“Mo Brɛ Nyɛ Ɔkwa”
1 Nkuranhyɛ nsɛm bɛn ara ni! Mmɔden a wobɔ wɔ Yehowa som mu no nyɛ ɔkwa. (1 Kor. 15:58) Nanso, susuw sɛnea nkurɔfo kum wɔn ho yɛ adwumaden de hwehwɛ dibea a ɛkorɔn wɔ asetram, anaa sika no ho hwɛ. Ebia wɔbɛkɔ sukuu akɛse, anaasɛ wobekum wɔn ho ayɛ adwuma de apɛ honam fam nneɛma. Nanso, esiane sɛ “ɛbere ne [asiane, NW]” wɔ hɔ nti, ebia wɔn nsa ntumi nka nea wɔrehwehwɛ no, anaasɛ wɔbɛfa honam fam nneɛma kakra a wɔanya no saa ara. Wɔn brɛ no ayɛ ɔkwa “ɔdadwen hunu.” (Ɔsɛnk. 1:14; 9:11) Ɛnde, hwɛ hia a ehia sɛ yɛbɛyere yɛn ho wɔ adwuma koro pɛ a mfaso wɔ so daa na enni yɛn huammɔ no mu!
2 Adwuma a Ɛsom Bo Ankasa: Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no a yɛka no ne adwuma a ehia sen biara wɔ asase so. Ɛno ne adwuma a ɛsɛ sɛ yɛyɛ sɛ nkurɔfo tie anaasɛ wontie no. Yɛpɛ sɛ yetumi ka nea Paulo kae no bi: “Me ho afi mo nyinaa mogya ho; efisɛ mansiw biribiara so sɛ ebia merenka Onyankopɔn tirim agyina nyinaa menkyerɛ mo.”—Aso. 20:26, 27.
3 Sɛ nkurɔfo tie Ahenni ho asɛm no na wɔyɛ ho biribi a, hwɛ anigye ara a yenya! Ababaa bi sewaa wui. Na ɔpɛ sɛ ohu faako a ne sewaa no kɔ—ɔsoro anaa hell? Ɔde edin Yehowa no bɔɔ mpae de hwehwɛɛ Nyankopɔn hɔ mmoa sɛnea na ne nuabea akyerɛ no no. Ankyɛ na ofii ase suaa Bible no na ɔkɔɔ Kristofo nhyiam ahorow. Obenyaa asetra ho adwene foforo koraa, na ɔtwee ne ho fii basabasayɛfo kuw ho. Ababaa no gyaee sigaret ne nnubɔne nom, ne korɔnbɔ. Ogye tom sɛ: “Yehowa ho dɔ nkutoo na ɛma migyaee saa bra bɔne no. Yehowa nkutoo na ɔnam ne mmɔborohunu kɛse no so tumi maa me daa nkwa ho anidaso no.” Ɔmfa ne ho nhyɛ asetram nneɛma a mfaso nni so mu bio.
4 Sɛ nkurɔfo antie asɛm a woka no mpo a, woayɛ biribi a mfaso wɔ so. Wonim sɛ Yehowa Adansefo aba wɔn nkyɛn. Woada wo mudi mu kura, wo nokwaredi, ne wo dɔ adi. Enti, wo brɛ wɔ Awurade adwuma mu yɛ ɔkwa? Dabida!