Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g96 10/8 kr. 26-27
  • Ɔdɔ a Ɛma Yegyina

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔdɔ a Ɛma Yegyina
  • Nyan!—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bere a Ahum Tu
  • Ɔdɔ a Ɛma Yegyina
  • Anidaso Hyɛ Yɛn Den, Na Ɔdɔ Kanyan Yɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • “Mo Mu Baako Mpo Renyera”
    ‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
  • Wo Som—Ɛyɛ Po so Hyɛn bi a Ɛnsɛ sɛ Wufi Mu Da?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Paulo Di Asiane Mu Nkonim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1996
g96 10/8 kr. 26-27

Bible No Adwene

Ɔdɔ a Ɛma Yegyina

WƆ 1978 mu no, ahum kɛse bi a etui wɔ Atlantic Kusuu fam no bɔɔ po so hyɛn kɛse a wɔfrɛ no Queen Elizabeth 2 no. Asorɔkye a ne tenten bɛyɛ sɛ aborosan a ɛtoa so du bu bɛhwee hyɛn no so, na ɛde no kyinkyinnii sɛ ntuaano bi. Nkongua ne emu nnipa no danedanee bere a hyɛn no redi ahim denneennen no. Anigyesɛm ne sɛ, nnipa 1,200 a na wɔwom no ampirapira kɛse. Mfiri ho nimdeɛ, nneɛma pa a wɔde yɛɛ hyɛn no, ne yɛ a wɔyɛɛ no yiye no amma ammubu.

Mfehaha pii a atwam no, ahum bi a ano yɛ den bɔɔ po so hyɛn foforo bi. Ná ɔsomafo Paulo ne afoforo 275 na wɔwom. Esiane sɛ na hyɛnmufo no suro sɛ ahum a ano yɛ den no bɛma hyɛn no abubu nti, ɛda adi sɛ “wɔboa”—de nkɔnsɔnkɔnsɔn anaa ntampehama—faa hyɛn no ase kyekyee ntaaboo a wɔde yɛɛ aguadifo hyɛn yi no. Ɛwom sɛ hyɛn no sɛee de, nanso nnipa a na wɔwom no nyinaa nyaa wɔn ti didii mu.—Asomafo no Nnwuma ti 27.

Ɛtɔ mmere bi a, sɔhwɛ a yehyia wɔ asetra mu no ma yɛte nka sɛ nea yɛte hyɛn bi a ɛnam po a ahum retu wɔ so so. Dadwen ahorow, huammɔdi, ne adwenemhaw betumi abunkam yɛn so, na asɔ yɛn dɔ ahwɛ akosi ase. Nea ɛbɛyɛ na yɛagyina ahum a ɛte saa ano na yɛafi mu afi a yemmubu no, yɛn nso yehia mmoa bi.

Bere a Ahum Tu

Wɔayɛ ɔsomafo Paulo gyidi ne ne boasetɔ no ho kyerɛwtohɔ a edi mu wɔ Bible mu. Ɔsomee tete Kristofo asafo ahorow no. (2 Korintofo 11:24-28) Nneɛma a ɔyɛe wɔ Awurade adwuma mu no di ɔdɔ a emu yɛ den a na ɔwɔ ma ne mfɛfo ne ɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ a emu yɛ den a na ɔwɔ no ho adanse pefee. Nanso, Paulo asetra anyɛ mmerɛw bere nyinaa. Ɔsomafo no gyinaa honam ne sɛnkyerɛnne kwan so ahum pii ano.

Wɔ Paulo bere so no, sɛ na hyɛn bi hyia ahum a ano yɛ den a, na fi a hyɛn no ne emufo befi mu aka no gyina hyɛnmufo no ahokokwaw ne bubu a na hyɛn no mmubu so. Saa ara na na ɛte bere a ɔsomafo no hyiaa sɛnkyerɛnne kwan so ahum no. Ɛwom sɛ Paulo gyinaa honam fam ahokyere, afiasenna, ne ayayade ano de, nanso ahum a emu yɛ den sen biara a ɛsɔɔ ne honhom ne nkate fam ahoɔden ne tumi a na ɔwɔ sɛ ɔbɛkɔ so ada adɔ adi no fii Kristofo asafo no mu.

Sɛ nhwɛso no, Paulo de afe ne fã yɛɛ adwumaden a wammrɛ de hyehyɛɛ asafo wɔ Korinto kurow no mu. Osuahu a onyae wɔ Korintofo no nkyɛn no maa no nyaa tema maa nguankuw no. Paulo kaa ne ho asɛm mpo sɛ ɔyɛ wɔn agya. (1 Korintofo 4:15) Nanso, ɛmfa ho ɔdɔ ho kyerɛwtohɔ pa a Paulo nyae ne adwumaden a ɔyɛe wɔ Korinto asafo no ho no, ɛhɔfo no kaa ne ho nsɛmmɔne. (2 Korintofo 10:10) Esiane sɛ ɔbrɛ de ne ho nyinaa bɔɔ afɔre nti, hwɛ abasamtu ara a na ɛno bɛyɛ!

Ɛyɛɛ dɛn na wɔn a Paulo dɔɔ wɔn saa no tumi daa atirimmɔden ne animtiaabu adi saa? Ɛbɛyɛ sɛ Paulo tee nka sɛ nea ɔrebubu, te sɛ po so hyɛn a ahum akyere no no. Hwɛ sɛnea na ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ n’abam bebu, na wate nka sɛ ne kan mmɔdenbɔ no nyinaa ayɛ ɔkwa, anaasɛ ne bo befuw! Dɛn na ɛmaa Paulo yɛɛ n’ade ɔkwampa so? Dɛn na amma huammɔdi ammubu no?

Ɔdɔ a Ɛma Yegyina

Paulo amma n’akenkanfo adwene mu anyɛ wɔn nnaa wɔ baabi a na onya n’ahoɔden ne ne tumi fi no ho. Ɔkyerɛw sɛ: “Kristo dɔ no hyɛ yɛn.” (2 Korintofo 5:14) Paulo kyerɛɛ beae titiriw a onyaa ahoɔden ne tumi no fii. Ná tumi a ɛhyɛ no ne “Kristo dɔ no.” Bible ho nimdefo bi kaa asɛm a edi so yi faa saa kyerɛwsɛm yi ho: “Paulo nka sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Kristo no ma yɛbata yɛn som adwuma nkutoo ho . . . Ɛno yɛ ne fã bi kɛkɛ. Kristo dɔ a ɔwɔ ma yɛn no na ɛma yenya ɔdɔ ma no, na emu kɔ so yɛ den daa.”—Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.

Ɔdɔ a Kristo daa no adi na ɔbrɛɛ ne ho ase wuu asɛndua ho wu yayaw—na ɔnam so de ne desani nkwa a ɛyɛ pɛ mae sɛ agyede de gyee adesamma a wogye di nyinaa nkwa no—na ɛkaa Paulo na ɛhyɛɛ no ma ɔkɔɔ so som Kristo ne ne nuanom. Enti, Kristo dɔ no dii Paulo so twee no fii pɛsɛmenkominya ho, na ɔde Onyankopɔn ne ne mfɛfo nnipa a ɔbɛsom wɔn yɛɛ ne botae.

Nokwarem no, Kristo dɔ no mu na tumi a edi Kristoni asetra kwan a nokwaredi wom so no fi. Sɛ yehyia sɔhwɛ a ebetumi asɛe yɛn wɔ honam, nkate, ne honhom fam a, Kristo dɔ a ɛhyɛ yɛn no boa yɛn ma yegyina ano kodu baabi a obi a biribi nkanyan no abam bebu no. Ɛma yenya ahoɔden a yɛde gyina ano.

Yɛrentumi mfa yɛn ho nto yɛn nkate a ɛtɔ sin no so sɛ ɛnwowaw na ɛnkanyan yɛn. Eyi te saa titiriw bere a esiane huammɔdi anaa adwennwen nti yehyia sɔhwɛ no. Nanso, Kristo dɔ no wɔ tumi a ebetumi ama yɛayɛ yɛn som adwuma no, awowaw yɛn na akanyan yɛn, a sɔhwɛ a yɛn ankasa hyia mfa ho. Ɛnyɛ sɔhwɛ a afoforo nhwɛ kwan sɛ Kristoni bi betumi agyina ano nko na Kristo dɔ no ma otumi gyina ano, na mmom ebia nea n’ankasa nhwɛ kwan mpo nso.

Bio nso, esiane sɛ Kristo dɔ no wɔ hɔ nti, nea efi mu ba no to ntwa da. Ɛyɛ tumi a ɛhyɛ obi a enhinhim anaa ɛso nhuan. “Ɔdɔ to ntwa da.” (1 Korintofo 13:8) Ɛma yɛkɔ so di n’akyi, ɛmfa ho nea ɛbɛba biara.

Nkate fam sɔhwɛ wɔ tumi a ebetumi abubu yɛn mu. Enti, hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛbɛdwennwen ɔdɔ a Kristo yii no adi kyerɛɛ yɛn no ho. Kristo dɔ no bɛma yɛagyina. Ne dɔ no ma ɛyɛ yiye sɛ yɛbɛkwati yɛn gyidi ho asugu. (1 Timoteo 1:14-19) Bio nso, Kristo dɔ no hyɛ yɛn ma yɛyɛ nea yebetumi nyinaa de hyɛ onii ko a ɔmaa Kristo tumi yii ɔdɔ adi, Yehowa Nyankopɔn, anuonyam.—Romafo 5:6-8.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena