Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g82 1/8 kr. 21-23
  • So Wote Nea Wuhu No Ase?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wote Nea Wuhu No Ase?
  • Nyan!—1982
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sika Yɛ Bɔne Nyinaa Ntini Anaa?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Wobu Sika Sɛn?
    Nyan!—2015
  • So Wotaa Gye Akyinnye Wɔ Sika Ho?
    Nyan!—1981
  • Wopɛ Sika Anaa Wo Nkwa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1982
g82 1/8 kr. 21-23

So Wote Nea Wuhu No Ase?

“SƐ WUBETUMI afa ɔkwan pa so anya sika a, eye; sɛ ɛnte saa a, fa ɔkwan biara so, pɛ sika.” Saa na Roma anwensɛm kyerɛwfo Horace a wagye din no kyerɛwee. N’asɛm no ka su a, nnipa a wɔdɔɔso kɛse a wɔwɔ wiase nyinaa kura mprempren no ho asɛm ma ɛfata yiye sen saa bere no.

So wunnye ntom sɛ nnipa binom pɛ sɛ wɔyɛ biribiara de nya sika? Ma nsɛm bi a esisi nnansa yi nkyerɛ. “Sika ho dɔ” betumi ama nkurɔfo de wɔn ho ahyɛ abrabɔ a ɛte sɛ nea edidi so yi mu:

ATORODI NE NSISI.

Ebia ɛrenkyɛ koraa wɔbɛfrɛ sukuu akyerɛkyerɛfo bi a wɔwɔ North Rhine-Westphalia [Germany] ma wɔabeyi wɔn ano wɔ sisi a wɔresisi ho . . . Mfe bebree na wɔde agyigye nnwuma a wɔnyɛe ho sika akɛse . . . afei nso wɔagyigye adwuma a wɔayɛ wɔ nna a enni hɔ, te sɛ February 30 anaasɛ June 31 . . . adwuma a wɔyɛe bere a wɔyare ho sika.”​—Frankenpost, June 11, 1979.

ADANMUDE AHOROW A WOGYE

“Wɔde Milan [Italy] bɔɔlbɔ kuw no panyin, ɔman no bɔɔlbɔ kuw a wɔn ho akokwaw yiye, ne bɔɔlbɔfo 13 a wofi bɔɔlbɔ kuw ahorow mu koguu afiase sɛ wɔagye adanmude wɔ bɔɔlbɔ mu . . . Wɔkyerɛe sɛ bɔɔlbɔfo no gyee sika a esi dɔla 12,000 a wobetua ama onipa biako biara na wɔadi nkogu wɔ bɔɔlbɔ no mu.”​—Time, April 7, 1980.

AFOFORO HO A WODIDI.

“Cuba Amerikafo a wɔn abusuafo wɔ supɔw bi so fi Ohio, California ne New York kohyiae wɔ Key West, na wohui sɛ, na wɔn dɔla mpempem no nsõ sɛ wobetumi de agyina nneɛma horow a ne bo ayɛ den no ano. Hyɛn so ahwɛfo gyee dɔla 1,000 anaasɛ nea ɛboro saa na wɔde atwa oguanfo biako biara; ahyɛmma a wɔtra mu bo kɔɔ soro bɛyɛ dɔla 50,000.”​—Time, May 12, 1980.

AGYAPADE A WƆRESƐE NO.

Wɔ Amerika no, “gya ahorow a wɔboapa de hyew nneɛma no boro 100,000 afe biara, adu ɔha mu nkɔanim 400 efi 1967 reba . . . Wɔabu akontaa sɛ, agyapade a wɔhyew no no ɔha biara mu 40 fi sikasɛm.”​—Time, October 31, 1977.

KORƆNBƆ.

“Awofo, nnamfo, afipamfo ne amannifo buu mmerante baanum no nyinaa sɛ ‘wɔn ani abue, sɛ wonim nyansa na wɔyɛ nnipa pa.’ . . . Nanso nna bebree ni no, ɛnyɛ German polisifo nyinaa nko na wɔrehwehwɛ wɔn, na mmom Amanaman ntam polisifo rehwehwɛ wɔn mu baanan. Nea enti a wɔrehwehwɛ wɔn: Wosusuw sɛ wɔde atuo ne ade akowia aguadidan ahorow bi mu nneɛma mpɛn anum . . . na wɔafa nea wɔde gye sika fi sika korabea ne sika ankasa a ɛboro Amerika dɔla ɔpepem biako. . . . Ná adwene a wokura . . . sɛnea polisifo nhwehwɛmu kyerɛ no, da adi pefee, adefudepɛ ankasa.”​—Wiesbadener Kurier, July 19/20, 1980.

NNIPA A WOWIA WƆN.

Nea ɛnkyɛe koraa wɔ 1950 mfe no mu no, Ernst Seelig a ɔyɛ amumɔyɛfo ne nneduafo ho ɔdenimfo, kyerɛwee wɔ ne nhoma Lehrbuch der Kriminologie [Criminology Manual] mu sɛ: ‘Na nnipa a wowia wɔn, gye sika ansa na wɔagyaa wɔn, ade a na abu so wɔ Amerika no yɛ nea na wonnim wɔ Europa ha.’ Nanso eduu 1958 no, ná saa amumɔyɛ yi abu so wɔ Germany . . . Wɔ mfe anum bere mu, fi bere a wowiaa Theo Albrecht a ɔyɛ aguadidan bi wura [1971] no, wɔawia nnipa 15 wɔ West Germany, 6 wɔ 1976 nkutoo mu. Amumɔyɛfo no hwehwɛɛ sika dodow a ɛyɛ D-marks 40,412,000 [Amerika dɔla ɔpepem 22] sɛ agyede.”​—Stern, January 6, 1977.

AWUDI.

Bere a wofi ntoboase mu de nnansa ahwehwɛ asɛm bi mu akyi no, asennifo a wɔwɔ Krems, Lower Austria, ahu sɛ [ɔbarima bi a wadi mfe 31] di fɔ sɛ wakum ne yere ne n’asew . . . Ɔtemmufo no kae sɛ ɔbarima no nam ɔboayɛ ne sikanibere so na ɔyɛɛ saa, ɔhwɛɛ kwan sɛ ɔbɛfa wɔn a okum wɔn no nneɛma bere a wɔawuwu akyi no.”​—Frankfurter Allgemeine Zeitung, June 27, 1980.

Nsɛm a ɛyɛ nwonwa? Wubetumi ahu nsɛm a ɛtete saa ara wɔ wo atesɛm krataa mu.

Ɛrekɔ Anim​—Dɛn Ntia?

Adefudepɛ atrã yɛn mu akyɛ, sɛnea Roma anwensɛm kyerɛwfo no asɛm no kyerɛ no. Nanso nnɛ no, anya nkɔanim foforo. Nnipa awo ntoatoaso biara mmae pɛn a anya honam fam ahonyade ahorow ne anigyede ahorow pii te saa sɛ nnɛ. Sika ho adawurubɔfo ntumi nnii nkonim da sɛ wɔbɛma nnipa agye atom sɛ saa nneɛma yi yɛ “ahiade ahorow ankasa” a ɛma anigye. Sɛ́ ade a wɔde tɔ biribi no, sika abɛyɛ te sɛ susudua bi a wɔde susuw anigye.

Mmom no, ɛnyɛ obiara a ɔyɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a obenya sika ara kwa no na ɔyɛ “sikapɛfo.” (Fa toto 1 Timoteo. 3:2, 3 ho.) Nanso nnipa bebree te saa. Ebinom dɔ sika esiane nneɛma a ebetumi atɔ, a nea ɛka ho ne anidaso a wɔwɔ sɛ ɛde anigye ba nti. Nanso nnipa afoforo dɔ ma sika mu yɛ den pii. Nokwasɛm ni, nhoma bi a wɔfrɛ no The Paper Economy no kyerɛwfo ka sɛ “wɔ yɛn mu fã kɛse no ara fam no . . . ɛnyɛ ade a yɛpɛ sɛ yenya, ɛyɛ akɔnnɔde.” Ebia eyi boa ma yehu nea entia amumɔyɛ ahorow a ɛnam adefudepɛ so ba kɔ anim ara, ne nea enti a bere a nneɛma bo ayɛ den na wonnya adwuma nyɛ mpo no, wɔde sika a emu yɛ duru tow kyakya wɔ mmeae horow no mu.

Bible no bɔɔ kɔkɔ sɛ “nna a edi akyiri no mu no” nnipa bɛyɛ “sikapɛfo” anaasɛ “wɔn a wɔn ani gye dwetɛ ho” sɛnea wɔkyerɛ ase fi Hela mu ankasa no. (2 Tim. 3:1, 2) Nanso biribi foforo a ɛsen dwetɛ a yɛbɛma yɛn ani agye ho ho hia, sɛ yɛpɛ sɛ yefi mprempren wiase bɔne yi “nna a edi akyiri” no mu ka a. Mmebusɛm 3:13-18 kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nhyira ne onipa a ohu nyansa, ne onipa a onya ntease. Na emu adenya ye sen dwetɛ de, na ne mfaso sen sika amapa. . . . Ɛyɛ nkwa dua ma wɔn a woso no mu.”

Bue w’ani na wubehu adanse da biara da sɛ “sikapɛ” kɔ soro sen biribiara. (Fa toto 1 Timoteo 6:9, 10 ho.) Bere koro no ara mu no, nya ɔsoro nyansa ne nhumu denam Bible sua so na wubehu nea adanse yi kyerɛ ankasa: sɛ wiase a ɛpɛ honam fam nneɛma ne sika mmoroso a ɛwɔ ne “nna a edi akyiri” mu no, ɛrenkyɛ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no besi n’anan. Ɛhɔ no, Onyankopɔn ho dɔ ne yɔnko ho dɔ besi ‘sika ho dɔ’ anan mu.

[Kratafa 22 mfoni]

SIKAPƐFO . . . . . . . ”NNA A EDI AKYIRI” HO SƐNKYERƐNNE

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena