Ahosohyira Ne Nea Obiara Pɛ A Otumi Paw
“Adehyedi mu na Kristo ama yɛade yɛn ho.”—GALATIFO 5:1.
1. Hebri ne Hela nsɛmfua a wɔkyerɛ ase “ahosohyira,” “nhyira,” anaa “ahodwira,” no fa dɛn ho titiriw?
BIBLE akyerɛwfo de Hebri ne Hela nsɛmfua pii dii dwuma de kyerɛɛ tew a obi tew ne ho anaa oyi ne ho si nkyɛn ma ɔsom kronn no. Wɔde nsɛm te sɛ “ahosohyira,” “nhyira,” anaa “ahodwira,” na edi dwuma de kyerɛ nsɛm yi ase wɔ Engiresi Bible ahorow mu. Ɛtɔ mmere bi a, wɔde nsɛm yi di dwuma de ka adan ho asɛm—na ɛtaa yɛ Onyankopɔn asɔrefie a na ɛwɔ tete Yerusalem no ne ɔsom a na wɔsom wɔ hɔ no. Ná wɔntaa mfa nni dwuma wɔ wiasefo nsɛm mu.
Ahosohyira Ma “Israel Nyankopɔn”
2. Dɛn nti na yebetumi afrɛ Yehowa “Israel Nyankopɔn” ma afata?
2 Onyankopɔn gyee Israelfo fii Misrifo nkoasom mu wɔ 1513 A.Y.B. mu. Ɛno akyi bere tiaa bi no, oyii wɔn sii nkyɛn sɛ ne nkurɔfo titiriw, na ɔnam apam so ne wɔn bɛbɔɔ abusua. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Afei sɛ mubetie me nne na moadi m’apam so a, ɛnde mobɛyɛ me ahode afi aman nyinaa mu, na me na asase nyinaa wɔ me.” (Exodus 19:5; Dwom 135:4) Esiane sɛ Yehowa de Israelfo yɛɛ n’ahode titiriw nti, na wobetumi afrɛ no “Israel Nyankopɔn” ma afata.—Yosua 24:23, NW.
3. Dɛn nti na Israel a Yehowa paw wɔn sɛ ne nkurɔfo no nkyerɛ sɛ na ɔrehwɛ nnipa anim?
3 Israelfo a Yehowa de wɔn yɛɛ ne nkurɔfo a wɔahyira wɔn ho so ama no no nkyerɛ sɛ na ɔyɛ animhwɛ, efisɛ na ofi ɔdɔ mu dwen wɔn a na wɔnyɛ Israelfo nso ho. Ɔhyɛɛ ne nkurɔfo sɛ: “Sɛ ɔhɔho bi bɛsoɛ mo asase so a, monnhyɛ no so. Ɔhɔho a wabɛtra mo mu nyɛ mo sɛ mo kuroni bi, na dɔ no sɛ wo ho, efisɛ moyɛɛ Misraim asase so ahɔho: Mene [Yehowa, NW] mo Nyankopɔn.” (Leviticus 19:33, 34) Mfehaha pii akyi no, ɔsomafo Petro tee Onyankopɔn gyinapɛn yi ase yiye, ma ɔkae sɛ: “Nokwarem na mahu sɛ Onyankopɔn nhwɛ onipa anim, na mmom ɔman biara mu, nea osuro no na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no.”—Asomafo no Nnwuma 10:34, 35.
4. Ná abusuabɔ a ɛda Onyankopɔn ne Israelfo ntam no gyina dɛn so, na so Israelfo no tumi dii so?
4 Hyɛ no nsow nso sɛ, sɛ na wɔbɛyɛ Onyankopɔn nkurɔfo a wɔahyira wɔn ho so ama no a, na egyina biribi so. Ná gye sɛ wodi Onyankopɔn asɛm so pɛpɛɛpɛ na wokura n’apam mu ansa na wɔabɛyɛ “n’ahode titiriw.” Awerɛhosɛm ne sɛ Israelfo no antumi anni ahwehwɛde horow yi so. Bere a wɔpoo Mesia a Onyankopɔn somaa no wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no, wɔhweree wɔn gyinabea a hokwan wom no. Ná Yehowa nna so nyɛ “Israel Nyankopɔn” bio. Na na honam fam Israel nna so nyɛ Onyankopɔn nkurɔfo a wɔahyira wɔn ho so bio.—Fa toto Mateo 23:23 ho.
“Nyankopɔn Israel” no Ahosohyira
5, 6. (a) Dɛn na Yesu nkɔmhyɛ nsɛm a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Mateo 21:42, 43 no kyerɛ? (b) Bere bɛn ne ɔkwan bɛn so na “Nyankopɔn Israel” bae?
5 So na eyi kyerɛ sɛ afei de, Yehowa rennya nkurɔfo a wɔahyira wɔn ho so ama no? Dabi. Bere a Yesu Kristo refa odwontofo no asɛm aka no, ɔhyɛɛ nkɔm sɛ: “Monkan kyerɛw nsɛm no mu pɛn sɛ: Ɔbo a abantofo apo no, ɛno ara na abɛyɛ twea tibo; [Yehowa, NW] na ɔmaa eyi yɛe, na ɛyɛ nwonwa yɛn ani so? Eyi nti mise mo sɛ: Wobegye Onyankopɔn ahenni no afi mo nsam de akɔma ɔman a wɔde mu aduaba bɛba.”—Mateo 21:42, 43.
6 Kristofo asafo no na ɛbɛyɛɛ “ɔman a wɔde mu aduaba bɛba” no. Bere a Yesu baa asase so no na ɔpaw emufo a wodi kan no. Nanso wɔ Pentekoste da, afe 33 Y.B. no, Yehowa Nyankopɔn ankasa na ɔde Kristofo asafo no sii hɔ denam ne honhom kronkron a ohwie guu emufo a wodi kan a na wɔbɛyɛ nnipa 120 so no so. (Asomafo no Nnwuma 1:15; 2:1-4) Sɛnea akyiri yi ɔsomafo Petro kyerɛwee no, saa bere no na asafo a wɔhyehyɛɛ no foforo yi bɛyɛɛ “abusua a wɔapaw wɔn, ahene asɔfokuw, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ne de.” Dɛn nti na wɔpaw wɔn? Sɛ ‘wɔnka nea ɔfrɛɛ wɔn fii esum mu baa ne hann a ɛyɛ nwonwa mu no mmaninyɛ nkyerɛ.’ (1 Petro 2:9) Afei de na Kristo akyidifo a wɔde Onyankopɔn honhom asra wɔn no abɛyɛ ɔman a wɔahyira wɔn ho so, “Nyankopɔn Israel.”—Galatifo 6:16.
7. Dɛn na na Nyankopɔn Israel mufo no benya, ma enti dɛn na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkwati?
7 Ɛwom sɛ na ɔman kronkron no mufo no yɛ “ɔman a wafa wɔn ayɛ ne de” de, nanso na wɔremmɛyɛ nkoa. Mmom no, na wobenya ahofadi a ɛsen nea honam fam Israel a na wɔahyira wɔn ho so no nyae no. Yesu hyɛɛ wɔn a wɔbɛba abɛyɛ ɔman foforo yi mufo no bɔ sɛ: “Mubehu nokware no, na nokware no ama moade mo ho.” (Yohane 8:32, NW) Ɔsomafo Paulo kyerɛe sɛ Kristofo ade wɔn ho afi Mmara apam no mu ahwehwɛde horow ho. Wɔ eyi ho no, otuu mfɛfo agyidifo a wɔwɔ Galatia fo sɛ: “Adehyedi mu na Kristo ama yɛade yɛn ho. Enti munnyina pintinn, na mommma wɔmmfa akoayɛ kɔndua nnka mo nnhyɛm bio.”—Galatifo 5:1.
8. Ɔkwan bɛn so na Kristofo nhyehyɛe no ma ankorankoro nya ahofadi a ɛsen nea na ɛwɔ Mmara apam no ase no?
8 Nyankopɔn Israel a ɛnte sɛ tete honam fam Israel no adi n’ahosohyira ahwehwɛde horow no so pɛpɛɛpɛ abedu nnɛ. Ɛnsɛ sɛ eyi yɛ nwonwa efisɛ emufo no fi wɔn pɛ mu na ɛyɛɛ osetie. Bere a na honam fam Israel ahosohyira gyina wɔn awo so no, wɔn a wɔyɛ Nyankopɔn Israel fi wɔn pɛ mu na ehyiraa wɔn ho so. Enti Kristofo nhyehyɛe no ne Yudafo Mmara apam a ɛde ahosohyira hyɛɛ ankorankoro kɔn a amma wɔn ahofadi a wɔde bɛpaw nea wɔpɛ no, bɔ abira.
9, 10. (a) Ɔkwan bɛn so na Yeremia kyerɛe sɛ nsakrae bɛba ahosohyira mu? (b) Dɛn nti na wobɛka sɛ ɛnyɛ Kristofo a wɔahyira wɔn ho so nyinaa na wɔyɛ Nyankopɔn Israel mufo nnɛ?
9 Odiyifo Yeremia hyɛɛ nsakrae a ɛbɛba ahosohyira mu ho nkɔm bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Hwɛ, nna bi reba, [Yehowa, NW] asɛm ni, sɛ me ne Israel fi ne Yuda fi bɛpam apam foforo. Ɛnte sɛ apam a me ne wɔn agyanom pamee da a misusoo wɔn nsa miyii wɔn fii Misraim asase so a wɔn de, wobubuu m’apam bere a meyɛ wɔn wura no, [Yehowa, NW] asɛm ni. Na eyi ne apam a nna no akyi me ne Israel fi bɛpam no, [Yehowa, NW] asɛm ni, mede me mmara mɛhyɛ wɔn yam, na makyerɛw wɔn koma mu, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me ɔman.”—Yeremia 31:31-33.
10 Esiane sɛ Onyankopɔn mmara hyɛ “wɔn yam” na sɛnkyerɛnne kwan so no, wɔakyerɛw wɔ “wɔn koma mu” nti, ɛkanyan wɔn a wɔyɛ Nyankopɔn Israelfo no ma wɔtra ase ma ɛne wɔn ahosohyira hyia. Ade a ɛkanyan wɔn no mu yɛ den sen honam fam Israelfo a wɔamfi wɔn pɛ mu na ehyiraa wɔn ho so, na mmom ɛdenam awo so no de. Ɛnnɛ ahokeka kɛse a Nyankopɔn Israel de yɛ Onyankopɔn apɛde no ara bi na wɔn mfɛfo asomfo bɛboro ɔpepem anum a wɔwɔ wiase afannan nyinaa da no adi. Wɔn nso ahyira wɔn nkwa so ama Yehowa Nyankopɔn sɛ wɔbɛyɛ n’apɛde. Ɛwom sɛ saafo yi nni ɔsoro asetra ho anidaso te sɛ wɔn a wɔbom yɛ Onyankopɔn Israel no de, nanso wonya anidaso a ɛne sɛ wɔbɛtra asase so daa wɔ Onyankopɔn soro Ahenni no nniso ase no mu anigye. Wɔkyerɛ honhom fam Israel ho anisɔ denam boa a wɔboa wɔn mu nkaefo kakraa bi no ma wɔyɛ wɔn adwuma a ɛne sɛ ‘wɔbɛka nea ɔfrɛɛ wɔn fii esum mu baa ne hann a ɛyɛ nwonwa mu no mmaninyɛ akyerɛ’ no so.
Ahofadi a Onyankopɔn De Ma a Yɛde Bedi Dwuma Nyansam
11. Dɛn na wɔde bɔɔ onipa, na ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛde di dwuma?
11 Onyankopɔn bɔɔ nnipa sɛ wɔnkyerɛ ahofadi ho anigye. Ɔde wɔn pɛ maa wɔn. Nnipa baanu a wodi kan no de nea wɔpɛ a wotumi paw no dii dwuma. Nanso, wɔamfa atɛmpa ne ɔdɔ anni dwuma ma wɔpaw biribi a ɛde ɔhaw brɛɛ wɔne wɔn mma nyinaa. Ne nyinaa mu no, eyi ma ɛda adi pefee sɛ, Yehowa nhyɛ abɔde a wɔwɔ nyansa sɛ wɔnyɛ biribi a ɛne wɔn nkate anaa akɔnnɔ nhyia da. Na esiane sɛ “nea ɔtew n’anim ma no na Onyankopɔn dɔ no” nti, ahosohyira a Ogye tom araa ne nea egyina ɔdɔ so, nea obi fi ne pɛ mu tew n’anim yɛ, a ɔhyɛ nnim. (2 Korintofo 9:7) Onnye foforo biara ntom.
12, 13. Ɔkwan bɛn so na Timoteo yɛ mmofra ntetee pa ho nhwɛso, na dɛn na ne nhwɛso no aka mmofra pii ma wɔayɛ?
12 Ahwehwɛde yi a Yehowa Adansefo nim no yiye nti, wɔhyɛ ahosohyira a wɔyɛ ma Nyankopɔn no ho nkuran, nanso wɔnhyɛ obiara, a wɔn ankasa mma mpo ka ho, mma wɔnyɛ ahosohyira a ɛte saa. Nea ɛne asɔre pii de bɔ abira no, Adansefo no mmɔ wɔn mma asu bere a wɔyɛ nkokoaa, te sɛ nea wobetumi ahyɛ wɔn ma wɔahyira wɔn ho so a wɔn ankasa mfi wɔn pɛ mu nyɛ saa no. Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso a ɛsɛ sɛ yedi akyi ne aberantewa Timoteo de no. Sɛ obi a wanyin no, ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ no sɛ: “Tra nea woasua na woahu mu nokware no mu. Wunim onii ko a wusuae ne nkyɛn no, na wufi wo mmofraase nim nkyerɛwee kronkron no a ebetumi ama woahu nyansa afa Kristo Yesu mu gyidi so akɔ nkwagye mu.”—2 Timoteo 3:14, 15.
13 Ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ na Timoteo nim nkyerɛwee kronkron no efisɛ na wɔde akyerɛkyerɛ no fi ne mmofraase. Ne maame ne ne nanabea ma ohuu mu nokware no—wɔanhyɛ no—ansa na ɔregye Kristofo nkyerɛkyerɛ adi. (2 Timoteo 1:5) Ne saa nti, Timoteo huu nyansa a ɛwɔ Kristo akyidini a obi bɛyɛ no mu ma enti ofi n’ankasa ne pɛ mu hyiraa ne ho so sɛ Kristoni. Ɛnnɛ, mmerantewa ne mmabaa ɔpedudu pii a wɔn awofo yɛ Yehowa Adansefo adi nhwɛso yi akyi. (Dwom 110:3) Afoforo nyɛɛ saa. Ɛyɛ ankorankoro gyinaesi.
Hena Akoa na Wopaw sɛ Wobɛyɛ?
14. Dɛn na Romafo 6:16 ka kyerɛ yɛn wɔ ahofadi koraa ho?
14 Onipa biara mfaa ne ho nnii koraa. Abɔde mu mmara te sɛ tumi a ɛtwe ade ba fam a obiara ntumi mmu n’ani ngu so mfa ne ho nni no ato obiara ahofadi ano hye. Wɔ honhom fam nso, obiara mfaa ne ho nnii koraa. Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Munnim sɛ, nea mode mo ho ma no sɛ nkoa a wotie no no, sɛ bɔne a ɛde kɔ owu mu de oo, asoɔmmerɛw a ɛde kɔ trenee mu de oo, ɔno ara a mutie no no na ne nkoa ne mo?”—Romafo 6:16.
15. (a) Nkurɔfo te nka dɛn wɔ nkoa a wɔbɛyɛ ho, nanso dɛn na awiei koraa no wɔn mu dodow no ara yɛ? (b) Nsɛmmisa a ɛfata bɛn na yebetumi abisa yɛn ho?
15 Nnipa pii ani nnye adwene a ɛne sɛ wɔyɛ obi akoa no ho. Nanso, wɔ nnɛ wiase mu no, nokwasɛm no ne sɛ mpɛn pii na nkurɔfo gyaa wɔn ho mu ma wɔnam anifere akwan so dɛfɛdɛfɛ wɔn na wɔdaadaa wɔn ma wɔyɛ afoforo apɛde ma wɔn a emfi wɔn pɛ mu. Sɛ nhwɛso no, wɔn a wɔhyɛ aguade ho dawurubɔ ne anigyede ho nkuran no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma nkurɔfo afa ɔkwan biako so, na wɔahyehyɛ gyinapɛn ahorow ma wɔadi so. Ɛnyɛ nsɛm a ɛtɔ asom nko na amammui ne nyamesom ahyehyɛde horow nam so nya afoforo ma wonya wɔn nsusuwii ne wɔn botae horow no bi bere nyinaa, na mmom mpɛn pii no, wɔma nkurɔfo te nka sɛ, sɛ wotie wɔn a, na ɛkyerɛ sɛ wɔpɛ biakoyɛ anaa wɔyɛ anokwafo. Esiane sɛ Paulo kae sɛ ‘yɛyɛ wɔn a yetie wɔn no nkoa’ nti, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛn mu biara bisa ne ho sɛ, ‘Hena akoa ne meyɛ? Hena na onya me gyinaesi horow ne m’asetra kwan so nkɛntɛnso paa? So ɛyɛ asɔfo, amammui akannifo, asikafo, anaa nnipa a wɔagye din wɔ anigyede mu? Hena na mitie no—Onyankopɔn anaa nnipa?’
16. Ntease bɛn mu na Kristofo yɛ Onyankopɔn nkoa, na dɛn ne adwene a ɛfata wɔ nkoayɛ a ɛte saa ho?
16 Kristofo mmu osetie a wɔyɛ ma Onyankopɔn sɛ ade a esiw wɔn ankasa ahofadi kwan. Wofi wɔn pɛ mu de wɔn ahofadi di dwuma wɔ ɔkwan a wɔn Nhwɛsofo, Yesu Kristo faa so no so, na ɛma wɔn apɛde ne nneɛma a wɔde di kan no ne Onyankopɔn apɛde hyia. (Yohane 5:30; 6:38) Wonya “Kristo adwene,” na ɛma wɔbrɛ wɔn ho ase ma no sɛ asafo no Ti. (1 Korintofo 2:14-16; Kolosefo 1:15-18) Eyi te sɛ ɔbea a ɔware na ofi ne pɛ mu ne ɔbarima a ɔdɔ no no yɛ biako no ara pɛ. Nokwarem no, wɔka Kristofo kuw a wɔasra wɔn no ho asɛm sɛ ababaa a efĩ nkaa no a wɔagye no aware ama Kristo.—2 Korintofo 11:2; Efesofo 5:23, 24; Adiyisɛm 19:7, 8.
17. Dɛn na Yehowa Adansefo nyinaa apaw sɛ wɔbɛyɛ?
17 Yehowa Dansefo biara ahyira n’ankasa ne ho so ama Onyankopɔn sɛ ɔbɛyɛ n’apɛde na watie no sɛ Sodifo, ɛmfa ho sɛ ɔwɔ ɔsoro anidaso anaa asase so de no. Wɔ Ɔdansefo biara fam no, ahosohyira yɛ ade a n’ankasa apaw sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn akoa sen sɛ ɔbɛkɔ so ayɛ nnipa akoa. Eyi ne ɔsomafo Paulo afotu no hyia: “Wɔtɔɔ mo aboɔden. Monnyɛ nnipa nkoa!”—1 Korintofo 7:23.
Nea Yɛyɛ a Ɛso Bɛba Yɛn Mfaso a Yesua
18. Bere bɛn na obi a ɔpɛ sɛ ɔyɛ Ɔdansefo bɛfata sɛ wɔbɔ no asu?
18 Ansa na obi bɛfata sɛ Yehowa Adansefo no mu biako no, ɛsɛ sɛ odu Kyerɛwnsɛm mu ahwehwɛde horow ho. Asafo mu mpanyimfo de ahwɛyiye na ɛhwɛ hu sɛ ebia obi a ɔbɛba abɛyɛ Ɔdansefo no te Kristofo ahosohyira ase ampa anaa. So ɔpɛ sɛ ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako ampa? Ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛtra ase ma ɛne nea eyi kyerɛ no ahyia? Sɛ ɛnte saa a, ɛnde na ɔmfata sɛ wɔbɔ no asu.
19. Dɛn nti na ntease biara nni mu sɛ yɛbɛkasa atia obi a ɔpaw sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn somfo a wahyira ne ho so no?
19 Nanso sɛ obi du ahwehwɛde horow no nyinaa ho a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔkasa tia no wɔ fi a wafi ne pɛ mu asi gyinae sɛ ɔbɛma Onyankopɔn ne N’asɛm a efi honhom mu no anya ne so tumi no ho? So ɛyɛ mfomso sɛ wobɛma Onyankopɔn anya wo so tumi sen sɛ nnipa benya wo so tumi? Anaasɛ mfaso titiriw biara nni so? Yehowa Adansefo nsusuw saa. Wofi koma nyinaa mu gye Onyankopɔn nsɛm a Yesaia kyerɛwee yi tom: “Me [Yehowa, NW], wo Nyankopɔn, mene nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo, na ogya wo kɔ ɔkwan a fa so no so.”—Yesaia 48:17.
20. Akwan bɛn so na Bible mu nokware ma nkurɔfo nya ahofadi?
20 Bible mu nokware ma nkurɔfo de wɔn ho fi atoro nkyerɛkyerɛ mu gyidi te sɛ ayayade a wɔyɛ nkurɔfo daa wɔ hell gyaframa mu ho. (Ɔsɛnkafo 9:5, 10) Mmom no, ɛde nokware anidaso a ɛwɔ hɔ ma awufo no ho anisɔ hyɛ wɔn koma ma—owusɔre a ɛnam Yesu Kristo agyede afɔrebɔ no so bɛba no. (Mateo 20:28; Asomafo no Nnwuma 24:15; Romafo 6:23) Bible mu nokware ma nkurɔfo de wɔn ho fi abasamtu a efi awerɛhyem a wonya wɔ amammui atumfo bɔhyɛ ahorow a edi huammɔ bere nyinaa no mu ba no ho. Mmom no, nim a wonim sɛ Yehowa Ahenni afi ase redi tumi wɔ soro dedaw, na ɛrenkyɛ ebedi asase nyinaa so no ma wonya komam anigye kɛse. Bible mu nokware ma nkurɔfo de wɔn ho fi nneyɛe a ɛmfa ho sɛ honam a ɛtɔ sin no kyerɛ ho anigye no, enni Onyankopɔn ni, na ɛde ɔhaw a emu yɛ den te sɛ awaregu, yare, ne ɔpatuwu ba no ho. Sɛ yɛbɛka no tiaa a, Onyankopɔn akoa a obi bɛyɛ no ho wɔ mfaso kɛse koraa sen sɛ ɔbɛyɛ nnipa akoa. Nokwarem no, yebenya nhyira pii afi hyira a yebehyira yɛn ho so ama Onyankopɔn no mu “wɔ bere yi mu, ɛne daa nkwa wɔ wiase a ɛreba no mu.”—Marko 10:29, 30.
21. Yehowa Adansefo bu ahosohyira ma Onyankopɔn dɛn, na dɛn na wɔpɛ?
21 Ɛnyɛ awo so na Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ no nam bɛyɛɛ ɔman a wɔahyira wɔn ho so no fã te sɛ tete Israelfo no. Adansefo no yɛ Kristofo a wɔahyira wɔn ho so asafo. Ɔdansefo biara a wɔabɔ no asu no fi n’ankasa pɛ mu na ahyira ne ho so. Nokwarem no, wɔ Yehowa Adansefo fam no, ahosohyira ma obi ne Onyankopɔn nya abusuabɔ a emu yɛ den a ɛma onya ɔpɛ sɛ ɔbɛsom no. Wofi koma nyinaa mu pɛ sɛ wokura abusuabɔ a ɛyɛ anigye yi mu, na wɔbata ahofadi a ɛno nti na Yesu Kristo ma wɔdee wɔn ho no mu daa.
Wubebua Dɛn?
◻ Dɛn nti na Israel a Onyankopɔn paw wɔn ma wɔbɛyɛɛ “n’ahode titiriw” no nkyerɛ sɛ na ɔhwɛ nnipa anim?
◻ Dɛn nti na wobɛka sɛ Kristofo ahosohyira nkyerɛ sɛ obi bɛhwere ahofadi?
◻ Mfaso horow bɛn na ɛwɔ ahosohyira ma Yehowa Nyankopɔn mu?
◻ Dɛn nti na ɛyɛ papa sɛ obi bɛyɛ Yehowa somfo sen sɛ ɔbɛyɛ nnipa akoa?
[Kratafa 15 mfonini]
Wɔ tete Israel no, na ahosohyira ma Onyankopɔn no gyina awo so
[Kratafa 16 mfonini]
Kristofo ahosohyira yɛ nea obi fi ne pɛ mu na ɔyɛ