Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 9/8 kr. 31
  • “Nea Ɛbɛyɛ Na Biribiara Ansɛe Kwa”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Nea Ɛbɛyɛ Na Biribiara Ansɛe Kwa”
  • Nyan!—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wo Mmɔwerɛw So Wudi no Ni?
    Nyan!—1998
  • Wotuu Wɔn Ho Mae Koraa—Wɔ Ghana
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • So Wunim?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Nigeria Yi “N’adesoa” Fi Hɔ
    Nyan!—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1992
g92 9/8 kr. 31

“Nea Ɛbɛyɛ Na Biribiara Ansɛe Kwa”

Efi Ghana Nyan! kyerɛwfo hɔ

MIKOHUU no wɔ n’adwumayɛbea ketewaa no mu wɔ Labadi, Accra borɔn bi so, a ɔde ahoɔden a ɛyɛ nwonwa de seradaa repaapae nnua na ɔretwerɛw ho sɛnea wɔde nsa yɛ no no. Ne din de Adams Akuetteh. Wadi mfe 70 na ɔde mfe 50 a atwam no ayɛ dua dwumfo.

Bere a mibisaa no nea ɛde anigye kɛse abrɛ no wɔ ne dua dwumfo adwuma no mu no, ɔkae ntɛm ara sɛ ɛne mfe anan a ɔde yɛɛ adwuma wɔ Yehowa Adansefo Asafo no baa dwumadibea foforo a ɛwɔ Nungua, Ghana ho ɔdansi adwuma no mu no. Ná eyi yɛ efi 1984 kosi 1988.

Mibisae sɛ: “Dɛn na woyɛe wɔ ɔdansi adwumayɛbea hɔ?”

Meyɛɛ ade a wogu mu kɔnkret ho adwuma na meboaa wɔn a wokuru dan no.”

Mekae sɛ: “Ɛte sɛ nea wɔkae wo yiye mmom wɔ nnadewa a wonya de yɛɛ adwuma wɔ ɔdansi adwumayɛbea hɔ no ho.”

“O yiw, nnadewa. Wunim, nnadewa bo yɛ den wɔ Ghana. Saa bere no, na wɔtɔn nnadewa bɛyɛ kilo fã fi cedi ahanwɔtwe kosi cedi apem ne ahanu. Enti mibisaa me ho sɛ. ‘So yɛrentumi nteɛteɛ nnadewa a wɔde ayɛ adwuma dedaw no bi mfa nyɛ adwuma bio? Mɛhwɛ sɛ metumi a.’

“Enti m’ankasa de me bere fii ase yɛɛ saa. Bere a adwuma no sohwɛfo huu me no, n’ani gyee ho pii. Ɔde saa adwuma no yɛ hyɛɛ me nsa korakora. Enti mfe anan mu no, mikyinii adwumayɛbea hɔ anɔpa biara tasetasee nnadewa a egugu basaa no. Mede ahwɛyiye tutuu ebiara a mihuu wɔ nnua a wɔagu mu kɔnkret na wɔasan atutu no nso mu.”

“So wotow nea ayɛ dedaw na akoakoa no gui?”

“Dabi. Wɔde nea ayɛ dedaw no san yɛɛ nnua a ɛnyɛ den pii ho adwuma anaasɛ wɔde dade tu tokuru wɔ nnua a ɛyɛ den mu na afei wɔde nnadewa dedaw no asan ayɛ ho adwuma. Mede ahwɛyiye de dade teɛteɛɛ nea akoakoa no.”

“So saa adwuma no yɛ amfono wo?”

“Ebia anka ɛbɛfono obi a ne mfe nkɔɔ anim, nanso amfono me. Adwuma no sohwɛfo ka kyerɛɛ me sɛ m’adwuma no mma Asafo no nsɛe sika, Yehowa sika, enti m’ani gyei. Minyaa anigye titiriw bi bere a mihuu sɛnea nnadewa a n’akɛse gu ahorow a mateɛteɛ asum hɔ no kɔɔ so dɔɔso no. Afei mise me ho sɛ. ‘Ɛhɛɛ! Mprempren de midi wɔn a wokuru dan so no anim!’ Nanso afei nea maboaboa ano agu hɔ no nyinaa sã. Wɔbɛteɛm wɔ ɔdan atifi hɔ sɛ wɔhwehwɛ bio! Enti me kɔɔ so yɛɛ adwuma no ahoɔden so.”

“Mprempren a wɔawie ɔdansi adwuma no, dɛn na woreyɛ?”

“Mereyɛ bere nyinaa ɔsom adwuma no bio, na meretwɛn akosi sɛ mobɛba abesi Ghana baa dwumadibea no ntrɛwmu. Afei mɛba hɔ abɛteɛteɛ nnadewa na wɔansɛe sika pii​—anigye mu.”

Ɔde mfe anan yɛɛ adwuma a ebinom bebu sɛ ɛba fam. Nanso Adams Akuetteh, “Ghana baa dwumadibea no dadewa teɛteɛfo no” ammu no saa! Ɔde anigye teɛteɛɛ nnadewa na wɔansɛe Yehowa sika!

Sɛɛ na na Yesu nso susuw ade ho. Ɛwom sɛ na ɔwɔ anwonwadeyɛ tumi pii a ɔde bɛma abodoo ayɛ pii de, nanso ɔkaa wɔ adidi bi akyi sɛ: “Mommoaboa mporoporowa a aka no ano, nea ɛbɛyɛ na biribiara ansɛe kwa.”​—Yohane 6:12, New World Translation.

[Kratafa 31 mfonini]

Adams Akuetteh, “Ghana baa dwumadibea dadewa teɛteɛfo no”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena