Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 8/1 kr. 24
  • “Afie Ne Afie Mu”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Afie Ne Afie Mu”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kyerɛkyerɛ Baguam Ne Afie Afie
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • “New World Translation” No​—Ɛda Nhomanim ne Nokwaredi Adi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Afie Afie Adansedi
    Yɛn Ahenni Som—2006
  • Wɔn a Wɔn Ani Gye Onyankopɔn Asɛm Ho Adu Botae Titiriw Bi Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 8/1 kr. 24

“Afie Ne Afie Mu”

“NA WƆKƆƆ so da biara kyerɛkyerɛe na wɔkaa Kristo Yesu ho asɛmpa no wɔ asɔrefi ne afie ne afie mu a wɔannyae da.” (Asomafo no Nnwuma 5:42, New World Translation) Yehowa Adansefo taa de kyerɛwsɛm yi ne nea ɛwɔ Asomafo no Nnwuma 20:20 no di dwuma de kyerɛ sɛ wɔn asɛnka adwuma a wɔyɛ wɔ apon ano no gyina Kyerɛwnsɛm so. Nanso wɔ Germany no, wɔn a wɔkasa tia Yehowa Adansefo binom agye sɛnea New World Translation no kyerɛ nkyekyem ahorow yi ase no ho kyim, na wose wɔankyerɛ ase sɛnea ɛte wɔ Hela de a wodii kan yɛe no mu no.

So nea wɔka yi yɛ nokware? Dabida. Ade biako ne sɛ, anyɛ yiye koraa no, German kasa mu Bible ahorow asia kyerɛ nkyekyem ahorow yi ase saa ara. Ebi ne Zürcher Bibel a wɔasan ayɛ no foforo no ne “New Testaments” a Rupert Storr, Franz Sigge, ne Jakob Schäfer yɛe no (N. Adler san yɛɛ no foforo). Engiresi kasa mu de pii ne no hyia.

Germanni nhomanimfo Hans Bruns kyerɛ sɛ sɛnea ɔkyerɛɛ Asomafo no Nnwuma 5:42 hɔ asɛm no ase sɛ “afie ne afie mu” no fata, bere a ɔka sɛ: “Sɛnea ɛda adi wɔ mfitiase kyerɛw nsɛm no mu no, ɛte sɛ nea wɔkɔɔ afie ne afie.” Yiw, wɔamfa katʼ oiʹkon, a ɛne sɛnea wodii kan kaa kyerɛw yi mu asɛm no, anni dwuma te sɛ nea na wɔka asɛm no (wɔ fie) na mmom wɔde dii dwuma ɔkwan a ɛkyerɛ ankasa sɛ wɔkɔɔ “fie biara mu.” (Wohu asɛmfua no dodow kabea, a ɛne katʼ oiʹkous, a ɛkyerɛ “afie nyinaa mu” no wɔ Asomafo no Nnwuma 20:20.) Nhomanimfo afoforo, te sɛ Heinz Schürmann, si sɛnea nsɛm yi nkyerɛase kyerɛ sɛ wɔkɔɔ afie ne afie no so dua. Horst Balz ne Gerhard Schneider, a wotintim Apam Foforo no ho nsɛm asekyerɛ nhoma bi a ɛkyerɛkyerɛ nsɛm ase yiye no, se wobetumi akyerɛ asɛm yi ase sɛ “fi ofi biako mu kɔ foforo mu.” Engiresi kasa mu nhwehwɛmu nhoma ahorow bi nso kyerɛkyerɛ nkyekyem yi mu saa kwan no ara so.

Enti, ada adi bio sɛ nea akasatiafo kaa wɔ New World Translation no ho no nyɛ nokware. Nea ɛho hia sen ɛno ne sɛ ada adi pefee sɛ afie ne afie asɛnka dwumadi no gyina Kyerɛwnsɛm so pintinn. (Fa toto Mateo 10:11-14; 24:14 ho.) Ɛyɛ hokwan kɛse ma Yehowa Adansefo sɛ wobesuasua wɔn mfɛfo a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu no wɔ eyi mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena