Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w89 2/15 kr. 18-20
  • So W’ankasa Nsusuwii Ho Hia Titiriw?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So W’ankasa Nsusuwii Ho Hia Titiriw?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Twetiatwa ho Nsemmisa
  • Wosi Gyinae
  • Dɛn na Wobɛyɛ?
  • Twetiatwa Ɛno Na Ɛma Obi Yɛ Ɔbarima?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • ‘Akasakasa a Emu Yɛ Den Kɔɔ So’
    ‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
  • Tete Kristofo Ne Mose Mmara No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Mmea A Wotwa Wɔn Twetia—Dɛn Ntia?
    Nyan!—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
w89 2/15 kr. 18-20

So W’ankasa Nsusuwii Ho Hia Titiriw?

ASƐMTI bi kae sɛ, “Asɔre mu Mpaemu Foforo wɔ Asɔfo a Wɔne Mmarima Da Ho.” Atesɛm amanneɛbɔ no kɔɔ so paa mpaapaemu a emu dɔ a ɛwɔ England Asɔre no mu wɔ asɔfo a wɔyɛ mmarima a wɔne mmarima da ho no ho ntama.

Ɔsɔfo a ɔno na ɔhwɛ asɔre no asɔfo a wɔpaw wɔn so no kae sɛ: “Mmarima a wɔne wɔn ho da wɔ gyinabea wɔ asɔre no mu.” Wɔ n’adwene mu no, ɔbarima a ɔne ɔbarima da a ‘ɔyɛ ɔnokwafo na odi asɛyɛde ho dwuma’ wɔ ɔne ɔbarima foforo abusuabɔ mu no wɔ hokwan sɛ wɔhyɛ no sɔfo.

“Asɔfo a wɔyɛ mmarima a wɔne mmarima da yɛ bɔne na ɛsɛ sɛ wogyae asɔfodi” ne asɔre no sɔfo panyin bi gyidi a ɛsɔre tia. Ɔtee nka sɛ ɛsɛ sɛ asɔfo yɛ nhwɛso pa wɔ wɔn abrabɔ nyinaa mu.​—The Sunday Times, London, November 8, 1987.

Akyinnye biara nni sɛ na saa mmarima yi mu biara gye di yiye sɛ ne nsusuwii no teɛ. Nanso so ɛsɛ sɛ obi ankasa nsusuwii yɛ tumi a etwa to wɔ nsɛm a ɛho hia kɛse mu? Ebia wobɛka sɛ yiw, na woakyerɛ sɛ “obiara wɔ hokwan sɛ okura ne nsusuwii mu.”

Nanso, susuw nsɛm abien a efi honhom mu a ɛwɔ Bible mu yi ho. “Enti momma yenni nea ɛma asomdwoe ne nea ɛbɛma yɛn nkɔso akyi.” “Na, anuanom, . . . mitu mo fo sɛ, mo nyinaa nyɛ nokoro, na mpaapaemu amma mo mu, na mmom moabom awie pɛyɛ adwenkoro ne nsusuwii koro mu.”​—Romafo 14:19; 1 Korintofo 1:10.

Enti, sɛ́ Kristoni no, sɛ wuhu sɛ ɛyɛ den sɛ wo ne Kristofo asafo no bɛyɛ adwene wɔ asɛm bi a ɛho hia ho nso ɛ? Ɔkwan bɛn so na wubedi ho dwuma sɛnea ɛbɛyɛ a asafo no asomdwoe ne nkabom a ɛho hia kɛse no bɛkɔ so atra hɔ?​—Mateo 5:9; 1 Petro 3:11.

Susuw tebea bi a ɛsɔree wɔ afeha a edi kan Kristofo asafo no mu bere a ebinom buu wɔn ankasa nsusuwii sɛ ɛho hia titiriw no ho. Hwɛ nea efii eyi mu bae akyiri no na bisa wo ho sɛ: ‘Sɛ na mewɔ hɔ a, dɛn na anka mɛyɛ?’

Twetiatwa ho Nsemmisa

Wodii kan gyee Amanaman mufo a wontwaa wɔn twetia baa Kristofo asafo no mu wɔ 36 Y.B. mu. Ɛwom sɛ na Onyankopɔn asiesie ɔsomafo Petro ama saa adeyɛ a ɛyɛ nwonwa yi de, nanso Petro ne wɔn a wɔka ne ho no ho dwiriw wɔn sɛ wohui sɛ wɔahwie honhom kronkron agu wɔn a wɔnyɛ twetiafo no so. (Asomafo no Nnwuma 10:1-16, 34-48) Ɛyɛɛ Yudafo Kristofo afoforo pii den sɛ wobegye eyi atom. Nokwarem no, Yudafo Kristofo “twetiafo” binom kasa tiaa Petro sɛ ɔde ne ho abɔ momonotofo.​—Asomafo no Nnwuma 11:2, 3.

Dɛn nti na na saa akasatiafo no ahaw no? Efisɛ bɛyɛ mfe 2,000 nen no, na twetiatwa ayɛ obi ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ titiriw bi ho sɛnkyerɛnne. Bere a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham sɛ ontwa ne fifo mmarima nyinaa twetia no, Ɔkae sɛ: “Na ayɛ me ne mo ntam apam no ho sɛnkyerɛnne.” (Genesis 17:10-13) Mfehaha pii akyi no, na twetiatwa da so ara yɛ ade a ɛho hia Yudafo no kɛse. Wɔn mu pii tee nka sɛ momonotofo ho ntew. (Yesaia 52:1) Wɔtee nka sɛ ɛnsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo a wɔyɛ kronkron no ne Amanaman mufo momonotofo a wɔn ho ntew no yɛ hwee.

Wɔ 49 Y.B. mu no, saa “twetiafo” yi mu binom kobisaa ɔsomafo Paulo asɛm wɔ Siriafo kurow Antiokia mu. Wɔ n’asɛmpatrɛw akwantu a edi kan no awiei no, ɔkɔbɔɔ asafo a ɛwɔ hɔ no amanneɛ wɔ sɛnea Onyankopɔn ‘abue gyidi pon ama amanaman [momonotofo] no” ho. Na ɛte sɛ nea emu da hɔ fann ma no sɛ ɛho nhia sɛ wotwa saa amanaman mufo yi twetia. Nanso, na ebinom a wofi Yudea wɔ nsusuwii foforo. Wɔkyerɛe sɛ: “Sɛ wɔantwa mo twetia sɛnea Mose amanne no te a, muntumi nnya nkwa.” Na wɔte nka sɛ twetiatwa ho hia ma nkwagye ne sɛ ɛsɛ sɛ wotwa Amanaman mufo a wɔasakra aba Kristosom mu nyinaa twetia.​—Asomafo no Nnwuma 14:26-15:1.

Na nkate a emu yɛ den ho asɛm wom. Akyinnye biara nni ho sɛ wɔkasakasae wɔ ɔkwan a ɛdan ti so de gyinaa wɔn nsusuwii no akyi. Ɔkwan bɛn so na na wɔbɛkora asafo no asomdwoe ne nkabom no so? Bere a wɔasusuw asɛm no ho pii akyi no, asafo a ɛwɔ Antiokia no ‘hyɛe sɛ asɛm no nti Paulo ne Barnaba ne wɔn mu binom nso nkɔ asomafo ne mpanyimfo no nkyɛn Yerusalem.’ (Asomafo no Nnwuma 15:2) Obiara anhyɛ nyansa biara sɛ wɔ asɛm a emu yɛ duru saa mu no, obiara wɔ hokwan sɛ okura ne nsusuwii mu. Na saa Kristofo yi wɔ ahobrɛase ne nokwaredi a ɛsɛ ma nneɛma a wɔyɛ pɛpɛɛpɛ wɔ teokrase akwan so sɛ wɔbɛkɔ akɔhwehwɛ gyinaesi a wotumi de ho to so afi wɔn nkyerɛkyerɛ kuw titiriw no hɔ.​—1 Korintofo 14:33, 40; Yakobo 3:17, 18; 1 Petro 5:5, 6.

Wosi Gyinae

Asomafo ne mpanyimfo a na wɔwɔ Yerusalem (a ɛda adi sɛ na wobu wɔn sɛ tete Kristofo asafo no sodikuw) no hwehwɛɛ Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu no mu yiye na wɔpɛɛpɛe sɛnea honhom kronkron no akyerɛ nneɛma kwan wɔ mfe 13 a atwam no mu no mu. Gyinae bɛn na wosii? Wɔ Amanaman mufo Kristofo fam no, na twetiatwa nyɛ nkwagye ahwehwɛde. (Asomafo no Nnwuma 15:6-29) Na eyi yɛ akwankyerɛ a emu da hɔ a ebesi obi ankasa nsusuwii ananmu.

Asafo ahorow a wotiee saa akwankyerɛ yi no “yɛɛ den gyidi mu, na wɔkɔɔ so dɔe daa.” (Asomafo no Nnwuma 16:4, 5) Nanso, ebinom annye sodikuw no gyinaesi no antom. Na wɔda so gye di ara sɛ wɔn nsusuwii no teɛ ne sɛ Mose Mmara no sodi ho hia ma nkwagye. Dɛn na anka wobɛyɛ? Wɔbɛyɛɛ nkɛntɛnso a ɛyɛ hu a ɛde mpaapaemu ba Kristofo mu. Hwɛ afotu a ɔsomafo Paulo de mae mfirihyia 15 a edii hɔ no mu bere a ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛbɔ nokware Kristofo hɔ ban afi wɔn a wɔde mpi kura wɔn ankasa nsusuwii mu saa no ho no.

Galatia, Asia Kumaa, bɛyɛ 50-52 Y.B. mu. Na ahofadi a Kristofo anya denam Yesu Kristo afɔrebɔ no so no da asiane mu. Suro a Kristofo no suro sɛ wɔn atamfo Yudafo no bɛtaa wɔn no maa wɔn mu binom de Mose Mmara no mu nneɛma bi too wɔn mfɛfo Kristofo so. (Galatifo 6:12, 13) Ɔsomafo Paulo kaee asuafo no sɛ Yudafo nneyɛe ahorow te sɛ twetiatwa a wɔbɛfa ato wɔn ho so no bɛma wɔama kwan ma ‘wɔde akoayɛ kɔndua aka wɔn ahyɛ.’ Esiane sɛ na wɔyɛ abɔnefo nti, na wɔn mu biara rentumi nni Mmara no so pɛpɛɛpɛ, sɛnea na Yudafo no te no ara pɛ. Yesu afɔrebɔ no nkutoo na na ebetumi atew wɔn ho na agye wɔn nkwa. Paulo kae sɛ: “Sɛ wotwa mo twetia [ma enti ɛbɛyɛ asɛyɛde sɛ mudi Mmara no nyinaa so] a, Kristo ho remma mo mfaso.”​—Galatifo 5:1-4; Asomafo no Nnwuma 15:8-11.

Korinto, Hela, bɛyɛ 55 Y.B. mu. Na twetiatwa ho akasakasa repaapae asafo no mu. Na Paulo nim sɛ twetiatwa ankasa nyɛ bɔne. Na ɛyɛ Onyankopɔn Mmara a ɛyɛ pɛ no fã. (Dwom 19:7; Romafo 7:12) Na Paulo ankasa mpo ayɛ nhyehyɛe ama wɔatwa ne hokafo aberantewaa Timoteo (a na ne na yɛ Yudani no) twetia. Ɛnyɛ sɛ na ɛyɛ ahyɛde nti na Paulo yɛɛ saa, na mmom efisɛ na ɔmpɛ sɛ ɔto Yudafo no hintidua biara wɔ asɛmpa no ho. (Asomafo no Nnwuma 16:3) Ɔhyɛɛ Kristofo nkuran sɛ wɔntwe wɔn ho mfi akasakasa a ɛsɛe ade ho. Obisae sɛ: “Wɔfrɛɛ obi, na ɔyɛ twetiani anaa? Mma ɔnnnan momonoto! Wɔfrɛɛ obi, na ɔyɛ momonoto anaa? Mma wonntwa no twetia [a osusuw sɛ eyi ho hia ma nkwagye]!” Na nea ehia ne sɛ wobedi Onyankopɔn ahyɛde horow a emu da hɔ, a nea ɛnam Kristofo asafo no so ba no ka ho no so.​—1 Korintofo 7:18-20; Hebrifo 13:17.

Filipi, Hela, bɛyɛ 60-61 Y.B. mu. Wɔn a na wɔte nka sɛ Yudafo mmara da so kyekyere wɔn no kɔɔ so buu ani guu adanse a emu da hɔ sɛ Yehowa rehyira Kristofo asafo a afei na gyidifo momonotofo pii ka ho no so no so. Na wɔn a wɔka sɛ ɛsɛ sɛ wotwa twetia no repira afoforo honhom mu denam wɔn ankasa nsusuwii a wopiapia so. Enti, afei ɔsomafo Paulo asɛm no mu yɛ den kɛse: “Monhwɛ yiye akraman [a Yudafo bu wɔn sɛ wɔn ho ntew] no ho, monhwɛ yiye adwumayɛfo bɔne no ho, monhwɛ yiye sotwa mufo no ho!”​—Filipifo 3:2.

Kreta, bɛyɛ 61-64 Y.B. mu. Na ɔsomafo Paulo agyaw Tito sɛ ɔnhwɛ Kristofo a wɔwɔ Kreta no adwuma so. Nea ɛyɛ anigye no, na wɔahyɛ Tito a ɔnyɛ Yudani no ma watwa twetia. (Galatifo 2:3) Afei na Paulo aka akyerɛ Tito sɛ ɔne nokware no ho atamfo a na ɛne nea saa twetiafo yi abɛyɛ no nni no dennen. Sɛ wɔkɔ so kyerɛkyerɛ wɔn ankasa nsusuwii a ɛde mpaapaemu ba no a, ɛsɛ sɛ wotu wɔn fi asafo no mu mpo. Ɔkaa “ahuhusɛnkafo ne nnadaafo asowuifo pii . . . ne titiriw wɔn a wofi twetiatwa mu” ho asɛm na ɔtoaa so sɛ: “Ɛsɛ sɛ wosiw wɔn ano; wɔn na aniwu mfaso nti wɔkyerɛkyerɛ nea ɛnsɛ, de dan afi mu butuw.”​—Tito 1:10, 11; 3:10, 11; 1 Timoteo 1:3, 7.

Nea efii mu bae a ɛyɛ awerɛhow bɛn ara ni! Na saa nnipa yi de wɔn ankasa nsusuwii hoahoa wɔn ho araa ma wɔpow Kristofo asafo no akwankyerɛ, wɔsɛee afoforo gyidi, na wɔsɛee wɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ.​—Fa toto Numeri 16:1-3, 12-14, 31-35 ho.

Dɛn na Wobɛyɛ?

So yebetumi akwati mfomso koro no ara a yɛbɛyɛ nnɛ? Yiw, sɛ yɛhwɛ sɛ yɛn ankasa nsusuwii ne Bible nkyerɛkyerɛ a emu da hɔ no remmɔ abira a. Sɛ nhwɛso no, ɛdefa mmarima a wɔne wɔn ho da ho no, Bible se: “Nguaman . . . ne mmarima a wɔne wɔn ho da . . . rennya Onyankopɔn ahenni no.” (1 Korintofo 6:9, 10) Sɛ ebia Kyerɛwnsɛm mu akwankyerɛ bi te sɛ nea ɛma yenya yɛn ankasa nsusuwii a, ɛho hia sɛ yenya ahobrɛase a tete Kristofo de yɛɛ ade no bi na yegye gyinaesi ne akwankyerɛ ahorow a efi Onyankopɔn asafo no hɔ no tom. Awiei koraa no, wɔ mmeae a wɔ Kyerɛwnsɛm mu no asɛm bi teɛ anaa ɛnteɛ nanso ɛsɛ sɛ obi ankasa si ho gyinae mpo no, ɛsɛ sɛ yɛne afoforo ntam asomdwoe som bo kɛse ma yɛn, ma enti ɛyɛ nea yɛtaa gyaa nneɛma mu.

So wowɔ ɔpɛ sɛ wobɛda saa honhom no adi? Sɛ saa a, na woreda kari a wokari pɛ adwene a eye adi, na wuhu sɛ asomdwoe ne nkabom som bo kɛse koraa sen w’ankasa nsusuwii.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena