Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/83 kr. 1-2
  • So Wode Nneɛma A Ogya Ntumi Nhyew Na Ɛreto?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wode Nneɛma A Ogya Ntumi Nhyew Na Ɛreto?
  • Yɛn Ahenni Som—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ƆWƐN-ABAN​—ƐYƐ MMOA
  • MMOFRA, WƆN A WƆAYƐ MMERƐW NE AFOFOROFO A YƐBƐBOA WƆN
  • So W’adwuma Betumi Agyina Ogya Ano?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nneɛma A Ogya Ntumi Nhyew A Yɛde Bɛyɛ Ɔdansi Adwuma No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Yɛn Ɔmansin Nhyiam Horow—Honhom Mu Apontow Mo Ahyɛ Yɛn Nyinaa Den
    Yɛn Ahenni Som—1980
  • Fa Wubetumi Anya Anigye Daa! Nhoma No Boa Nkurɔfo Ma Wonnya Yehowa Ne Yesu Mu Gyidi
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2022
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1983
km 6/83 kr. 1-2

So Wode Nneɛma A Ogya Ntumi Nhyew Na Ɛreto?

1 Petro bɔɔ tete Kristofo no kɔkɔ sɛ: “Mo tamfo bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ nea obenya no amene.” (1 Pet. 5:8) So Satan abrɛ ne ntoa no ase wɔ yɛn bere yi mu? Dabi, wama emu ayɛ den, efisɛ onim sɛ ne bere no yɛ tiaa. (Adi. 12:12) Enti, yebetumi ahwɛ kwan sɛ yɛn gyidi ho sɔhwɛ no mu bɛyɛ den kɛse wɔ mmere a ɛreba no mu. ɔkwan bɛn so na wubetumi abɔ w’ankasa ne w’abusua no ho ban yiye sɛnea ɛbɛyɛ a mo nyinaa begyina ogya sɔhwɛ yi ano? Ɛne sɛ wubehu sɛ wode wo gyidi asi nhyɛase pa so na wode nneɛma a ogya ntumi nhyew na ato.​—1 Kor. 3:10-15.

2 Sika, dwetɛ ne abo pa a yɛde to no ne mmara, nnyinasosɛm ne ahyɛde ahorow a wɔakyerɛ wɔ Onyankopɔn Asɛm no mu ne wɔ su ahorow a Yesu daa no adi wɔ n’asetra mu no mu no. Yɛahu denam yɛn kokoam ne asafo adesua ahorow so na yɛahyɛ mu den denam di a yɛde di dwuma wɔ yɛn asetra mu no so.

ƆWƐN-ABAN​—ƐYƐ MMOA

3 So Ɔwɛn-Aban a wusua no mfaa nneɛma a eye, nea ogya ntumi nsɛe no, nhyɛɛ wo gyidi no mu den? San hwɛ 1982 ne 1983 nsɛmma nhoma ahorow no mu ne emu nsɛm a ɛfa nokwaredi ho no (March 15, June 1, 1982, Engiresi) , owusɔre anidaso no, (October 1, 1982, Twi) , sɛnea Ahenni no ba (December 1, 1982, Twi) , ahonim (January 1, 1983, Twi) , akwankyerɛ ma mmofra (April 1, 1983, Twi) , boasetɔ (December 1, 1982, Engiresi) ne ɔdɔ (May 1, 1983, Twi) , emu kakraa bi nen. So w’ani annye sɛ wusuae anaasɛ wotĩi nea Bible no kyerɛkyerɛ wɔ nsɛm yi ho no mu na wuhuu nhwɛso ahorow a ɛfa wɔn a wokuraa wɔn gyidi mu wɔ sɔhwɛ ahorow mu kan no ne nnɛ ho no? Ebia wotee nka sɛ, ‘Sɛ wotumi yɛɛ saa a, saa na me nso metumi ayɛ.’ Yiw, Ɔwɛn-Aban no ayɛ, na ɛda so ara yɛ mmoa a ano yɛ den a ɛhyɛ yɛn gyidi den.

4 Bere a anuanom no pii ayere wɔn ho kɛse sɛ wobenya gyidi a ɛyɛ den ne Yehowa bɔhyɛ ahorow a ɛyɛ nokware no mu ahotoso no, ɛda adi sɛ ebinom wɔ hɔ a wɔmfa su a ogya ntumi nsɛe no nto so. Eyi da adi wɔ wɔn ho a wɔde hyɛ ɔsom adwuma no mu kakraa bi anaa wɔn ho a wɔmfa nhyem koraa no mu, nhyiam a wɔnkɔ, anaasɛ wɔn ho a wɔde hyɛ bɔneyɛ mu a nea ɛde ba ne ka a wɔka wɔn anim anaa tu a wotu wɔn. Wɔn a wɔyɛ den no te nka sɛ wɔde Yehowa ɔdɔ ho ka sɛ wɔsoa “wɔn a wɔnyɛ den no mmerɛwyɛ.” (Rom. 15:1;13:8; Aso. 20:35; Gal. 6:10) Wɔn mmɔdenbɔ a efi ayamye ne ɔdɔ mu no fata nkamfo na Yehowa ahyira wɔn. Nanso ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa hu hia a ɛho hia sɛ yenya Kristo su ahorow a ebetumi ama yɛn gyidi no afa ogya mu no.

5 Nea edi kan a ɛho hia a ɛsɛ sɛ woyɛ na woatumi agyina ogya no mu ne ankorankoro adesua. Hu Yehowa yiye denam ne su, sɛnea ɔyɛ n’ade ne n’atirimpɔw ahorow ho ade a wobɛkenkan no so. Hu Yesu asetra ne ne nkyerɛkyerɛ ahorow no na suasua no denam Onyankopɔn adwene a wobɛma adi w’asetra so no so. (Yoh. 14:9-11) Srɛ Yehowa wɔ mpaebɔ mu daa. (1 Tes. 5:17) Yɛ nea ɛne wo mpaebɔ no hyia na afei gye ne mmuae no tom wɔ obu mu na fa di dwuma wɔ w’asetra mu. Wubehu sɛ, sɛ daakye ogya sɔhwɛ bɛto wo a, sɛ́ ɛbɛhyew mmom no, wo gyidi no bɛyɛ nea wɔatew ho na ahoa.

MMOFRA, WƆN A WƆAYƐ MMERƐW NE AFOFOROFO A YƐBƐBOA WƆN

6 Yɛn som adwuma no fã a ɛho hia titiriw ne Onyankopɔn Asɛm no a yɛde bɛtete yɛn mma na yɛde aboa anigyefo ma wɔasakra wɔn su. Nnansa yi, yɛayɛ adwuma pa de ahyɛ wɔn a wɔayɛ mmerɛw no gyidi den denam Bible adesua a yɛne wɔn yɛ no so. Bere a yɛne nnipa nyinaa sua ade no yɛpɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ wɔn, tete wɔn na yɛteɛ wɔn so wɔ ɔsoro nyansa ne honhom mu ntease mu. Boa wɔn ma wonnya su pa ahorow, nokwaredi ne ho a wɔde to Bible nnyinasosɛm ahorow so. Ehia sɛ wɔbɛyɛ Kristo nokware asuafo. Boa wɔn ma wonhu sɛnea Ɔwɛn-Aban no aboa wo. Bere a wɔn Kristofo su horow no nya nkɔso denam adesua ne ntetee so no, yebehu sɛ wohyia ogya sɔhwɛ no wɔ nkonimdi mu. Hwɛ anigye a ɛyɛ sɛ yebehu sɛ denam Onyankopɔn mmoa so no yebetumi aboa afoforo ma wɔanya su ahorow a ogya ntumi nsɛe no!

7 Wɔ June mu no yebenya hokwan bio de ama wɔakra Ɔwɛn-Aban no bi, a afe yɛ ¢28.00. Bere a yɛahu bo kɛse a ɛsom ne nkɛntɛnso pa a anya wɔ yɛn asetra so no, ɛsɛ sɛ yefi anigye mu de hokwan biara a yebenya hyɛ afoforo nkuran ma wofi ase kenkan.

8 Sɛnea Paulo kyerɛwee wɔ 1 Korintofo 3:9 no, yɛyɛ “Onyankopɔn afuw, Onyankopɔn dan.” Enti ɛsɛ sɛ yɛma Onyankopɔn yɛ ɔdansi adwuma wɔ yɛn mu denam yɛn ani a yɛbɛma akũ nsiesie ahorow a wayɛ denam n’ahyehyɛde no so no ho yiye no so. Bere a yɛkɔ so ara bɛn awiei no, yebetumi ate nka sɛ ɔhaw no mu reyɛ den. Eyi remma yɛmpa abaw anaa yɛmpompono wɔ nhyɛso a Satan de ba yɛn so no mu. Mmom wɔ nyansa mu no, yɛma nea yɛde siw n’ano no mu kɔ so yɛ den denam hwɛ a yɛhwɛ sɛ yɛde nneɛma a ogya ntumi nhyew na ɛreto no so.​—Gal. 6:9, 10.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena