Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 8/15 kr. 10-15
  • Monkɔ So Nhyɛ Mo Ho Mo Ho Den

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Monkɔ So Nhyɛ Mo Ho Mo Ho Den
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kasa Porɔwee a Yɛbɛkwati
  • Yere Wo Ho Hyɛ Afoforo Den
  • Fa Onyankopɔn Suro Hyɛ Afoforo Den
  • Mpanyimfo a Wɔhyɛ Afoforo Den
  • Kristo Mmara no a Yɛde Bɛtra Ase
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Monka Kasa a “Eye Ma Nkɔso”
    “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
  • Wo Ntadehyɛ ne W’ahosiesie So Ɛfa Onyankopɔn Ho?
    Nyan!—1998
  • W’ahosiesie Hyɛ Onyankopɔn Anuonyam?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 8/15 kr. 10-15

Monkɔ So Nhyɛ Mo Ho Mo Ho Den

“Mommma asɛm porɔwee biara mmfi mo anom, na mmom asɛm biara a eye ma denhyɛ.”​—EFESOFO 4:29 New World Translation.

1, 2. (a) Dɛn nti na yebetumi aka ma ateɛ sɛ kasa yɛ anwonwade? (b) Ahwɛ yiye bɛn na ɛfata wɔ sɛnea yɛde yɛn tɛkrɛma di dwuma no ho?

ƆKASA yɛ hama nwonwaso a ɛkyekyere nnamfo, mmusua, ne asafo ahorow bom . . . Yɛnam onipa adwene ne [tɛkrɛma no] mu ntini a ɛkeka ne ho no so yɛ nnyigyei a ɛkanyan ɔdɔ, nitan, obu​—nokwarem no, onipa nkate biara.”​—Hearing, Taste and Smell.

2 Yɛn tɛkrɛma nyɛ akwaa bi a yɛde mene nneɛma anaa yɛde ka ade dɛ hwɛ kɛkɛ; ɛyɛ tumi a yetumi ka nea yɛresusuw ho ne yɛn nkate ho asɛm kyerɛ afoforo no fã. Yakobo kyerɛwee sɛ: “Tɛkrɛma nso yɛ ɔhonam akwaa mu ketewa.” “Ɛno na yɛde hyira [Yehowa] ne Agya no, na ɛno ara nso na yɛde dome nnipa a wɔayɛ wɔn Onyankopɔn suban so.” (Yakobo 3:5, 9) Yiw, yebetumi de yɛn tɛkrɛma adi dwuma wɔ akwan a eye so, te sɛ yi a yebeyi Yehowa ayɛ sɛɛ. Nanso pɛ a yɛnyɛ nti, ɛnyɛ den sɛ yebetumi de yɛn tɛkrɛma aka nsɛm a epira afoforo anaa ɛnteɛ. Yakobo kyerɛwee sɛ: “Anuanom, ɛnsɛ sɛ eyinom ba saa.”​—Yakobo 3:10.

3. Yɛn kasa mu nneɛma abien bɛn na ɛsɛ sɛ yedwen ho?

3 Ɛwom sɛ onipa biara nni hɔ a obetumi ahyɛ ne tɛkrɛma so awie koraa de, nanso nokwarem no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yebenya nkɔso wɔ saayɛ mu. Ɔsomafo Paulo tu yɛn fo sɛ: “Mommma asɛm porɔwee biara mmfi mo anom, na mmom asɛm biara a eye ma denhyɛ sɛnea ehia, na ɛde nea eye ma atiefo.” (Efesofo 4:29, NW) Hyɛ no nsow sɛ ahyɛde yi kura nneɛma abien: nea ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden kwati, ne nea ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden yɛ. Ma yensusuw nneɛma abien yi nyinaa ho.

Kasa Porɔwee a Yɛbɛkwati

4, 5. (a) Kasafĩ ho ako bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo di? (b) Adeyɛ bɛn na ebetumi afata asɛm a ɛne “asɛm porɔwee”?

4 Efesofo 4:29 di kan hyɛ yɛn sɛ: “Mommma asɛm porɔwee biara mmfi mo anom.” Ebia ne yɛ renyɛ mmerɛw. Ade biako nti a ɛte saa ne sɛ kasafĩ abu so kɛse wɔ wiase a atwa yɛn ho ahyia no mu. Kristofo mmofra pii te kasafĩ da biara, efisɛ ebia wɔn mfɛfo sukuufo susuw sɛ edi adanse anaasɛ ɛma ɛyɛ te sɛ nea wɔn asɛm yɛ den. Ebia yɛrentumi nkwati te a yɛbɛte kasafi no koraa de, nanso yebetumi abɔ mmɔden yiye sɛ yɛrensua eyinom, na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa nso. Ɛnyɛ nsɛm a ɛsɛ sɛ yɛde hyɛ yɛn adwenem anaa yɛka no bi.

5 Nea Paulo kɔkɔbɔ no gyina so ne Hela asɛmfua bi a ɛka apataa a asɛe anaasɛ aduaba bi a aporɔw ho asɛm no. Yɛ asɛm yi ho mfonini wɔ w’adwenem: Wuhu sɛ ɔbarima bi bo fi ase refuw na afei ne bo fuw koraa. Afei ɔde abufuw teɛm, na wuhu sɛ apataa a aporɔw bi pue fi n’anom. Afei wuhu sɛ aduaba a aporɔw a ɛbɔn bi pue fi n’anom ba, na ɛbɔ pete wɔn a wɔbɛn no nyinaa ho. Ɔyɛ onipa bɛn? Sɛ ɔyɛ yɛn mu biako a, hwɛ aniwusɛm a anka ɛbɛyɛ! Nanso, sɛ ‘yɛma nsɛm porɔwee fi yɛn anom’ ba a, yebetumi ayɛ onipa a ɔte saa.

6. Ɔkwan bɛn so na Efesofo 4:29 fa nsɛm fõ a wɔde kasa tia afoforo no ho?

6 Ade foforo a yebetumi de Efesofo 4:29 aka ho asɛm ne sɛnea yɛbɛkwati kasa a yɛbɛkasa tia afoforo bere nyinaa no. Ɛwom, yɛn nyinaa wɔ biribi a yɛmpɛ anaasɛ yennye ntom ho adwenhorow, nanso so wo ne obi a ɛte sɛ nea ɔka onipa, beae ne biribiara ho nsɛm fõ (anaa ho nsɛm pii) atra pɛn? (Fa toto Romafo 12:9; Hebrifo 1:9 ho.) Ne kasa brɛ afoforo ase, ɛma wodi awerɛhow, na ɛsɛe wɔn. (Dwom 10:7; 64:2-4; Mmebusɛm 16:27; Yakobo 4:11, 12) Ebia ɔrenhu sɛnea ɔsɛ akasatiafo a Malaki kaa wɔn ho asɛm no. (Malaki 3:13-15) Sɛ obi a ogyina nkyɛn baabi ka kyerɛ no sɛ apataa anaa aduaba a aporɔw bi refi n’anom apue a, hwɛ sɛnea anka ne ho betumi adwiriw no.

7. Yɛn ankasa ho nhwehwɛmu bɛn na ɛsɛ sɛ yɛn mu biara yɛ?

7 Ɛwom sɛ, sɛ obi foforo ka nsɛm fõ anaasɛ ɔkasa tia afoforo daa a, ɛyɛ mmerɛw sɛ wubehu de, nanso bisa wo ho sɛ ‘So metaa yɛ saa? So meyɛ saa ampa?’ Nyansa wom sɛ yebesusuw nea nsɛm a yɛka no kyerɛ ho wɔ bere ne bere mu. So ɛyɛ nsɛm fõ, ɛkasa tia afoforo titiriw? So yɛka nsɛm te sɛ Hiob atoro awerɛkyekyefo baasa no? (Hiob 2:11; 13:4, 5; 16:2; 19:2) Dɛn nti na yɛnhwehwɛ biribi pa nka ho asɛm? Sɛ nkɔmmɔbɔ bi kasa tia afoforo titiriw a, dɛn nti na yɛnnan nkɔ nneɛma a ɛma denhyɛ so?

8. Malaki 3:16 de ɔkasa ho asuade bɛn na ɛma, na yɛbɛyɛ dɛn atumi akyerɛ sɛ yɛde asuade no redi dwuma?

8 Malaki de nea ɛbɔ eyi abira mae sɛ: “Ɛnna wɔn a wosuro Yehowa no ne wɔn ho wɔn ho kasae, obiara kasa kyerɛ ne yɔnko, na Yehowa kɔɔ so yɛɛ asõ tiee. Na wofii ase kyerɛw nkae nhoma wɔ n’anim maa wɔn a wosuro Yehowa na wodwen ne din ho no.” (Malaki 3:16, NW) So wohyɛɛ ɔkwan a Onyankopɔn faa so buaa kasa a ɛma denhyɛ no? Tumi bɛn na ebia nkɔmmɔbɔ a ɛte sɛɛ benya wɔ yɛn yɔnkonom so? Yɛn ankasa betumi asua biribi afi mu wɔ yɛn da biara kasa ho. Sɛ nkɔmmɔ a yɛbɔ daa no da ‘ayeyi afɔre a yɛbɔ ma Onyankopɔn’ no adi a, hwɛ sɛnea eye ma yɛne afoforo.​—Hebrifo 13:15.

Yere Wo Ho Hyɛ Afoforo Den

9. Dɛn nti na Kristofo nhyiam horow yɛ mmere pa a yɛde hyɛ afoforo den?

9 Asafo nhyiam horow yɛ mmere pa a eye kyɛn so a yɛde bɛka ‘asɛm biara a eye ma denhyɛ sɛnea ehia, na ɛde nea eye ma atiefo.’ (Efesofo 4:29) Yebetumi ayɛ saa bere a yɛrema Bible mu asɛm ho ɔkasa, yɛrenya ɔyɛkyerɛ mu kyɛfa, anaa yɛrema mmuae wɔ dwumadi no fã a wɔde asemmisa-ne-mmuae susuw ho no mu. Yɛnam saayɛ so kyerɛ sɛ nea Mmebusɛm 20:15 ka yi yɛ nokware: “Nimdeɛ ano yɛ adwinne a ne bo yɛ den.” Na hena na onim koma dodow a ɛkanyan anaa ɛhyɛ no den?

10. Bere a yɛasusuw wɔn a yɛtaa ne wɔn bɔ nkɔmmɔ ho akyi no, nsakrae bɛn na ebia ehia sɛ yɛyɛ? (2 Korintofo 6:12, 13)

10 Bere a edi nhyiam horow anim ne akyi no yɛ bere a eye sɛ yɛde nkɔmmɔbɔ a ɛde nea eye ma atiefo bɛhyɛ afoforo den. Ɛrenyɛ den sɛ yɛde mmere yi bedi dwuma ne yɛn abusuafo ne yɛn nnamfo kakra bi a yɛmfɛre wɔn no abɔ nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye. (Yohane 13:23; 19:26) Nanso, dɛn nti na wonhwehwɛ afoforo ne wɔn mmɔ nkɔmmɔ na ama ɛne nea Efesofo 4:29 ka no ahyia? (Fa toto Luka 14:12-14 ho.) Yebetumi adi kan asi gyinae sɛ yɛrenkyia afoforofo, wɔn a wɔn mfe akɔ anim, anaa mmofra bi kɛkɛ, yɛne mmofra bɛtra ase mpo, na ama yɛayɛ sɛ atipɛnfo. Afoforo ho nokware anigye a yɛbɛkyerɛ, ne mmere a yɛka nsɛm a ɛma denhyɛ no bɛma wɔatumi ada Dawid nkate a wɔka ho asɛm wɔ Dwom 122:1 no bi adi kɛse.

11. (a) Suban bɛn na nnipa pii anya wɔ beae a wɔtra no ho? (b) Dɛn nti na ebinom hyɛ da sakra faako a wɔtra no?

11 Ade foforo a ɛbɛboa ma yɛabɔ nkɔmmɔ a ɛma denhyɛ ne sɛ yɛbɛsakra faako a yɛtra wɔ nhyiam ase no. Ebia ebehia sɛ ɔbaatan bi tra bɛn baabi a wɔyɛ wɔn ho yiye, anaa ebia ebehia sɛ ɔyarefo bi tra kwan ano, na yɛn a yɛaka no nso ɛ? Ebia suban bi kɛkɛ bɛma yɛasan akɔtra akongua bi so anaa beae bi; anomaa mpo fi nkate mu san ba ne mmerebu mu. (Yesaia 1:3; Mateo 8:20) Nanso, nokwarem no, esiane sɛ yebetumi atra baabiara nti, dɛn nti na yɛnsakra mmeae a yɛtra no​—nifa so, bekum so, anim, ne ade​—na yɛnam saayɛ so ahu afoforo yiye? Ɛwom sɛ yenni mmara biara a ɛkyerɛ sɛ yɛnyɛ saa de, nanso mpanyimfo ne afoforo a wɔn ho akokwaw a wɔsakra mmeae a wɔtra no ahu sɛ ɛyɛ mmerɛw kɛse ma wɔn sɛ wɔde nea eye bɛma nnipa pii, sen sɛ wɔde bɛma nnamfo kakraa bi pɛ a wɔbɛn wɔn yiye no.

Fa Onyankopɔn Suro Hyɛ Afoforo Den

12. Subammɔne bɛn na wɔada no adi wɔ abakɔsɛm nyinaa mu?

12 Ɛsɛ sɛ ɔpɛ a Kristoni wɔ sɛ ɔbɛhyɛ afoforo den no kanyan no ma osuasua Onyankopɔn wɔ saayɛ mu sen sɛ obesua su a nnipa wɔ sɛ wobɛyɛ mmara bebree no.a Nnipa a wɔnyɛ pɛ fi bere tenten de ayɛ wɔn su sɛ wobedi wɔn a wɔatwa wɔn ho ahyia no so tumi, na Onyankopɔn nkoa binom mpo anya su yi bi. (Genesis 3:16; Ɔsɛnkafo 8:9) Yesu bere so no, Yudafo akannifo no ‘kyekyeree nnesoa duruduru too afoforo so, na wɔn ankasa de, wɔampɛ sɛ wɔde wɔn nsa mpo ka.’ (Mateo 23:4) Wɔdan amanne a bɔne biara nnim no mmara. Esiane sɛ na nnipa mmara ho hia wɔn dodo nti, wobuu wɔn ani guu nneɛma a Onyankopɔn kyerɛe sɛ ehia kɛse sen ɛnonom no so. Mmara pii a ennyina kyerɛwsɛm so no anhyɛ obiara den; na wɔn akwan nyɛ Onyankopɔn akwan.​—Mateo 23:23, 24; Marko 7:1-13.

13. Dɛn nti na ɛmfata sɛ wɔbɛhyɛ mmara pii ama mfɛfo Kristofo?

13 Kristofo de nokwaredi pɛ sɛ wodi Onyankopɔn mmara ahorow so. Nanso, yɛn mpo, yebetumi anya su a ɛbɛma yɛahyɛ mmara ahorow bebree a ɛso di yɛ den. Dɛn ntia? Ade biako ne sɛ obiara wɔ nea ɔpɛ anaa n’ani gye ho, enti ebia na ebinom pɛ nea afoforo mpɛ, na wɔbɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔbara. Nsonsonoe wɔ sɛnea Kristofo nyin wɔ honhom mu no nso mu. Nanso so mmara pii a wɔhyɛ ne Onyankopɔn suro a wɔfa so boa ɔfoforo ma onya nkɔso kodu onyin ho? (Filipifo 3:15; 1 Timoteo 1:19; Hebrifo 5:14) Sɛ mpo obi nam ɔkwan bi ankasa so a ɛte sɛ nea ɔreyɛ ade atra so anaasɛ asiane wom a, so mmara a ebesiw ne kwan ne ano aduru a eye sen biara? Nea Onyankopɔn pɛ ne sɛ wɔn a wɔfata no bɛbɔ mmɔden ama nea ɔrefom no agyae nea ɔyɛ no, denam onii no a wɔne no besusuw nsɛm ho odwo so no so.​—Galatifo 6:1.

14. Atirimpɔw ahorow bɛn na mmara a Onyankopɔn de maa Israel no dii ho dwuma?

14 Ɛwom, bere a na Onyankopɔn de Israel redi dwuma sɛ ne nkurɔfo no, ɔyɛɛ mmara ɔhaha pii faa asɔrefi som, afɔrebɔ ahorow ne ahotew mpo ho. Na eyi fata ma ɔman a wɔda nsow, na na mmara no pii yɛ nkɔmhyɛ kwan so de, na ɛboa ma wɔkyerɛɛ Yudafo no Mesia no so kwan. Paulo kyerɛwee sɛ: “Enti mmara ayɛ yɛn yɛnfo a ɛkyerɛ yɛn Kristo so kwan, na wɔafi gyidi mu abu yɛn bem. Na gyidi bae no, yenni ɔyɛnfo no ase bio.” (Galatifo 3:19, 23-25) Bere a wotwaa mmara no mu wɔ asɛndua no ho no, Onyankopɔn amfa asetra afã horow mu fã kɛse ho mmara pii amma Kristofo, te sɛ nea ɛno ne ɔkwan a ɔbɛfa so ahyɛ wɔn den gyidi mu.

15. Akwankyerɛ bɛn na Onyankopɔn de ama asomfo a wɔyɛ Kristofo?

15 Nokwarem no, ɛnyɛ sɛ yenni mmara. Onyankopɔn hyɛ yɛn sɛ yɛntwe yɛn ho fi abosonsom, aguamammɔ ne awaresɛe, ne mogya a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so ho. Ɔhyɛ da bara awudi, atoro, ahonhonsɛmdi, ne bɔne afoforo. (Asomafo no Nnwuma 15:28, 29; 1 Korintofo 6:9, 10; Adiyisɛm 21:8) Na ɔde nneɛma pii ho afotu a emu da hɔ ma wɔ n’Asɛm mu. Nanso, ɛyɛ yɛn asɛyɛde sɛ yebesua Bible mu nnyinasosɛm ahorow na yɛde adi dwuma sen sɛnea Israelfo yɛe no. Mpanyimfo no nam afoforo a wɔbɛboa wɔn ma wɔahu nnyinasosɛm ahorow yi na wɔadwen ho no so betumi ahyɛ wɔn den sen sɛ wɔbɛhwehwɛ anaasɛ wɔbɛhyɛ mmara ahorow.

Mpanyimfo a Wɔhyɛ Afoforo Den

16, 17. Asomafo no yɛɛ nhwɛso pa bɛn wɔ mmara a wɔbɛhyɛ ama mfɛfo asomfo no ho?

16 Paulo kyerɛwee sɛ: “Na nea yɛaso dedaw no, momma yɛnkɔ so [nnantew pɛpɛɛpɛ] saa ara.” (Filipifo 3:16) Ɔsomafo no ne afoforo dii wɔ ɔkwan a ɛhyɛɛ wɔn den so ma ɛne saa Onyankopɔn adwene no hyiae. Sɛ nhwɛso no, nam a efi abosonnan a wobedi ho asɛm sɔree. So ebia ade koro a wɔbɛyɛ anaasɛ nsɛm mu a ɛbɛda hɔ nti, ɔpanyin yi hyɛɛ mmara bi maa asafo ahorow a edi kan no mufo nyinaa? Dabi. Ohui sɛ ebia saa Kristofo no nimdeɛ ne wɔn ahokokwaw a ɛsonsonoe no remma wɔmpaw ade biako. Ɔno de, na wasi ne bo sɛ ɔbɛyɛ nhwɛso pa.​—Romafo 14:1-4; 1 Korintofo 8:4-13.

17 Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no kyerɛ sɛ asomafo no de ankorankoro nsɛm bi, te sɛ ntadehyɛ ne ahosiesie ho afotu a ɛboa mae, nanso wɔanyɛ no mmara ketee. Eyi yɛ nhwɛso pa ma Kristofo ahwɛfo a wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛhyɛ nguankuw no den nnɛ. Na ɛtrɛw ɔkwan titiriw bi a Onyankopɔn faa so dii nneɛma ho dwuma maa tete Israel mpo no mu.

18. Ntadehyɛ ho mmara bɛn na Onyankopɔn de maa Israelfo?

18 Onyankopɔn amma Israelfo no ntadehyɛ ho mmara pii. Ɛda adi sɛ na mmarima ne mmea hyɛ ntade nguguso a ɛsɛ, ɛwom sɛ ebia na wɔadi ɔbea de no mu adwinni anaa ɛyɛ fɛ yiye de. Na ɔbarima ne ɔbea nyinaa nso hyɛ sa·dhinʹ anaa kamisaa. (Atemmufo 14:12; Mmebusɛm 31:24; Yesaia 3:23) Ntadehyɛ ho mmara bɛn na Onyankopɔn de mae? Ɛte sɛ nea nnipa a wokura bɔbeasu koro nna ho adwene nti, na ɛnsɛ sɛ ɔbarima hyɛ atade a ɔbea hyɛ, na ɔbea nso nhyɛ atade a ɔbarima hyɛ. (Deuteronomium 22:5) Nea ɛbɛyɛ na Israelfo akyerɛ sɛ wɔnte sɛ aman a atwa wɔn ho ahyia no, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn ntade ano nnwow, a nhama bruu suso atade ano nnwow no mu, na ebia nnwow wɔ ntade no nkyɛnmu. (Numeri 15:38-41) Akwankyerɛ a Mmara no de mae wɔ ntade yɛbea ho titiriw nyinaa nen.

19, 20. (a) Akwankyerɛ bɛn na Bible no de ma Kristofo wɔ ntadehyɛ ne ahosiesie ho? (b) Adwene bɛn na ɛsɛ sɛ mpanyimfo nya wɔ mmara a wɔbɛhyɛ afa obi ankasa ahosiesie ho no ho?

19 Kristofo nni Mmara no ase de, nanso so yɛwɔ ntadehyɛ ne ahosiesie ho mmara afoforo pii a wɔde ama yɛn wɔ Bible no mu? Ɛnte saa ankasa. Onyankopɔn de nnyinasosɛm ahorow a ɛkari pɛ a yebetumi de adi dwuma mae. Paulo kyerɛwee sɛ: “Saa ara nso na mmea nhyɛ ntade a ɛsɛ, mfa ani a ewu ade ne adwenemtew nkeka wɔn ho, ɛnyɛ mmɛsawɔw anaa sika anaa nhene pa anaa ntade a ɛwɔ bo mu.” (1 Timoteo 2:9) Petro hyɛe sɛ, sɛ anka Kristofo mmea de wɔn adwene besi honam so ahosiesie so no, wɔmfa wɔn adwene nsi “komam nipa a wahintaw no, honhom a edwo na ɛyɛ komm ade a ɛmporɔw mu” so mmom. (1 Petro 3:3, 4) Saa afotu no a wɔkyerɛw no kyerɛ sɛ ebia na ehia sɛ afeha a edi kan no mu Kristofo bi da anidahɔ ne ahosodi kɛse adi wɔ wɔn ntadehyɛ ne ahosiesie mu. Nanso, sɛ anka ɔsomafo no bɛhwehwɛ​—anaa ɔbɛbara​—ntade yɛbea ahorow bi no, ɔde afotu a ɛma denhyɛ mae kɛkɛ.

20 Ɛsɛ sɛ wobu Yehowa Adansefo wɔ ahosiesie a ɛsɛ ho, na wɔyɛ saa nso. Nanso, ɛsono sɛnea ntade yɛbea te wɔ ɔman biara mu, ne beae bi anaasɛ asafo bi mu. Nokwarem no, ɔpanyin bi a okura atade ne ahosiesie bi ho adwene a ɛyɛ katee, anaa ɔmpɛ no betumi asi gyinae ama ne ho ne n’abusua. Nanso nguankuw no fam de, ehia sɛ ɔma Paulo asɛm yi tra n’adwenem: “Ɛnyɛ sɛ yɛyɛ mo gyidi so awuranom, na momm yɛyɛ mo anigye ho yɔnko adwumayɛfo; efisɛ gyidi na mode gyina hɔ.” (2 Korintofo 1:24, NW) Yiw, bere a mpanyimfo ko tia nkate biara a ɛbɛma wɔahyɛ mmara ahorow ama asafo no, wɔyere wɔn ho sɛ wɔbɛhyɛ afoforo gyidi den.

21. Sɛ obi yɛ ade tra so wɔ ahosiesie mu a, ɔkwan bɛn so na mpanyimfo betumi de mmoa a ɛma denhyɛ ama?

21 Sɛnea na ɛte wɔ afeha a edi kan no mu no, ɛtɔ mmere bi a ɔfoforofo anaa obi a ɔyɛ mmerɛw wɔ honhom mu betumi afa ɔkwan bi a ɛnteɛ anaa nyansa nnim so wɔ ntadehyɛ anaa nnuru a wɔde keka wɔn ho anaasɛ agudehyɛ mu. Ɛnde dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ? Bio nso, Galatifo 6:1 de akwankyerɛ ma Kristofo mpanyimfo a wɔpɛ sɛ wofi koma pa mu boa no. Ansa na ɔpanyin bi besi gyinae sɛ ɔde afotu bɛma no, obetumi afi nyansa mu ne ne yɔnko panyin, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɛnsɛ sɛ ɔkɔ ɔpanyin a ɔne no pɛ ade koro anaasɛ onim sɛ ɔne n’adwene hyia wɔ asɛm no ho no nkyɛn. Sɛ ɛte sɛ wiasefo su wɔ ntadehyɛ anaa ahosiesie mu reka nnipa pii wɔ asafo bi mu a, mpanyimfo kuw no betumi asusuw ɔkwan a eye sen biara a wɔbɛfa so de mmoa ama no ho, te sɛ nhyiam bi mu dwumadi bi a ɛma denhyɛ a wofi ayamye mu de bɛma anaasɛ mmoa a wɔde bɛma ankorankoro. (Mmebusɛm 24:6; 27:17) Wɔn botae ne sɛ wobɛhyɛ adwene a wɔada no adi wɔ 2 Korintofo 6:3 no ho nkuran sɛ: “Na yɛnto hintidua biara biribiara mu, na wɔannunu ɔsom no.

22. (a) Sɛ adwene no nhyia papa wɔ nneɛma ho a, dɛn nti na ɛnsɛ sɛ ɛde ɔhaw ba? (b) Nhwɛso pa bɛn na Paulo yɛe?

22 Kristofo mpanyimfo a ‘wɔyɛn Onyankopɔn nguankuw a wɔhwɛ wɔn so no’ pɛ sɛ wɔyɛ sɛnea Petro kae no, kyerɛ sɛ, ‘ɛnsɛ sɛ wodi wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn agyapade no so bakoma.’ (1 Petro 5:2, 3) Wɔ wɔn adwuma a ɔdɔ wom yɛ no mu no, nsɛm a ɛsono sɛnea obiara bɛpɛ sɛ odi ho dwuma ho nsemmisa betumi asɔre. Ebia na ɛyɛ baabi amammerɛ sɛ wɔsɔre gyina hɔ kenkan nkyekyem ahorow no wɔ Ɔwɛn-Aban Adesua no mu. Ebia wobedi kuw nhyehyɛe ma asɛnka adwuma no ne ɔsom adwuma no ankasa ho nsɛm afoforo pii ho dwuma sɛnea ɛhɔnom amammerɛ te. Nanso, sɛ obi fa ɔkwan a ɛsono kakra so yɛ a, so ɛde ɔhaw bɛba? Ahwɛfo a wɔwɔ ɔdɔ pɛ sɛ ‘wɔyɛ ade fɛfɛɛfɛ wɔ ano wɔ ano,’ asɛm a Paulo de kaa anwonwa kwan so akyɛde horow no ho asɛm. Nanso, nsɛm afoforo a ɛka ho no kyerɛ sɛ nea na ɛho hia Paulo titiriw ne ‘hyɛ a wɔbɛhyɛ asafo no den.’ (1 Korintofo 14:12, 40) Wankyerɛ sɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ mmara pii, te sɛ nea yɛ a wɔn nyinaa bɛyɛ ade koro, anaasɛ biribiara frenkyemm ne ne botae titiriw. Ɔkyerɛwee sɛ: “Awurade maa yɛn [tumi] na yɛde ahyɛ mo den, na ɛnyɛ sɛ yɛde aburuw mo.”​—2 Korintofo 10:8, NW.

23. Akwan a yebetumi afa so asuasua nhwɛso a Paulo yɛe wɔ afoforo a wɔhyɛ wɔn den ho no bi ne nea ɛwɔ he?

23 Akyinnye biara nni ho sɛ Paulo yeree ne ho hyɛɛ afoforo den denam kasa pa a ɛhyɛ nkuran so. Sɛ anka ɔne ne nnamfo kakraa bi nkutoo bɛbɔ fekuw no, ɔbɔɔ mmɔden yiye sɛ ɔbɛsrasra anuanom pii, wɔn a na wɔyɛ den honhom mu ne wɔn a na ehia titiriw sɛ wɔhyɛ wɔn den no nyinaa. Na osii ɔdɔ so dua​—ɛnyɛ mmara​—efisɛ ‘ɔdɔ de, ɛma denhyɛ.’​—1 Korintofo 8:1.

[Ase hɔ asɛm]

a Wɔ abusua bi mu no, ebia na tebea horow no ma mmara ahorow ho hia. Bible no ma awofo tumi sɛ wonsi nneɛma ho gyinae mma wɔn mma nkumaa.​—Exodus 20:12; Mmebusɛm 6:20; Efesofo 6:1-3.

Nsɛm ma Ntimu

◻ Sɛ yɛka nsɛm fõ anaasɛ nsɛm a ɛkasa tia afoforo a, dɛn nti na ɛfata sɛ yɛyɛ nsakrae?

◻ Dɛn na yebetumi ayɛ na ama yɛahyɛ asafo no den kɛse?

◻ Mmara pii a wɔbɛhyɛ ma afoforo ho nhwɛso pa ne nea ɛwɔ he?

◻ Dɛn na ɛbɛboa mpanyimfo ma wɔakwati nnipa mmara a wɔbɛyɛ ama nguankuw no?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena