Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 4/15 kr. 4-7
  • “Asomdwoe Nyankopɔn” no Dwen Amanehunufo Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Asomdwoe Nyankopɔn” no Dwen Amanehunufo Ho
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa Dwen Wo Ho
  • Sɛnea Onyankopɔn Boa Amanehunufo
  • Wiase a Amanehunu Nnim—Ɛbɛba Nnansa Yi Ara!
  • Awerɛkyekye Ma Amanehunufo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • So Amanehunufo Benya Asomdwoe Da Bi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Sɛnea Wubetumi Agyina Amanehunu Ano
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Yehowa Gye Ɔmanehunufo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 4/15 kr. 4-7

“Asomdwoe Nyankopɔn” no Dwen Amanehunufo Ho

BIBLE no ma emu da hɔ pefee sɛ Dawid a ɔtraa ase tete no ankwati amanehunu. Ɔde mfe pii traa ase sɛ oguanfo, bere a ɔhene bɔne bi a ɔyɛ mpi a na wasi ne bo sɛ obekum no no taa ne so denneennen no. Wɔ saa amanehunu bere yi mu no, Dawid kohintawee wɔ mmeae bi a atew ne ho. Nanso ɔyɛɛ biribi kaa ho. Ɔbɔɔ n’amanehunu no ho mpae denneennen kyerɛɛ Yehowa. Akyiri yi ɔkyerɛw n’ahohia no ho asɛm sɛ: “Mede me nne misu mefrɛ Awurade [Yehowa, NW] . . . Mihwie me nkɔmmɔdi migu n’anim, meka m’ahohia mekyerɛ no.”—Dwom 142:1, 2.

Ɛnnɛ, ebinom bedi Onyankopɔn mu ahotoso a na Dawid wɔ no ho fɛw. Wɔbɛka sɛ mpaebɔ yɛ biribi a ɛma obi te asomdwoe nka kɛkɛ ne sɛ, sɛ yɛreka paa a, ɛyɛ bere sɛe. Nanso, Onyankopɔn mu ahotoso a Dawid nyae no anyɛ ɔkwa, efisɛ awiei koraa no, n’atamfo dii nkogu. Bere a Dawid san susuw ne suahu no ho no, ɔkyerɛw sɛ: “Ohiani yi teɛɛm, na Awurade [Yehowa, NW] tiee no, na ogyee no n’ahohia nyinaa mu.” (Dwom 34:6) Wɔfrɛ nokware Nyankopɔn a Dawid dan kɔɔ ne nkyɛn no “asomdwoe Nyankopɔn” wɔ baabi foforo. (Filipifo 4:9; Hebrifo 13:20) So ɔbɛma amanehunu to atwa, na ɛde asomdwoe abrɛ yɛn?

Yehowa Dwen Wo Ho

Yehowa nyɛ obi a ne nkurɔfo amanehunu mfa ne ho. (Dwom 34:15) Ɛnyɛ sɛ osusuw n’asomfo ahiade ho sɛ kuw nko, na mmom osusuw ankorankoro biara a osuro no nso de ho. Bere a Salomo rebue tete Yerusalem asɔrefie no ano no, ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ontie “mpaebɔ biara, nkotɔsrɛ biara a onipa biara wɔ na wo man Israel nyinaa wɔ, na obiara nim ne haw ne ne yaw.” (2 Beresosɛm 6:29; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Sɛnea Salomo gye toom no, onipa biara wɔ n’ankasa amanehunu soronko a ɛsɛ sɛ ogyina ano. Wɔ obi fam no, ebetumi ayɛ ɔyare. Wɔ ɔfoforo fam no, adwennwene. Ebia ɔdɔfo bi wu na ɛhaw ebinom. Adwuma a wonnya nyɛ, sikasɛm mu ahokyere, ne abusua mu nsɛnnennen nso yɛ nneɛma a ɛtaa de amanehunu ba wɔ bere a emu yɛ den yi mu.

Fa bere tiaa bi susuw w’ankasa ‘haw ne yaw’ ho hwɛ. Ɛtɔ mmere bi a, ebia na wote nka te sɛ odwontofo Dawid a ɔkyerɛwee sɛ: “Mehwɛ nea ɔrebɛma me due kwan a, obi mma, mehwehwɛ awerɛkyekyefo a, minhu bi.” Nanso wubetumi anya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn dwen wo tebea no ho, efisɛ wɔ dwom koro no ara mu no, Dawid kyerɛwee akyiri yi sɛ: “Awurade [Yehowa, NW] tie ahiafo, na ɔnto n’apokyerɛfo ho mpe.”—Dwom 69:20, 33.

Sɛ yɛbɛtrɛw Dawid nsɛm no mu a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ adesamma Bɔfo no tie wɔn a sɛ yɛbɛka a, wɔn amanehunu afa wɔn nnommum no mpaebɔ. Nea ɛsen saa no, ɔyɛ wɔn tebea no ho biribi. Susuw nsɛm a edidi so yi a ɛda Yehowa mmɔborohunu ma amanehunufo adi no ho.

“Monnhyɛ ɔbaakunafo anaa ayisaa so. Sɛ wohyɛ wɔn so, na wosu frɛ me pɛ a, otie na metie wɔn sufrɛ no, na m’abufuw ano ayɛ den.”—Exodus 22:22-24.

“Na Onyankopɔn, sɛ ɔtɔ ne bo ase kyɛ wɔn ho nso a, ɔremmu ntɛn nnye wɔn a wapaw wɔn a wosu frɛ no awia ne anadwo no anaa?”—Luka 18:7.

“Obegye ohiani a osu frɛ no, ne ɔmanehunufo a onni boafo. Ɔbɛkora ɔbrɛfo ne ohiani so, na wagye ahiafo kra nkwa. Obegye wɔn kra afi nhyɛso ne atirimɔdensɛm mu, na wɔn mogya bo ayɛ den n’anim.”—Dwom 72:12-14.

“Nea ɔka mo [Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ asase so] no, waka m’aniwa kesua.”—Sakaria 2:8.

Nhwɛso kakraa yi kyerɛ sɛnea yɛn Bɔfo no susuw ne nkurɔfo yiyedi ho kɔ akyiri fa. Ne saa nti, yɛwɔ ade pa a enti ɛsɛ sɛ yedi ɔsomafo Petro afotu yi akyi: “Momfa mo dadwen ne haw nyinaa nto no so, efisɛ odwen mo ho.” (1 Petro 5:7) Nanso ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn bɛboa yɛn wɔ amanehunu bere mu?

Sɛnea Onyankopɔn Boa Amanehunufo

Sɛnea yɛahu no, bere a Dawid huu amane no, ɔbɔɔ Onyankopɔn mpae anibere so de hwehwɛɛ akwankyerɛ. Bere koro no ara mu no, ɔnam nyansakwan a ɔfaa so no so dii kan yɛɛ tebea no ho biribi de tetew ne ho fii wɔn a na wɔrepɛ no no nsa mu. Enti, Yehowa mu ahotoso ne Dawid ankasa mmɔdenbɔ maa otumi gyinaa n’amanehunu no ano. Dɛn na yebetumi asua afi eyi mu?

Sɛ yehyia amanehunu a, ɛnyɛ mfomso koraa sɛ yebedi kan ayɛ tebea no ho biribi de apɛ ano aduru. Sɛ nhwɛso no, sɛ Kristoni bi adwuma sɛe a, so ɔremmɔ mmɔden sɛ obenya adwuma ayɛ? Anaasɛ sɛ ɔyare bi rehaw no a, ɔrenhwehwɛ ayaresa anaa? Nokwarem no, Yesu mpo a na ɔwɔ tumi a ɔde sa nyarewa nyinaa no gye toom sɛ ‘wɔn a wɔyare no hia ɔyaresafo.’ (Mateo 9:12; fa toto 1 Timoteo 5:23 ho.) Nokwarem no, amanehunu bi wɔ hɔ a wontumi nyɛ ho hwee; ɛsɛ sɛ wogyina ano kɛkɛ. Nanso, nokware Kristoni mmu amanehunu sɛ ade pa ankasa sɛnea ebinom susuw no. (Fa toto 1 Ahene 18:28 ho.) Mmom no, ɔfa ɔkwan biara a obetumi so di n’amanehunu no ho dwuma.

Nanso bere koro no ara mu no, nyansa wom sɛ yɛde asɛm no to Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu. Dɛn ntia? Nea edi kan no, sɛ yɛde yɛn ho to yɛn Bɔfo no so a, ɛboa yɛn ma ‘yɛsɔ nneɛma a eye koraa no hwɛ.’ (Filipifo 1:10) Sɛ nhwɛso no, bere a yɛrehwehwɛ adwuma no, mpaebɔ mu a yebefi de yɛn ho ato Onyankopɔn so no bɛboa yɛn ma yɛapo adwuma a ɛne Bible mu nnyinasosɛm ahorow bɔ abira. Afei nso yɛbɛkwati sɛ yebedi sikanibere akyi ‘ayera gyidi kwan no.’ (1 Timoteo 6:10) Nokwarem no, sɛ yɛresisi gyinae horow a emu yɛ duru—a ɛfa adwuma anaa asetra mu dwumadi foforo biara ho—a, ehia sɛ yedi Dawid afotu yi akyi: “Dan w’adesoa to Awurade [Yehowa, NW] so, na obeso wo mu, ɔremma ɔtreneeni ntwiw n’anan mu da.”—Dwom 55:22.

Mpaebɔ boa yɛn ma yɛkari pɛ wɔ adwenem nso, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn amanehunu no mmunkam yɛn so. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom.” Dɛn na ebefi mu aba? “Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so Kristo Yesu mu.” (Filipifo 4:6, 7) Yiw, asomdwoe, Onyankopɔn asomdwoe. Saa asomdwoe no “tra adwene nyinaa so,” enti ebetumi ama yɛagyina pintinn bere a adwennwene hyɛ yɛn so no. ‘Ɛbɛbɔ yɛn koma ne yɛn adwene ho ban’ na amma yɛampere yɛn ho anyɛ biribi a nyansa nnim, a ebetumi ama yɛn amanehunu no ayɛ kɛse.—Ɔsɛnkafo 7:7.

Mpaebɔ betumi ayɛ pii aka ho. Ebetumi ama tebea bi asesa. Susuw Bible mu nhwɛso bi ho hwɛ. Bere a wɔde ɔsomafo Paulo kɔtoo afiase wɔ Roma no, ɔhyɛɛ mfɛfo Kristofo nkuran sɛ wɔmmɔ mpae mma no. Dɛn ntia? Ɔkyerɛw wɔn sɛ: “Mesrɛ mo ara yiye sɛ monyɛ eyi, na wɔadan me ama mo ntɛm pa.” (Hebrifo 13:19) Ná Paulo nim sɛ mpae a ne mfɛfo agyidifo bɛkɔ so abɔ no betumi anya bere a wɔde beyi no no so tumi.—Filemon 22.

So mpaebɔ betumi anya nea ebefi w’amanehunu mu aba no so tumi? Ebetumi aba saa. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na Yehowa bua yɛn mpaebɔ ahorow sɛnea yɛhwɛ kwan no. Sɛ nhwɛso no, Paulo kɔɔ so bɔɔ ne ‘honam mu nsɔe’ no ho mpae—ebia nipadua mu haw bi a na ɛfa n’ani ho. Sɛ́ anka obeyi n’amanehunu no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Paulo sɛ: “Me dom no dɔɔ wo so, na me tumi wie pɛyɛ wɔ mmerɛwyɛ mu.”—2 Korintofo 12:7-9.

Enti, ɛtɔ mmere bi a, wɔrenyi yɛn amanehunu horow no. Mmom no, yebenya hokwan a yɛde bɛda ahotoso a yɛwɔ wɔ yɛn Bɔfo mu no adi. (Asomafo no Nnwuma 14:22) Afei nso, yebetumi anya awerɛhyem sɛ sɛ Yehowa anyi amanehunu no mpo a, ɔbɛma ‘ɔkwan a yɛde befi mu abɛda ho, na yɛatumi asoa.’ (1 Korintofo 10:13) Yiw, ntease pa nti na wɔfrɛ Yehowa sɛ “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn a ɔkyekye yɛn werɛ yɛn ahohia nyinaa mu.” (2 Korintofo 1:3, 4) Ɔde nea yehia a ɛbɛma yɛatumi agyina mu ma yɛn asom adwo yɛn no ma yɛn.

Wiase a Amanehunu Nnim—Ɛbɛba Nnansa Yi Ara!

Ɔbɔadeɛ no hyɛ bɔ sɛ, ɔnam N’ahenni no so bɛma adesamma amanehunu to atwa nnansa yi ara. Ɔbɛyɛ dɛn ayɛ eyi? Ɔnam Satan Ɔbonsam, nea ɔde amanehunu ba titiriw ne asomdwoe tamfo a odi kan a Bible frɛ no “wi yi ase nyame” no a obeyi no afi hɔ no so. (2 Korintofo 4:4) Nanso, ɛrenkyɛ, ne nkɛntɛnso a ɔwɔ wɔ adesamma so no bɛba awiei. Yi a wobeyi no afi hɔ no bɛma wɔn a wosuro Nyankopɔn no anya nhyira pii. Bible hyɛ bɔ sɛ Yehowa ‘bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.’—Adiyisɛm 21:1-4.

So ɛyɛ nwonwa sɛ wiase a amanehunu nnim bɛba? Yɛahu amane araa ma ɛyɛ den ma yɛn sɛ yebesusuw sɛ ebefi hɔ. Nanso bere a Onyankopɔn bɔɔ adesamma no, na n’atirimpɔw ma adesamma araa ne sɛ ehu, dadwen ne asiane mma wɔn akwan mu, na n’atirimpɔw no bɛbam.—Yesaia 55:10, 11.

Eyi ne anidaso a Sonia, Fabiana, ne Ana, a yɛkaa wɔn ho asɛm wɔ asɛm a edi kan no mu no nyae. Anidaso a ɛwɔ Bible mu no na ɛmaa Sonia, a AIDS kum ne mma mmarima baanu no nyaa asomdwoe kɛse—owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no. (Asomafo no Nnwuma 24:15) Ɔka sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ yɛn anidaso no sen amanehunu biara.”

Bere a na Ana da so ara te baabi a wɔhwɛ nnyanka no, Yehowa Adansefo no mu biako kɔsraa no. Ana ka sɛ: “Ɔkyerɛɛ me Yehowa din wɔ Bible mu, na anigye ma misui. Na mihia mmoa denneennen, na mibehui sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ a odwen yɛn ho.” Akyiri yi a Ana fii baabi a wɔhwɛ nnyanka hɔ no, ɔpenee Bible adesua so na osuaa Yehowa bɔhyɛ ahorow ho ade pii. Afei ohyiraa ne nkwa so maa Yehowa na ɔde nsu mu asubɔ yɛɛ ho nsɛnkyerɛnne. “Efi saa bere no, menam mpaebɔ so akɔ so de me ho ato Yehowa so, na awerɛhyem a mewɔ sɛ ɔbɛboa me no ma me werɛ kyekye.”

Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow a ɛfa daakye ho a Fabiana nso ahu no ama wanya awerɛkyekye ne akomatɔyam wɔ n’amanehunu mu. “Nokware no a obi sua fi Bible mu no te sɛ nea wafi esum kabii mu aba ɔdan bi a emu yɛ hann ma ɛyɛ anika mu.”—Fa toto Dwom 118:5 ho.

Nanso ɔkwan bɛn so ne bere bɛn na asomdwoe ankasa bɛba wiase nyinaa? Ma yɛnhwɛ nsɛm a edidi so no mu.

[Kratafa 6 adaka]

Amanehunu Afã Horow Pii No

▪ Anyɛ yiye koraa no, wiase nnipa mu nkyekyem anan mu biako di hia buruburoo, na ɔpepem pii nso tete mmeae bɔne a ɛde wɔn nkwa to asiane mu.

▪ Mmofra bɛboro ɔpepem 200 nnya aduan pa nni.

▪ Afe biara, ayamtu kunkum mmofra a wonnya nnii mfe anum bɛyɛ ɔpepem abiɛsa.

▪ Nsanyare kunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem 16.5 wɔ 1993 mu nkutoo. Esiane sɛ ɛsono sɛnea aman bi bu nyarewa nti, sɛ yɛhwɛ mu a, ɛbɛboro saa koraa.

▪ Wobu akontaa sɛ nnipa bɛyɛ ɔpepem 500 wɔ adwenem yare bi.

▪ Nnipa dodow a wokum wɔn ho no rekɔ soro ntɛmntɛm wɔ mmerante ne mmabaa mu sen nnipa a aka no.

▪ The Unesco Courier ka sɛ: “Aduankɔm ne adwuma a wonnya nyɛ abɛyɛ nkekae wɔ wiase. Nnipa ɔpepem 35 na wonni adwuma wɔ wiase aman ason a wodi yiye sen biara no mu, na Brazil nkutoo no, adwumayɛfo ɔpepem 20 ntumi nnya aduan a ɛsɛ nni, ɛmfa ho mpo sɛ wɔyɛ adwuma.”

[Kratafa 7 mfonini ahorow]

Mpaebɔ betumi aboa yɛn ma yɛde yɛn adwene asi wiase a amanehunu nnim a Onyankopɔn de ahyɛ bɔ no so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena