Monkɔ So Nhyehyɛ Mo Ho Mo Ho Den
1 Ɔsomafo Paulo yɛɛ nea obetumi biara de hyɛɛ ne mfɛfo gyidifo den. (Aso. 14:19-22) Saa ara na sɛ yɛn nuanom hyia nsɛnnennen a, ɛhaw yɛn ma enti yɛpɛ sɛ yɛboa wɔn. Bible no kyerɛ sɛ ɛnyɛ mpanyimfo nko na ɛsɛ sɛ wodwen afoforo ho, na mmom obiara. (Rom. 15:1, 2) Susuw akwan abien a yebetumi afa so adi afotu a ɔdɔ wom yi so ho hwɛ: “Monkɔ so nkyekye mo ho mo ho werɛ na monhyehyɛ mo ho den.”—1 Tes. 5:11.
2 Hu Afoforo Ahiade: Onyankopɔn Asɛm ka Dorka ho asɛm sɛ, “ná nnwuma pa ne adɔe ayɛ no ma.” (Aso. 9:36, 39) Ohuu wɔn a ahia wɔn no na ɔyɛɛ nea obetumi biara de boaa wɔn. Nhwɛso pa bɛn ara na ɔyɛ maa yɛn sɛɛ yi! Ebia wubehu sɛ ehia sɛ wɔde kar kɔfa obi a ne mfe akɔ anim na watumi akɔ adesua. Anaasɛ ebia dapɛn mu no, ɔkwampaefo bi nnya obiara ne no nkɔ asɛnka awiabere. Sɛ wuhu obi wɔ tebea a ɛte saa mu na sɛ woyɛ ho biribi a, hwɛ sɛnea ɛbɛhyɛ onii no nkuran!
3 Onyankopɔn Som Ho Nkɔmmɔbɔ: Yebetumi de yɛn kasa nso ahyɛ afoforo den. (Efe. 4:29) Ɔpanyin bi a ne ho akokwaw kae sɛ: “Sɛ wopɛ sɛ wohyɛ afoforo nkuran a, ka Onyankopɔn som ho asɛm. Wubetumi abisa asɛntiaa yi de afi nkɔmmɔbɔ a ɛhyɛ nkuran ase: ‘Ɛyɛɛ dɛn na wuhuu nokware no?’” Ma w’ani nku mmofra a wɔwɔ asafo no mu ho. Bɛn wɔn a wɔn aba mu abu ne wɔn a wɔfɛre ade no. (Mmeb. 12:25) Mma wiase no anigyede ho nkɔmmɔbɔ nsɛe Onyankopɔn som ho nkɔmmɔ a wo ne mfɛfo gyidifo bɛbɔ no.—Rom. 1:11, 12.
4 Ɛnde dɛn na wubetumi aka de ahyɛ afoforo den? Bere a woreyɛ wo Bible akenkan ne adesua nnansa yi ara no, wuhuu nnyinasosɛm bi a ɛhyɛɛ ɔdɔ ne anisɔ a wowɔ ma Yehowa no mu den? Asɛm bi a wotee wɔ baguam ɔkasa anaa Ɔwɛn-Aban Adesua ase no hyɛɛ wo nkuran? Anaa osuahu bi a ɛhyɛ gyidi den kaa wo koma? Sɛ wokyerɛ honhom mu nneɛma a ɛsom bo yi ho anisɔ a, wubenya biribi a ɛhyɛ nkuran a wo ne afoforo bɛbɔ ho nkɔmmɔ bere nyinaa.—Mmeb. 2:1; Luka 6:45.
5 Bere a yɛde mmoa a ehia ma na yɛde yɛn tɛkrɛma di dwuma nyansam no, momma yɛnkɔ so nhyɛ yɛn ho yɛn ho den.—Mmeb. 12:18.