So Wubegye Ɔfrɛ No So?
1 Afe a etwaam no Asafo no too nsa frɛɛ akwampaefo ne adawurubɔfo ma wɔkɔyɛɛ asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu adwuma titiriw bi wɔ Ɔmantifi amantam no mu, na dodow a wogyee so no yɛ anigye kɛse. Odwontofo no asɛm no bɛyɛɛ nokware bere a Onyankopɔn nkurɔfo ‘yii wɔn yam de wɔn ho mae no . . . ’ (Dw. 110:3) Esiane Yehowa nhyira a ɛbaa afe a etwaam asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu adwumayɛ wɔ Ɔmantifi amantam no mu no so nti, yɛresan ato nsa afrɛ ‘obiara a ne koma ka no’ sɛ ɔnyɛ nhyehyɛe na ɔmfa ne ho nhyɛ afe yi dwumadi no mu. So Wubegye Ɔmantifi ɔfrɛ no so? Yɛwɔ anidaso sɛ pii begye so.
2 Nokware a ɛyɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Ɔmantifi amantam no mu hia mmoa no yɛ nea yebetumi ahu afi amanneɛbɔ ahorow a yɛn nsa ka fii wɔn a wɔyɛɛ asasesin no mu adwuma afe a etwaam hɔ no mu. Kuw biako kaa nsɛm a edidi so yi: “Nnipa a wɔwɔ ha no ntee nea Onyankopɔn de ahyɛ adesamma bɔ denam n’Ahenni no so no ho hwee da. Nea yefi Bible mu ka kyerɛɛ wɔn no yɛɛ wɔn nwonwa. Yegye di sɛ sɛ wɔboa saa ahobrɛasefo yi a, wobehu nokware a ebetumi ama wɔade wɔn ho no. Enti yɛsrɛ Asafo sɛ ɔnyɛ biribi mfa mmoa saa nnipa yi ansa na aka akyi.” Kuw foforo a wɔde wɔn kɔɔ Bimbila fam de tirimbɔ a edi so yi brɛɛ Asafo .no: “Sɛ, nnipa a wɔwɔ mmeae yi asɛm a ɛyɛ yaw wɔ nokware no ho nimdeɛ a edi mu ho . . . ne anigye ankasa a yɛwɔ wɔ nnipa no yiyedi ho bɛka yɛn ma yɛde yɛn ho ama bere biara daakye a yɛn nsɛm tebea ma yɛn kwan.”
3 Yiw, nkurow akɛse pii wɔ Ɔmantifi amantam no mu a ɛkame ayɛ sɛ wɔnka ahenni asɛm no bi wɔ hɔ. Ahenni adawurubɔfo biara nni Walewale, Gambaga, Bamboi, Sawla ne Tuna, sɛ ɛbɛka emu kakraa bi a. Faako a adawurubɔfo wɔ mpo no, nsasesin no sõso dodo ma wɔn sɛ wɔbɛkɔ wɔn a wobetie no nyinaa nkyɛn wɔ bere pa mu. Sɛ nhwɛso no, Ahenni adawurubɔfo 5 pɛ na wɔwɔ Wa na ɔdawurubɔfo biako pɛ na ɔwɔ Tumu. Kan no Asafo bɔɔ mmɔden sɛ obedu nsasesin a ɛtete sɛɛ no mu denam akwampaefo atitiriw a ɔde wɔn kɔ hɔ no so nanso ɛrentumi nyɛ yiye sɛ ɔbɛyɛ saa mprempren. Ɛnde, ɛbɛyɛ dɛn na nnipa a wɔwɔ Ɔmantifi amantam no mu no ate asɛmpa no? Yɛsrɛ wo sɛ susuw wo tebea no ho hwɛ sɛ ɛbɛyɛ yiye sɛ wubegye ɔfrɛ no so akɔyɛ asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu adwuma titiriw wɔ Ɔmantifi amantam no mu ɔsram biako, abien, abiɛsa anaa nea ɛboro saa.
SƐNEA WOBISA HO KWAN
4 Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo anaa akwampaefo biara a wɔn ani gye asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu dwumadi titiriw no ho no kyerɛw fa wɔn asafo ɔsom boayikuw no so, na wɔkyerɛ bere a wɔpɛ sɛ wofi ase, asram dodow a wɔde bɛyɛ adwuma no, na sɛ wɔwɔ kurow pɔtee bi wɔ wɔn adwene mu a wɔpɛ sɛ wɔyɛ mu adwuma a, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ. Sɛ wɔnyɛ daa akwampaefo a, wɔbɛhwɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ akwampaefo aboafo bere a wɔde wɔn ho yɛ dwumadi yi mu no. Ɔsom boayikuw no de krataa no bɛbrɛ yɛn a nea wosusuw ne nkamfo ahorow ka ho. Nea wɔkae wɔ Asafo krataa CSN May 18, 1982 mu no bɛboa obiara a ɔpɛ sɛ ɔde ne ho hyɛ adwuma no mu, na yɛhyɛ nyansa sɛ ɔnsan nhwɛ krataa no mu. Sɛ wubisa ɔkyerɛwfo no a ɔbɛma wo nsa aka.
5 Bere a egyina dodow a wɔde wɔn ho bɛma so no, yɛreyɛ nhyehyɛe sɛ yɛbɛyɛ mmeae a edidi so yi mu adwuma wɔ asram a ɛwɔ yɛn anim no mu: BAMBOI, SAWLA,TUNA, WA, NANDOM, TUMU, YENDI, BIMBILA, WALEWALE, GAMBAGA NE SANDEMA.
6 Sɛnea wɔkae wɔ Asafo krataa a yɛabɔ din wɔ atifi hɔ no mu no, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu adwuma titiriw yi no siesie wɔn ho sɛ wobetua ka biara a wɔbɛbɔ wɔ adwuma no mu a dabere, lɔre ka ne aduan ka ho. Adwumayɛfo a wɔde wɔn ho ama no de wɔn ankasa nhoma ne nsɛmma nhoma bɛkɔ asasesin no mu, eyi yɛ nea wɔde bɛma wɔn wɔ akwampaefo bo so wɔ bere dodow a wɔde bɛyɛ asasesin no mu adwuma titiriw no mu.
7 Bere a atwam no ebinom bisaa Asafo no sɛ yɛnhwehwɛ ahokafo a wɔne wɔn bɛyɛ adwuma no mma wɔn. Yentumi nhwehwɛ ahokafo mma wɔn a wobisa no sɛnea ɛsɛ esiane krataa a yɛde mana a ɛnkɔ ntɛm no nti. Enti yɛhyɛ nyansa sɛ ankorankoro nyɛ ho nhyehyɛe na wɔmma yɛn aso nte sɛnea ɛbɛyɛ a yɛde wɔn bɛbom.
8 Yiw, otwa adwuma no dɔɔso ampa wɔ Ɔmantifi amantam no mu nanso adwumayɛfo no sua. So wubegye mmoa ho ɔfrɛ no so? Yɛrehwɛ wo krataa anim. Sɛ́ wubetumi de wo ho ahyɛ asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu adwuma titiriw no mu anaa dabi no, Yehowa mma wo ahoɔden na kɔ so yɛ den wɔ ne som mu.