Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Woka Nneyɛe Bɔne Ho Asɛm Kyerɛ?
WƆKA wɔ Afrika Atɔe fam sɛ: “Obi a oyi asɛm adi no dan ɔmanfo tamfo.” Saa na ɛtoo Olu, bere a ɔbɔɔ ne nuabarima panyin sobo sɛ ɔne wɔn nuabea da no. Ne nuabarima no teɛɛm sɛ: “Woyɛ ɔtorofo!” Afei ɔhwee Olu pasaa, pam no fii wɔn abusua fie, hyew Olu ntade nyinaa. Nkuraasefo no gyinaa ne nuabarima no akyi. Esiane sɛ na wɔmpɛ sɛ wohu Olu anim wɔ akuraa no ase bio nti, na ɛsɛ sɛ otu fi hɔ. Ɛyɛ bere a wohui sɛ abeawa no anyinsɛn nkutoo na nkurɔfo no hui sɛ ɛyɛ nokwasɛm na Olu kae no. Ne nuabarima no kaa ne bɔne, na wɔsan gyee Olu. Anka ebetumi akowie asɛm foforo koraa mu. Anka wobetumi akum Olu.
Ɛda adi sɛ, wɔn a wɔnnɔ Yehowa no ani nnye ho sɛ wɔbɛda wɔn bɔne adi. Nnipa abɔnefo su ne sɛ wɔbɛko atia animka, na wɔanya nea ɔde mae no ho menasepɔw. (Fa toto Yohane 7:7 ho.) Ɛnyɛ nwonwa sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ wɔka afoforo nneyɛe bɔne kyerɛ wɔn a wɔwɔ tumi a wobetumi ateɛ wɔn so a, nnipa pii ka wɔn ano tom sɛ abo.
Animka so Mfaso Ho Anisɔ a Yɛbɛkyerɛ
Nanso, ɛsono sɛnea Yehowa nkurɔfo yɛ wɔn ade wɔ animka ho. Mmarima ne mmea a wosuro Onyankopɔn no wɔ anisɔ kɛse wɔ nhyehyɛe a Yehowa ayɛ na wɔde aboa Kristofo asafo no mufo a wɔayɛ bɔne no ho. Wobu nteɛso a ɛte saa no sɛ n’adɔe a ɔda no adi.—Hebrifo 12:6-11.
Yebetumi de Ɔhene Dawid asetra mu asɛm bi akyerɛkyerɛ eyi mu. Ɛwom sɛ na ɔyɛ ɔtreneeni fi ne mmofraase de, nanso bere bi bae a ɔyɛɛ bɔne a anibere wom. Nea edi kan, ɔsɛee aware. Afei, bere a ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛkata ne bɔne so no, ɔyɛɛ nhyehyɛe maa wokum ɔbea no kunu. Nanso Yehowa daa Dawid bɔne no adi kyerɛɛ odiyifo Natan, a ɔde akokoduru kobisaa Dawid asɛm no. Bere a Natan de mfatoho bi a ɛka koma rema no, obisaa Dawid nea na ɛsɛ sɛ wɔyɛ ɔdefo a ɔwɔ nguan pii nanso ɔkɔfaa ohiani bi guammaa biako pɛ, n’afieboa a n’ani gye ne ho, kum no de gyee n’adamfo ani no. Dawid a kan no na ɔyɛ oguanhwɛfo no bo hurui. Ɔkae sɛ: “Ɔbarima a ɔyɛɛ eyi no sɛ owu.” Afei Natan de mfatoho no dii dwuma wɔ Dawid ho, kae sɛ: “Wone ɔbarima no!”—2 Samuel 12:1-7.
Dawid bo amfuw Natan; wanyi ne ho ano, na saa ara na wanka nsɛm angu ɔno nso so. Mmom no, Natan animka no kaa n’ahonim kɛse. Ɛkaa Dawid koma paa ma ogye toom sɛ: “Mayɛ [Yehowa, NW] bɔne.”—2 Samuel 12:13.
Dawid bɔne a Natan daa no adi, na ɔde Onyankopɔn kwan so animka kaa ho no, sow aba pa. Ɛwom sɛ wɔamma Dawid amfa ne ho anni wɔ nea efii ne bɔne no mu bae ho de, nanso onuu ne ho, na ɔne Yehowa san nyaa abusuabɔ pa. Dawid tee nka dɛn wɔ animka a ɛte saa ho? Ɔkyerɛwee sɛ: “Ma ɔtreneeni mmɔ me na ɔnka m’anim adɔe so, ɛyɛ tiri so ngo a me ti rempo.”—Dwom 141:5.
Wɔ yɛn bere yi mu nso, Yehowa asomfo betumi ayɛ bɔne a anibere wom, a wɔn a wɔadi nokware mfe pii mpo ka ho. Bere a wonim sɛ mpanyimfo betumi aboa no, wɔn mu dodow no ara fi wɔn pɛ mu kɔ wɔn nkyɛn kɔhwehwɛ mmoa. (Yakobo 5:13-16) Nanso, ɛtɔ mmere bi a ɔdebɔneyɛfo bi bɛbɔ mmɔden sɛ ɔbɛkata ne bɔne so sɛnea Ɔhene Dawid yɛe no. Sɛ yehu bɔne a anibere wom wɔ asafo no mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?
Ɛyɛ Hena Asɛyɛde?
Sɛ mpanyimfo no te bɔne a anibere wom ho asɛm a, wɔkɔ onii a asɛm no fa ne ho no nkyɛn de mmoa a ɛho hia ne nteɛso kɔma no. Ɛyɛ mpanyimfo no asɛyɛde sɛ wodi saafo a wɔwɔ Kristofo asafo no mu no asɛm. Ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani kũ asafo no honhom fam tebea ho yiye, na wɔboa obiara a ɔrefa kwan a nyansa nnim anaa ɔkwammɔne so na wɔma no afotu.—1 Korintofo 5:12, 13; 2 Timoteo 4:2; 1 Petro 5:1, 2.
Nanso, sɛ wonyɛ ɔpanyin na wote bɔne bi a anibere wom a Kristoni foforo bi ayɛ ho asɛm nso ɛ? Yehu ho akwankyerɛ ahorow wɔ Mmara a Yehowa de maa Israel man no mu. Mmara no kae sɛ, sɛ obi hu ɔwae, atuatew, awudi, anaa bɔne afoforo a anibere wom a, na ɛyɛ n’asɛyɛde sɛ ɔka, na ɔkyerɛ nea onim fa ho. Leviticus 5:1 ka sɛ: “Na sɛ obi yɛ bɔne sɛ wate ntanka nne na ɔne ɛho dansefo, sɛ ohui oo, ɔtee oo, na wanka a, ɔbɛsoa ne mmusu.”—Fa toto Deuteronomium 13:6-8; Ester 6:2; Mmebusɛm 29:24 ho.
Ɛwom sɛ Kristofo nni Mose Mmara ase nnɛ de, nanso emu nnyinasosɛm ahorow no betumi akyerɛ wɔn kwan. (Dwom 19:7, 8) Enti sɛ wote ɔyɔnko Kristoni bi bɔne a anibere wom ho asɛm a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?
Asɛm no Ho Dwumadi
Nea edi kan koraa no, ɛho hia sɛ wunya nnyinaso pa a ɛbɛma woatumi agye adi sɛ bɔne a anibere wom asi ankasa. Onyansafo no kae sɛ: “Nni wo yɔnko ho adanse hunu, na mfa w’ano nnaadaa.”—Mmebusɛm 24:28.
Wubetumi asi gyinae akɔ mpanyimfo no nkyɛn tẽe. Mfomso nnim sɛ wobɛyɛ saa. Nanso, mpɛn pii no, ɔkwan a ɔdɔ wom ankasa ne sɛ wobɛkɔ onipa a asɛm no fa ne ho no nkyɛn. Ebia na asɛm no nte sɛ nea wususuw no. Anaasɛ ebia na mpanyimfo no redi tebea no ho dwuma dedaw. Wo ne onipa no nsusuw asɛm no ho bɔkɔɔ. Sɛ woda so ara gye di sɛ wayɛ bɔne bi a anibere wom a, hyɛ no nkuran sɛ ɔnkɔ mpanyimfo no nkyɛn nkɔhwehwɛ mmoa, na kyerɛkyerɛ nyansa a ɛwom sɛ ɔbɛyɛ saa no mu kyerɛ no. Nka ho asɛm nkyerɛ afoforo, efisɛ saayɛ bɛyɛ nsekudi.
Sɛ bere kakra twam na onipa no ankɔbɔ mpanyimfo no amanneɛ a, ɛnde wo na ɛsɛ sɛ woyɛ saa. Afei ɔpanyin biako anaa baanu ne nea wɔabɔ no sobo no besusuw asɛm no ho. Ehia sɛ mpanyimfo no ‘pɛ mu hwehwɛ mu na wobisabisa mu yiye’ hu sɛ wayɛ bɔne bi anaa. Sɛ wayɛ a, wɔde Kyerɛwnsɛm mu akwankyerɛ bedi asɛm no ho dwuma.—Deuteronomium 13:12-14.
Anyɛ yiye koraa no, wɔhwehwɛ sɛ adansefo baanu na wodi bɔne bi ho adanse. (Yohane 8:17; Hebrifo 10:28) Sɛ onipa no kyerɛ sɛ ɔnyɛɛ hwee na sɛ wo nkutoo ne ɔdansefo a, wɔde asɛm no bɛhyɛ Yehowa nsa. (1 Timoteo 5:19, 24, 25) Wɔyɛ eyi a wonim sɛ nneɛma nyinaa ‘so abue’ wɔ Yehowa anim, na sɛ onipa no di fɔ a, bere kɔ so no ‘obehu’ ne bɔne ‘so ade.’—Hebrifo 4:13; Numeri 32:23.
Nanso, fa no sɛ onipa no kyerɛ sɛ ɔnyɛɛ hwee, na wo nkutoo ne asɛm no ho dansefo. So afei wobetumi abɔ wo nso sobo sɛ woyɛ otwirifo? Dabi, gye sɛ woadi ho nseku akyerɛ wɔn a asɛm no mfa wɔn ho. Ɛnyɛ ntwiri sɛ wobɛka tebea horow bi a ɛka asafo no ho asɛm akyerɛ wɔn a wɔwɔ tumi ne asɛyɛde sɛ wɔhwɛ di nneɛma ho dwuma no. Nokwarem no, ɛne ɔpɛ a yɛwɔ bere nyinaa sɛ yɛbɛyɛ nea ɛteɛ na yɛadi nokware no hyia.—Fa toto Luka 1:74, 75 ho.
Kronkronyɛ a Wobekura Mu Wɔ Asafo no Mu
Ade biako nti a ɛsɛ sɛ yɛka nneyɛe bɔne ho asɛm kyerɛ ne sɛ ɛboa ma asafo no ahotew tra hɔ. Yehowa yɛ ahotew Nyankopɔn, Onyankopɔn a ɔyɛ kronkron. Ɔhwehwɛ sɛ wɔn a wɔsom no nyinaa ho tew wɔ honhom fam ne abrabɔ mu. N’asɛm a efi ne home mu no tu fo sɛ: “[Monyɛ] sɛ asoɔmmerɛw mma, na monnyɛ mo ho sɛnea kan a munnim biribi no mo akɔnnɔ te no, na mmom te sɛ nea ɔfrɛɛ mo no yɛ kronkron no, mo nso monyɛ kronkron abrabɔ nyinaa mu, na wɔakyerɛw sɛ: Monyɛ kronkron, efisɛ me, meyɛ kronkron.” (1 Petro 1:14-16) Nnipa bi a wɔde wɔn ho hyɛ afideyɛ anaa nneyɛe bɔne mu no betumi agu asafo mũ no ho fĩ na ama wɔahwere Yehowa anim dom, gye sɛ wɔyɛ biribi de teɛ wɔn so anaasɛ wotu wɔn.—Fa toto Yosua, ti 7 ho.
Ɔsomafo Paulo nkrataa a ɔkyerɛw kɔmaa Kristofo asafo a na ɛwɔ Korinto no da sɛnea nneyɛe bɔne ho asɛm a wɔka kyerɛ no tumi maa Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ hɔ no ho tewee adi. Wɔ Paulo krataa a edi kan no mu no, ɔkyerɛwee sɛ: “Wɔabɛka sɛ aguamammɔ wɔ mo mu, aguamammɔ a enni amanaman mufo mpo mu, sɛ obi aware n’agya yere.”—1 Korintofo 5:1.
Bible no nka onipa ko a ɔkɔkaa asɛm no kyerɛɛ ɔsomafo no. Ebetumi aba sɛ Paulo tee asɛm no fii Stefana, Fortunato, ne Akaiko, a wofii Korinto kɔɔ Efeso, baabi a na Paulo te no, hɔ. Ná Paulo nsa aka krataa bi a Kristofo asafo a ɛwɔ Korinto no kyerɛw kɔhwehwɛɛ asɛm bi mu no nso. Ɛmfa ho baabi a Paulo tee asɛm no fii biara no, bere a adansefo anokwafo kaa tebea no ho asɛm kyerɛɛ no no, ɔno nso tumi de ho akwankyerɛ mae. Ɔkyerɛwee sɛ: “Munyi ɔbɔnefo no mfi mo mu!” Wotuu ɔbarima no fii asafo no mu.—1 Korintofo 5:13; 16:17, 18.
So Paulo akwankyerɛ no de biribi pa bi bae? Yiw, ɛde bi bae! Ɛda adi sɛ ɔbɔnefo no ani baa ne ho so. Wɔ Paulo krataa a ɛto so abien a ɔde kɔmaa Korintofo no mu no, ɔhyɛɛ asafo no nkuran sɛ ‘wɔmfa mfiri’ ɔbarima a wanu ne ho no ‘na wɔnkyekye ne werɛ.’ (2 Korintofo 2:6-8) Enti nneyɛe bɔne no ho asɛm a wɔka kyerɛe no maa wɔyɛɛ ho ade, na ɛtew asafo no ho maa onipa a na wasɛe ɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ no nyaa Onyankopɔn anim dom bio.
Yehu nhwɛso foforo wɔ Paulo krataa a edi kan a ɔkyerɛw kɔmaa Kristofo asafo a ɛwɔ Korinto no mu. Saa bere yi de ɔsomafo no bobɔɔ adansefo a wɔbɛkaa asɛm no kyerɛɛ no no din. Ɔkyerɛwee sɛ: “Me nuanom, Kloe fifo abeyi me mo ho asotiw sɛ kunsunkunsun wɔ mo mu.” (1 Korintofo 1:11) Ná Paulo nim sɛ saa kunsunkunsun yi, ne nidi a ɛmfata a wɔde ma nnipa no de mpaapaemu aba a ɛreyɛ asɛe asafo no biakoyɛ. Enti esiane hia a na Paulo mfɛfo gyidifo a wɔwɔ hɔ no honhom fam yiyedi ho hia no kɛse nti, ɔyɛɛ ade ntɛm so kyerɛw afotusɛm kɔteɛɛ asafo no so.
Ɛnnɛ, anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ asafo ahorow mu wɔ asase so nyinaa no mu dodow no ara bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkora asafo no honhom fam ahotew so denam mmɔden a wɔn mu biara bɔ sɛ wobekura gyinabea pa a wɔwɔ wɔ Onyankopɔn anim no mu so. Ebinom hu amane wɔ saayɛ ho; afoforo mpo awuwu sɛnea ɛbɛyɛ a wobekura wɔn mudi mu. Nokwarem no, sɛ obi bu n’ani gu nneyɛe bɔne so anaasɛ ɔkata so a, na ɛkyerɛ sɛ n’ani nsɔ saa mmɔdenbɔ yi.
Mmoa Ma Wɔn a Wɔayɛ Bɔne
Dɛn nti na wɔn a wɔayɛ bɔne a anibere wom no binom twentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛkɔ asafo mu mpanyimfo nkyɛn? Mpɛn pii no efi nim a wonnim mfaso a ɛwɔ so sɛ wɔbɛkɔ mpanyimfo no nkyɛn. Ebinom di mfomso susuw sɛ sɛ wɔka wɔn bɔne kyerɛ a, wɔbɛbɔ asafo mũ no nyinaa amanneɛ. Afoforo daadaa wɔn ho sɛ ɔkwan a wɔnam so no nyɛ aniberesɛm. Afoforo nso susuw sɛ wɔn ankasa betumi ateɛ wɔn ho so a mpanyimfo no mmoa nka ho.
Nanso nnebɔneyɛfo a wɔte saa no hia asafo mu mpanyimfo no mmoa a ɔdɔ wom. Yakobo kyerɛwee sɛ: “Mo mu bi yare anaa? Ɔmfrɛ asafo no mu mpanyimfo, na wɔmmɛbɔ no so mpae, na wɔnsra no ngo [Yehowa, NW] din mu. Na gyidi mpaebɔ begye ɔyarefo no nkwa, na [Yehowa, NW] bɛma no so, na sɛ wayɛ bɔne bi a, wɔde befiri no.”—Yakobo 5:14, 15.
Nsiesiei a ɛyɛ anigye a wɔde boa wɔn a wɔayɛ bɔne ma wɔsan ba honhom fam gyinabea pa mu bɛn ara ni! Mpanyimfo no nam Onyankopɔn Asɛm mu afotu a ahomeka wom a wɔde di dwuma ne mpae a wɔbɔ ma wɔn a wɔyare wɔ honhom fam no so betumi aboa wɔn ma wɔasakra afi wɔn akwammɔne so. Enti, sɛ anka wɔbɛte afobu nka no, mpɛn pii no, wɔn a wɔanu wɔn ho no nya ɔhome, na wɔn ho tɔ wɔn bere a wɔne mpanyimfo a wɔwɔ dɔ ahyia no. Ná aberante bi a ofi Afrika Atɔe fam abɔ aguaman akata ne bɔne so asram bi. Bere a ne bɔne bɛdaa adi no, ɔka kyerɛɛ mpanyimfo no sɛ: “Hwɛ sɛnea na mehwɛ kwan sɛ anka obi bebisa me ne saa abeawa no nkitahodi no ho asɛm! Ahotɔ wom paa sɛ wobɛda biribi a ɛte saa adi.”—Fa toto Dwom 32:3-5 ho.
Adeyɛ a Efi Ɔdɔ a Ɛwɔ Nnyinaso Mu
Onyankopɔn asomfo a wɔabɔ wɔn asu ‘atwam afi owu mu akɔ nkwa mu.’ (1 Yohane 3:14) Nanso sɛ wɔyɛ bɔne a anibere wom a, na wɔasan akɔfa owu kwan so. Sɛ wɔammoa wɔn a, bɔne betumi akokwaw wɔn, a wɔmpɛ sɛ wɔsesa, na wɔsan ba Onyankopɔn nokware som mu.—Hebrifo 10:26-29.
Nneyɛe bɔne ho asɛm a wɔka kyerɛ no yɛ adeyɛ a ɛkyerɛ sɛ wodwen ɔdebɔneyɛfo no ho nokware mu. Yakobo kyerɛwee sɛ: “Me nuanom, sɛ mo mu bi fom fi nokware ho na obi dan no a, onhu sɛ, nea ɔdan ɔdebɔneyɛfo fi ne mfomso kwan so no, obegye ɔkra afi owu mu, na wakata bɔne pii so.”—Yakobo 5:19, 20.
Afei, dɛn nti na ɛsɛ sɛ woka nneyɛe bɔne ho asɛm kyerɛ? Efisɛ edi dwuma pa. Nokwarem no, nneyɛe bɔne ho asɛm a wobɛka akyerɛ yɛ adeyɛ a efi Kristofo dɔ a ɛwɔ nnyinaso mu a woyi no adi kyerɛ Onyankopɔn, asafo no, ne ɔdebɔneyɛfo no. Sɛ asafo no muni biara fi nokwaredi mu bata Onyankopɔn trenee gyinapɛn ahorow ho a, Yehowa behyira asafo mũ no nyinaa pii. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Ɔno [Yehowa] ara nso na ɔbɛhyɛ mo den akosi awiei, na mo ho amma asɛm biara yɛn Awurade Yesu Kristo da no.”—1 Korintofo 1:8.
[Kratafa 26 mfonini]
Ɛbɛyɛ ɔdɔ sɛ wobɛhyɛ Ɔdansefo a wayɛ bɔne nkuran sɛ ɔne mpanyimfo nkɔkasa
[Kratafa 28 mfonini]
Mpanyimfo boa ma wɔn a wɔayɛ bɔne nya Onyankopɔn anim dom bio