie anaa wɔhwɛ” anaasɛ ‘asetra atirimpɔw ho dwen’ ho asɛm.

Nanso, Bible no ka kyerɛ agyanom sɛ: “Munnyi mo mma abufuw, na mmom monyɛn wɔn [Yehowa] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.” (Efesofo 6:4) Yehowa Adansefo mu no, wɔhwɛ kwan sɛ agyanom bedi anim wɔ abusua no som mu. Mmarima a wɔte sɛɛ no nam abusua adesuayɛ, Kristofo nhyiamkɔ, ne Kyerɛwnsɛm no mu ahwehwɛde so di so de Onyankopɔn di kan wɔ wɔn abusua asetra mu.

Onyankopɔn a Wode No Bedi Kan sɛ Ɔyere

Sɛ woyɛ ɔyere a, wubetumi de Onyankopɔn adi kan denam wo kunu a wobɛboa no ma wayɛ n’adwuma sɛ abusua no ti no so. Bible no se: “Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom, sɛnea ɛsɛ, Awurade mu.” (Kolosefo. 3:18) Sɛ ɔbarima no ne wo nni nkitaho anaasɛ ɔnteɛ ne ho nni anim wɔ abusua no som mu a, eyi betumi ayɛ den yiye. Sɛnea ɛte biara no, sɛ woda ne sintɔ adi bere nyinaa, anaasɛ wubu no animtiaa a, abusua no mu ɔhaw no bɛyɛ kɛse mmom.

Mmebusɛm 14:1 se: “Ɔbea nyansafo si ne dan, na ɔbea kwasea de ne nsa dwiriw.” Ɔkwan biako a ɔbea warefo a ɔyɛ onyansafo ampa no betumi afa so de Onyankopɔn adi kan, na ‘wasi ne dan’ ne sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase ama ne kunu. (1 Korintofo 11:3) Esiane sɛ “adɔe kyerɛ wɔ ne tɛkrɛma so” nti, ɔkwati sɛ ɔbɛhwehwɛ ne kunu ho mfomso a ɛho nhia. (Mmebusɛm 31:26) Ɔyɛ adwuma dennen nso na ama ne kunu gyinaesi ahorow ayɛ yiye.

Ɔkwan foforo a ɔbea warefo bɛfa so de Onyankopɔn adi kan ne sɛ ɔbɛyɛ ɔyere nsiyɛfo. Nokwarem no, sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ honam fam adwuma a, ebia ɔrennya bere ne ahoɔden a ehia no na ɔde ahwɛ ne fie sɛnea ɔpɛ no. Nanso, obetumi ayere ne ho te sɛ “ɔyepa” a Bible no ka ne ho asɛm sɛ: “Ɔhwɛ ne fifo kɔree ne bae, na onni anihaw aduan” no.​—Mmebusɛm 31:10, 27.

Nea ɛsen ne nyinaa no, ehia sɛ ɔyere de Onyankopɔn som di kan wɔ n’asetra mu. Nnipa pii a wɔba Yehowa Adansefo Ahenni Asa so nea edi kan no ka sɛnea mmofra no ho twa ho asɛm. Nea ɔyere yɛ wɔ eyi mu no som bo yiye. Nanso ɛsɛ sɛ ɔbɔ mmɔden nso sɛ ɔbɛkɔ so adi yiye wɔ honhom mu denam mpaebɔ, adesua, ne ɔsom a ɔde ma Onyankopɔn no so.

Onyankopɔn a Mode No Bedi Kan sɛ Mmofra

Adolescent Counselor mu asɛm bi se: “Mmofra asua su ne nyansapɛ ahorow a ama wodi wɔn awofo so. . . . Esiane sɛ wɔatra adesamma abusua a esi akɔnnɔ ano a wodwudwo ntɛm ara ne ahonyade so dua na ɛhyɛ ho nkuran nti, mmofra nya ‘Mepɛ sɛ me nsa ka mprempren ara’ su.” Sɛ woyɛ abofra a, su a wukura nen?

Kolosefo 3:20 se: “Mma, muntie mo awofo asɛm ade nyinaa ho, na eyi na ɛsɔ Awurade ani.” Abofra a obu osetie a ɛte sɛɛ no sɛ ahwehwɛde a efi soro no ne n’awofo bɛyɛ biako. Sɛ nhwɛso no, ɔrenyɛ wɔn so asoɔden wɔ kokoam denam ne mfɛfo sukuufo a wɔmpene wɔn abrabɔ so a ɔne wɔn bɛbɔ no so; na ɔremmɔ mmɔden nso sɛ ɔde anitew bɛdaadaa awofo no mu biara na wanya kwan ayɛ nea ɔpɛ. (Mmebusɛm 3:32) Mmom no, abofra biara a ɔde Onyankopɔn di kan wɔ asetra mu no bɛbrɛ ne ho ase ahyɛ n’awofo akwankyerɛ a ɔdɔ wom no ase.

Ma Onyankopɔn Nni Kan!

Ɛmfa ho sɛ afã bɛn na yɛwɔ wɔ abusua kɔntɔnkrɔn no mu no, ehia sɛ yɛde Onyankopɔn di kan wɔ yɛn asetra mu, na yɛne no nya abusuabɔ a emu yɛ den. So wo ne w’abusua reyɛ saa?

Nna a “edi akyiri yi” mu no, yɛn nyinaa te “mmere a emu yɛ den” mu. (2 Timoteo 3:1-5) Nanso, yebetumi adi yiye wɔ honhom mu na yɛanya nkwa wɔ nneɛma nhyehyɛe yi awiei. (Mateo 24:3-14) Ɛdenam ade a wobɛyɛ ma ɛne Bible mu nokware nimdeɛ ahyia so no, wo ne w’abusua betumi anya daa nkwa wɔ paradise asase so ho anidaso. (Luka 23:43; Yohane 17:3; Adiyisɛm 21:3, 4) Yiw, sɛ wode Onyankopɔn di kan wɔ w’abusua asetra mu a, ebetumi aba saa.

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So a Watchtower Bible and Tract Society a ɛwɔ New York, Inc. tintimii no ti 22

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Ani sɔ ɔyepa yiye

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Bible no hyɛ okununom nkuran sɛ wonni anim wɔ abusua som mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena