Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w88 5/1 kr. 21-25
  • Abawo Wɔ Onyankopɔn Nkurɔfo Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abawo Wɔ Onyankopɔn Nkurɔfo Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Abawo wɔ Israel
  • Mmere a Emu Yɛ Den ma Mmofra a Wɔwɔ Israel
  • Abawo Wɔ Kristofo a Wodi Kan no Mu
  • ‘Ahohiahia wɔ Ɔhonam Mu’
  • “Bere a Aka No So Ahuan”
  • Abawo Nnɛ
  • Tete Nhwɛso Bi
  • “Mmere a Emu Yɛ Den”
  • Abawo a Wosusuw Ho Yiye wɔ Awiei Bere Yi Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Nya Gyidi ne Ahonim Pa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Ɛho Abehia Kɛse Sɛ Yɛwɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
w88 5/1 kr. 21-25

Abawo Wɔ Onyankopɔn Nkurɔfo Mu

“[Yehowa] . . . mfa sɛ mote yi mmɔho apem nka mo ho.”​—DEUTERONOMIUM 1:11.

1. Bible no ka abawo ho asɛm dɛn?

“HWƐ [Yehowa] agyapade ne mmabanin, na yafunu mu aba yɛ akatua. Sɛ ɔbran nsam bɛmma te no, sɛ mmeranteberem mmabanin te ne no. Nhyira ne ɔbarima a wɔahyɛ n’agyan kotoku ma.” Saa na yɛkenkan wɔ Dwom 127:3-5. Yiw, abawo yɛ hokwan a ɛyɛ nwonwa a Ɔbɔadeɛ Yehowa de maa nnipa baanu a wodi kan no ne wɔn asefo.​—Genesis 1:28.

Abawo wɔ Israel

2. Dɛn nti na na wobu mmusua akɛse sɛ ade a wɔpɛ wɔ Abraham, Isak, ne Yakob asefo mu?

2 Na wobu mmusua akɛse sɛ ade a wɔpɛ wɔ Abraham asefo a wofi Isak ne Yakob mu no mu. Na wobu mmofra a ayefamnom wo wɔn no mpo sɛ asɛm biara nni ho. Na eyi te saa wɔ Yakob mmabarima a wɔbɛyɛɛ Israel mmusuakuw 12 no agyanom no bi fam. (Genesis 30:3-12; 49:16-21; fa toto 2 Beresosɛm 11:21 ho.) Bere a Onyankopɔn mfitiase nhyehyɛe ma aware no yɛ ɔyere biako aware no, ɔmaa ɔyere dodow aware ne yefam ho kwan wɔ Abraham asefo mu na eyi maa wɔdɔɔso ntɛmntɛm. Na Israelfo no bɛba abɛyɛ “ɔman a wɔdɔɔso sɛ asase so mfutuma.” (2 Beresosɛm 1:9; Genesis 13:14-16) Saa ɔman no mu na “aseni” a na wɔahyɛ ne ho bɔ a wɔnam no so betumi ahyira “asase so amanaman nyinaa” no befi aba.​—Genesis 22:17, 18; 28:14; Deuteronomium 1:10, 11.

3. Na tebea no te dɛn wɔ Israel wɔ Salomo ahenni ase?

3 Ɛda adi sɛ na wobu abawo sɛ Yehowa nhyira ho sɛnkyerɛnne wɔ Israel. (Dwom 128:3, 4) Nanso ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ ɔhene Salomo na ɔkyerɛw asɛm yi nnianim asɛm a wɔfa m Dwom 127 kae no na bere a ɔhene yi dii tumi no mu fã kɛse ara yɛ bere pa ma Israel. Bible no ka saa bere no ho asɛm sɛ: “Yuda ne Israel dɔɔso sɛ mpoano nhwea dodow, wodidi na wɔnom, na wɔn ani gye. Na Yuda ne Israel traa ase dwoodwoo wɔn bobe ne wɔn borɔdoma ase mmiako mmiako, efi Dan [wɔ kusuu fam] kosi Beer-Seba, [wɔ kesee fam] Salomo nna nyinaa.”​—1 Ahene 4:20, 25.

Mmere a Emu Yɛ Den ma Mmofra a Wɔwɔ Israel

4, 5. (a) Dɛn nti na na abawo nyɛ nea ɛma wonya anigye bere nyinaa wɔ Israel? (b) Nsɛm a ɛyɛ awerɛhow bɛn na anyɛ yiye koraa no esii mprenu wɔ Yerusalem?

4 Nanso mmere afoforo bae wɔ Israel abakɔsɛm mu a na abawo nyɛ anigye. Odiyifo Yeremia kyerɛwee wɔ bere a wɔsɛee Yerusalem nea edi kan no mu no sɛ: “Nusu ama m’ani ayɛ siamoo. . . . Sɛ abotafowa ne akokoaa totɔ piti kurow no mmorɔn so. . . . So mmea nni wɔn yafumma, mmotafowa a wotuturu wɔn?” “Mmea a wɔn yam hyehye wɔn de wɔn nsa noaa wɔn yafumma.”​—Kwadwom 2:11, 20; 4:10.

5 Ɛda adi sɛ nsɛm a ɛyɛ awerɛhow a ɛte saa ara sisii wɔ bɛyɛ mfeha ason akyi. Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus ka sɛ wɔ Yerusalem nkahyem no mu wɔ 70 Y.B mu no, mmofra hwim aduan fii wɔn agyanom ano, na ɛnanom yii aduan fii wɔn mma nkokoaa anom. Ɔka sɛnea Yudani bea bi kum ne ba a na onnum, ɔtotoe na ɔwee fã ho asɛm. Na ɛnyɛ nea wobetumi aka sɛ mmofra a na wɔtete wɔn wɔ Yuda wɔ mfe a etwa to a ekowie atemmu a Yehowa de baa Yerusalem so wɔ 607 A.Y.B mu ne 70 Y.B. mu no ho asɛm sɛ abawo a wosusuw ho yiye.

Abawo Wɔ Kristofo a Wodi Kan no Mu

6, 7. (a) Nneyɛe bɛn na Yesu guu no maa Kristofo? (b) Na honhom mu Israel benyin denam ɔkwan bɛn so, na dɛn na ɛda eyi adi?

6 Na wobu abawo wɔ Kristofo a wodi kan no mu dɛn? Nea edi kan no ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ Yesu maa n’asuafogyaee aware dodow. Ɔsan de Yehowa mfitiase gyinapɛn no sii hɔ, nea ɛyɛ ɔyere biako aware anaasɛ ware a ɔbarima ware ɔbea biako. (Mateo 19:4-9) Bere a honam fam Israel nam abawo so dɔɔso no, na honhom mu Israel nam asuafoyɛ so bɛdɔɔso.​—Mateo 28:19, 20; Asomafo no Nnwuma 1:8.

7 Sɛ na ɛyɛ nea Kristosom bɛtrɛw denam abawo so titiriw a, anka Yesu renhyɛ n’asuafo nkuran sɛ ‘wonnye’ sigyadi “ɔsoro ahenni nti.” (Mateo 19:10-12) Anka ɔsomafo Paulo renkyerɛw sɛ: “Nea ɔde ne baabun . . . ma aware no yɛ no yiye, na nea ɔmfa . . . mma aware no yɛ no yiye sen no.”​—1 Korintofo 7:38.

8. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ na afeha a edi kan Kristofo no mu pii aware na na wɔwɔ mma?

8 Nanso bere a na wɔrehyɛ ware a wɔnware ho nkuran na ama wɔaboa Ahenni no nneɛma no, Yesu anaa Paulo anyɛ no ɔhyɛ. Wɔn baanu nyinaa hui sɛ Kristofo binom bɛware. Na eyinom mu binom bɛwo mma. Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no kura nsɛm pii a ɛde afotu tee a ɛfa mmofra ntetee ho maa Kristofo a wodi kan no. (Efesofo 6:1-4; Kolosefo 3:20, 21) Sɛ na mpanyimfo anaasɛ asafo mu asomfo aware a, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ awofo a wɔyɛ nhwɛso pa.​—1 Timoteo 3:4, 12.

9. Sɛnea ɔsomafo Paulo kyerɛ no, ɔkwan bɛn so na abawo bɛbɔ Kristofo mmea binom ho ban, nanso dɛn na wobehia aka ho?

9 Ɔsomafo Paulo kae mpo sɛ mmofra a Kristofo mmea binom wɔ no betumi ayɛ ahobammɔ ama wɔn. Ɔkyerɛwee wɔ honam fam mmoa a wɔde bɛma akunafo ahiafo ho sɛ: “Na akunafo a wonnyinii ɛ de, mfa wɔn . . . Na emu ara nso na wɔyɛ anihaw sua afi mu kyinkyini, na ɛnyɛ anihaw nko na wɔyɛ, na wɔyɛ kurokuro ne tɛretɛre nso keka nsɛm a ɛnsɛ. Enti mepɛ sɛ wɔn a wonnyinii ɛ no ware wo mma di ofi so, na wɔamma ɔtamfo ho kwan sɛ ɔnyaw; efisɛ ebinom aman akodi Satan akyi dedaw.” Sɛ saa mmea no ‘tra gyidi ne ɔdɔ ne ahotew ne adwenemtew mu a, wobegye wɔn nkwa wɔn abawo mu.’​—1 Timoteo 5:11-15; 2:15.

‘Ahohiahia wɔ Ɔhonam Mu’

10. Afotu a ɛsono a wɔde ma akunafo bɛn na Paulo de mae wɔ ne krataa a edi kan a ɔkyerɛw kɔmaa Korintofo no mu?

10 Nanso ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ wɔ Paulo krataa a edi kan a ɔkyerɛw kɔmaa Korintofo no mu no, ɔde ano aduru soronko bi ho nyansahyɛ maa akunafo. Ɔmaa n’afotu no yɛɛ nea ɛfa aware nkutoo ho bere a ɔkae sɛ ɔnam “akwanma” so na ɔde mae no. Ɔkyerɛwee sɛ: ‘Na meka mekyerɛ asigyafo ne akunafo sɛ eye ma wɔn sɛ wɔtra hɔ sɛ me; na sɛ wontumi nhyɛ wɔn ho so a, wɔnware; na aware ye sen ɔhyew. Na okunafo no tra hɔ saa ara a, sɛnea misusuw no, eye mmom ma no; na ɛyɛ me sɛ me nso mewɔ Onyankopɔn honhom.’​—1 Korintofo 7:6, 8, 9, 40.

11. (a) Dɛn na wɔn a wɔware no behyia, na ɔkwan bɛn so na kyerɛwnsɛm a wɔahyehyɛ wɔ Bible no nkratafa mfinimfini a ɛfa l Korintofo 7:28 ho no ka eyi ho asɛm? (b) Dɛn na na Paulo kyerɛ bere a ɔkae sɛ, “mepɛ sɛ miyi ahohia no fi mo so” no?

11 Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Na sɛ ɔbaabun ware a, ɔnyɛɛ bɔne ɛ; na saafo no ho behia wɔn ɔhonam mu, na me de, anka mepɛ sɛ miyi ahohia no fi mo so.” (1 Korintofo 7:28) Ɛdefa ‘ahohiahia wɔ ɔhonam mu’ a ɛte saa ho no, kyerɛw nsɛm a wɔahyehye wɔ New World Translation no nkratafa mfinimfini no twe yɛn adwene si Genesis 3:16 so, faako a yɛkenkan sɛ: “Ɔbea no de [Yehowa] ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔdɔ na mɛma wo yaw ne wo nyinsɛn mu brɛ adɔɔso. Ɛyaw mu na wobɛwo mma, na w’ani begyina wo kunu, na ɔno na obedi wo so.” Wɔ aware mu nsɛnnennen a ebetumi aba akyi no, akyinnye biara nni ho sɛ abawo ho ɔhaw ahorow ka ‘ahohiahia wɔ ɔhonam mu’ a wɔn a wɔware no behyia no ho. Paulo ansiw aware anaasɛ abawo ho kwan de, nanso ɛda adi sɛ na ɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔbɔ ne mfɛfo Kristofo kɔkɔ sɛ ɛno betumi de ɔhaw ahorow ne adwenem basaayɛ a ebetumi ayɛ akwanside wɔ wɔn som ma Yehowa no mu aba.

“Bere a Aka No So Ahuan”

12. Afotu bɛn na ɔsomafo Paulo de maa Kristofo awarefo, na dɛn ntia?

12 Wɔ afeha a edi kan no mu no, na Kristofo nne wɔn ho sɛ wobebu wɔn bara te sɛ wiasefo. Na tebea no bɛka wɔn aware asetra mpo. Paulo kyerɛwee sɛ: “Afei nso, eyi na meka, anuanom, bere a aka no so ahuan. Efi nnɛ rekɔ yi, ma wɔn a wɔwɔ yerenom nyɛ sɛ nea wonni bi, . . . na wɔn a wodi wi yi ase ayɛ sɛnea wonni; na wi yi ase su retwam. Na mepɛ sɛ anka munni nkɔmmɔ. Mo ankasa yiyedi nti na meka eyi; ɛnyɛ sɛ mehyɛ mo so, na mmom fɛ a ɛbɛyɛ ne ɔtra a mobɛtra Awurade fam yiye, na biribi annye mo asabawmu ntia.”​—1 Korintofo 7:29-35, NW.

13. Ɔkwan bɛn so na na ‘bere no so ahuan’ ama afeha a edi kan Kristofo no?

13 Bible ho ɔbenfo Frederic Godet kyerewee sɛ: “Bere a wɔn a wɔnyɛ gyidifo bu wiase no sɛ ɛbɛtra hɔ daa no, Kristoni de n’ani asi nokwasɛm kɛse bi a ɔhwɛ kwan, Parousia [Ba a Waba]” so. Na Kristo de ne “ba” ho sɛnkyerɛnne ama n’asuafo na na wabɔ wɔn kɔkɔ sɛ: “Enti monwɛn, efisɛ munnim da ko a mo wura bɛba.” (Mateo 24:3, 42) Na bere no so “ahuan,” kyerɛ sɛ na ɛsɛ sɛ saa afeha a edi kan Kristofo no hwɛ Kristo ba no kwan daa. Afei nso, na wonnim bere a aka ama wɔn ansa na “ɛbere ne akwanhyia” de wɔn nkwa aba awiei, na ɛde tumi a wobetumi ‘ahyɛ wɔn frɛ ne wɔn paw no mu den’ no aba awiei.​—Ɔsɛnkafo 9:11, NW; 2 Petro 1:10.

14. (a) Ɛsɛ sɛ wɔte Mateo 24:19 ase dɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na na Yesu kɔkɔbɔ no yɛ nea egye ntɛmpɛ kɛse bere a na afe 66 Y.B. rebɛn no?

14 Wɔ Kristofo a na wɔwɔ Yudea ne Yerusalem fam no, na hia a ɛho hia sɛ ‘wɔwɛn’ no yɛ ahyɛde titiriw. Bere a Yesu de Yerusalem sɛe a ɛto so abien ho kɔkɔbɔ rema no, ɔkae sɛ: “Na wɔn a wɔafa afuru ne wɔn a wɔma nufu nna no mu no nnue!” (Mateo 24:19) Ampa, Yesu anka ankyerɛ afeha a edi kan Kristofo no sɛ ɛnsɛ sɛ wɔwo mma. Ɔde nokwasɛm ho nkɔmhyɛ bi mae de kyerɛe sɛ sɛ Yerusalem sɛe ho sɛnkyerɛnne ba a, ɛbɛyɛ den ama apemfo anaasɛ wɔn a wɔwɔ mmofra nkumaa. (Luka 19:41-44; 21:20-23) Nanso bere a basabasayɛ kɔɔ so wɔ Yudafo no mu wɔ Yudea wɔ mfe a edi 66 Y.B anim no mu no, akyinnye biara nni ho sɛ Kristofo kaee Yesu kɔkɔbɔ no na enyaa wɔn su wɔ mmofra a wɔbɛwo wɔn aba wiase wɔ saa mmere a ɔhaw wom no mu no so tumi.

Abawo Nnɛ

15, 16. (a) Ɔkwan bɛn so na ‘bere no so ahuan’ ama Kristofo a wɔte ase nnɛ no? (b) Nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo bisa wɔn ho?

15 Ɛsɛ sɛ Kristofo bu aware ne abawo nnɛ wɔ saa “awiei bere” yi mu dɛn? (Daniel 12:4) Ɛyɛ nokware sen bere biara sɛ “wi yi ase su retwam,” anaasɛ sɛnea nkyerɛase foforo ka no no, “mprempren nneɛma nhyehyɛe no retwam ntɛmntɛm.”​—1 Korintofo 7:31, Philips.

16 Mprempren “bere a aka no so ahuan” sen bere biara. Yiw, bere kakraa bi na aka ama Yehowa nkurɔfo ma wɔde awie adwuma a ɔde ama wɔn sɛ wɔnyɛ a ɛne sɛ: “Na wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 24:14) Ɛsɛ sɛ wowie saa adwuma no ansa na awiei no aba. Enti ɛfata sɛ Kristofo bisa wɔn ho sɛnea ware a wɔbɛware anaa sɛ wɔaware a, mmofra a wobenya no bɛka kyɛfa a wonya wɔ saa adwuma a ɛho hia no mu no.

Tete Nhwɛso Bi

17. Adwuma bɛn na na ɛsɛ sɛ Noa ne ne mmabarima baasa no yɛ ansa na Nsuyiri no aba, na ɛda adi sɛ egyee bere tenten ahe? (b) Ɛbɛyɛ sɛ nneɛma bɛn nti na Noa mmabarima no ne wɔn yerenom anwo mma wɔ bere a edi Nsuyiri no anim no mu no?

17 Yesu de “onipa ba no ba” bere no totoo “Noa nna” no ho. (Mateo 24:37) Na Noa ne ne mmabarima basaa no wɔ adwuma pɔtee bi a ɛsɛ sɛ wowie ansa na Nsuyiri no aba. Na ɛfa adaka kɛse bi a wɔbɛpam ne asɛnka ho. (Genesis 6:13-16; 2 Petro 2:5) Bere a Yehowa de akwankyerɛ mae wɔ adaka no pam ho no, na ɛda adi sɛ na Noa mmabarima no aware dedaw. (Genesis 6:18) Yennim bere tenten a adaka no pam gyei ankasa, na ɛte sɛ nea egyee mfe du du pii. Nea ɛyɛ anigye no, wɔ bere a edi Nsuyiri yi anim no nyinaa mu no, na Noa mmabarima no ne wɔn yerenom nni mma. Petro ka pefee sɛ ‘akra a wosi baawɔtwe nyaa nkwa nsu no mu,’ kyerɛ sɛ awarefo baanan nanso na wonni mma. (1 Petro 3:20) Ebetumi aba sɛ nneɛma abien nti na ne mmabarima no anwo mma. Nea edi kan no, esiane ɔsɛe a na ɛnam nsuyiri so reba no nti, na wofi soro ama wɔn adwuma a ɛsɛ sɛ wɔde wɔn adwene nyinaa si so sɛ wɔnyɛ. Nea ɛto so abien no, akyinnye biara nni ho sɛ wɔtee nka sɛ wɔmpɛ sɛ wɔbɛwo mma aba wiase a “nnipa bɔne dɔɔso pii wɔ asase so, na ‘wɔn komam adwene nyinaa yɛ bɔne nko daa nyinaa,” wiase a ‘anuɔden ahyɛ mu ma’ mu.​—Genesis 6:5, 13.

18. Ɛwom sɛ na ɛnyɛ sɛ Noa mmabarima no de ahyɛde bi a wobedi akyi resi hɔ de, nanso ɔkwan bɛn so na ɔkwan a wɔne wɔn yerenom faa so no ma yenya biribi susuw ho?

18 Eyi nkyerɛ sɛ ɔkwan a Noa mmabarima no ne wɔn yerenom faa so ansa na Nsuyiri no reba no yɛ nea wɔde reyɛ ahyɛde ama awarefo a wɔte ase nnɛ no. Nanso, esiane sɛ Yesu de Noa nna no totoo nea yɛte mu mprempren no ho nti, wɔn nhwɛso no betumi ama yɛanya biribi asusuw ho.

“Mmere a Emu Yɛ Den”

19. (a) Ɔkwan bɛn so na yɛn bere yi te sɛ Noa nna no? (b) Dɛn na Paulo ka siei wɔ “nna a edi akyiri yi” no ho, na ɔkwan bɛn so na ne nkɔmhyɛ no fa abawo ho?

19 Te sɛ Noa ne n’abusua no, yɛn nso yɛte “amumɔyɛfo wiase” mu. (2 Petro 2:5) Te sɛ wɔn no, yɛwɔ nneɛma nhyehyɛe bɔne bi a wɔreba abɛsɛe no “nna a edi akyiri mu.” Ɔsomafo Paulo hyɛɛ nkɔm sɛ Satan nhyehyɛe no “nna a edi akyiri” no bɛma “mmere a emu yɛ den” aba. Ɔrekyerɛ sɛ mmofra a wɔbɛtete wɔn no bɛyɛ nneɛma a emu yɛ den no biako no, ɔde kaa ho sɛ mmofra bɛyɛ “awofo asɛm ho asoɔdenfo.” Ɔkae sɛ nnipa ankasa a mmofra ne mpanyimfo ka ho bɛyɛ “bonniayɛfo, wɔn a wonni nokware, wɔn a wonni dɔ.” (2 Timoteo 3:1-3, NW) Bere a Paulo rehyɛ tebea horow a ɛwɔ wiasefo mu ho nkɔm wɔ ha no, ɛda adi sɛ saa su a abu so no bɛma mmofra ntetee ayɛ den kɛse ama Kristofo, te sɛ nea wɔn mu pii ahu no.

20. Dɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi so no mu?

20 Nea yɛaka no nyinaa kyerɛ sɛ ɛho hia sɛ yenya abawo ho adwene a ɛkari pɛ. Bere a ebetumi de anigye pii aba no, ebetumi de awerɛhowdi pii nso aba. Mfaso ne ɔhaw wom. Yebesusuw eyinom bi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

Nsɛntitiriw ma Ntimu

◻ Dɛn nti na na wɔpɛ mmusua akɛse wɔ Israel?

◻ Dɛn na ɛkyerɛ sɛ mmere bi bae a abawo de awerɛhow baa Yudafo no so?

◻ Ɔkwan bɛn so na na honhom mu Israel bɛdɔɔso?

◻ Ɔkwan bɛn so na na “bere no so ahuan” ama Kristofo a wodi kan no?

◻ Ɛbɛyɛ sɛ nneɛma bɛn nti na Noa mmabarima no ne wɔn yerenom anwo mma ansa na Nsuyiri no reba, na tebea no te dɛn nnɛ?

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Na guan a wobeguan afi Yerusalem ntɛm no bɛyɛ den kɛse ama wɔn a wɔwɔ mma nkumaa no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena