Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g80 9/8 kr. 3
  • Dɛn Na Ebetumi Aka Mmusua Horow Abom?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Na Ebetumi Aka Mmusua Horow Abom?
  • Nyan!—1980
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ASƐM NO YƐ ANIBERESƐM DƐN?
  • DƐN NTI NA EYI REBA SAA?
  • DƐN NE ABUSUA A ƐWƆ ANIGYE ANKASA NO NNYINASO?
  • ƆKWAN BƐN NA WOBETUMI AFA SO AMA ABUSUA ASETRA AYƐ NEA ANIGYE WOM?
  • Biribi Wɔ Hɔ a Ɛde Abusua mu Anigye Ba?
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
  • Nya Abusua Asetra Mu Anigye
    Nya Abusua Asetra Mu Anigye
  • Abusua Asetra A Wɔbɛma Ayɛ Yiye
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Abusua No—Ɛyɛ Nnipa Ahiade!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1980
g80 9/8 kr. 3

So Woasusuw Ho Pɛn Anaa​—

Dɛn Na Ebetumi Aka Mmusua Horow Abom?

MFIRIHYIA aduonum a atwam ni na ɔkyerɛwfo bi kyerɛkyerɛɛ sɛnea ofie pa te mu wɔ ɔkwan a ɛte sɛɛ so: “Ofie yɛ dɛ; efisɛ ɛhɔ na koma no betumi ahome.” So wompene so sɛ saa na ɛsɛ sɛ ofie yɛ? Nanso, nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ, ɛnnɛ, abusua asetra ntaa nyɛ anigye, a ɛma onipa nya akomatɔyam ne asomdwoe.

ASƐM NO YƐ ANIBERESƐM DƐN?

Mmusua ɔpepem ahorow pii mu repaapae. Aman horow bi wɔ hɔ a wɔ aware ahorow abien biara a wɔhyɛn mu mu no wogu biako. Afei nso afie pii wɔ hɔ a okunu ne ɔyere nkasa na nkitahodi nni awofo no ne wɔn mma ntam. Enti sɛ mmusua horow bi wɔ hɔ a wonnii mpaapaemu mpo a, abusuabɔ a ɛda wɔn ntam no asɛe a wɔnkasa.

Ɔkyerɛwfo bi a ɔwɔ ofie asetra ho nimdeɛ kae sɛ: “Kan no na abusua no yɛ beae a wokɔ ma ɔhaw a ɛda wo so no fi hɔ. Afei de abusua no ankasa reyɛ ɔhaw fibea. Hwɛ sɛnea ɔbea yi nsɛm no yɛ nokware fa! Afie mpempem pii wɔ hɔ a ɔdɔ, obu ne abusua nteɛso akɔ fam araa ma afei ebinom bisa mpo sɛ: “So abusua no betumi akɔ so atra hɔ anaa?”

Ebia na woahu saa nneɛma yi bi wɔ faako a wo ankasa wote no anaasɛ wɔ wo ankasa w’abusuafo mu. Ebia wobɛkae bere a na abusua asetra ye na mmusua horow tumi tra ase wɔ biakoyɛ mu no. Nanso mprempren de nneɛma asakra.

DƐN NTI NA EYI REBA SAA?

Yɛte bere bi a wɔakyerɛkyerɛ nnipa sɛ wonsusuw wɔn ankasa ho kan no mu. Saa su yi anya nkɛntɛnso a enye koraa wɔ abusua no so. Mpɛɛpɛɛmu bi a wɔyɛe kyerɛ sɛ “Anuonyamhunupɛ anaasɛ ahopɛ ne nneɛma a ɛsɛe abusua asetra kɛse no mu biako.”

Sɛ nhwɛso no, okunu bɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ wodi n’ahiade ahorow ho dwuma kan​—“Nea ɛte biara no me na miyi sika!” Nanso mmea pii na afei wofi adi kɔyɛ adwuma a wɔrede wɔn ho wɔ sika fam. Wɔn nso wobesusuw sɛ wɔn nneɛma ho hia saa ara. Ɛnnɛ “Me na Midi Kan Awo Ntoatoaso” no nso anya mmofra so nkɛntɛnso. Pɛsɛmenkominya asɛe afie horow pii mu nhyehyɛe.

So wunim sɛ wofi teteete na aka saa su yi ho asɛm ato hɔ wɔ Bible mu? Ɛka sɛ: “Na hu eyi sɛ, nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfo. ahantanfo, abususɛnkafo, awofo asɛm ho asoɔdenfo, bonniayɛfo, wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn, wɔn a wonni dɔ.” (2 Tim. 3:1-3) Ahopɛ asetra a nnipa ɔpepem pii wɔ mu no di adanse pefee a akyinnye biara nni ho sɛ saa Bible nkɔmhyɛ yi reba mu nokware wɔ yɛn bere yi mu. Eyi kyerɛ sɛ yɛte pɛsɛmenkominya wiase bi “nna a edi akyiri mu.” Afei de yɛabɛn bere a Onyankopɔn bɛyɛ nsakrae a ehia no na ama yɛn asase yi ayɛ yiye.​—Dw. 37:10, 11.

So nneɛma wɔ hɔ a yebetumi ayɛ mprempren a ɛbɛma yɛanya abusua a anigye wom? Mmusua horow pii mu mpaapae ɛ. Dɛn na ɛde nsonsonee no ba?

DƐN NE ABUSUA A ƐWƆ ANIGYE ANKASA NO NNYINASO?

Bible no kyerɛkyerɛ mu sɛ Onyankopɔn na ɔhyehyɛɛ aware ne abusua asetra. Sɛ́ ne Hyehyɛfo no, onim nea ɛbɛka no abom. Bible no ka sɛ: “Monhyɛ ɔdɔ a ɛne pɛyɛ hama no.”​—Kol. 3:14.

Saa ɔdɔ a ɛyɛ “pɛyɛ hama” yi de ahoɔden foforo hyɛ ɔbarima ne ɔbea ntam ɔdɔ no mu. Ɛyɛ afoforo yiyedi ho a wosusuw a pɛsɛmenkominya nnim, efisɛ Bible no tu fo sɛ: “Obiara nnhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de, na mmom ɔnhwehwɛ nea ɛyɛ ne yɔnko de.”​—1 Kor. 10:24.

‘Obiara hwehwɛ nea ɛbɛyɛ papa ama ne yɔnko’​—saa adeyɛ yi ne pɛsɛmenkominya a ɛresɛe afie horow pii no bɔ abira. Eyi ne ɔdɔ a sɛ wɔde di dwuma a ebetumi ama obi abusua asetra ayɛ nea anigye ankasa wom.

Sɛnea ɛte no ɛyɛ mmerɛw koraa sɛ wobɛka ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nnim a wobeyi adi akyerɛ ho asɛm kyɛn sɛ wode bedi dwuma ankasa. Ɔbea ɔwarefo bi kyerɛɛ n’adwene sɛ: “Obiara a ɔbɛka sɛ ɛyɛ mmerɛw sɛ obi bɛware onipa biako ne nkwa nna nyinaa no te adaeso wiase bi mu.” Yiw, ɛnyɛ mmerɛw, nanso sɛ ɔdɔ wɔ hɔ a wobetumi ayɛ. Nanso ɔkwan bɛn koraa na wobɛfa so adi saa ɔdɔ yi ho dwuma? Nhyehyɛe a nyansa wom bɛn na abusua bi betumi afa so anya nkɔso?

ƆKWAN BƐN NA WOBETUMI AFA SO AMA ABUSUA ASETRA AYƐ NEA ANIGYE WOM?

Ɛhwehwɛ sɛ wuhu ɔkwan a wubetumi afa so ayi ɔdɔ ankasa adi na woabɔ mmɔden denneennen ayɛ saa. Nnipa pii a wɔka sɛ wɔhwehwɛ ofie asetra a anigye wom no nnim nea wobetumi ayɛ ama eyi ayɛ yiye. Bible no de akwankyerɛ ankasa a aboa mmusua ɔpepem pii ma. Hyɛ n’afotu a wotumi di ho dwuma ankasa no biako nsow: “Nanso mo mmiako mmiako nso, momma obiara nnɔ n’ankasa ne yere saa ara sɛ ne ho; na ɔyere de, ɔmfɛre ne kunu. Mma, muntie mo awofo asɛm Awurade mu; na eyi na ɛteɛ. Na agyanom, munnyi mo mma abufuw, na mmom monyɛn wɔn Awurade kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.”​—Efe. 5:33; 6:1, 4.

Sɛ wɔde saa nyansahyɛ ahorow yi di dwuma ankasa a, anka nsonsonee bɛn na ɛbɛba mmusua horow pii asetra mu sɛɛ! Yiw,​—sɛnea ɔbarima no beyi ne yam ahwɛ ne yere yiye sɛnea ɔyɛ n’ankasa ho; ne sɛnea ɔyere no bu ne kunu na ɔyɛ ma onya nkɔso; ne mmofra a wofi wɔn pɛ mu yɛ osetie. So wompene so sɛ ofie asetra a ɛte sɛɛ bɛyɛ nea anigye wom?

Yenim sɛ yɛrentumi mfa abusua mu ɔhaw horow no nyinaa ano aduru nhyɛ krataa biako mu. Wɔakyerɛw nhoma mũ, te sɛ Making Your Family Life Happya a ekura nyansahyɛ ahorow a eye sen biara a egyina Bible so. Nanso ɛsɛ sɛ nea yɛasusuw ho wɔ ha no kyerɛ sɛ, sɛ wɔde Bible mu nnyinasosɛm di dwuma a ɛbɛma abusua asetra anya nkɔso. Dɛn nti na wummisa Yehowa adansefo na wɔaboa wo ne w’abusua no na moasua pii afa saa nnyinasosɛm yi ho? Nneɛma pii na ɛbɛyɛ mfaso ama w’abusua no denam saa mpɛɛpɛɛmu yi so.

[Ase hɔ nsɛm]

a Wɔn a wɔyɛe ne Watchtower Bible and Tract Society.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena