Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g84 4/8 kr. 7-10
  • Nigeria Yi “N’adesoa” Fi Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nigeria Yi “N’adesoa” Fi Hɔ
  • Nyan!—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ngo ne Afrika Atɔe Fam Kuw No
  • Atubrafo Bɛyɛ “Adesoa”
  • Ahɔho Fi Ɔman no Mu
  • Ɛno Akyi
  • Ahɔho A Wɔmpɛ Wɔn—Dɛn Ne Ano Aduru?
    Nyan!—1983
  • Kristofo Ntetee Pa a Minyae Aboa Me Ama Mayɛ Frɔmfrɔm
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • Wotuu Wɔn Ho Mae Koraa—Wɔ Ghana
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • Amamfrafo​—Ɔkwan Bɛn So Na Wubetumi Aboa Wɔn
    Nyan!—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1984
g84 4/8 kr. 7-10

Nigeria Yi “N’adesoa” Fi Hɔ

Efi Nigeria ne Ghana “Nyan!” akyerɛwfo hɔ

“NNIPA a Wɔmpɛ Wɔn a Wɔpam Wɔn.” “Nnipa a Nigeria Yi Wɔn Adi: Atirimɔden Otukɔ.” Nsɛm a emu yɛ den yi na wiase nsɛm ho amanneɛbɔbea ahorow de kaa nnipa a wɔdɔɔso sen biara a wotu wɔn fi beae koro kɔ beae foforo wɔ bere koro mu wɔ Afrika abakɔsɛm mu no ho asɛm. Ná eyi nyɛ nnipa a wɔade wɔn ho a wotu kɔ wɔ nkonimdi mu, na saa ara na ɛnyɛ ehu a wɔde guan fi nhyɛso anaa ɔko mu. Ná ɛyɛ nnipa a wɔn dodow reyɛ adu ɔpepem abien a Nigeria aban apam wɔn a wɔrefi hɔ.

Ngo ne Afrika Atɔe Fam Kuw No

Ɛrebedu 1975 mu no na Nigeria ho atɔ no kɛse wɔ amanehunu ahorow a akodi a ɛkɔɔ so wɔ ɔman no mu de bae no mu na na abɛyɛ ɔman a wotu petrol wɔ hɔ kɛse. Sika kɛse a petrol no ma onyae no ma ɔkɔɔ so nyaa nkɛntɛnso kɛse wɔ sikasɛm mu wɔ aman horow so na wogyee no toom wɔ amammuisɛm mu. Enti Nigeria fii ase bɔɔ mmɔden kɛse ma wɔtew ECOWAS (Afrika atɔe fam aman sikasɛm nhyehyɛe kuw) wɔ May 1975 mu. N’atirimpɔw? Sɛ́ ɛbɛyɛ aguadi ne sikasɛm mu biakoyɛ ho nhyehyɛe. Esiane eyi nti ná nnipa a wofi ECOWAS aman no mu betumi akɔ aman afoforo a wɔwɔ kuw no mu mu asram abiɛsa a wonhia tumi krataa.

Eyi buee akwantu ho kwan ahorow pii. “Obiara de n’anim kyerɛɛ Nigeria,” a ɛwɔ sika na nnipa dɔɔso wɔ hɔ sen biara wɔ kuw no mu no so. Ahɔho a wofi aman te sɛ Chad ne Ghana mu twaam wɔ ahye ahorow so, a ɛtɔ bere bi a nnipa bɛyɛ, 3,000 twam da koro! Nanso nnipadɔm kɛse yi de nkakrankakra wiawiaa wɔn ho​—a na mmara mma wɔn kwan​—twaam wɔ ɔman no ahye a ɛso da hɔ a awɛnfo biara nni so no so. Ɛwom, Nigeria gyee ahɔho no fã kɛse no ara toom. Wɔyɛɛ nnwuma ahorow a egye nimdeɛ ne nea ennye nimdeɛ nyinaa a mpɛn pii Nigeriafo mpɛ no. Nanso sɛnea ɛte wɔ atubrafo a wɔdɔɔso biara ho no, na nnipa a wonnye pii wom. Enti ankyɛ na ɔhaw ahorow fii ase.

Atubrafo Bɛyɛ “Adesoa”

Ansa na 1978 reba no na kɔ a ahɔho rekɔ hɔ no ayɛ nea ɛrehaw adwene dedaw. Nnipa pii tee nka sɛ ahɔho adwumayɛfo a wonnye akatua pii no rema Nigeriafo a wonnya adwuma nyɛ adɔɔso. Sɛnea Nigeria nsɛm ho amanneɛbɔbea kyerɛ no, nyamesom mu basabasayɛ ahorow a ahɔho a mmara mma wɔn kwan de bae wɔ 1980 ne afei 1982 mu no maa nnipa mpempem pii wuwui. Ahɔho a wonni adwuma no bɛyɛɛ nsɛmmɔnedifo dɔm ahorow, na wowiawiaa ade, kunkum nnipa a wɔn ho nni asɛm na wɔtotoo ebinom mmonnaa. Mmea a wɔyɛ atubrafo mpempem pii de wɔn ho hyɛɛ aguamammɔ mu. Ɔhɔho adesrɛfo anuɔdenfo​—mmarima, mmea ne mmofra nkumaa​—bɛyɛɛ ɔhaw.

Enti ehu kaa ebinom mpo wɔ ɔman no asetra ne ahobammɔ ho. Wɔ 1980 mu no wofii ase kasa tiaa “atubrafo a mmara mma wɔn kwan” ne “ahɔho a wɔmpɛ wɔn.” Eyi ho dwumadi mu no, Nigeria aban ka kyerɛɛ Afrikafo a wɔnyɛ Nigeriafo a wɔte ɔman no mu nyinaa wɔ 1981 mu sɛ wɔnkɔkyerɛw wɔn din wɔ atubrafo nsɛm ho dwumadibea. Nanso wɔanhyɛ mmara yi mu den pii biara.

Afei 1982 bae. Petrol a ne bo kɔɔ fam wɔ wiase nyinaa no kaa Nigeria, a nneɛma bo a ɛrekɔ soro ka ho, na eyi maa ne sikasɛm nhyehyɛe yɛɛ basaa. Sɛnea Lagos Daily Times kaa no no: “Sikasɛm nhyehyɛe a ayɛ basaa no yɛ sɛnkyerɛnne a ɛdɔɔso ma Aban no sɛ Nigeria rentumi nhwɛ nkurɔfo mma bio.” Enti na wɔrebɛpam nnipa a wɔkɔɔ hɔ bere a na petrol ne sika pii wɔ hɔ no wɔ bere a sikasɛm nhyehyɛe no resan akyi yi mu.

Ahɔho Fi Ɔman no Mu

Enti ka a aban no kae wɔ January 17, 1983 mu sɛ ahɔho nkɔ, na ɔmaa ahɔho a mmara mma wɔn kwan no nyinaa adapɛn abien sɛ wɔmfa nyɛ nkrataa ahorow a wɔhwehwɛ anaa wankɔ, no anyɛ nwonwa. Nigeriafo a wɔyɛ afiewuranom pamoo ahɔho a wɔagyegye adan wɔ wɔn afie mu no, nnwumawuranom yiyii adwumayɛfo a wɔyɛ ahɔho adi. Esiane eyi nti, ahɔho a wonni nkrataa ahorow a wɔhwehwɛ no boaboaa wɔn nneɛma ano ntɛm ara. Ná Ghanani biako aka akyerɛ ne nnamfonom, a ɛnkyɛe, sɛ gye sɛ tuo nkutoo na ɛbɛma wafi Nigeria. Ɔkae sɛ: “Ɛno mpo, ɛyɛ brɛoo so na mɛkɔ fie.” Nanso bere a monkɔ-monkɔ no mu bɛyɛɛ den no “brɛoo so” a ɔkaee no danee mmirikatu.

Enti nnipa mpem ɔhaha pii piaa wɔn ho hyehyɛɛ bɔs nketewa ne lɔre akɛse ahorow mu a wɔn nneɛma gugu soro, na wɔyeyɛɛ po so ahyɛn ne wimhyɛn gyinabea mama wɔ Lagos. Nanso ɛhe na na wobetumi akɔ? Ná Ghana atow ɔhye so kwan no mu. Benin ne Togo nso tow ɔkwan a ɛda ɔhye so no mu, efisɛ na wosuro sɛ Ghanafo mpem ɔhaha pii bɛba abɛka aman yi so. Enkosi bere a wɔkaa eyi ho asɛm maa ntease bae no na nnipadɔm a wɔretwɛn a mmofra ne apemfo ka ho ahu ɔkɔm ne tebea horow a enye mu amane pii. Sɛnea ɛte no, Benin ne Togo aban mpanyimfo yɛɛ nea wobetumi de boae. Nanso January 29, 1983 na Ghana buee ne kwan no. Afei wiase no huu adeyɛ soronko, bere a nnipadɔm kɛse ba Benin, na wotwam wɔ Togo kɔ Ghana ne akyi no.

Ná, Ghana apaw nnipakuw titiriw bi a wobedi nnipa a wɔreba yi ho dwuma dedaw. Wɔpaw beae kɛse bi a ɛwɔ Trade Fair wɔ Labadi, Accra, sɛ ɛhɔ na wobegye wɔn a wɔde lɔre ne po so ahyɛn reba no. Nanso ebedu Kwasida anɔpa no na Trade Fair hɔ ayɛ ma, ma enti na ɛsɛ sɛ wonya mmeae afoforo a wobegye wɔn wɔ hɔ. Wɔsrɛɛ wɔn a wɔwɔ kar ahorow no ntɛm ara sɛ wɔmfa mfɛm aban na ɔmfa ntwe nnipa no. Anwonwasɛm ne sɛ, wɔtwee nnipa a wɔasan aba yi kɔɔ Ghana afã horow nyinaa ntɛm araa ma na ɛho nhia sɛ wosisi aguanfo nsraban ahorow.

Ná nnipa a wɔasan aba no mu biara wɔ amanneɛ a ɔbɛbɔ. Ɔbarima bi a ɔyɛ Ghanani bɔɔ mmɔden duu kurow a ɛwɔ ɔhye no so a wɔfrɛ no Aflao no mu, nanso na onhu ɔkwan a ɔbɛfa so adu Accra. Mpofirim ara ɔtee gyegyeegye bi bere a wɔretotow brodo afi lɔre bi a ɛnam brɛoo mu na nkurɔfo de ahopere resɔw wɔ wim no. Ofii hɔ, na ofii ase sɛ ɔde n’ani bɛkyerɛ Accra a ɔnam fam, nanso na ɛsɛ sɛ ɔsan n’akyi ba Aflao, wɔ faako a wɔde ahoɔden kɛse reforo bɔs ahorow no. Ankyɛ na ohuu afiri bi a wɔde twe nneɛma a nnipa wom. Ose: “‘Mede ahoɔden kakra a aka wɔ me mu no tow me bag too afiri no mu na mifii ase foroo no brɛoo. Ɛyɛɛ me dɛ kɛse sɛ metee sɛ obi repia me wɔ m’akyi, na ɛma mitumi foro kɔɔ afiri no mu. Ɛno mu na nnipa a yɛn dodow bɛyɛ ɔha no tra twaa nnɔnhwerew abiɛsa kwan no baa Accra.”

Ɛtɔ bere bi a amanehunu de ayɔnkofa pa ba. Nnipa a wɔresan aba no binom ne ahɔho a wonnim wɔn koraa kyɛɛ wɔn aduan. Wɔn a wɔn ho yɛ den boaa wɔn a wɔn ho nyɛ den ma wonyaa aduan. Bere a woduu wimhyɛn gyinabea ahorow no ebinom mpo ne wɔn mfɛfo akwantufo kyɛɛ sika a wokura no. Nanso amanehunu no de anuɔdensɛm nso bae. Obi de sekan gyee wɔn a wɔasan aba no mu biako a ɔkɔm de no aduan dii. Ɔbea bi a ɔsõ kɛntɛn a aduan wom de rekɔ beae a wɔregye wɔn no annu hɔ​—wɔde ahoɔhare gye fii ne nsam.

Saa ara nso na na ɛsɛ sɛ nkurɔfo tɔ wɔn bo ase wɔ wimhyɛn ne po so hyɛn gyinabea ahorow wɔ nnipa a wɔabrɛbrɛ ho kosi sɛ hyɛmma ne wimhyɛn ahorow bɛba abɛtwe wɔn. Pii totɔɔ nsu no mu, na anyɛ yiye koraa no nsu faa onipa biako bere a nnipadɔm no repere akɔforo hyɛmma ahorow no. Nanso ntɛm ara nnipa a wɔresan aba yi ankasa yɛɛ asuguarefo a wobeyi wɔn a wɔatɔ nsu mu no ho nhyehyɛe. Na bere biara a wobetumi ayi obi afi nsu no mu no, nnipadɔm no bɔ ose kɛse​—Ghanafo ne Nigeriafo nyinaa. Afei wosiim a wɔreba a wɔakyere so sɛ biribi.

Ɛno Akyi

Wɔafrɛ eyi sɛ atirimɔden otukɔ, na ɛte saa wɔ ɔkwan bi so. Nnipa pii te nka sɛ mmara no bae mpofirim so dodo, ne sɛ adapɛn abien no yɛ tiaa dodo. Nanso, Nigeria nsɛm mu nkyerɛkyerɛmufo kɔ so kae yɛn sɛ wɔbɔɔ ahɔho a mmara mma wɔn kwan no amanneɛ bere tenten sɛ wɔmfa nnye nkrataa horow a wɔhwehwɛ, ne sɛ wɔn a wɔanyɛ saa no nkutoo na eyi kaa wɔn. Na Nigeria aban mpanyimfo bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma ahɔho a wɔrekɔ no amanehunu ahorow no ano abrɛ ase. Wɔmaa wɔn kwan ma wɔfaa wɔn ahonyade ne wɔn akatua ahorow. Wɔde nnuru kakra mae de boaa wɔn. Nigeria kar wuranom kuw no mufo fii wɔn pɛ mu de lɔre akɛse 200 mae kwa sɛ wɔmfa ntwe nnipa no wɔ ɔman no mu nyinaa. Na ankorankoro pii de sika fam mmoa mae. Nigeriafo nso kyerɛ sɛ wɔte nka sɛ wɔn ho atɔ wɔn, efisɛ nnwuma ne adan hokwan ahorow pii abuebue ama wɔn.

Nanso Nigeriafo adeyɛ yi sɛee wɔne aman ahorow ntam abusuabɔ. Na bere a Nigeria reyi saa adesoa yi afi ne kɔn so no, na ɔrepia asetra ne sikasɛm mu adesoa a emu yɛ duru ato aman a ahia wɔn kɛse no so. Mprempren Ghana nkutoo wɔ nnipa a wɔn dodow boro ɔpepem biako foforo a ɛsɛ sɛ ɔhwɛ wɔn, na wasrɛ mmoa afi aman afoforo hɔ. Wɔ eyi ho dwumadi mu no, aman ne ahyehyɛde ahorow pii de sika ne nneɛma afoforo akɔma Ghana, Togo ne Benin a wɔde reboa. Nigeria nso ayi Amerika sika dɔla ɔpepem biako asi hɔ a ɔde reboa.

Enti daakye bɛn na ɛwɔ hɔ ma nnipa a wɔasan aba yi? Sɛ wofrɛ wɔn aguanfo oo, wofrɛ wɔn nnipa a wɔatwa wɔn asu anaa ahɔho a mmara mma wɔn kwan a wɔapam wɔn oo, wɔn haw no yɛ asɛm a emu yɛ den a wontumi nyɛ ho hwee a wiase mpanyimfo nhu nea wɔyɛ wɔ ho​—amanehunu ma wiase a entumi nhwɛ emufo bio.

[Kratafa 9 mfoni]

Anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma nnipa a wɔte sɛɛ?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena