Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w15 12/1 kr. 11
  • So Wonim?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wonim?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yerusalem—“Ɔhenkɛse Kurow”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Fam a Wotutu Hwehwɛ Tetefo Nneɛma Mu—So Ɛho Hia na Yɛanya Gyidi?
    Nyan!—2002
  • Kristosom Mu Trɛw Wɔ Afeha A Edi Kan Yudafo Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • ‘Honhom Kronkron Hyɛɛ Wɔn Mama’
    ‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
w15 12/1 kr. 11

SO WONIM?

Ɛyɛ ampa sɛ Yudafo ‘firii ɔman biara a ɛwɔ ɔsoro ase mu’ kɔɔ Yerusalem wɔ Pentekoste afe 33?

Nnipa bi a wɔgyina Yerusalem abɔnten so rebɔ nkɔmmɔ; ɛyɛ Pentekoste afe 33

Nnipadɔm bi a wɔabɔ dɔmpem wɔ Yerusalem abɔnten so; ɛyɛ Pentekoste afe 33

Nnipadɔm a wɔkɔɔ Yerusalem afe 33 kɔdii Pentekoste afahyɛ no, ɛnyɛ Bible asɛm a ɛwɔ Asomafoɔ Nnwuma 2:5-11 no nko ara na ɛka ho asɛm. Yudani nwoma kyerɛwfo Philo nso kaa ho asɛm.

Philo kaa Yudafo a na wɔkɔ Yerusalem ho asɛm sɛ: “Afahyɛ biara, nnipadɔm pii fi apuei ne atɔe, atifi ne anafo, ne nkuro ahorow so ba; ebinom nantew, na ebinom nso fa po so.” Krataa bi a Herode Ɔkɛseɛ banana Agripa I kyerɛw kɔmaa Roma Ɔhempɔn Caligula no, Philo faa ɛno nso mu asɛm kae. Agripa kaa Yerusalem ho asɛm wɔ saa krataa no mu sɛ: “Kuro Kronkron no . . . nyɛ Yudafo nko ara ahenkuro, na mmom ɛyɛ aman bebree nso ahenkuro, efisɛ na Yudafo pii atutu akɔtena nkuro foforo so.”

Agripa kyerɛwee sɛ na Yudafo nkuro wowɔ mmeae bi a ɛwɔ akyirikyiri te sɛ Mesopotamia, Afrika Atifi fam, Asia Kumaa, Greece, ne Mediterranea nsupɔ foforo so. Nwomanimfo Joachim Jeremias kaa sɛ: “Ɛwom, krataa no anka Yerusalem akwantu biara ho asɛm, nanso yɛnim sɛ na ɛyɛ Yudani biara a wanyin asɛde sɛ ɔkɔ Yerusalem kɔdi afahyɛ no.”—Deuteronomium 16:16.

Nnipa mpempem a na wɔkɔ Yerusalem kɔdi Yudafo afahyɛ no, na wɔyɛ dɛn nya baabi da?

Ɛdan bi a na nkurɔfo dwira wɔn ho wom; ɛwɔ Yerusalem

Ɛdan bi a na wɔdwira wɔn ho wom; wɔhuu wɔ Yerusalem

Ná Yudafo no wɔ afahyɛ mmiɛnsa a wɔdi no afe biara wɔ Yerusalem. Saa afahyɛ mmiɛnsa no ne: Twam Afahyɛ, Pentekoste Afahyɛ, ne Asese Afahyɛ. Yesu ne asomafo no bere so nyinaa, na nnipa mpempem tu kwan fi Israel ne nkuro a Yudafo tete so kɔ Yerusalem kɔdi afahyɛ ahorow yi. (Luka 2:41, 42; Asomafoɔ Nnwuma 2:1, 5-11) Ná ɛsɛ sɛ akwantufo yi nyinaa nya baabi a wɔde wɔn ti bɛto.

Ná ebinom kɔda wɔn nnamfo nkyɛn, na na ebinom nso kɔgye ahɔhodan. Ná wɔn mu pii sisi ntomadan tena mu wɔ kuro no mu anaa kuro no akyi. Bere a ɛtwa toɔ a Yesu kɔɔ Yerusalem no, Betania na ɔkɔdae. Betania nso na ɛbɛn Yerusalem.—Mateo 21:17.

Wɔahu adan pii a na ɛbɛn asɔrefie no. Saa adan no, na wɔayeyɛ mmeae pii a na wɔdware wɔ hɔ. Wɔkyerɛ sɛ, saa adan no yɛ ahɔhodan a na akwantufo bɛtumi atena hɔ. Akwantufo no kɔ hɔ a, ɛhɔ na na wɔsiesie wɔn ho dwira wɔn ho ansa na wɔakɔwura asɔrefie hɔ. Nkyerɛwee bi a wɔahu wɔ adan yi baako ho kyerɛ sɛ Theodotus a na ɔyɛ ɔsɔfo ne hyiadan mu panin no “sii hyiadan sɛ wɔnkenkan Torah wɔ hɔ, . . . na afei ɔsii ahɔhodan twee nsuo kɔɔ hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a akwantufo a wɔrepɛ baabi ada no bɛtumi akɔgye hɔ.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena