Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g02 7/8 kr. 22-26
  • Bere a Nkoasom Bɛba Awiei!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere a Nkoasom Bɛba Awiei!
  • Nyan!—2002
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bere a Nneɛma a Ɛka Obi Hɔ De No Yɛ Akoa
  • ‘Nokware no Bɛma Moade Mo Ho’
  • Anifere Kwan so Nkoasom a Ɛsen Biara
  • Nea Yegyina so Nya Nokware Anidaso
  • Nnipa A Wɔde Wɔn Ho Nanso Wobebu Akontaa Akyerɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Sɛnea Yebetumi Asan Anya Asetra a Abotɔyam Wom
    Asetra a Abotɔyam—Ɔkwan a Yɛbɛfa So Anya
  • So Onyankopɔn Penee Nkoatɔ no So?
    Nyan!—2001
  • Som Yehowa, Onyankopɔn a Ɔma Ahofadi No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2002
g02 7/8 kr. 22-26

Bere a Nkoasom Bɛba Awiei!

AHOFADI! Nsɛm kakraa bi tumi kanyan nnipa koma. Nnipa adi ako, ahu amane, atra ase na wɔawuwu, ahofadi a wɔhwehwɛ nti. Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, nnipa pii ayɛ saa a wɔanhu nkɔso ankasa biara wɔ wɔn botae no ho. So anidaso wɔ hɔ sɛ wobenya ahofadi afi nkoasom mu—anidaso a ɛnkowie abasamtu ne huammɔdi mu? Ebi wɔ hɔ.

Wɔde honhom kaa ɔsomafo Paulo ma ɔkyerɛw Onyankopɔn bɔhyɛ yi sɛ: “Abɔde no ankasa nso bɛfa ne ho adi afi ɔsom a ɛsom porɔwee no mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi mu.” (Romafo 8:21) Nanso yɛbɛyɛ dɛn atumi agye adi sɛ Onyankopɔn de “anuonyam adehyedi” a ɛte saa bɛba? Ɔkwan biako ne sɛ yɛbɛhwɛ sɛnea Onyankopɔn ne adesamma adi wɔ abakɔsɛm mu no.

Bible no ka sɛ: “Nea [Yehowa, NW] honhom wɔ no, ɛhɔ na ahofadi wɔ.” (2 Korintofo 3:17) Yiw, Onyankopɔn honhom, anaa adeyɛ tumi, yɛ tumi bi a ano yɛ den ankasa. Efi bere tenten na ɔde adi dwuma ma afoforo anya ahofadi wɔ akwan pii so. Ɔkwan bɛn so? Wiɛ, ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem sɛ nkoasom gu ahorow pii. Yɛadi kan asusuw nea ɛkyerɛ atirimɔdensɛm sen biara no biako ho, baabi a obi a ne ho yɛ den de nea ne ho nyɛ den yɛ akoa denam ɔhyɛ anaa basabasayɛ so no. Nanso, susuw nkoasom afoforo ho hwɛ.

Nnipa tumi de wɔn ho hyɛ nneɛma bi mu ma ne yɛ ka wɔn hɔ araa ma ɛbɛyɛ den sɛ wobeyi wɔn ho afi mu, na ɛno de wɔn yɛ nkoa. Na atoro ne nnaadaa tumi de nnipa yɛ nkoa, wɔdaadaa wɔn ma wɔde wɔn ho hyɛ atoro nkyerɛkyerɛ ahorow mu. Nea ɛyɛ anifere wɔ ne nyinaa mu ne sɛ, nkoasom bi wɔ hɔ a ɛka yɛn mu biara—sɛ yenim anaa yennim—na nea efi mu ba no di awu. Nanso ɛsɛ sɛ yesi so dua sɛ, ɛwom sɛ yɛreka nkoasom ahorow bi abom wɔ asɛm yi mu de, nanso yɛnkyerɛ sɛ ne nyinaa yɛ pɛ ɔkwan biara so. Nsonsonoe kɛse wom koraa. Nanso nneɛma atitiriw bi wɔ hɔ a edi nsɛ. Awiei koraa no, ahofadi Nyankopɔn no bɛhwɛ ahu sɛ wayi nkoasom ho adesoa biara a ɛte saa nyinaa afi adesamma so.

Bere a Nneɛma a Ɛka Obi Hɔ De No Yɛ Akoa

Hyɛ sɛnea nhoma When Luck Runs Out kyerɛkyerɛ kyakyatow a ɛka obi hɔ mu no nsow: “Nkate a ɛhaw adwene a ɛhyɛ obi so na ontumi nyɛ ho hwee ma ɔtow kyakya. Nkate no mu kɔ so yɛ den ma ɛho behia sɛ wodi ho dwuma ntɛm . . . kosi sɛ awiei koraa no, ɛsɛe biribiara a ɛsom bo wɔ n’asetra mu.” Obiara nnim nnipa dodow a kyakyatow de wɔn ayɛ nkoa. Nnipa dodow a akontaabu da no adi wɔ ɔman biako pɛ mu, United States, no yɛ bɛyɛ ɔpepem asia.

Saa ara na mmosa nso betumi ayɛ obi, sɛ mpo ɛnsɛee ade kɛse na emmuu so pii wɔ mmeae dodow no ara a. Wɔ ɔman kɛse biako mu no, mmarima mpanyimfo mu fã na sadweam ma wohu amane. Ricardo a ɔbɛyɛɛ sadweam mfe 20 a atwam ni no kyerɛkyerɛ sadweam yi a ɛka obi hɔ no mu sɛ: “Wosɔre fii kɛtɛ so ara pɛ na wo nipadua no hwehwɛ mmosa anom ntɛmntɛm—de adwudwo wo ntini, ama wo werɛ afi wo haw ahorow, anaasɛ ama woanya wo ho mu ahotoso kɛkɛ wɔ asetra mu. Wobɛyɛ obi a ɔpɛ nsa, na wobɔ mmɔden sɛ wobɛma afoforo a atwa wo ho ahyia agye wo atom sɛ wo suban no fata.”

Ɛnyɛ mmosa nkutoo ne biribi a ɛka obi hɔ na ɛde nnipa yɛ nkoa. Wɔ wiase nyinaa no, nnipa ɔpepem pii wɔ hɔ a wɔnom nnubɔne. Bio nso, nnipa bɛyɛ ɔpepepem 1.1 nom tawa—a ekura biribi a ɛka obi hɔ sen aduru biara. Nnipa pii pɛ sɛ wogyae suban no, nanso wɔte nka sɛ ɛde wɔn ayɛ nkoa. So Yehowa ada ne ho adi sɛ obi a ɔfata a Ogye nkurɔfo fi nkoasom a emu yɛ den sɛɛ yi mu?a

Susuw Ricardo nhwɛso no ho hwɛ. Ricardo kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Bɛyɛ mfe du a atwam ni no, mihui sɛ mmosa redi m’asetra so. Na ɛresɛe m’aware, m’adwuma, ne m’abusua, na na minim sɛ sɛ mantumi anni mmosa so a merentumi nsiesie me haw ahorow da. Mihu fii Bible adesua mu sɛ ohia—honam fam ne honhom fam de nyinaa—de ɔhaw a emu yɛ den to asadweamfo so. (Mmebusɛm 23:20, 21) Na mepɛ sɛ me ne Onyankopɔn nya abusuabɔ pa, na komam a mifi bɔɔ mpae srɛɛ Onyankopɔn mmoa no boaa me ma mitumi dii nokware. Ɔbarima bi ne me suaa Bible no na ɔdaa ne ho adi sɛ adamfo pa. Sɛ mesan kɔ sadweam mu a, na ɔmpa abaw, na mmom na ofi abotare mu gyina pintinn kyerɛ me ɔkwan a Onyankopɔn pɛ sɛ Kristofo fa so.”

Ɛnnɛ Ricardo te nka sɛ wade ne ho afi nkoasom mu—anyɛ yiye koraa no, sɛ ɔde n’abrabɔ toto kan de no ho a. Ogye tom sɛ kan no ɛtɔ mmere bi a na ɔsan tɔ sadweam mu. Ɔka sɛ: “Nanso ɛmfa ho akwanside ahorow a ɛte saa no, ɔpɛ a mewɔ sɛ mɛsom Yehowa nokwaredi mu, ne mmoa a me yere ne mfɛfo Kristofo de ama me no aboa me ma madi tebea no so. Mehwɛ Onyankopɔn bɔ a wahyɛ sɛ bere bi bɛba a ‘obiara nka sɛ meyare’ na asadweamyɛ bɛyɛ biribi a atwam no kwan. Ne nyinaa mu no, mɛkɔ so sɛ daa mede me nipadua besi hɔ sɛ ‘afɔre a ɛte ase a ɛyɛ kronkron a ɛsɔ Onyankopɔn ani.’”—Yesaia 33:24; Romafo 12:1.

Wɔ wiase nyinaa no nnipa ɔpepem pii anya Onyankopɔn mmoa bere a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛde wɔn ho afi nneɛma ahorow a aka wɔn hɔ ho no. Nokwarem no, wɔn ankasa ka ho bi na wɔdanee nkoa, ebia wogyaee wɔn ho mu maa nhyɛso anaa sɔhwɛ ahorow. Nanso wɔahu sɛ Yehowa yɛ Ogyefo kɛse a ɔwɔ abotare. Ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛboa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom no ampa no na wahyɛ wɔn den.

‘Nokware no Bɛma Moade Mo Ho’

Na atorodi ne nnaadaa mu nkoasom nso ɛ? Yesu Kristo ma yɛn awerɛhyem sɛ yebetumi ade yɛn ho afi nneɛma a ɛte saa ho. Ɔkae sɛ: “Sɛ motra m’asɛm mu a, moyɛ m’asuafo ampa; na mubehu nokware, na nokware no ayɛ mo adehye.” (Yohane 8:31, 32) Bere a ɔkaa eyi no, na n’atiefo no mu pii hyɛ Farisifo atetesɛm katee nkoasom ase. Nokwarem no, Yesu kae wɔ ne bere so nyamesom akannifo no ho sɛ: “Wɔkyekyere nnesoa duruduru de to nnipa mmati, na wɔn ankasa de, wɔmpɛ sɛ wɔde wɔn nsateaa mpo ka.” (Mateo 23:4) Yesu nkyerɛkyerɛ maa nkurɔfo dee wɔn ho fii saa nkoasom no ase. Ɔpaa nyamesom mu atosɛm ho ntama, mpo ɔkyerɛɛ beae a efi bae no. (Yohane 8:44) Na ɔde nokware sii atoro ananmu, na ɔdaa Onyankopɔn ahwehwɛde ahorow ma adesamma a ntease wom no adi pefee.—Mateo 11:28-30.

Te sɛ Yesu asuafo no, ɛnnɛ nnipa mpempem pii rehu sɛ ɛdenam Onyankopɔn mmoa so no, wobetumi ade wɔn ho afi nyamesom mu atosɛm ne atoro atetesɛm a ɛde wɔn ayɛ nkoa no ho. Bere a wɔasua Bible mu nokware a ɛma ɔhome akyi no, wohui sɛ wɔade wɔn ho wɔ awufo ho suro a ɛhyɛ wɔn so no ho, wɔade wɔn ho wɔ hellgya a wɔyɛ nkurɔfo ayayade daa wom ho hu no ho, na wɔade wɔn ho afi hyɛ a wɔhyɛ wɔn ma wɔyɛ adwumaden de tua sika ma asɔfo a wɔkyerɛ sɛ wogyina Kristo—nea ɔkae sɛ: “Munyaa no kwa, na momfa mma kwa!”—ananmu wɔ ɔsom adwuma a wɔyɛ mu no ho. (Mateo 10:8) Afei nso, ɛrenkyɛ yebenya ahofadi kɛse.

Anifere Kwan so Nkoasom a Ɛsen Biara

Hyɛ sɛnea Yesu kaa anifere kwan so nkoasom a yɛaka ho asɛm dedaw a ɛka ɔbarima, ɔbea, ne mmofra nyinaa wɔ asase so no nsow: “Nokware, nokware, mise mo sɛ, obiara a ɔyɛ bɔne no yɛ bɔne no akoa.” (Yohane 8:34) Hena na obetumi aka sɛ ɔnyɛ bɔne? Ɔsomafo Paulo mpo gye toom sɛ: “Papa a mepɛ no, menyɛ, na mmom bɔne a mempɛ no, ɛno na meyɛ.” (Romafo 7:19) Ɛwom sɛ obiara nni hɔ a obetumi atete ne ho afi bɔne nkɔnsɔnkɔnsɔn mu de, nanso yɛn tebea no nyɛ nea anidaso biara nnim.

Yesu maa n’asuafo no awerɛhyem sɛ: “Sɛ ɔba no yɛ mo adehye a, mobɛyɛ adehye ampa.” (Yohane 8:36) Akyinnye biara nni ho sɛ bɔhyɛ yi mmamu bɛkyerɛ nokware ahofadi a yebenya afi nkoasom a ɛsɛe nneɛma pii mu no. Sɛ yɛbɛte ɔkwan a yebetumi afa so afi mu no ase a, ɛsɛ sɛ yedi kan hwɛ nea ɛyɛe a mfiase no yɛbaa nkoasom ase no.

Bible no da no adi sɛ Onyankopɔn bɔɔ onipa sɛ abɔde a otumi paw nea ɔpɛ, a na biribiara nni hɔ a ebetumi ama wayɛ bɔne. Nanso Onyankopɔn honhom mu ba bi a aniwa nhu no a ɔyɛ pɛsɛmenkominya pɛe sɛ odi adesamma so tumi, ɛmfa ho sɛnea adesamma behu amane no. Nea ɛbɛyɛ na wadu saa botae no ho no, ɔbɔfo tuatewfo yi, a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no Satan Ɔbonsam no dan yɛn awofo a wodi kan, Adam ne Hawa, fii Onyankopɔn ho. Bere a Adam boapa yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden wɔ akwankyerɛ pɔtee a na wɔde ama no akyi no, ɛnyɛ sɛ n’ankasa bɛyɛɛ ɔbɔnefo nko, na mmom ɔde sintɔ ne owu gyaw n’asefo nyinaa nso. (Romafo 5:12) Awiei koraa no, Satan bɛyɛɛ ‘wiase sodifo,’ na ‘bɔne dii hene owu mu wɔ adesamma so.’—Yohane 12:31; Romafo 5:21; Adiyisɛm 12:9.

Ɔkwan bɛn so na yebetumi ade yɛn ho? Denam Yesu asuafo a yɛbɛyɛ so no, yebetumi anya Kristo wu afɔrebɔ no so mfaso, nea ɛwɔ tumi a ‘ebetu nea ɔwɔ owu tumi a ɔne ɔbonsam no, na agye wɔn a anka owu ho hu nti wɔayɛ nkoa, nna a wɔde te ase nyinaa’ no. (Hebrifo 2:14, 15) Susuw ɛno ho hwɛ—ahofadi a wonya fi bɔne ne owu nkoasom mu! So ahofadi a ɛte saa ho a yesusuw no nka koma?

Na nkoasom a yɛkaa ho asɛm mfiase no nso ɛ? So bere bi bɛba a hyɛ a wɔhyɛ nkurɔfo de wɔn yɛ nkoa bere a wɔmpene so no to betwa?

Nea Yegyina so Nya Nokware Anidaso

Nokwarem no, yebetumi anya ahotoso sɛ wobeyi saa nkoasom tantan no afi hɔ. Dɛn ntia? Wiɛ, susuw eyi ho: Yehowa Nyankopɔn na ɔde ahofadi a ɛsen biara ma adesamma wɔ abakɔsɛm nyinaa mu. Ebia wunim abakɔsɛm ho kyerɛwtohɔ no.

Misraim de Israel man no yɛɛ nkoa, hyɛɛ wɔn ma wɔyɛɛ adwumaden yɛɛ wɔn aninyanne pii. Wosu frɛɛ Onyankopɔn hwehwɛɛ mmoa, na ne mmɔborohunu bebree no nti otiee wɔn yɛɛ ho biribi. Bere a ɔde Mose ne Aaron dii dwuma sɛ ne kasamafo no, Yehowa ka kyerɛɛ Misraim Farao sɛ onnyae Israelfo no mfi nkoasom mu. Bere a Yehowa de ɔhaw ahorow baa asase no so akyi mpo no, ɔhempɔn hantanfo yi buu n’ani guu so mpɛn pii. Akyiri yi Onyankopɔn brɛɛ Farao ase na ɔmaa Israelfo no kɔe. Awiei koraa no, Israelfo no nyaa ahofadi!—Exodus 12:29-32.

Ɛyɛ kyerɛwtohɔ a ɛyɛ anigye, anaa ɛnte saa? Ebia ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ Onyankopɔn nyɛɛ biribi a ɛte saa wɔ yɛn bere yi so. Dɛn nti na ɔmfaa ne ho nnyee adesamma nsɛm mu na ɔmmaa nkoasom to ntwae? Kae, ɛnyɛ Yehowa na ‘odi wiase yi so’—ɛyɛ Satan. Esiane mpoatwa a ɛkɔɔ so wɔ Eden nti, Yehowa ama ne Tamfo no kwan ma wadi tumi wɔ bere tiaa bi mu. Nkoasom, nhyɛso, ne atirimɔdenne yɛ Satan tumidi ho agyiraehyɛde. Adesamma tumidi ho kyerɛwtohɔ nyɛ papa koraa wɔ nkɛntɛnso a ɛte saa no ase. Bible no bɔ saa kyerɛwtohɔ no mua tiawa sɛ: “Onipa di onipa so tumi ma ɛdan no bɔne.”—Ɔsɛnkafo 8:9.

Nanso enkosi bere bɛn? Bible no kyerɛkyerɛ mu sɛ yɛte awiei bere yi “nna a edi akyiri” mu, bere a pɛsɛmenkominya ne adifudepɛ bebu so. (2 Timoteo 3:1, 2) Eyi kyerɛ sɛ ɛrenkyɛ, Onyankopɔn Ahenni a Yesu kyerɛe sɛ yɛmmɔ ho mpae no de adesamma abusua a trenee te mu a nkoasom nnim bɛba. (Mateo 6:9, 10) Onyankopɔn Hene a wapaw no, Yesu Kristo, bedi dwuma asɛe nkoasom ho biribiara kosi sɛ obetu ɔtamfo a odi akyiri, owu, ase korakora.—1 Korintofo 15:25, 26.

Awiei koraa no sɛ saa da no du a, adesamma anokwafo behu sɛ gye a wogyee Onyankopɔn nkurɔfo fii nkoasom mu wɔ Misraim no yɛ ahofadi kɛse a na ɛbɛba no nsusuwso ketewaa bi koraa. Yiw, saa bere no, “abɔde no ankasa nso bɛfa ne ho adi afi ɔsom a ɛsom porɔwee no mu.” Awiei koraa no, obiara benya anigye “akɔ Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi mu.”—Romafo 8:21.

[Ase hɔ asɛm]

a Wɔ afeha a edi kan no mu no, na adidi ntraso taa kɔ so wɔ Roma apontow ahorow ase. Enti, wɔbɔɔ Kristofo kɔkɔ sɛ wɔmmma aduan anaa biribi a ɛte saa nnnan wɔn nkoa.—Romafo 6:16; 1 Korintofo 6:12, 13; Tito 2:3.

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Wobu akontaa sɛ wɔ United States nkutoo no, nnipa bɛyɛ ɔpepem asia na kyakyatow de wɔn ayɛ nkoa

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Nnipa ɔpehaha pii na nnubɔne, mmosa, ne tawa de wɔn ayɛ nkoa

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 24, 25]

Te sɛ Ricardo no, nnipa pii ade wɔn ho afi nneɛma a ɛka wɔn hɔ ho denam Nyankopɔn mmoa so nneɛma a ɛka wɔn hɔ ho

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 26]

Sɛnea wogyee tete Israelfo fii nkoasom mu no, ɛrenkyɛ Onyankopɔn nokware asomfo benya ahofadi a ɛkyɛn saa koraa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena