Kristofo Mmea—Wɔn Mudi Mu A Wokura Wɔ Adwumayɛbea
“ƐTƆ bere bi a nhyɛso a ɛwɔ adwuma mu no yɛ duru araa ma wubetumi de sekan atwam.” Saa na ɔbea bi a ɔyɛ adwuma kae.a Adwuma a wobɛyɛ ho nhyɛso, akansi a emu yɛ den, adwuma so ahwɛfo a wɔhwehwɛ pii fi wo hɔ, adwuma a ɛyɛ mfonoe—nneɛma ahorow a ɛma adwuma ahorow pii yɛ nyɛ anigye kakraa bi nen. Nnwuma kakraa bi mu na wonya ahotɔ ne anigye a wɔhyɛ ho bɔ wɔ nsɛm ho amanneɛbɔ mu no. Nanso sɛ woyɛ ɔbea a ɔyɛ adwuma a, ɛsɛ sɛ wobɔ mmɔden ma w’adwuma no yɛ yiye.
Nanso eyi a yɛka no mfa sika fam mfaso a wonya ho. Nnwumayɛbea no yɛ baabi a wɔsɔ wo Kristofo mudi mu kura no hwɛ! Sɛnea woyɛ w’adwuma, atwa mmene akansi honhom no ho a wotwe wo ho fi, abrabɔ mu nneyɛe bɔne a woko tia no da faako a wukura nnyinasosɛm pa mu kodu no adi. Sɛ ɔbea a ɔyɛ adwuma benya Yehowa Nyankopɔn dom a, ɛsɛ sɛ otumi ka nea odwontofo no kae no sɛ: “Me de, m’ankasa me mudi mu na manantew.”—Dwom 26:1, NW
Bible no boa yɛn ma yɛyɛ saa. Sɛ nhwɛso no, sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ pene kalabule nneyɛe ahorow bi so anaasɛ ɛkɔba sɛ ɛsɛ sɛ woma adwuma no bunkam abusua asɛyɛde ahorow, Bible adesua, Kristofo nhyiam horow, ne ɔsom adwuma no so a, ebia wobɛkae ɔhene Salomo asɛm no sɛ: “Na mihuu ɔbrɛ nyinaa ne adwumayɛ mu yiyedi nyinaa nso, sɛ ɛno ho na obi ne ne yɔnko twe ninkunu. Eyi nso yɛ ahuhude ne ɔdadwen hunu.” (Ɔsɛnkafo 4:4) Honam fam adwuma ho adwene a ɛte sɛɛ a wubenya no remma wommrɛ wo ho. Ɛboa wo ma wunya adwuma bi ho adwene a ɛteɛ na wubu no sɛ honhom fam nneɛma ho hia titiriw sen ɛno.—Mateo 6:33.
Nanso so eyi kyerɛ yɛ a wobɛyɛ anibiannaso wɔ honam fam adwuma ho? Dabi, efisɛ Bible no kasa tia anihaw. (Mmebusɛm 19:15) Ɛka hu a ‘wubehu nnepa wo brɛ no mu’ ho asɛm. (Ɔsɛnkafo 2:24) Bio nso, obi abusua a ɔbɛhwɛ wɔn yɛ asɛyɛde a efi Onyankopɔn hɔ. (1 Timoteo 5:8) Enti sɛ saa asɛyɛde no ho dwuma a wubedi kyerɛ honam fam adwuma a ne yɛ nyɛ anigye a wobɛyɛ a, kae Bible mu asɛm a ɛwɔ Kolosefo 3:23 no: “Adwuma biara a moyɛ no mumfi ɔkra mu nyɛ no sɛ moyɛ ma [Yehowa] na monnyɛ mma nnipa.” Bu a obi bebu ne ho sɛ ɔyɛ adwuma “ma [Yehowa]” no yɛ biribi a ano yɛ den a ɛbɛkanyan no ma wayɛ adwuma kɛse sen akatua a wɔbɛto mu anaasɛ dibea a wɔbɛma no.
Adwumawuranom A “Ɛyɛ Den Sɛ Wobɛsɔ Wɔn Ani”
Ɔbea bi a wɔfrɛ no Sally se: “Mete nka sɛ ɛte sɛ nea m’adwuma sohwɛfo no rehwɛ nea meyɛ bere nyinaa. Ɔnkaa asɛm a ɛyɛ anigye nkyerɛɛ obi da.” Adwumawura a ‘ɛyɛ den sɛ wobɛsɔ n’ani’ anaasɛ ne bo nkyɛ fuw a wo ne no bɛyɛ adwuma no nso betumi ayɛ abasamtu, ne titiriw no, sɛ onipa no yɛ foforo wɔ adwuma mu hɔ a.—1 Petro 2:18.
Nanso ebia gyae a wubegyae no remmoa wɔ sika fam. Enti ebia ɛbɛyɛ nea eye sɛ wubedi afotu a Bible no de ma sɛ adwumayɛfo—mmarima ne mmea—‘mmrɛ wɔn ho ase’ no akyi. (1 Petro 2:18) Sɛ anka wonam fɛwdi ne animtiaabu so bɛma ntawntawdi asɔre no, bɔ mmɔden sɛ “wobɛsɔ [adwumawuranom] ani ade nyinaa mu a wuntuatua nsɛm ano” mmom. (Tito 2:9) Ebia ahosodi a ɛte saa bɛboa wo na amma wo adwuma amfi wo nsa. Salomo kae sɛ: “Sɛ otumfo [obi a ɔwɔ tumi] honhom sɔre hyɛ wo a, nnyaw wo afã, na odwo brɛ bɔne akɛse ano ase.”—Ɔsɛnkafo 10:4.
Ebia adwuma sohwɛfo a ɔyɛ katee mpo ani bewu bere a wode odwo hyia n’abufuw no na wode kasa a ɛho wɔ nyam hyia nneɛma a ntease nnim a ɔhwehwɛ sɛ woyɛ no. (Mmebusɛm 15:1; Kolosefo 4:6) Na bere a woda ahokokwaw ne ho a wotumi de to wo so adi no, ebia ne su wɔ wo ho no bɛsakra. Sɛ amma saa a, ebia nea wubetumi ayɛ ara ne sɛ “wobɛtɔ wo bo ase” a wunim sɛ Onyankopɔn ani sɔ wo Kristofo abrabɔ no.—Yakobo 5:7, 8.
Wo Ho A Wobɛma Atew Wɔ Abrabɔ Fam
Kristofo abrabɔ nso ka mudi mu kura ho. Asɛm bi a na ɛwɔ Ladies’ Home Journal mu bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Adwumayɛbea—baabi a wɔhwɛ kwan sɛ obiara besiesie ne ho, ayɛ n’ade pɛpɛɛpɛ, na wɔabom de bere adi dwuma de adi atirimpɔw koro ho dwuma no—yɛ nea tebea a ɛwɔ hɔ no betumi ama ayɛ mmerɛw sɛ ɛbɛkanyan ɔbarima ne ɔbea nna ho akɔnnɔ.” Adwumayɛbea nsɛm no de, ɛwɔ baabiara. Enti ɛyɛ nea nyansa wom sɛ wobɛhwɛ yiye. Ma nkitahodi a wo ne mmarima a wɔwɔ adwuma no mu nya no nyɛ nea ɛfa adwuma no nkutoo ho. Twe wo ho fi nkɔmmɔbɔ ahorow a ebetumi akanyan nna ho nkate no ho. “Na eyi ne nea Onyankopɔn pɛ . . . sɛ munyi mo ho mfi aguamammɔ mu.”—1 Tesalonikafo 4:3, 4.
Nanso ɛtɔ bere bi a mmea na wohu ɔhaw bi a akyɛ no mu amane: ɔbarima ne ɔbea nna ho amanehunu. Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Boas hyɛɛ mmerante a wɔyɛ n’adwuma no sɛ “wɔnnhaw” Rut a ɔyɛ ɔbea a ɔyɛ adwuma wɔ n’afuw mu no. Bible suani John P. Lange ka “kasafĩ a ebia saa apaafo yi taa de di mmea ho fɛw” ho asɛm. (Rut 2:9) Na ɛwom sɛ adwumawuranom a wɔwɔ hɔ nnɛ no bi rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛbɔ wɔn mmea adwumayɛfo ho ban de, nanso ebinom bu akontaa sɛ mmea a wɔyɛ adwuma wɔ (United States) no mu ɔha biara mu 40 kosi 85 hu ɔbarima ne ɔbea nna ho ɔhaw ho amane wɔ ɔkwan bi so.
Saa ɔhaw yi gu ahorow pii. Britaniafo nsɛmma nhoma a wɔfrɛ no New Statesman no se: “Ebi ne ani a wɔde hwɛ wɔn, bɔ a wɔbɔ wɔn, wɔn mu a wosuso ne nsɛm a enye a wɔka kyerɛ wɔn.” ɔbarima ne ɔbea nna ho ɔhaw yi yɛ nea mpɛn pii ɛyɛ anifere kwan so de te sɛ din ahorow a wɔde frɛ wɔn (Ahoɔfɛ, Me dɔfo) anaasɛ ka a wɔka no pefee wɔ baguam. Mmea binom pene eyi so esiane suro a wosuro sɛ wɔn adwuma bɛbɔ wɔn nti. Na nhwehwɛmu ada no adi sɛ adɛfɛdɛfɛsɛm no ma mmea binom tirim yɛ wɔn dɛ!
Nanso bere a ebia wɔn ani a ekũ wo ho no yɛ adɛfɛdɛfɛsɛm no, amanipɛ a ɛtra so taa bue asɔnbɔ ho kwan. Enti ɛyɛ wo mudi mu kura ho ɔhaw ne nidi a ɛwɔ Kristoni a woyɛ no mu ho asiane.—1 Korintofo 6:18.
Nea Wobɛyɛ De Abɔ Wo Ho Ban
“Sɛ nyansa ba wo koma mu a, adwempa bɛhwɛ wo so na ntease abɔ wo ho ban.” (Mmebusɛm 2:10, 11) Enti ɔkwan bɛn so na wubetumi de nyansa ne nhumu adi dwuma de abɔ wo ho ban? Ɔbea bi a ɔyɛ adwuma a wɔfrɛ no Diane se: “Me ma wohu wɔ adwuma mu hɔ sɛ meyɛ Yehowa Adansefo no mu biako.” (Fa toto Mateo 5:16 ho.) Sɛ mmarima hu sɛ wowɔ abrabɔ gyinapɛn a ɛkorɔn a, wɔntaa mfa wɔn asɛm mma wo so.
Ɔbea bi a ɔwɔ nhumu a wɔfrɛ no Betty fa ɔkwan foforo so bɔ ne ho ban. Ose: “Mehwɛ yiye wɔ me ne me mfɛfo adwumayɛfo no fekubɔ mu efisɛ ɛsono wɔn abrabɔ wɔ me de ho.” (1 Korintofo 15:33) Eyi nkyerɛ sɛ wobɛtwe wo ho afi wo mfɛfo adwumayɛfo no ho anaasɛ wobɛtan wɔn. Nanso sɛ wɔkɔ so ara sɛ wɔbɛka nneɛma a enye mma Kristoni ho asɛm a, ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛtwe wo ho afi wɔn ho. (Efesofo 5:3, 4) Ɔbrasɛe ho nsɛm a ɛte saa a wubetie no betumi ama mmarima a wɔwɔ adwuma no mu no anya adwene sɛ wobɛpene ɛno ho asɛm a wɔbɛka akyerɛ wo no so.
Adwuma no mu ahosiesie ho mmara a wubekura mu betumi ama ayɛ nea wɔremfa ani nsi wo so pii wɔ ɔkwan a wompɛ so. Bio nso Bible no tu mmea fo sɛ “wɔnhyɛ ntade a ɛsɛ, mfa ani a ewu ade ne adwenemtew nkeka wɔn ho.” (1 Timoteo 2:9; fa toto Mmebusɛm 7:10 ho.) Nhoma a wɔfrɛ no Sexual Harassment on the Job no se: “Ntade a ɛkanyan akɔnnɔ—a ɛne nea wɔatwa ne kɔn mu ama aba fam; ntade a ɛkyekyere wo ho; ntade ntiantia; ne nnuru ahorow a wɔde keka wɔn anim—nnyɛ nea ɛfata wɔ adwumayɛbea . . . Da a wobɛda wo ho adi sɛ woyɛ odwumayɛni no betumi ayɛ yiye denam wo ho a worensiesie mma ɛntra so dodo no so.
Nea etwa to no, ɔbea a ɔwɔ nhumu twe ne ho fi tebea horow a ɛbɛma wagyaa nneɛma mu ho. Nsa a wɔbɛto afrɛ wo ma moakɔnom nsa anaasɛ twɛn a mobɛtwɛn bere a moapɔn adwuma no a ɛnyɛ biribi titiriw biara nti no betumi ayɛ afiri. (Fa toto 2 Samuel 13:1-14 ho.) Abebusɛm bi a nyansa wom ka sɛ, “Onitefo hu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hintaw.”—Mmebusɛm 22:3.
Ɔhaw No Ano A Wubesiw
Nokwarem no, ɛrentumi nyɛ yiye sɛ wubesusuw sɛ wubetumi ama mmarima a wɔwɔ adwuma no mu nyinaa asakra wɔn nsusuwii anaasɛ wɔn nneyɛe a agye ntini no. (Fa toto Yeremia 13:23 ho.) Na ɛnyɛ nea ɛfata sɛ wubenya adwene sɛ mmarima a woyi adamfofa su a ɛtra so adi kyerɛ wo no nyinaa “wowɔ aniwa a awaresɛe ahyɛ no mama.” (2 Petro 2:14) Enti ɛtɔ bere bi a ɛbɛyɛ nea eye sɛ wobɛhwɛ nneɛma akɔ akyiri kakra.
Nanso sɛ ɛda adi sɛ ɛyɛ amanipɛ a ɛtra so a, gyina pintinn. Bere a Salomo kekaa nsɛm bi kyerɛɛ ababaa bi a na ɔnwaree no, wannyae ne ho mu. Mmuae a ɔde mae wɔ n’adɛfɛdɛfɛsɛm no ho no kyerɛ sɛ ɔwɔ ɔdɔ a enhinhim ma abarimaa guanhwɛfo bi a ɔba fam no. Esiane sɛ wampene mmɔden ahorow a Salomo bɔe no so nti na obetumi aka sɛ, “Meyɛ ɔfasu.”—Nnwom mu Dwom 8:10.
Wo nso, yɛ den saa ara. Wubetumi asiw wɔn nneyɛe no ano mpɛn pii denam eyi a wobɛka no so: “Mesrɛ wo, nso me mu”; “Fa me din ankasa frɛ me”; anaasɛ, “M’ani nnye saa agoru no ho.” Ná Kristoni ɔbea bi taa ka mpɛn pii sɛ, “Mempɛ saa!” Sɛnea ɛte biara no ma wonhu sɛ wo dabi yɛ dabi! (Fa toto Mateo 5:37 ho.) Sɛ woma wo ano yɛ mmerɛw wɔ eyi ka mu a ebia ɛbɛhyɛ nea ɔrehaw wo no nkuran ma wakɔ so kɛse.
Sɛ woaware a, ɛbɛyɛ nea eye sɛ wobɛka ho asɛm akyerɛ wo kunu. Ebia ɔwɔ adwene a eye bi wɔ sɛnea wubetumi adi tebea no ho dwuma ho. Sɛ ɛba bɛyɛ nea eye sɛ wosesa adwuma a woreyɛ no a, kae Onyankopɔn bɔhyɛ no sɛ: “Merennyaw wo, nanso merempɛ wo da.”—Hebrifo 13:5.
Wo Adwuma Ne Wo Mudi Mu Kura
Enti bere a honam fam adwuma taa yɛ nea ɛho hia no, wɔ nsɛm bi mu no ebetumi ayɛ nea asiane wom wɔ wo Kristofo mudi mu kura no mu. Enti Yesu asɛm a ɛwɔ Mateo 10:16 no yɛ nea ɛfata: “Monyɛ anifere sɛ awɔ na monyɛ kronn sɛ mmorɔnoma.”
Kristofo mudi mu a wubekura wɔ adwuma mu no nyɛ mmerɛw nanso wubetumi ayɛ saa. Yehowa Adansefo mmea ɔpepem pii reyɛ saa denam Bible afotu akyi a wodi no no. Wɔhyɛ wɔn ho den wɔ honhom mu denam Bible adesua, mpaebɔ, Kristofo nhyiam kɔ, Ahenni asɛnka adwuma no, ne nnwuma pa afoforo so. Esiane eyi nti wonya biribi a akatua biara nni hɔ a ebetumi ama woanya. Ɛyɛ hu a wohu sɛ wɔwɔ Yehowa dom, na Ɔno na N’Asɛm hyɛ bɔ yi no: “Nea ɔnam [mudi] mu no nam dwoodwoo.”—Mmebusɛm 10:9.
[Ase hɔ asɛm]
a Nea yɛreka wɔ ha yi fa ɔbea a ɔyɛ adwuma ma wotua ne ka ho. Ɛwom, ɔyerenom, ɛnanom, ne mmea afoforo nso yɛ adwuma.
[Mfonini wɔ kratafa 7]
Nea Ɛma Wokura Mudi mu Wɔ Adwumayɛbea:
Ma wonhu sɛ wowɔ abrabɔ gyinapɛn a ɛkorɔn
Hwɛ yiye wɔ fekuw a wo ne mfɛfo adwumayɛfo bɔ mu
Fa ani a ewu ade siesie wo ho