Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w12 5/1 kr. 23
  • So Wunim?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wunim?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Kɔ So Kasa, Na Nka W’Ano Ntom”
    ‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
  • Korinto—Po Abien No Kurow
    Nyan!—1991
  • ‘Onyaa Akokoduru’ De Dii Adanse Fefeefe
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Yehowa Asɛm Yɛ Den!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
w12 5/1 kr. 23

So Wunim?

“Atemmu agua” bɛn na wɔde ɔsomafo Paulo kogyinaa anim no?

▪ Asomafo Nnwuma 18:12, 13 ka sɛ Yudafo a na wɔwɔ Korinto no bɔɔ Paulo sobo sɛ ɔreka asɛm a mmara mma ho kwan, ɛno nti wɔde no kogyinaa “atemmu agua” anaa beʹma no anim (Hela asɛmfua a ɛkyerɛ “atrapoe”). Tete Korinto no, na wɔwɔ bamma si petee mu wɔ agora anaa gua kɛse no mfinimfini baabi. Ɛbɛyɛ sɛ na ɛwɔ hyiadan no nkyɛn pɛɛ. Esiane baabi a bamma no wɔ nti, na wotumi gyina hɔ kasa kyerɛ ɔmanfo. Wɔde ahwehwɛbo bruu ne fitaa na ayɛ, ɛnna wɔde nnua a wɔasen no fɛfɛɛfɛ asieisie hɔ kama; wɔasi adan abien abata baabi a wogyina kasa no. Wɔayɛ ahwehwɛbo nkogua wɔ saa adan no mu, na wɔde ahwehwɛbo mfrafrae asiesie fam hɔ.

Ɛbɛyɛ sɛ baabi a wogyina kasa no, ɛno ne atemmu agua a ɔsomafo Paulo kogyinaa Roma mantam Akaia amrado Galio anim wɔ hɔ no. Ɛhɔ na atemmufo tena di asɛm na wɔde wɔn atemmu no to nnipa a wɔwɔ hɔ no anim.

Hela nkurow akɛse mu no, sɛ baguafo betu agyina biara a, beʹma no anim na na wɔtaa hyia. Sɛ yɛhwɛ Mateo 27:19 ne Yohane 19:13 wɔ Hela nkyerɛwee no mu a, ɛka sɛ Pontio Pilato tenaa ne beʹma no so kasa kyerɛɛ nnipakuw no bere a wɔredi Yesu asɛm no.—Asomafo Nnwuma 12:21.

Adɛn nti na ɔkwan a Yesu faa so wui no too Yudafo binom hintidua?

▪ Ɔsomafo Paulo kaa tete Kristofo ho asɛm sɛ: “Yɛka Kristo a wɔsɛn no no ho asɛm; ɔyɛ hintidua ma Yudafo, na ɔyɛ nkwaseasɛm ma amanaman mufo.” (1 Korintofo 1:23) Adɛn nti na ɔkwan a Yesu faa so wui no too ebinom hintidua?

Bible nkyerɛkyerɛmufo Ben Witherington III ka ɔkwan a Yesu faa so wui ne sɛnea na nnipa a wɔwɔ Mediterranea Apuei fam no yɛ wɔn ade wɔ Yesu bere so; ɔkae sɛ “na ɛyɛ animguase paa sɛ obi bɛfa saa kwan no so awu. Wɔammu no sɛ mogya dansefo wu a nidi wom ɔkwan biara so.” Witherington toaa so sɛ: “Ná saa bere no sofo gye di sɛ ɔkwan a obi fa so wu paa na ɛma yehu ne suban. Saa adwene no nti, na wobu Yesu sɛ kohwini ne ɔmammɔfo a asotwe a ɛfata no ara ne nea wɔde ma nkoa a wɔatew atua no.” Sɛ yehu sɛnea na wobu owu a ɛte saa no a, yebetumi aka sɛ ɛnyɛ ade a tete Kristofo no bɛbɔ wɔn tirim aka Yesu wu ne ne wusɔre no ho asɛm saa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena