Dɛn Na Aba ‘Di W’awofo Ni’ So?
AGYA bi kae wɔ ne mmabarima baanu ho sɛ: “Bere biara a mɛka biribi no, wɔyɛ wɔn ade te sɛ nea wɔrema me kwan ara kwa. Dɛn na aba ‘Di W’awofo Ni’ So?” Saa nso na adwumayɛkuw bi a wodi mmusua ho dwuma no sohwɛfo kae sɛ: “Nnansa yi de, mmofra nyiyi wɔn awofo nsɛm ano ara kwa, na mmom wobu wɔn tumidi animtiaa ankasa.”
Sɛ woyɛ abofra oo, woyɛ ɔpanyin oo, ebia woahyɛ no nsow sɛ mmofra pii ntie wɔn awofo na wommu wɔn. Eyi yɛ asɛm a ɛsɛ sɛ ɛfa wo ho, sɛ́ woyɛ abofra anaa ɔwofo. Dɛn ntia?
Efisɛ awofo ne mmofra ntam akameakame a wohu no yɛ nneɛma ahorow a ɛhyɛ bere a yɛwɔ mu yi agyirae sɛ nna a edi akyiri no fã. Sɛnea Bible kyerɛ no. bere a wɔfrɛ no “na a edi akyiri” no ba ansa na wiase nyinaa nneɛma nhyehyɛe no sɛe koraa no aba.. (2 Timoteo 3:1) Nanso nnipa bi befi mu aka a wobenya nkwa wɔ ɔsoro nniso ankasa ase.—Daniel 2:44; Adiyisɛm 21:1-4.
Nanso, ɔkwan bɛn so na awofo so asoɔden a wɔyɛ ne nea Bible ka wɔ nnɛ ne daakye ho no hyia? Wɔ Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma yi binom a abɛsen mu no, yɛaka Yesu Kristo nkɔmhyɛ a ɛwɔ Mateo 24, Luka 21 ne Marko 13 no ho asɛm. Yesu twee adwene kɔɔ nsɛm a ebesisi wɔ wiase a ɛbɛhyɛ “nneɛma nhyehyɛe no awiei” agyirae no so: akokoakoko, asasewosow ne amumɔyɛ, sɛ yɛbɛbobɔ kakraa bi pɛ a. Nanso, afei, yɛdan adwene kɔ nkɔmhyɛ bi a ɛte sɛ eyi a ɛfa saa bere yi ho, a yehu wɔ 2 Timoteo 3:1-5 no so. Sɛ ɛbɛka nneɛma a ebesisi a ɛbɛka adesamma ho asɛm ara kwa no, Bible no si sɛnea nnipa a wobehyia nneɛma a ɛyɛ hu yi suban bɛyɛ no so dua. Ese:
“Hu eyi sɛ, nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfo, sikapɛfo, ahohoahoafo, ahantanfo, abususɛnkafo, awofo asɛm ho asoɔdenfo, bonniayɛfo, wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn,. . .saa nnipa yi, dan wo ho fi wɔn ho!”
Hyɛ no nsow sɛ ɔsomafo Paulo asɛm yi kyerɛ sɛnea nna a edi akyiri no bɛka nkurɔfo. Hyɛ no nsow bio sɛ, ‘awofo asɛm ho asoɔdenyɛ’ bɛda adi kɛse wɔ mmere a emu yɛ den a wɔfrɛ no nna a edi akyiri no mu.
Abam Yɛn Bere So Anaa?
Ebia ebinom bebisa sɛ, ‘Yɛyɛ dɛn hu sɛ na Paulo renka n’ankasa ne bere so tebea horow ho asɛm?’ Esiane sɛ ɔsomafo Paulo de afotu maa Kristoni a wɔfrɛ no Timoteo wɔ ne nkɔmhyɛ no akyi nti, ntease wom sɛ ebinom ntumi nhu sɛ ebia Paulo kyerɛw yɛn bere yi ho asɛm ankasa. (2 Timoteo 3:5, 14, 15) Nanso, hyɛ no nsow sɛ Paulo se “nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba.” Ɛda adi sɛ na ɔreka biribi a ɛbɛba daakye ho asɛm. Ɔka kyerɛɛ Timoteo sɛ “ɔnnan ne ho” mfi nnipa a wɔda su horow a ɛmfata adi no ho, esiane sɛ na ebinom a wɔwɔ asafo no mu yɛ saa dedaw nti. Nanso, Paulo asɛm no da no adi sɛ daakye nna a edi akyiri no mu no, tebea no mu bɛyɛ den kɛse.—Fa toto 2 Tesalonikafo 2:6-12; 3:6-14 ho.
Ebia woate sɛ nhwehwɛmufo bi kyerɛ sɛ adamfofa wɔ mmofra pii ne wɔn awofonom ntam sɛnea ɛsɛ. Esiane nea 2 Timoteo 3:1-5 ka no nti, dɛn na ɛsɛ sɛ wususuw wɔ nsɛm a ɛtete sɛɛ ho? Ansa na wubesi gyinae no, ma yɛmfa Paulo nkɔmhyɛ no ntoto Bible mu abakɔsɛm ho.
“Di W’agya Ne Wo Nã Ni”
Saa na Mmara Nsɛm Du no mu nea ɛto so anum no ka. (Exodus 20:12) Wɔde saa asɛm yi hyɛɛ Yudafo mmofra adwene mu. (Deuteronomium 5:16; 6:6, 7) Ná obi awofo so asoɔden a ɔbɛyɛ yɛ nea nyansa nni mu—nsɛm bi mu mpo no ekowiee owu asotwe mu! (Deuteronomium 21:18-21) Tete asetra kwan no boaa awofo ma wotumi de pintinnyɛ a ɔdɔ wom dii wɔn mma so. Na abusua nhyehyɛe no hyɛ agyanom ase. Awofo asɛyɛde ahorow yɛ nea wɔdaa no adi pefee. Wobuu mma sɛ agyapade, nhyira, na nnwuma a na wɔwɔ yɛ sɛ akuafo no ma wonyaa pii a ɛsɛ sɛ wɔyɛ.—Fa toto Dwom 127:3 ho.
Nanso, bere a ɔman no wae fii Yehowa akwan ho no, abusua asetra sɛee. Wɔde Mmara Nsɛm Du no mae no akyi bɛyɛ mfe 800 no, odiyifo Mika kae sɛ: “Ɔbabun bu n’agya ɔsesafo, ɔbabea sɔre hyɛ ne nã., . . . onipa fifo yɛ n’atamfo.” (Mika 7:6) Hesekiel kae wɔ Yerusalem kurow no nso ho sɛ: “Wɔbɔ agya ne ɛnã so mpekua.” (Hesekiel 22:7) Ná obu koraa a wonni mma awofo no yɛ ɔbrasɛe kɛse a na aba no ho sɛnkyerɛnne. Enti, Onyankopɔn de asotwe a emu ye den baa ɔman no nyinaa so.—Yeremia 1:15, 16.
Esiane eyi nti, ebia wubegye atom sɛ anka afeha a ɛto so 20 yi mu mmofra bɛma Paulo ho adwiriw no wɔ afeha a edi kan no mu. Nnɛyi abayɛn ho adwene a nkurɔfo wɔ sɛ ɛsɛ sɛ wɔma mmofra yɛ nea wɔpɛ no yɛ nea na wɔntee bi da. Enti, ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwene mu sɛ nkyerɛkyerɛ ahorow a ɛka nnɛyi abusua asetra ho asɛm sɛ ɛno na eye no bu ani gu Onyankopɔn nhyehyɛe horow ma mmofra no so. (Efesofo 6:1-3) Sɛ wɔde nnɛyi mmofra nneyɛe ne wɔn su horow toto Onyankopɔn ahyɛde horow ho a, yetumi te nea enti a Bible frɛ nnɛyi awo ntoatoaso no “asoɔdenfo” no ase. Ɛno nkyerɛ sɛ mmofra nyinaa yɛ atuatewfo. Na mmom asoɔdenyɛ yɛ nea emu atrɛw na ano yɛ den—wohu wɔ baabiara.
Nanso, so ‘awofo asɛm ho asoɔden’ yɛ nea ɛkɔ so wɔ wiase nyinaa a? So awofo ne mmofra ntam akameakamedi ho adanse a ɛdɔɔso wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ yɛte “nna a edi akyiri” no mu anaa?—2 Timoteo 3:1, 2.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 4]
‘Ɛnyɛ mmofra nyinaa na wɔyɛ atuatewfo. Nanso asoɔdenyɛ mu atrɛw kɛse na ano yɛ den’