-
Ɔdɔ Kwan Nni Huammɔ DaƆwɛn-Aban—1999 | February 15
-
-
9. Kɔkɔbɔ ho nhwɛso bɛn na Bible de ma wɔ ankorankoro a na wɔhwehwɛ nea ɛyɛ wɔn ankasa de no ho?
9 Ɔdɔ ‘nhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de.’ (1 Korintofo 13:5) Obi a ɔwɔ dɔ renkyerɛ afoforo nea wɔnyɛ na ama ne nsa aka nea ɔrehwehwɛ. Saa asɛm yi ho kɔkɔbɔ ho nhwɛso ahorow wɔ Bible mu. Sɛ yɛbɛyɛ mfatoho a: Yɛkenkan Delila, Isebel, ne Atalia—mmea a wɔyɛɛ afoforo basabasa anaa wɔde afoforo faa akwammɔne so de dii wɔn ankasa pɛsɛmenkominya akwan ho dwuma no, ho asɛm. (Atemmufo 16:16; 1 Ahene 21:25; 2 Beresosɛm 22:10-12) Ɔhene Dawid ba Absalom nso wɔ hɔ. Ná ɔfrɛ wɔn a wɔba Yerusalem bedi wɔn nsɛm no ka kyerɛ wɔn anifere so sɛ wɔn haw ahorow no ho nhia ɔhene asɛnnibea no ahe biara. Afei na ɔka no hɔ ara sɛ nea asɛnnibea no hia ankasa ne ɔbarima a ɔwɔ koma pa te sɛ ɔno! (2 Samuel 15:2-4) Nokwarem no, na ɛnyɛ wɔn a wɔhyɛ wɔn so no na Absalom ani ku wɔn ho, na mmom n’ankasa ho. Bere a n’ankasa paw ne ho ɔhene no, ɔdanee nnipa pii koma. Nanso bere bi akyi no, Absalom dii nkogu koraa. Bere a owui no, wɔammu no sɛ ɔfata sɛ wosie no sie pa.—2 Samuel 18:6-17.
10. Ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛ sɛ yɛrehwɛ afoforo de nso bi?
10 Eyi yɛ kɔkɔbɔ ma Kristofo nnɛ. Sɛ́ yɛyɛ mmarima anaa mmea no, ebetumi aba sɛ yefi awosu mu wɔ adɛfɛdɛfɛ tumi bi. Ebetumi ayɛ mmerɛw sɛ yebedi afoforo so, sɛnea yɛbɛka no no, denam yɛn ano a yɛbɛma ayɛ den wɔ nkɔmmɔbɔ bi mu anaa bɔ a yɛbɛbɔ wɔn a wɔne yɛn nyɛ adwene agu so. Nanso, sɛ yɛwɔ ɔdɔ ampa a, yɛbɛhwɛ afoforo de nso bi. (Filipifo 2:2-4) Yɛrenka afoforo nhyɛ na yɛrenhyɛ nsusuwii ahorow a enni nnyinaso ho nkuran esiane yɛn suahu anaa yɛn dibea wɔ Onyankopɔn ahyehyɛde no mu nti, ma ɛnyɛ sɛ nea yɛn nsusuwii nkutoo na eye. Mmom no, yɛbɛkae Bible mu bɛ yi: “Ahantan di ɔsɛe anim, na kwasiare honhom di asehwe kan.”—Mmebusɛm 16:18.
-
-
Ɔdɔ Kwan Nni Huammɔ DaƆwɛn-Aban—1999 | February 15
-
-
11. (a) Akwan bɛn so na yebetumi ada ɔdɔ a ɛwɔ ayamye na ɛnyɛ nea ɛmfra adi? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi ada no adi sɛ yɛn ani nnye nea ɛnteɛ ho?
11 Paulo kyerɛwee nso sɛ ɔdɔ wɔ ‘ayamye’ ne sɛ “ɛnyɛ ne ho sɛnea ɛmfata.” (1 Korintofo 13:4, 5) Yiw, ɔdɔ remma yɛnyɛ ade wɔ basabasa, animtiaabu, anaa aniammɔho mu. Mmom no, yebesusuw afoforo nkate ho. Sɛ nhwɛso no, onipa a ɔwɔ dɔ renyɛ nneɛma a ɛbɛhaw afoforo ahonim. (Fa toto 1 Korintofo 8:13 ho.) Ɔdɔ ‘ani nnye nea ɛnteɛ ho, na ɛne nokware ani gye.’ (1 Korintofo 13:6) Sɛ yɛdɔ Yehowa mmara a, yɛremmu ɔbrasɛe adewa na yɛremfa nneɛma a Nyankopɔn kyi nnye yɛn ani. (Dwom 119:97) Ɔdɔ bɛboa ma yɛn ani agye nneɛma a ɛhyɛ den ho sen nea ɛbrɛ afoforo ase.—Romafo 15:2; 1 Korintofo 10:23, 24; 14:26.
12, 13. (a) Sɛ obi fom yɛn a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade dɛn? (b) Ka Bible mu nhwɛso ahorow bi a ɛkyerɛ sɛ abufuw a ɛfata mpo betumi ama yɛayɛ ade a nyansa nnim.
12 Paulo kyerɛwee sɛ ɔdɔ “bo nhaw no” (“ne bo ntɛw ha yi ara,” Phillips). (1 Korintofo 13:5) Nokwarem no, ɛnyɛ nwonwa sɛ sɛ́ nnipa a yɛnyɛ pɛ no, sɛ obi fom yɛn a yɛn bo bɛhaw yɛn anaa ebefuw kakra. Nanso, ɛbɛyɛ mfomso sɛ yebenya menasepɔw bere tenten anaa yɛn bo bɛkɔ so afuw. (Dwom 4:4; Efesofo 4:26) Sɛ yɛanni so a, abufuw a ɛfata mpo betumi ama yɛayɛ ade a ɛmfata, na Yehowa betumi de ho asodi ato yɛn so.—Genesis 34:1-31; 49:5-7; Numeri 12:3; 20:10-12; Dwom 106:32, 33.
13 Ebinom ama afoforo sintɔ aka Kristofo nhyiam horow a wɔbɛkɔ anaa asɛnka adwuma mu kyɛfa a wobenya. Eyinom mu pii adi gyidi ho apere denneennen mmere bi a atwam, ebia wɔagyina abusuafo sɔretia, mfɛfo adwumayɛfo atwetwesi, ne nea ɛtete saa ano. Wogyinaa akwanside ahorow a ɛte saa ano esiane sɛ wobuu no sɛ mudi mu kura ho sɔhwɛ nti, na saa pɛpɛɛpɛ na ɛte. Nanso dɛn na ɛba bere a yɔnko Kristoni bi ka anaa ɔyɛ biribi a ɛnkyerɛ ɔdɔ no? So eyi nso nyɛ mudi mu kura ho sɔhwɛ? Nokwarem no, ɛte saa, efisɛ sɛ yɛkɔ so kura abufuw mu a, yebetumi ‘ama ɔbonsam kwan.’—Efesofo 4:27.
14, 15. (a) Dɛn na ‘bɔne a yɛde bɛhyɛ yɛn yam’ no kyerɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi asuasua Yehowa wɔ fafiri mu?
14 Ntease wom sɛ, Paulo de ka ho sɛ ɔdɔ ‘mfa bɔne nhyɛ ne yam.’ (1 Korintofo 13:5) Ɛha yi, ɔde sika ho akontaabu mu asɛmfua bi di dwuma, a ɛkyerɛ bɔne a wɔkyerɛw gu akontaabu nhoma mu sɛnea ɛbɛyɛ a werɛ remfi. So ɛkyerɛ ɔdɔ sɛ yɛde asɛm anaa nneyɛe bi a epira ho asɛm bɛhyɛ yɛn mu, te sɛ nea ebehia sɛ yɛtwe adwene si so akyiri yi? Hwɛ sɛnea yɛn ani betumi agye sɛ Yehowa nhwehwɛ yɛn mu wɔ atirimɔden kwan saa so! (Dwom 130:3) Yiw, sɛ yenu yɛn ho a, ɔpopa yɛn bɔne.—Asomafo no Nnwuma 3:19.
15 Yebetumi asuasua Yehowa wɔ eyi mu. Sɛ ɛte sɛ nea obi bu yɛn animtiaa a, ɛnsɛ sɛ yɛma ɛhaw yɛn dodo. Sɛ yɛma yɛn bo fuw ntɛmntɛm a, yebetumi apira yɛn ho sen sɛnea onipa a wafom yɛn no betumi ayɛ. (Ɔsɛnkafo 7:9, 22) Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ ɔdɔ ‘gye ade nyinaa di.’ (1 Korintofo 13:7) Nokwarem no, yɛn mu biara mpɛ sɛ ɔbɛyɛ tibɔnkɔso, na saa ara na ɛnsɛ sɛ yenya yɛn nuanom nsusuwii ho adwene a ɛmfata. Sɛnea ɛbɛyɛ yiye biara no, mommma yennnya yɛn ho yɛn ho adwemmɔne.—Kolosefo 3:13.
-