Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w87 3/1 kr. 21-26
  • Nya Anigye​—Hu Amanehunufo Mmɔbɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nya Anigye​—Hu Amanehunufo Mmɔbɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nhwɛso Fɛfɛ Ma Yɛn
  • Sɛnea Agya Te No, Saa Ara Na Ɔba Nso Te
  • Paulo​—Nhwɛso a Ɛyɛ Anigye
  • So Yebenya Anigye?
  • Suasua Yesu Na Hu Ahiafo Mmɔbɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Wiase Bi a Ohia Nni Mu Abɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Ohia Awiei Abɛn
    Nyan!—1998
  • Ohia Ho Asɛm A Ɛyɛ Den No—Ano Ankasa A Wobesiw
    Nyan!—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
w87 3/1 kr. 21-26

Nya Anigye​—Hu Amanehunufo Mmɔbɔ

“Nea obu ne yɔnko animtiaa yɛ bɔne, na nhyira ne nea ohu amanehunufo mmɔbɔ.”​—MMEBUSƐM 14:21.

1, 2. Asɛm bɛn na ɛtoo Philippinefo mmusua bɛn na ɛma yesusuw ho?

BERE a Philippinefo mmusua abiɛsa a wɔwɔ Pangasinan Mansin no mu kɔ Kristofo nhyiam bi no, ogya totɔɔ wɔn afi mu na ɛhyewee pasaa. Bere a wɔsan baa fie no, wohui sɛ wonni aduan a wobedi ne baabi a wɔbɛda. Bere a wɔn mfɛfo Kristofo tee eyi no, wɔbrɛɛ wɔn aduan ntɛm ara na wɔyɛɛ nhyehyɛe ma wɔkɔdedaa asafo no mufo afoforo nkyɛn. Ade kyee anɔpa no, Kristofo no de mpampuro ne ɔdan ho nneɛma afoforo bae. Mpɔtam hɔfo ani gyee saa onuadɔ yi ho. Eyi boaa mmusua abiɛsa no nso. Ogya no sɛee wɔn afi, nanso wɔn gyidi ne Kristofo su afoforo no kɔɔ so yɛɛ den esiane ɔdɔ mu a afoforo fi yɛɛ ade no nti.​—Mateo 6:33; fa toto 1 Korintofo 3:12-14 ho.

2 So osuahu ahorow a ɛte sɛɛ nyɛ nea ɛka koma? Ɛhyɛ yɛn gyidi den wɔ ayamye ho ne afei tumi a nokware Kristosom wɔ no mu nso. (Asomafo no Nnwuma 28:2) Nanso so yehu Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm a ɛwɔ hɔ ma ‘nnipa nyinaa a yɛbɛyɛ wɔn yiye a ne titiriw ne gyidi fifo’ no? (Galatifo 6:10) Na ɔkwan bɛn so na yɛn ankasa betumi ayɛ pii wɔ eyi mu?

Nhwɛso Fɛfɛ Ma Yɛn

3. Dɛn ho awerɛhyem na yebetumi anya wɔ yɛn ho a Yehowa dwen no mu?

3 Osuani Yakobo ka kyerɛ yɛn sɛ: “Akyɛde pa nyinaa ne adekyɛde a, ɛyɛ pɛ nyinaa fi soro.” (Yakobo 1:17) Hwɛ nokware ara a eyi yɛ sɛ Yehowa ma yɛn pii ‘a eye ma yɛn wɔ honhom mu ne honam mu! Nanso dɛn na ɔma n’ani ku ho kan? Honhom mu nneɛma. Sɛ nhwɛso no, ɔde Bible no ama yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya honhom mu akwankyerɛ ne anidaso. Saa anidaso no gyina ne Ba a ɔde no kyɛe a n’afɔrebɔ no so na wogyina ma yenya fafiri ne daa nkwa anidaso no so.​—Yohane 3:16; Mateo 20:28.

4. Ɔkwan bɛn so na ɛda adi sɛ Onyankopɔn ani kũ yɛn honam fam ahiade nso ho?

4 Yehowa ani gye yɛn honam fam yiyedi nso ho. Ɔsomafo Paulo ne nnipa a na wɔwɔ tete Listra no kaa eyi ho asɛm. Ɛwom sɛ na wɔnyɛ nnipa a wɔsom wɔ nokware mu de, nanso wogye toom sɛ Ɔbɔadeɛ no ‘ayɛ yiye na ɔma osu fi soro ne bere a aduan ba, ɔde aduan ne anigye ma wɔn abotɔyam.’ (Asomafo no Nnwuma 14:15-17) Yehowa fi ɔdɔ mu ma yɛn nsa ka nea yehia wɔ honhom mu na ɔyɛ yɛn honam fam nkwa nso ho nsiesiei. So wunnye nni sɛ eyi ka ho na ɛma ɔyɛ “anigye Nyankopɔn” no?​—1 Timoteo 1:11.

5. Dɛn na yebetumi asua wɔ sɛnea Onyankopɔn ne tete Israel dii no mu?

5 Kari a Onyankopɔn kari pɛ wɔ n’ani a ɔma eku n’asomfo honhom mu ahiade ne wɔn honam fam tebea ho no ho nhwɛso ne sɛnea ɔne tete Israel dii no. Nea edi kan no, ɔde Mmara no maa wɔn. Ná ɛsɛ sɛ ahemfo no ankasa kyerɛw mmara no bi fa, na na ɔman no hyiam efi bere kɔ bere mu tie Ne Mmara no a wɔkenkan. (Deuteronomium 17:18; 31:9-13) Mmara no ma wonyaa ntamadan anaa asɔrefi ne asɔfo a wɔbɛbɔ afɔre ahorow sɛnea ɛbɛyɛ a ɔman no betumi anya Onyankopɔn dom. Ná Israelfo no hyiam bere nyinaa ma honhom mu apontow ahorow, na na eyi da adi wɔ wɔn afe afe ɔsom no mu. (Deuteronomium 16:1-17) Esiane eyi nyinaa nti na Israelfo no betumi ayɛ honhom mu adefo wɔ Onyankopɔn anim.

6, 7. Ɔkwan bɛn so na Yehowa kyerɛɛ sɛnea odwen Israelfo honam fam ahiade ho no wɔ Mmara no mu?

6 Nanso Mmara no daa sɛnea Onyankopɔn ani ku ne nkoa honam fam tebea nso ho adi. Ebia nea ɛba w’adwene mu ne mmara horow a ɔde maa Israel a ɛfa ahotew ne nhyehyɛe ahorow a amma nsãn-yare mu antrɛw ho no. (Deuteronomium 14:11-21; 23:10-14) Nanso ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn ani pa nsiesiei atitiriw a Onyankopɔn yɛe de boaa ahiafo ne amanehunufo no so. Ná ɔyare anaa asiane te sɛ ogya anaa nsuyiri betumi ama Israelni bi adi hia. Yehowa gye toom wɔ ne Mmara no mu sɛ ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔbɛyɛ pɛ wɔ sikasɛm mu. (Deuteronomium 15:11) Nanso ɔyɛɛ nea ɛsen hu ara kwa a ohuu ahiafo ne amanehunufo mmɔbɔ. Ɔyɛɛ mmoa ho nhyehyɛe.

7 Nea ɛho behia saafo no ntɛm ara ne aduan. Enti Onyankopɔn kyerɛe sɛ ahiafo a wɔwɔ Israel betumi akodi mpɛpɛwa wɔ afuw so ne bobe nturo mu anaasɛ ngodua so. (Deuteronomium 24:19-22; Leviticus 19:9, 10; 23:22) Ɔkwan a Onyankopɔn faa so yi nsrɛ nea ɛhyɛɛ anihaw ho nkuran anaasɛ tra a wɔde adesrɛ bɛtra ase bere a wobetumi ayɛ adwuma. Ná ɛsɛ sɛ Israelni a odi mpɛpɛwa no yere ne ho, na ebia ɔde nnɔnhwerew pii boaboa ɛda no mu aduan ano wɔ owia ketee mu. Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi sɛ Onyankopɔn nam kwan yi so hwɛɛ ahiafo.​—Fa toto Rut 2:2-7; Dwom 69:33; 102:17 ho.

8. (a) Wɔka kyerɛɛ Yudafo sɛ wɔnyɛ dɛn mma wɔn nuanom? (Fa toto Yeremia 5:26, 28 ho.) (b) Ɔkwan bɛn so na wode su a Onyankopɔn kaa ho asɛm kyerɛɛ Yudafo no bɛtoto nea abu so nnɛ no ho?

8 Yehowa kyerɛɛ n’ani a ekũ amanehunufo ho no bio denam nea ɔkae wɔ Yesaia 58:6, 7 no so. Bere a na Israelfo binom a wɔsɔ wɔn ho ani yɛɛ wɔn ho te sɛ nea wɔredi abuada no, Onyankopɔn diyifo no kae sɛ: “Ɛnyɛ eyi ne abuadadi a mepɛ? sɛ . . . [mobɛma] wɔn a wɔhom wɔn so no afa wɔn ho akodi, na moabubu kɔndua nyinaa? Ɛno ɛnyɛ eyi nso? sɛ wububu w’abodoo ma nea odi kɔm, na wode mmɔborɔfo, apanyifo, ba wo fi, sɛ wuhu dagyafo a, wokata ne ho, na womfa wo ho nhintaw wo yɔnko?” Ɛnnɛ nea nnipa binom bɔ ho mmɔden ne biribi a wobenya mu mfaso. Bere a wɔbɛpɛ sɛ wɔboa obi nkutoo ne bere a ɛnyɛ nea wɔde biribi bɛbɔ afɔre anaasɛ ɛbɛhaw wɔn no. Honhom a ɛda nsow bɛn ara na wosii so dua wɔ Onyankopɔn asɛm mu denam Yesaia so sɛɛ yi!​—Hwɛ Hesekiel 18:5-9 nso.

9. Afotu bɛn na Mmara no de mae wɔ boseabɔ ho, na su bɛn na Onyankopɔn hyɛɛ ho nkuran?

9 Ná wobetumi ada wɔn nuanom Israelfo a ahia wɔn ho a wosusuw adi wɔ boseabɔ mu. Ná Israelni betumi ahwɛ mfɛntom kwan bere a ɔde sika abɔ obi a ɔpɛ sɛ ɔde kɔyɛ adwuma anaasɛ ɔde kɔtrɛw n’adwuma mu bosea no. Nanso Yehowa kae sɛ ɛnsɛ sɛ wogye mfɛntom wɔ sika a wɔde ma wɔn nua a odi hia a ahokyere tebea a ɔwom no betumi ama wayɛ adebɔne no ho. (Exodus 22:25; Deuteronomium 15:7, 8, 11; 23:19, 20; Mmebusɛm 6:30, 31) Ná ɛsɛ sɛ Onyankopɔn su wɔ mmɔborɔfo ho yi yɛ nhwɛso ma ne nkurɔfo. Wɔhyɛ yɛn bɔ mpo sɛ: “Nea ohu ɔbrɛfo mmɔbɔ de fɛm [Yehowa], na nea ɔde ama no, ɔbɛhyɛ no ananmu.” (Mmebusɛm 19:17) Susuw ɛno ho​—sɛ wode bɛfɛm Yehowa a wowɔ awerɛhyem sɛ ɔbɛhyɛ wo ananmu ama aboro so!

10. Bere a woasusuw Onyankopɔn nhwɛso no ho akyi no, dɛn na wubetumi abisa wo ho?

10 Enti ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa bisa sɛ: Dɛn na Onyankopɔn adwene wɔ mmɔborɔfo ho ne sɛnea ɔne wɔn di no kyerɛ ma me? So masua biribi afi ne nhwɛso a ɛyɛ pɛ no mu na mabɔ mmɔden sɛ mesuasua? So metumi anya nkɔso wɔ eyi mu wɔ Onyankopɔn suban so?​—Genesis 1:26.

Sɛnea Agya Te No, Saa Ara Na Ɔba Nso Te

11. Ɔkwan bɛn so na na nneɛma ho a Yesu dwen no ne n’Agya de no hyia? (2 Korintofo 8:9)

11 Yesu Kristo ‘yɛ [Yehowa] anuonyam no haran ne ne su sɛso.’ (Hebrifo 1:3) Enti yɛhwɛ kwan sɛ ɔbɛma wɔn a wɔn ani gye nokware som ho no ho asɛm ahia no te sɛ n’Agya. Ɔyɛɛ Saa. Yesu kyerɛe sɛ nea ɛho hia sɛ wodi ho dwuma titiriw ne honhom mu ohia: “Nhyira ne honhom mu ahiafo, na wɔn na ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea.” (Mateo 5:3; fa toto Luka 6:20 ho.) Kristo kae nso sɛ: “Eyi nti na wɔwoo me, na mebaa wi yi ase, sɛ merebedi nokware no ho adanse.” (Yohane 18:37) Enti na ɛnyɛ sɛ wonim sɛ ɔyɛ anwonwade-yɛfo anaa ɔyaresafo nko, na mmom sɛ kyerɛkyerɛfo nso. (Marko 10:17-21; 12:28-33) Ɛdefa eyi ho no, hyɛ Marko 6:30-34 nsow. Yɛkenkan bere bi a Yesu twee ne ho kɔɔ kokoam baabi sɛ ɔrekɔhome ho asɛm. Afei “ohuu nkurɔfokuw pii, . . . na wɔte sɛ nguan a wonni hwɛfo.” Ɔyɛɛ n’ade dɛn? “Ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii.” Yiw, Yesu miaa n’ani de dii wɔn ahiade kɛse no ho dwuma: nokware a wɔnam so betumi atra ase daa.​—Yohane 4:14; 6:51.

12. Dɛn na yebetumi asua wɔ Yesu adwene no ho wɔ Marko 6:30-34 ne Marko 6:35-44?

12 Bere a ɛyɛ nea Yesu de n’adwene sii Yudafo ahobrɛasefo no honhom mu ahiade so no, wammu n’ani angu wɔn honam fam ahiade so. Marko kyerɛwtohɔ no kyerɛ sɛ na Yesu ani ku hia a honam fam aduan ho hia no ho. Asomafo no dii kan kae sɛ anka onnyaw nkurɔfokuw no kwan na ‘wɔnkɔtɔ abodoo bi nni.’ Yesu ampene so. Afei asomafo no kae sɛ wobetumi ayi sika afi wɔn fotow no mu de akɔtɔ aduan no. Mmom no, Yesu pawee sɛ ɔbɛyɛ n’awonwade a agye din no denam abodoo ne mpataa a ɔde maa mmarima 5,000 a mmea ne mmofra nka ho no so. Ebia ebinom bɛte nka nnɛ sɛ na ɛyɛ mmerɛw ma Yesu sɛ obedi nkurɔfokuw no ahiade ho dwuma awonwa kwan so. Nanso ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi nokwasɛm no sɛ na osusuw wɔn ho ankasa na ɛno na ɛma ɔyɛɛ nea ɔyɛe no.​—Marko 6:35-44; Mateo 14:21.a

13. Adanse foforo bɛn na Yesu de mae wɔ n’ani a eku nkurɔfo yiyedi ho no ho?

13 Ebia woakenkan Asɛmpa no kyerɛwtohɔ ahorow a ɛkyerɛ sɛ tema a na Yesu wɔ ma mmɔborɔfo no nyɛ nea na ɛka ahiafo nko. Ɔboaa ayarefo ne wɔn a wɔrehu amane nso. (Luka 6:17-19; 17:12-19; Yohane 5:2-9; 9:1-7) Na saa ara na ɛnyɛ wɔn a na wɔbɛn no no nko na ɔsaa wɔn yare. Ná ɛtɔ bere bi a ɔkɔ ɔyarefo no nkyɛn kɔboa no.​—Luka 8:41-55.

14, 15. (a) Dɛn nti na yebetumi agye adi sɛ na Yesu hwɛ kwan sɛ n’akyidifo bɛma nneɛma ho ahia wɔn te sɛ ɔno? (b) Dɛn na yebetumi abisa yɛn ho?

14 Nanso, so na wɔn a wobetumi ayɛ anwonwade ama nkurɔfo ho atɔ wɔn no nkutoo na na ahiafo ne wɔn a wohu amane (anaasɛ wɔn a wɔhwehwɛ nokware no) no ahiade ho asɛm hia wɔn? Dabi. Ná ɛsɛ sɛ Yesu asuafo no nyinaa ma ɛho asɛm hia wɔn na wɔyɛ ho biribi. Sɛ nhwɛso no, ɔka kyerɛɛ ɔbarima bi a ɔpɛ daa nkwa sɛ: “Kɔtɔn nea wowɔ nyinaa, na kyɛ ma ahiafo, na wubenya ademude ɔsoro.” (Luka 18:18-22) Yesu tuu fo nso sɛ: “Wotow pon a, frɛ ahiafo, mmubuafo, mpakye ne anifuraefo! Na woanya nhyira; efisɛ wonni nea wɔde betua wo so ka.” Na atreneefo sɔre mu na wobetua wo so ka.”​—Luka 14:13, 14.

15 Kristoni yɛ Kristo kyidini, enti yɛn mu biara betumi abisa sɛ: Misuasua Yesu su ne sɛnea ɔyɛɛ n’ade wɔ ahiafo, wɔn a wohu amane, ne mmɔborɔfo ho no kodu he? So metumi aka nokwarem te sɛ nea ɔsomafo Paulo kae no, sɛ: “Monhwɛ me nsua me, sɛnea me nso mehwɛ Kristo misua no no”?​—1 Korintofo 11:1.

Paulo​—Nhwɛso a Ɛyɛ Anigye

16. Dɛn na na ɛho hia ɔsomafo Paulo titiriw?

16 Ɛfata sɛ yɛbɛka Paulo ho asɛm wɔ eyi mu, efisɛ ɔno nso yɛɛ nhwɛso fɛfɛ a ɛsɛ sɛ yesuasua. Sɛnea yɛbɛhwɛ kwan no, nea ɔde n’adwene sii so titiriw ne afoforo honhom mu ahiade. Ná ɔyɛ ‘ɔbɔfo ma Kristo a ɔresrɛ afoforo sɛ, “momma wɔmfa mpata nka mo mmɔ Onyankopɔn ho.’” (2 Korintofo 5:20) Ná Paulo adwuma titiriw ne sɛ ɔbɛka asɛm wɔ wɔn a wɔnyɛ Yudafo no mu na wahyɛ asafo ahorow no den. Ɔkyerɛwee sɛ: “Wɔde momonotofo mu asɛmpaka ahyɛ me nsa.”​—Galatifo 2:7.

17. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Paulo maa n’ani kuu honam fam ahiade nso ho?

17 Nanso esiane sɛ Paulo kae sɛ ɔresuasua Kristo nti, so (te sɛ Yehowa ne Yesu no) ɔmaa n’ani kũũ mfɛfo asomfo honam fam amanehunu ne ɔhaw ahorow ho? Ma yɛmma Paulo ankasa mmua. Ɔtoaa so wɔ Galatifo 2:9 sɛ: ‘Ɔdom a Yakobo ne Kefa [Petro] ne Yohane de ama me ne Barnaba sɛ yɛnkɔ amanaman mufo mu.’ Afei Paulo de kaa ho wɔ nkyekyem a edi hɔ no mu sɛ: “Gye ahiafo nko na wɔsrɛe sɛ yɛnkae wɔn. Ɛno ara nso na meyɛɛ ho nsi.” (Galatifo 2:10) Enti Paulo hui sɛ ɛwom sɛ ɔyɛ ɔsɛmpatrɛwfo ne ɔsomafo a asafo ahorow pii ho asɛyɛde da no so de, nanso ɔrentumi nyɛ obi a onni adagyew araa ma ɔremma ne nuanom mmarima ne mmea no honam fam yiyedi ho nhia no.

18. “Ahiafo” bɛn na ebetumi aba sɛ na Paulo reka wɔn ho asɛm wɔ Galatifo 2:10 no, na dɛn nti na na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ wɔn?

18 Ebetumi aba sɛ “ahiafo” a ɔkaa wɔn ho asɛm wɔ Galatifo 2:10 no yɛ Yudafo Kristofo a wɔwɔ Yerusalem ne Yudea no titiriw. Bere a edi ɛno anim mu no, “huhuhuhu baa Helenifo no mu tiaa Hebrifo no, sɛ wobu wɔn ani gu wɔn akunafo daa ɔhwɛ no so” wɔ aduan mu. (Asomafo no Nnwuma 6:1) Enti bere a Paulo kae sɛ ɔyɛ amanaman mu somafo no na ɔreda no adi pefee sɛ ɛnyɛ nea obu n’ani gu obi so wɔ Kristofo nuayɛ no mu. (Romafo 11:13) Ohui sɛ anuanom na a wɔbɛhwɛ wɔn wɔ honam fam no ka asɛm yi ho: “Ɛnsɛ sɛ mpaapaemu ba nipadua no mu, na mmom . . . ɛsɛ sɛ akwaa no hwɛ wɔn ho wɔn ho pɛ. Na sɛ akwaa biako hu amane a, akwaa afoforo no nyinaa ne no hu amane.”​—1 Korintofo 12:25, 26.

19. Adanse bɛn na yɛwɔ a ɛkyerɛ sɛ Paulo ne afoforo yɛɛ ahiafo ho asɛm a na ehia wɔn no ho biribi?

19 Bere a esiane ohia, aduankɔm, anaa ɔtaa nti Kristofo a wɔwɔ Yerusalem ne Yudea no huu amane no, asafo ahorow a ɛwɔ akyirikyiri no bɛboae. Ɛwom sɛ wɔkaee wɔn nuanom a ahia wɔn no wɔ mpaebɔ mu sɛ Onyankopɔn mmoa wɔn na ɔnkyekye wɔn werɛ de. Nanso wɔamma anso hɔ ara. Paulo kyerɛwee sɛ “Makedonia ne Akaia de fɛw ayi tow bi akɔma ahotefo na wɔwɔ Yerusalem no mu ahiafo.” (Romafo 15:26, 27) Ná wɔn a woyi tow ahorow kɔma wɔn nuanom a wohu amane yi ‘renya wɔn ho afã nyinaa ma ayamye a ɛnam wɔn so no ma Onyankopɔn nya aseda.’ (2 Korintofo 9:1-13) So na ɛno renyɛ nea enti a ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani gye?

20. Dɛn nti na na anuanom a woyii tow de boae wɔ “ahiafo” no hwɛ mu no ani betumi agye?

20 Ná anuanom a woyii tow kɔmaa “ahotefo a wɔwɔ Yerusalem no mu ahiafo” no wɔ biribi foforo bio nti a ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani gye. Ntoboa a woyi de hwɛ mmɔborɔfo no bɛboa ntoboayifo no ma wɔanya Onyankopɔn dom. Yetumi hu nea enti a Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase “tow” wɔ Romafo 15:26 ne 2 Korintofo 9:13, NW no kura adwene a ɛkyerɛ “fekubɔ ho sɛnkyerɛnne, anuanom ntam biakoyɛ ho adanse, ne akyɛde mpo” no. Wɔde di dwuma wɔ Hebrifo 13:16 sɛ: “Na yiyeyɛ ne adekyɛ na mommma mo ani mmpa so, efisɛ saa afɔrebɔ no sɔ Onyankopɔn ani.”

So Yebenya Anigye?

21. Dɛn na yebetumi aka sɛ ɛno na ɛbɛma yɛanya nea yebegyina so anya anigye?

21 Wɔ adesua yi mu no, yɛahwehwɛ Kyerɛwnsɛm mu adanse a ɛkyerɛ sɛ na Yehowa Nyankopɔn, Yesu Kristo, ne ɔsomafo Paulo, dwen amanehunufo ho no mu. Yɛahu sɛ wɔn nyinaa gye toom sɛ honhom mu ahiade na ɛsɛ sɛ wɔma ani kũ ho kan. Nanso ɛyɛ nokware nso sɛ wɔn nyinaa nam ɔkwan pa so kyerɛɛ hia a ahiafo, ayarefo, ne wɔn a wohu amane ahorow ho hia wɔn no. Ná wotumi nya anigye wɔ mmoa ankasa a wɔde ma no mu. So ɛnsɛ sɛ ɛba saa wɔ yɛn fam? Ɔsomafo Paulo ka kyerɛ yɛn sɛ ‘yɛnkae Awurade Yesu nsɛm a ɔkae sɛ: Ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye’ no.​—Asomafo no Nnwuma 20:35.

22. Asɛm yi fã bɛn bio na ɛho hia sɛ wususuw ho?

22 Nanso ebia wubebisa sɛ: Dɛn na metumi ayɛ ankasa? Mɛyɛ dɛn ahu wɔn a ahia wɔn ampa no? Mɛyɛ dɛn atumi de mmoa ama wɔ ɔkwan a ɛnhyɛ akwadworɔ ho nkuran so, nea efi ayamye mu a ɛyɛ paara, nea esusuw afoforo nkate ho, ne nea ɛne me Kristofo adwuma a ɛne asɛmpa no a mɛka no kari pɛ? Adesua a edi hɔ no bɛka eyi ho asɛm na ama woanya nea wubegyina so anya anigye pii.

[Ase hɔ asɛm]

a Nea ɛyɛ anigye no, na ɛnyɛ Yesu aniwu anaasɛ nea obu ne ho dodo sɛ obegye honam fam mmoa a efi afoforo hɔ no atom.​—Luka 5:29; 7:36, 37; 8:3.

Wohyɛɛ no Nsow?

◻ Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn di n’ani a ekũ yɛn honhom mu ahiade ne afei yɛn honam fam de nso ho no ho adanse?

◻ Dɛn na ɛkyerɛ sɛ na ɛnyɛ nea ehia Yesu ara ne boa a ɔbɛboa nkurɔfo denam nokware no a ɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn so no?

◻ Nhwɛso bɛn na Paulo yɛe wɔ ahiafo ho?

◻ Bere a woasusuw Yehowa, Yesu ne ɔsomafo Paulo nhwɛso ahorow no ho akyi no, dɛn na wutumi hu sɛ ɛho hia sɛ woyɛ?

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Ɛsɛ sɛ Kristofo mpanyimfo ne afoforo de Yesu afotu a ɛwɔ Luka 14:13, 14 no di dwuma

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena