Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 2/15 kr. 5-7
  • Nkrabea Betumi ne Onyankopɔn Dɔ Ahyia?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkrabea Betumi ne Onyankopɔn Dɔ Ahyia?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn a Otumi Kyerɛ Nea Ɛbɛba Daakye
  • Onyankopɔn a Obetumi Asiesie Nsɛm
  • Nsɛm a Wɔka Sie Nkyerɛ Nkrabea
  • Nkrabea ne Onyankopɔn Dɔ
  • Onyankopɔn Ahyɛ Yɛn Nkrabea Ato hɔ Dedaw?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • So Wɔahyehyɛ Sɛnea Yɛn Asetra Bɛyɛ Ato Hɔ?
    Nyan!—1983
  • So Wɔadi Kan Ahyɛ Yɛn Daakye Ato Hɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Yehowa Fi ‘Mfiase Ka Awiei Asɛm’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 2/15 kr. 5-7

Nkrabea Betumi ne Onyankopɔn Dɔ Ahyia?

“YƐKYERƐ nkrabea ase sɛ Onyankopɔn daa nhyehyɛe a ɔnam so kyerɛ nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ wɔ onipa biara ho. Efisɛ wɔammɔ wɔn nyinaa pɛ, na mmom ɔhyɛ to hɔ sɛ ebinom benya daa nkwa na afoforo anya daa ɔsɛe.”

Saa na Protestantfo Sesɛwfo John Calvin kyerɛɛ adwene a na ɔwɔ wɔ nkrabea ho no ase wɔ nhoma Institutes of the Christian Religion mu. Adwene yi gyina nsusuwii a ɛne sɛ Onyankopɔn nimdeɛ nni ano na n’abɔde nneyɛe ntumi mma wonnye n’atirimpɔw ho kyim anaasɛ wɔnhyɛ no sɛ ɔnyɛ nsakrae so.

So eyi ne nea Bible no ka wɔ Onyankopɔn ho ankasa? Nea ɛho hia kɛse no, saa nkyerɛkyerɛmu no ne Onyankopɔn su horow, titiriw ne su a ɛsen biara—ɔdɔ—hyia?

Onyankopɔn a Otumi Kyerɛ Nea Ɛbɛba Daakye

Onyankopɔn tumi kyerɛ nea ɛbɛba daakye. Ɔka ne ho asɛm sɛ “Me a mifi mfiase meka awiei asɛm, na mifi tete mmere no ka nea wɔnyɛe no, meka sɛ: Me tirimpɔw nyinaa begyina, na nea ɛsɔ m’ani nyinaa mɛyɛ.” (Yesaia 46:10) Wɔ onipa abakɔsɛm nyinaa mu no, Onyankopɔn ama wɔakyerɛw ne nkɔmhyɛ ahorow ato hɔ de akyerɛ sɛ obetumi ahu biribi asie na wakyerɛ nsɛm a ebesisi ansa na aba.

Enti, bere a odiyifo Daniel soo nkekaboa abien, a obiako besii ɔfoforo no ananmu ho dae wɔ Babilon hene Belsasar nna no mu no, Yehowa de ne nkyerɛase maa no: “Odwennini a wuhuu no a ɔwɔ mmɛn abien no ne Media ne Persia ahene; na ɔpapo a ɔyɛ kekã no ne Hela hene.” (Daniel 8:20, 21) Ɛda adi pefee sɛ Onyankopɔn tumi huu wiase tumi horow a ɛbɛba nnidiso nnidiso no siei na ɔdaa no adi. Ná Medo-Persia besi Babilon Ahemman a ɛwɔ hɔ saa bere no ananmu na afei Hela de no adi hɔ.

Nkɔmhyɛ ahorow betumi ayɛ nea ɛfa onipa biako ho nso. Sɛ nhwɛso no, odiyifo Mika kae sɛ wɔbɛwo Mesia no wɔ Betlehem. (Mika 5:2) Bio nso, Onyankopɔn kyerɛe wɔ asɛm yi mu sɛ otumi hu biribi sie ansa na aba. Nanso, atirimpɔw titiriw bi nti na wɔkaa asɛm a esii yi—Mesia no a wobehu no. Nhwɛso yi nkyerɛ sɛ ɛteɛ sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ sɛ wɔhyɛ ankorankoro biara nkrabea to hɔ.

Nea ɛne eyi bɔ abira no, Kyerɛwnsɛm no da no adi sɛ tebea horow bi wɔ hɔ a Onyankopɔn mpɛ sɛ obedi kan ahu nea ebefi mu aba. Bere tiaa bi ansa na ɔresɛe Sodom ne Gomora no, ɔkae sɛ: “Meresian makɔhwɛ sɛ wɔayɛ sɛnea nteɛm a edu me nkyɛn no te anaa; na ɛnte saa a, mahu.” (Genesis 18:21) Kyerɛwsɛm yi kyerɛ pefee sɛ Onyankopɔn anni kan anhu sɛnea ahohwisɛm a ɛkɔɔ so wɔ saa nkurow no mu kɛse te kosii sɛ ɔhwehwɛɛ nsɛm mu.

Ampa, Onyankopɔn betumi adi kan ahu nsɛm bi a ebesisi, nanso mpɛn pii no, ɔmpɛ sɛ obedi kan ahu. Esiane sɛ Onyankopɔn yɛ ade nyinaa so tumfoɔ nti, ɔde ne ho sɛ ɔde ne tumi di dwuma sɛnea ɔpɛ na ɛnyɛ sɛnea nnipa a wɔnyɛ pɛ no pɛ.

Onyankopɔn a Obetumi Asiesie Nsɛm

Sɛnea Calvin kae no, ebinom ka sɛ Onyankopɔn hyɛ too hɔ sɛ onipa bɛyɛ bɔne ansa na ɔrebɔ no, na na wadi kan apaw ‘wɔn a wɔapaw wɔn’ no ansa na wɔreyɛ saa bɔne no. Sɛ na ɛte saa a, anka ɛnyɛ nyaatwom sɛ Onyankopɔn bɛma Adam ne Hawa ahwɛ kwan sɛ wobenya daa nkwa bere a onim yiye sɛ wɔrentumi nnya no? Afei nso, Kyerɛwnsɛm no nka wɔ baabiara sɛ wankyerɛ nnipa baanu a wodi kan no sɛ wɔmpaw nea wɔpɛ: sɛ wobedi Onyankopɔn akwankyerɛ akyi na wɔatra ase daa anaasɛ wɔbɛpow na wɔawuwu.—Genesis, ti 2.

Nanso Adam ne Hawa bɔne no sɛee Onyankopɔn atirimpɔw ankasa? Dabi, efisɛ bere a wɔyɛɛ bɔne ara pɛ na Onyankopɔn kae sɛ ɔbɛma ‘aseni’ bi aba abɛsɛe Satan ne n’adwumayɛfo, na wasiesie nneɛma wɔ asase so. Sɛnea nkoekoemmoa kakraa bi ntumi nsiw okuafo bi kwan sɛ obenya nnɔbae pii no, saa ara na Adam ne Hawa asoɔden no rentumi nsiw Onyankopɔn kwan sɛ ɔbɛdan asase no paradise.—Genesis, ti 3.

Akyiri yi Onyankopɔn daa no adi sɛ Ahenni nniso bi a ɛhyɛ Ɔhene Dawid aseni nsa bɛba na afoforo benya kyɛfa wɔ Ahenni yi mu. Wɔfrɛ afoforo yi sɛ “Ɔsorosoroni no ahotefo.”—Daniel 7:18; 2 Samuel 7:12; 1 Beresosɛm 17:11.a

Nsɛm a Wɔka Sie Nkyerɛ Nkrabea

Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Onyankopɔn ampɛ sɛ ohu ɔkwan a adesamma bɛfa so no ansiw no kwan sɛ ɔbɛhyɛ nea ebefi onipa nneyɛe pa anaa bɔne mu aba ho nkɔm. Sɛ akwanhyia bi si a, wontumi mfa ho asodi nto obi a osiesie afiri a ɔbɔ ofirikafo no kɔkɔ sɛ biribi asɛe wɔ n’afiri no ho so anaasɛ wɔmmɔ no sobo sɛ ɔno na ɔhyɛ too hɔ sɛ ensi. Saa ara nso na wontumi mmɔ Onyankopɔn sobo sɛ ɔno na ɔhyɛɛ awerɛhode a efi ankorankoro nneyɛe mu ba no too hɔ.

Saa ara na na ɛte wɔ awarefo baanu a wodi kan no asefo fam. Ansa na Kain rekum ne nua no, Yehowa de sii Kain anim sɛ ɔmpaw nea ɔpɛ. Obedi bɔne so anaasɛ bɔne bedi no so? Hwee nni asɛm no mu a ɛkyerɛ sɛ Yehowa hyɛ too hɔ sɛ Kain bɛpaw adebɔne na wakum ne nua.—Genesis 4:3-7.

Akyiri yi Mose Mmara no bɔɔ Israelfo kɔkɔ wɔ nea ɛbɛba ho sɛ wɔansom Yehowa na ebia wɔwareware yerenom fi abosonsomfo aman no mu a. Nea wɔka siei no baam. Yebetumi ahu eyi afi Ɔhene Salomo a ne yerenom ananafo no nyaa ne so nkɛntɛnso wɔ ne nkwakoraa bere mu ma ɔsom abosom no nhwɛso mu. (1 Ahene 11:7, 8) Yiw, Onyankopɔn bɔɔ ne nkurɔfo kɔkɔ, nanso wanni kan ankyerɛ nea wɔn mu biara nneyɛe bɛyɛ.

Wɔhyɛ Kristofo a wɔapaw wɔn no nkuran sɛ, sɛ wɔmpɛ sɛ akatua a ɛne ahene a wɔne Kristo bedi wɔ soro no bɔ wɔn a, ɛnsɛ sɛ wɔpaw abaw. (2 Petro 1:10; Adiyisɛm 2:5, 10, 16; 3:11) Sɛnea tete nyamekyerɛfo binom abisa no, Sɛ wɔafrɛ wɔn a wɔapaw wɔn no koraa a, dɛn nti na wɔde saa nkaebɔ ahorow no mae?

Nkrabea ne Onyankopɔn Dɔ

Wɔde hokwan no maa onipa sɛ ɔmpaw nea ɔpɛ, efisɛ wɔbɔɔ no “Onyankopɔn suban so.” (Genesis 1:27) Sɛ nnipa bedi Onyankopɔn ni na wɔasom no wɔ ɔdɔ mu, na ɛnyɛ sɛ mfiri a wɔadi kan ahyehyɛ nea ɛbɛyɛ nyinaa ato hɔ a, na hokwan a wɔde bɛpaw nea wɔpɛ ho hia yiye. Ɔdɔ a abɔde a wɔwɔ nyansa a wɔwɔ hokwan sɛ wɔpaw nea wɔpɛ yi no adi bɛma Onyankopɔn atumi abɔ sobo biara a ɛnteɛ agu. Ɔka sɛ: “Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam, na manya asɛm mabua nea ɔbɔ me ahohora.”—Mmebusɛm 27:11.

Sɛ wɔpaw Onyankopɔn asomfo siei—anaasɛ wɔhyehyɛɛ wɔn nneyɛe too hɔ, sɛ yɛbɛka no saa a—anka wontumi nka sɛ ɔdɔ a wɔwɔ ma wɔn Bɔfo no nyɛ nokware? Afei nso, anka ɛnyɛ nyiyim sɛ Onyankopɔn bedi kan apaw nnipa ahyɛ wɔn anuonyam na wɔanya anigye bere a onsusuw sɛnea wɔn mu biara fata ho no? Afei nso, sɛ wɔyɛ ebinom yiye saa na wɔhyɛ to hɔ sɛ wɔntwe afoforo aso daa a, anka eyi remma “wɔn a wɔapaw” wɔn no nte nka sɛ wobefi wɔn komam de aseda ama.—Genesis 1:27; Hiob 1:8; Asomafo no Nnwuma 10:34, 35.

Awiei koraa no, Kristo ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔnka asɛmpa no nkyerɛ adesamma nyinaa. Sɛ Onyankopɔn apaw wɔn a obegye wɔn no dedaw a, anka eyi remmrɛ nnamyɛ a Kristofo de yɛ asɛmpaka adwuma no ase? Ɛremma asɛnka adwuma no nyɛ nea ntease nnim?

Ɔdɔ a animhwɛ nnim a efi Onyankopɔn hɔ ne tumi a ɛsen biara a ebetumi aka nnipa ma wɔn nso adɔ no. Ɔdɔ a ɛsen biara a Onyankopɔn yii no adi ne sɛ ɔde ne Ba bɔɔ afɔre maa adesamma abɔnefo a wɔnyɛ pɛ no. Nea ne Ba no bɛyɛ a Onyankopɔn dii kan hu siei no yɛ soronko, nanso ɛma yɛn awerɛhyem sɛ nneɛma a wɔbɛsan asiesie ho bɔhyɛ ahorow a egyina Yesu so no bɛbam ampa. Enti ɛmmra sɛ yɛbɛkyerɛ saa Ɔba no mu gyidi na yɛabɛn Onyankopɔn. Momma yennye nsa a yɛn Bɔfo no to frɛ yɛn sɛ yɛne no mmenya abusuabɔ no so mfa nna yɛn anisɔ adi. Ɛnnɛ, Onyankopɔn de frɛ yi to wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde hokwan a wɔwɔ sɛ wɔpaw nea wɔpɛ di dwuma a wɔada wɔn dɔ adi akyerɛ no no nyinaa anim.

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛ Yesu ka Ahenni a wɔasiesie fi “wiase asefi” (Mateo 25:34) ho asɛm a, ɛbɛyɛ sɛ na ɔrekyerɛ biribi a esii wɔ bɔne a edi kan no akyi. Luka 11:50, 51 ka “wiase asehyɛ,” anaasɛ adesamma a wɔnam agyede so betumi agye wɔn nhyɛase kosi Habel bere so ho asɛm.

[Kratafa 7 adaka]

WƆPAW WƆN SIEI SƐ KUW

“Wɔn a Onyankopɔn huu wɔn siei no ɔpaw wɔn siei nso sɛ wɔnsɛ ne Ba no, na watumi ayɛ anuanom pii mu abakan. Na wɔn a ɔpaw wɔn siei no, wafrɛ wɔn nso; wɔn a ɔfrɛɛ wɔn no, wabu wɔn bem nso; wɔn a obuu wɔn bem no, wahyɛ wɔn anuonyam nso.” (Romafo 8:29, 30, New International Version) Ɛsɛ sɛ yɛte asɛm “ɔpaw wɔn siei” a Paulo de dii dwuma wɔ nkyekyem yi mu ase dɛn?

Nea Paulo ka wɔ ha no nyɛ ade a ɛkyerɛ sɛ ogye tom sɛ wahyɛ obiara nkrabea ato hɔ. Ná Dictionnaire de théologie catholique adi kan akyerɛkyerɛ Paulo asɛm (Romafo atiri 9-11) no mu wɔ yɛn afeha yi mu sɛ: “Adwene a Katolek nhomanimfo kura sɛ wɔnnaa nsusuwii ankasa a ɛkyerɛ sɛ wɔpaw obi sie ma daa nkwa no adi no renya nkɔanim kɛse.” Afei nhwehwɛmu nhoma koro no ara fa M. Lagrange asɛm ka sɛ: “Nea Paulo kaa ho asɛm titiriw no nkyerɛ nkrabea ne ɔsɛe a wɔhyɛ to hɔ na mmom Amanaman mufo a wɔfrɛ wɔn ba Kristosom ɔdom mu kɛkɛ no, nea ɛbɔ gyidi a Yudafo no nni no abira. . . . Ɛfa akuw, Amanaman mufo, Yudafo, ho na ɛnyɛ ankorankoro pɔtee bi ho tẽẽ.”—Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.

Nnansa yi ara The Jerusalem Bible kaa asɛnkoro no ara faa atiri (9-11) yi ho bere a ɛkaa eyi no: “Enti, nea atiri yi reka ho asɛm no nyɛ ankorankoro a wɔpaw wɔn sie ma anuonyam, anaasɛ gyidi mpo ho asɛm, na mmom ɛfa nea Israel yɛe wɔ nkwagye ho abakɔsɛm mu ho, ɔhaw biako pɛ a nsɛm a wɔaka wɔ Apam Dedaw no mu ma ɛsɔree no.”

Romafo ti 8 no nkyekyem ahorow a etwa to no fa ade koro no ara ho. Enti, nkyekyem ahorow yi betumi akae yɛn wɔ ɔkwan a ɛfata so sɛ Onyankopɔn huu siei sɛ obenya kuw afi adesamma mu a wɔbɛfrɛ wɔn ma wɔne Kristo akodi hene, ne ahwehwɛde ahorow a ɛsɛ sɛ wodu ho—na ɔyɛɛ eyi a wankyerɛw ankorankoro pɔtee bi a ɔbɛpaw wɔn din anto hɔ, efisɛ ɛbɛbɔ ne dɔ ne atɛntrenee abira.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena