Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w85 5/1 kr. 10-15
  • Ɔkwan A Yɛbɛfa So Ayɛ Asomfo A Wɔn Ho Akokwaw

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔkwan A Yɛbɛfa So Ayɛ Asomfo A Wɔn Ho Akokwaw
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Henanom Akwan Na Ɛsɛ Sɛ Yɛfa So?
  • Akwanside A Edi Kan
  • Sɛnea Nkurɔfo Yɛ Wɔn Ade Wɔ Ho
  • Ahɔho Dan Nnamfo
  • Ɔsom Adwuma A Etu Mpɔn A Ɛde Asuafo Pii Ba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • So Ɛsɛ Sɛ Nokware Kristofo Nyinaa Yɛ Asomfo?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Woreyɛ Wo Som Adwuma No Pɛpɛɛpɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • Momma Yɛnyɛ Asomfo A Wɔn Ho Akokwaw Na Wɔyɛ Fakaa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
w85 5/1 kr. 10-15

Ɔkwan A Yɛbɛfa So Ayɛ Asomfo A Wɔn Ho Akokwaw

“Eyi nti na masoma Timoteo aba mo nkyɛn, [efisɛ] ɔno na ɔbɛkae mo m’akwan a ɛwɔ Kristo Yesu mu, sɛnea mekyerɛkyerɛ asafo nyinaa mu mmaa nyinaa.”​—1 KORINTOFO 4:17.

1, 2. Sɛ wɔbɛtwe obi aba nokware no mu a, dɛn ne ade biako a ɛho hia? (Asomafo no Nnwuma 8:12)

HONHOM kronkron a wohwie gui wɔ Pentekoste, 33 Y.B. mu no maa Kristofo asafo no dɔe na emu trɛwee ntɛmntɛm (Asomafo no Nnwuma 2:40-42; 4:4; 6:7; 11:19-21) Dɛn ne ade titiriw a ɛma edii yiye no? Dɛn nti na Yudafo pii ne afei Samariafo ne Amanaman Mufo gyee Kristo ne Onyankopɔn Ahenni ho asɛm no toom?​—Asomafo no Nnwuma 8:4-8; 10:44-48.

2 Sɛ obi begye Kristofo asɛmpa no atom a, nneɛma atitiriw bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ ohu. Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ onii no hu Onyankopɔn dom a ɛnsɛ a wayi no adi wɔ adesamma ho denam soma a odii kan somaa ne Ba baa asase so sɛ agyede no so. Sɛnea Bible ɔkyerɛwfo Yohane kaa ho asɛm no: “Eyi mu na Onyankopɔn dɔ no yii ne ho adi wɔ yɛn ho, sɛ Onyankopɔn somaa ne ba a ɔwoo no koro no baa wiase sɛ yɛmfa no so nnya nkwa. Eyi mu na ɔdɔ no wɔ, ɛnyɛ sɛ yɛn na yɛdɔɔ Onyankopɔn, na mmom ɔno na ɔdɔɔ yɛn na ɔsomaa ne ba sɛ ɔmmɛyɛ yɛn bɔne ho mpata.”​—1 Yohane 4:9, 10.

3. Dɛn nti na ɛho hia sɛ obi ma honhom mu nneɛma ho hia no?

3 Ade titiriw foforo nso ne ankorankoro biara su wɔ honhom mu nneɛma pa ho. Yesu kae sɛ: “Nhyira ne honhom mu ahiafo, na wɔn na ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea. Nhyira ne wɔn a trenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn, na wɔn na wɔbɛma wɔamee.” (Mateo 5:3, 6) Onipa a ogye ne ho di, nea ɔyɛ ne ho ɔtreneeni taa yɛ obi a honhom mu ade biara ho nhia no na nokware no nna adi mma no bio. Sɛ Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛka Ahenni no ho asɛm akyerɛ no a, onipa a ɔte sɛɛ taa bua sɛ, ‘M’ani nnye ho. Mewɔ m’asɔre.’ Saa ara na onipa a ɔde ne ho ahyɛ honam fam nneɛma akyidi mu denneennen no rennya bere mma honhom mu nneɛma.​—Mateo 6:33, 34; 7:7, 8; Luka 12:16-21.

4. Nsemmisa bɛn na yebesusuw ho afei?

4 Na wɔn a wɔyɛ “honhom mu ahiafo” a wɔasiesie wɔn ho sɛ wɔbɛhwehwɛ Onyankopɔn ne n’Ahenni no nso ɛ? Ɔkwan bɛn so na wobetumi ahu wɔn na wɔagye wɔn atom? So biribi wɔ hɔ a yebetumi ayɛ sɛ Onyankopɔn Asɛm no ho asomfo na ama yɛn asɛm no ayɛ nea ntease wom kɛse? Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ asomfo a wɔn ho akokwaw kɛse?

Henanom Akwan Na Ɛsɛ Sɛ Yɛfa So?

5. Sɛnea Paulo kyerɛ no, dɛn na na Timoteo bɛkyerɛkyerɛ Korintofo no?

5 Bere a ɔsomafo Paulo kyerɛw ne krataa a edi kan kɔmaa Kristofo a wɔwɔ Korinto no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ ɔresoma Timoteo aba wɔn nkyɛn na ɔno na ‘ɔbɛkae wɔn ɔno [Paulo] akwan wɔ Kristo Yesu mu.’ Sɛ́ anka wɔde “akwan” bedi dwuma mmom no, nkyerɛasefo binom ka “akwan a ɔnam so traa ase,” “asetra kwan” anaa “sɛnea metraa se” ho asɛm. Nanso, Ɔbenfo Thayer Greek-English Lexicon of the New Testament de kyerɛwsɛm yi asekyerɛ bi ma: “Akwan a me sɛ́ Kristo somfo ne ɔsomafo faa so wɔ me som adwuma no ho dwumadi mu.” Esiane sɛ Paulo de n’asɛm no ba awiei sɛ, “sɛnea mekyerɛkyerɛ asafo nyinaa mu mmaa nyinaa” no nti, ɛyɛ nea nyansa wom sɛ wɔbɛka sɛ n’asɛm no yɛ nea ɛfa ɔsom adwuma a ɔyɛɛ no nnam so no nso ho na ɛnyɛ ne Kristofo abrabɔ nkutoo ho.​—1 Korintofo 4:17.

6. Dɛn nti na na Yesu som adwuma no yɛ nea etu mpɔn?

6 Yesu anyɛ ne som adwuma no bi-ne-bi. Ɔno nso nam ɔkwan bi so yɛɛ n’asɛnka adwuma no. Sɛ nhwɛso no, ɔkyerɛkyerɛɛ n’asomafo no, ne akyiri yi asɛnkafo 70 no, sɛnea wɔka asɛm no wɔ ɔkwan a etu mpɔn so. Ná di a ɔno ankasa de mfatoho, nsemmisa ne Kyerɛwnsɛm mu nsɛm ahorow di dwuma no yɛ nhwɛso ma wɔn. Ɛda so ara yɛ ɔkwan a eye sen biara nnɛ.​—Luka 9:1-6; 10:1-11.

7. Ɔkwan bɛn so na yebetumi de asɛmpa no akɔ nnipa dodow no ara nkyɛn?

7 Esiane sɛ Kristofo som adwuma no yɛ nea ɛfa daa nkwa anaa owu ho nti, ɔkwan bɛn so na yebetumi aka asɛmpa no akyerɛ nnipa dodow no ara? Yiw, ɔkwan bɛn so na yebetumi ama ‘yɛn ho afi nnipa nyinaa mogya ho’? Ɛdenam ɔsom hokwan ahorow nyinaa a yɛde bedi dwuma a sɛnea ɔsomafo Paulo kae no, “afi mu” som adwuma no nso ka ho so. Spaniafo nhoma bi mu asɛm a ɛfa Asomafo no Nnwuma 20:20 ho ka sɛ: “Ɛha na yehu ɔkyerɛkyerɛ kwan a Paulo faa so wɔ Efeso no.”​—Asomafo no Nnwuma 20:20-27.

Akwanside A Edi Kan

8, 9. (a) Dɛn na ɛtaa yɛ akwanside a edi kan wɔ ɔsom adwuma no mu? (b) Dɛn nti na Yesu tumi de akokoduru kasae?

8 Mpɛn pii akwanside a edi kan a ehia sɛ yedi so wɔ ɔsom adwuma no mu ne yɛn ankasa. Ebinom te nka sɛ wɔmfata, wɔn ho nkokwawee na wɔnkɔɔ sukuu pii te sɛ nnipa a wohyia wɔn no. Nanso Yesu tee nka dɛn? So na wakɔ wɔn rabi sukuu ahorow no bi? So ɔkɔɔ sukuu bi a ɛkɔ anim? Nanso bere a ɔkaa asɛm no, n’ankasa nkurɔfo yɛɛ wɔn ade dɛn? Mateo ka kyerɛ yɛn sɛ: “Ɛyɛɛ wɔn ahodwiriw, na wɔkae sɛ: Ɛhe na oyi de nyansa ne ahoɔdenne yi fi?” Ampa, na Yesu yɛ pɛ, Onyankopɔn Ba. Nanso ɔkwan a ɔfaa so no yɛ nea eye ma n’asuafo a “wonnim nhoma” a na wobesuasua no no titiriw nso. Ɛmaa wɔn nyamesom atamfo no mpo yɛɛ wɔn ade dɛn? “Na wohuu Petro ne Yohane nnam, na wɔtee sɛ wɔyɛ nnipa a wonsuaa nhoma da, na mmom wɔyɛ mpapahwekwa no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa, na wohuu wɔn sɛ wɔne Yesu na ɛtrae.”​—Mateo 13:54; Asomafo no Nnwuma 4:13.

9 Nanso, ɛhe na Yesu nyaa nsɛm ahorow a ɔkyerɛkyerɛe no fi? Dɛn nti na na ne ho akokwaw wɔ ne som adwuma no mu saa? So na ɔte sɛ nnɛyi TV so asɛnkafo a wɔde nkate a ɛtra so di dwuma de nya wɔn atiefo no? Dabi. Ɔkwan a Yesu faa so no yɛ tiawa ankasa​—ɔkaa kasa a nnipa a wɔba fam no te, ná onim wɔn honhom mu ahiade ahorow na nea na ɛho hia sen ne nyinaa no, na Yesu nim sɛ n’Agya no gyina n’akyi. Ɔmaa eyi mu daa hɔ bere a ɔkaa ne som adwuma a wɔde ahyɛ ne nsa no ho asɛm wɔ hyiadan mu wɔ ne kurom, Nasaret a ɛwɔ Galilea no. Ɔkenkan fii odiyifo Yesaia nhoma mmobɔwee no mu sɛ: “[Yehowa] honhom wɔ me so, na enti wasra me sɛ memmɛka asɛmpa menkyerɛ ahiafo; wasoma me sɛ memmɛka ogye menkyerɛ nnommum ne adehu menkyerɛ anifuraefo, na mimmegya wɔn a wɔapɛtɛw wɔn no kwan, na memmɛka [Yehowa] anisɔ afirihyia. . . . Na ofii ase ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛnnɛ na kyerɛw asɛm yi aba mu mo asom.”​—Luka 4:16-21.

10, 11. (a) Ɛsɛ sɛ yɛte nka dɛn wɔ yɛn som adwuma no ho? (b) Paulo ma mmuae dɛn?

10 Ɛnnɛ yɛwɔ saa okyigyinafo koro no ara wɔ yɛn som adwuma no mu​—Yehowa Nyankopɔn, Amansan Hene no. Yɛrebɔ n’asɛm, ne nyansa ho dawuru. Yɛde yɛn ho to n’Asɛm no so na yɛde di dwuma wɔ yɛn nkɔmmɔbɔ biara mu. Enti, so ɛsɛ sɛ yesuro sɛ yɛbɛka asɛm no akyerɛ wɔn a wɔn nhomasua kɔ anim anaa adefo?

11 Paulo bua sɛ: “Onyansafo wɔ he? Kyerɛwfo wɔ he? Wi yi ase kyinnyegyefo wɔ he? Onyankopɔn nnan wi yi ase nyansa nkwaseasɛm anaa? Na, anuanom, monhwɛ mo frɛ no, sɛ ɛnyɛ ɔhonam fam anyansafo pii, ɛnyɛ atumfo pii, ɛnyɛ adehye pii na wafrɛ wɔn, na mmom wiase nkwaseade na Onyankopɔn apaw sɛ ɔde bɛhyɛ anyansafo aniwu. Na wiase ade a ɛyɛ mmerɛw na Onyankopɔn apaw sɛ ɔde bɛhyɛ nea ɛyɛ den no aniwu. Na wiase nneɛma a ɛmfra ne nea wommu na Onyankopɔn apaw, ne nea enni hɔ, sɛ ɔde betu nea ɛwɔ hɔ, na ɔhonam biara anhoahoa ne ho n’anim.”​—1 Korintofo 1:18-29.

12. Yiye a yedi wɔ yɛn som adwuma no mu fi den mu na ɛba? (Yakobo 4:8)

12 Yiye a yedi wɔ ɔsom adwuma no mu nyɛ nea efi yɛn nhomasua anaa abusua ko a yefi mu. Efi Ahenni asɛm no ankasa a ɛkã obi a honhom mu nneɛma ho hia no no koma ma ɔyɛ ho biribi no. Ade foforo a ɛho hia nso ne Yehowa ani a ɛsɔ saa onipa no, efisɛ sɛnea Yesu kae no: “Obi ntumi mma me nkyɛn, gye sɛ agya a ɔsomaa me no twe no.”​—Yohane 6:44.

13. (a.) Paulo ne Barnaba yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ ɔsɔretia ho? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya anigye bere nyinaa wɔ ɔsom adwuma no mu?

13 Enti, sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa mmoa so a, yebetumi de gyidi ayɛ yɛn som adwuma no te sɛ nea Paulo ne Barnaba yɛe wɔ afeha a edi kan no mu no. Bere a wɔkɔkaa asɛm wɔ Ikonion no, wɔn som adwuma no de adwene mu mpaapaemu a emu yɛ den bae na ebinom nso sɔre tiae. So ɛno ma wosuroe? Luka kyerɛwtohɔ no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Wɔtraa hɔ kyɛe, na wɔde nnam paee mu kasa maa [Yehowa], na ɔno nso dii ne dom asɛm no ho adanse, na ɔnam wɔn nsa so ma wɔyɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade.” Sɛ yenya nnipa a wɔwɔ yɛn asasesin mu no ho adwempa saa ara, na yɛde nea ebefi mu aba no hyɛ Yehowa nsa a, ɔsom adwuma no bɛyɛ nea ɛyɛ anigye bere nyinaa a ɛnyɛ adesoa.​—Asomafo no Nnwuma 14:1-3; Yakobo 1:2, 3.

Sɛnea Nkurɔfo Yɛ Wɔn Ade Wɔ Ho

14. Nkurɔfo yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ Paulo asɛnka no ho?

14 Wɔ wɔn asɛnka adwuma no mu no, na ɛnyɛ bere nyinaa na nkurɔfo yɛ wɔn ade wɔ ɔkwan pa so wɔ Yesu ne Paulo ho. Sɛ nhwɛso no, ɔmanfo no yɛɛ wɔn ade dɛn bere a Paulo kɔkaa asɛm wɔ atene no? Kyerɛwtohɔ no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Na Epikurofo ne Stoafo anyansafo bi nso ne no dii anobaabae. Ebinom kae sɛ: Ɔkasafo yi se dɛn ni? Na ebinom se: Ɔte sɛnea ɔka abosom ahɔho bi ho asɛm​—efisɛ ɔkaa wɔn Yesu ne ɔsɔre ho asɛmpa no. Ɛnna wɔfaa no de no kɔɔ Areopago kae sɛ: Wubetumi akyerɛ yɛn kyerɛ foforo yi ase? Efisɛ nsɛm a wode aba yiye yɛn asom asɛm foforo.”​—Asomafo no Nnwuma 17:18-20.

15. Nkurɔfo yɛ wɔn ade dɛn wɔ yɛn som adwuma no ho? Nanso dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae?

15 Ɛsɛ sɛ yehu sɛ sɛnea nsɛm ho amanneɛbɔfo ne asɔretiafo da yɛn asɛm no adi no betumi ayɛ asɛm foforo ama ɔmanfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no. Esiane eyi nti, nnipa pii a wogyina nea afoforo aka ama wɔate so bu nneɛma ho atɛn wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so na wɔpow yɛn a wontie yɛn. Afoforo a wɔte sɛ wɔn a na wɔwɔ Atene no tie asɛm no mpɛn pii ansa na wɔasi gyinae. Ɛwom, ebia bere a wɔatie no wɔbɛkɔ so ara adi Ahenni anidaso ho asɛm no ho fɛw sɛ biribi a wonnye nni. Nanso, kae, Kristo ne n’asɛm no na wɔpow, ɛnyɛ wo.​—Asomafo no Nnwuma 17:32-34; Mateo 12:30.

Ahɔho Dan Nnamfo

16. (a) Ebia yɛbɛyɛ yɛn ade dɛn bere a ahɔho ba yɛn fi no? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛn nnianim asɛm tumi yɛ?

16 Sɛ ahɔho ba wo fi a wote nka dɛn? Nsemmisa bɛn na ebetumi aba w’adwene mu? Ebia ebi ne sɛ, Wɔyɛ nnipa bɛn? Dɛn na wɔpɛ? So worebɛhaw me anaa? Sɛ yɛda yɛn ho adi sɛ asomfo wɔ obi pon ano a, ɛsɛ sɛ yɛkae saa. Enti ɛsɛ sɛ yɛn nnianim asɛm no ma wɔn koma tɔ wɔn yam wɔ saa nsemmisa no ho. Nanso ɔkwan bɛn so? Wiɛ, dɛn ne nnianim asɛm a Yesu hyɛɛ ho nyansa? Ɔkae sɛ: “Na mohyɛn ofi bi mu a, munkyia emufo no na sɛ ɛsɛ ofi no a, mo asomdwoe mmra so; na sɛ ɛnsɛ no a, mo asomdwoe nsan mmra mo nkyɛn.”​—Mateo 10:12, 13.

17. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ama obi koma atɔ ne yam wɔ yɛn nnianim asɛm no mu?

17 “Mo asomdwoe mmra so.” Dɛn na ɛno kyerɛ? Ɛkyerɛ sɛ wɔ yɛn som adwuma no mu no, ɛsɛ sɛ yɛn asomdwoe ba onipa ne ofi biara so. Enti ɛsɛ sɛ yɛn nnianim asɛm no kyerɛ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ asomdwoe. Ɛde besi nnɛ mpo no, Yudafo ne Nkramofo de nkyia “Asomdwoe nka wo” anaa “Asomdwoe” (“Shalom aleichem” anaa “Shalom” wɔ Hebri mu, ne “Assalām alaikum” anaa “Salām” wɔ Arabik mu) no di dwuma. Ɛwom, yɛn nkyia no bɛyɛ nea ɛsonosonoe wɔ aman horow so a egyina sɛnea ɛhɔ amanne te so. Nanso botae no yɛ biako​—sɛ́ ɛbɛma onipa no koma atɔ ne yam na ama watie Ahenni asɛm no. Ebia wo din a wubedi kan abɔ na woakyerɛ faako a wote mpo bɛboa wɔ ɛno mu. Ɛno kyerɛ sɛ biribiara nni hɔ a wode resuma no. W’atirimpɔw ne nokwaredi a ɛwɔ w’asɛm no mu no da adi ma obiara hu. Ɛnde na woreyɛ sɛnea Paulo tuu fo no: “Monhwɛ sɛ sɛnea moyɛ mo ade wɔ baguam no yɛ nea wonnya ho asɛm nka. Bere dodow a ɛyɛ mo asɛyɛde no, mo ne nnipa nyinaa ntra asomdwoe mu.”​—Romafo 12:17, 18, Phillips.

18. Gyinapɛn bɛn na ɛsɛ sɛ yedu ho wɔ yɛn som adwuma no mu bere nyinaa?

18 Sɛ́ ɛyɛ nea yɛreyɛ ɔsom adwuma no wɔ afie afie anaa wɔ mmorɔn so no, nkurɔfo rehwɛ yɛn. Ɛsɛ sɛ yɛn nkɔmmɔbɔ ne yɛn nneyɛe yɛ nea wonnya ho asɛm biara nka a empira afoforo bere nyinaa. Nanso, bere a ɛsɛ sɛ yɛn asɛm a yɛka no yɛ nea ɛyɛ odwo ne asomdwoe mu de no, ɛnkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea yɛde repa kyɛw. Yɛn ani nnwu sɛ yɛyɛ baguam asomfo ma Onyankopɔn.​—Marko 8:38.

19, 20. (a) Ɔkwan bɛn so na obi betumi akɔ nnipa a wɔtwe wɔn ho nkyɛn wɔ borɔn so? (b) Dɛn nti na na Yesu ho akokwaw wɔ bɔnnɔ so adansedi mu?

19 Wɔ aman binom so no nkurɔfo ntaa nka wɔn ho nkɔ nnipa ho na wɔtwe wɔn ho. Ɛyɛ ebinom fɛre sɛ obi a okura nsɛmma nhoma de rekyerɛ bɛba wɔn nkyɛn wɔ borɔn so. Sɛ saa na ɛte a, dɛn nti na womfa anifere kwan foforo so? Obi betumi ne onipa a ɔmpɛ ntɛm afi nkɔmmɔbɔ ase wɔ anifere kwan so na afei wayi Bible nhoma ahorow bi akyerɛ.

20 Ná Yesu ho akokwaw wɔ asɛnka adwuma a ɛte saa ara yɛ mu. Esiane sɛ na Yudafo bu Samariafo ne mmea animtiaa nti, Yesu de anifere dii dwuma bere a ɔkɔɔ Samariani ɔbea a ne bra asɛe no nkyɛn wɔ Yakob asubura no ho no. Ne nkɔmmɔbɔ no yɛ bɔnnɔ so ne borɔn so adansedi ho nhwɛso. Ɛyɛ ayamhyehye ne ɔkyerɛkyerɛ pa ho nhwɛso fɛfɛ nso.​—Yohane 4:5-30.

21. Ade foforo a ɛho hia bɛn na wɔayɛ ho nhwɛso wɔ Paulo som adwuma no mu?

21 Ɛsɛ sɛ yesusuw ade titiriw foforo biako ho bere a yɛda Ahenni ho asɛmpa no adi no. Ná Paulo ho akokwaw wɔ eyi mu. Hwɛ sɛ wubetumi ahu eyi wo ne nnianim nsɛm a wohu wɔ Asomafo no Nnwuma 13:16-20; 17:22 ne 22:1-3 no bi mu. Hyɛ no nsow sɛ wɔ emu biara mu no ɔhwehwɛɛ biribi a ɔne n’atiefo no betumi asusuw ho. Ná ohu eyi wɔ wɔn ankasa ho ne wo sɛnea wote no mu. Nea efii mu bae ne sɛ wotiei, sɛ ɛyɛ nea na wɔne no nyɛ adwene mpo a. Saa ara na yɛn nnianim asɛm no betumi ayɛ nea ɛkã onipa no, nea ɛfa yɛne ofiewura no ho. Ebia wuhu sɛ mmofra wɔ ofie ho na wo nso woyɛ ɔwofo. Ɛnde na mowɔ biribi a ɛfa mo nyinaa ho a mubetumi abɔ ho nkɔmmɔ wɔ adamfofa kwan so. Wowɔ nea wubetumi aka ho asɛm a ɛbɛma woatumi adan akɔ Ahenni asɛm no so!​—Mateo 18:1-6.

22. Afei nsemmisa bɛn na ehia mmuae?

22 Nanso nyansahyɛ ahorow yi yɛ ne mfiase ara kwa. Nneɛma afoforo bɛn na ɛho hia sɛ yɛyɛ na ama awiei koraa no yɛanya osuani foforo? Yiw, dɛn bio na ɛho hia na yɛaboa afoforo ma wɔne Onyankopɔn abenya abusuabɔ denam Kristo so? Su horow bɛn na ɛbɛma wo som adwuma no atu mpɔn kɛse?

Wubebua Dɛn?

◻ Nneɛma a ɛho hia wɔ gye a obi begye Ahenni asɛm no atom mu no bi ne nea ɛwɔ he?

◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi adi ehu ne te a yɛte nka sɛ yɛmfata no so wɔ ɔsom adwuma no mu?

◻ Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn botae wɔ yɛn nnianim asɛm mu wɔ asɛnka adwuma mu?

◻ Ɔkwan bɛn so na Yesu ne Paulo nhwɛso no betumi aboa yɛn bere a yɛkɔ nkurɔfo nkyɛn no?

[Kratafa 12 mfoni]

Yesu kyerɛkyerɛɛ n’asuafo no akwan a etu mpɔn wɔ ɔsom adwuma no mu

[Krata 13 mfoni]

Nsemmisa bɛn na ɛba w’adwene mu bere a ɔhɔho ba wo pon ano no?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena