Bible No Adwene
So Onyankopɔn Penee Nkoatɔ no So?
NNIPA a wɔyɛ tuntum a fifiri retew wɔn a ɛkame ayɛ sɛ wɔn mu apono soso nkotoku duruduru a asaawa wom nam brɛoo reforo po so ahyɛn. Wɔn so ahwɛfo atirimɔdenfo de mpire gyina wɔn so na ama wɔayɛ adwuma. Wogye mmofra a wɔteɛteɛm fi wɔn nanom a wɔresu nsam tɔn wɔn ma nea otua sika kɛse paa no. Ɛda adi sɛ atirimɔdenne a ɛyɛ awerɛhow yi ho mfonini na ɛbɛba w’adwenem bere a wususuw nkoasom ho no.
Anwonwasɛm ne sɛ wɔka sɛ na nkoatɔfo ne nkoa wuranom pii yɛ nnipa a na wɔpɛ nyamesom paa. Abakɔsɛm kyerɛwfo James Walvin kyerɛwee sɛ: “Ná mmarima a wɔte saa, Europafo ne Amerikafo, ɔhaha pii wɔ hɔ a wɔkamfo Awurade wɔ ne nhyira ho, da no ase sɛ wɔn adwuma rekɔ so yiye bere a wɔde wɔn nkoatɔ po so ahyɛn fa po so kɔ Wiase Foforo no mu no.”
Ebinom aka mpo sɛ Onyankopɔn penee nkoatɔ no so. Sɛ nhwɛso no, Alexander McCaine kae wɔ ɔkasa bi a ɔmae wɔ Metɔdist Protestant Asɔre no Nhyiam ase wɔ 1842 mu sɛ “Onyankopɔn ankasa na ɔhyɛe” sɛ wɔmfa afoforo nyɛ nkoa. So asɛm a McCaine kae no yɛ nokware? So Onyankopɔn penee mmeawa a wɔkyeree wɔn too wɔn mmonnaa, mmusua a wɔnam atirimɔden so paapaee wɔn mu, afoforo a wɔboroo wɔn pasaa a na ɛka nkoatɔ a ɛkɔɔ so wɔ McCaine bere so ho no so? Na nnipa ɔpepem pii a wɔhyɛ wɔn ma wɔyɛ adwuma denneennen sɛ nkoa de di wɔn nya nnɛ no nso ɛ? So Onyankopɔn pene atirimɔdenne a ɛte saa so?
Nkoasom ne Israelfo
Bible ka sɛ ‘onipa adi onipa so tumi ma adan no bɔne.’ (Ɔsɛnkafo 8:9) Ebia eyi da adi sen biara wɔ nkoasom a wɔyɛ afoforo ayayade wom a nnipa ahyehyɛ no mu. Yehowa Nyankopɔn mmu n’ani ngu amanehunu a saa nkoasom no de ba no so.
Sɛ nhwɛso no, susuw tebea bi a Israel kɔɔ mu no ho hwɛ. Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ Misrifo ‘maa wɔn asetra fonoo wɔn wɔ dɔte ne ntayaa ho adwuma a ɛyɛ den ne afum adwumayɛ ahorow nyinaa, ne nnwuma horow nyinaa mu nyadi yayaw a wɔde dii wɔn mu.’ Israelfo no kɔɔ so ‘su frɛe, na wɔn som no mu sufrɛ no koduu Onyankopɔn anim.’ So Onyankopɔn anyɛ wɔn amanehunu no ho hwee? Ɔyɛɛ ho biribi efisɛ, “Onyankopɔn tee wɔn apinisi no, na Onyankopɔn kaee n’apam a ɔne Abraham ne Isak ne Yakob pamee no.” Afei, Yehowa ka kyerɛɛ ne nkurɔfo sɛ: “Megye mo afi Misraim nkoasom no ase, na mayi mo mafi wɔn anyadimɔ no mu.”—Exodus 1:14; 2:23, 24; 6:6-8.
Ɛda adi pefee sɛ Yehowa ampene nkoasom a wɔyɛɛ afoforo ayayade wom a ‘nnipa nam so dii onipa so’ no so. Nanso so Onyankopɔn amma nkoasom ho kwan akyiri yi wɔ ne nkurɔfo mu? Yiw, ɔyɛɛ saa. Nanso, nkoasom a na ɛwɔ Israel no nte sɛ nea akɔ so wɔ abakɔsɛm nyinaa mu a wodi atirimɔdensɛm wom no koraa.
Onyankopɔn mmara kae sɛ kyere a wɔkyere obi tɔn no ho asotwe yɛ owu. Afei nso, Yehowa de akwankyerɛ mae de bɔɔ nkoa ho ban. Sɛ nhwɛso no, na wobegyaa akoa a ne wura di no dɛm no ma wakɔ. Sɛ akoa bi wu esiane sɛ ne wura boroo no nti a, wobetumi akum ne wura no. Na wobetumi de mmea nnommum ayɛ mfenaa anaasɛ wɔde wɔn ayɛ wɔn yerenom. Nanso na ɛnsɛ sɛ wɔne wɔn da de dwudwo wɔn akɔnnɔ ano kɛkɛ. Mmara no mu nnyinasode titiriw maa Israelfo komapafo yii obu ne ayamye adi kyerɛɛ wɔn nkoa, te sɛ nea wɔafa wɔn sɛ adwumayɛfo a wotua wɔn ka.—Exodus 20:10; 21:12, 16, 26, 27; Leviticus 22:10, 11; Deuteronomium 21:10-14.
Yudafo binom fii wɔn pɛ mu dan wɔn ho nkoa maa wɔn mfɛfo Yudafo na ama wɔatumi atua ɛka a wɔde. Adeyɛ yi amma ɔkɔm anne nkurɔfo na ɛmaa wɔn hia to twae. Afei nso, na ɛsɛ sɛ wogyaa nkoa wɔ Yudafo no mmere atitiriw bi mu.a (Exodus 21:2; Leviticus 25:10; Deuteronomium 15:12) Bere a Yudani nhomanimfo Moses Mielziner reka nkoa ho mmara yi ho asɛm no, ɔkae sɛ “na wɔkɔ so bu akoa sɛ onipa, na wobu no sɛ onipa a ɔwɔ hokwan ahorow bi a ne wura mpo ntumi nnye mfi ne nsam.” Hwɛ sɛnea ɛyɛ soronko koraa wɔ nkoasom a wɔyɛ afoforo ayayade wom a asɛe abakɔsɛm no ho!
Nkoasom ne Kristofo
Ná nkoasom ka Roma Ahemman no sikasɛm nhyehyɛe ho bere a afeha a edi kan Kristofo no traa ase no. Enti, na Kristofo binom yɛ nkoa, na na afoforo nso wɔ nkoa. (1 Korintofo 7:21, 22) Nanso so eyi kyerɛ sɛ na Yesu asuafo yɛ wɔn nkoa ayayade? Dabida! Ɛmfa ho sɛnea na Roma mmara te biara no, yebetumi anya ahotoso sɛ Kristofo anyɛ wɔn a na wodi wɔn so tumi no ayayade. Ɔsomafo Paulo hyɛɛ Filemon nkuran mpo sɛ ommu n’akoa Onesimo a na wabɛyɛ Kristoni no sɛ “onua.”b—Filemon 10-17.
Bible nka biribi a ɛkyerɛ sɛ nkoa a nnipa de wɔn yɔnkonom yɛe no ka Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw ma onipa no ho. Afei nso, Bible nkɔmhyɛ biara nni hɔ a ɛka sɛ nnipa de wɔn mfɛfo nnipa bɛyɛ nkoa wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu. Mmom no, wɔ saa Paradise a ɛreba no mu no, atreneefo ‘bɛtratra wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase, na obi bi renyi wɔn hu.’—Mika 4:4.
Ɛda adi pefee sɛ Bible mpene so sɛ wɔbɛyɛ afoforo ayayade biara. Mmom no, ɛhyɛ nnipa nkuran sɛ wɔnkyerɛ obu mma wɔn ho, na wommu wɔn ho sɛ wɔyɛ pɛ. (Asomafo no Nnwuma 10:34, 35) Etu nnipa fo sɛ wɔne afoforo nni wɔ ɔkwan a wɔbɛpɛ sɛ wɔne wɔn di so. (Luka 6:31) Afei nso, Bible hyɛ Kristofo nkuran sɛ wɔmfa ahobrɛase mmu afoforo sɛ wɔkorɔn sen wɔn, a wɔn asetram gyinabea mfa ho. (Filipifo 2:3) Nnyinasosɛm yi ne nkoasom a wɔyɛ afoforo ayayade wom a akɔ so kɛse wɔ aman pii mu nnansa yi no nhyia koraa.
[Ase hɔ nsɛm]
a Nokwasɛm a ɛne sɛ wɔmaa kwan sɛ nkoa binom betumi akɔ so ne wɔn wuranom atra no kyerɛ pefee sɛ na Israelfo nkoasom mma wɔnyɛ nkoa ayayade.
b Saa ara na Kristofo bi a wɔwɔ hɔ nnɛ yɛ adwumawuranom; afoforo yɛ adwumayɛfo. Sɛnea Kristoni a ɔyɛ adwumawura renyɛ n’adwumayɛfo ayayade no, saa ara na Yesu asuafo a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu no ne wɔn nkoa dii sɛnea Kristofo nnyinasosɛm kyerɛ.—Mateo 7:12.